কুরআনুল কারীমের অর্থসমূহের অনুবাদ - আশান্তি ভাষায় অনুবাদ * - অনুবাদসমূহের সূচী

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অর্থসমূহের অনুবাদ সূরা: সূরা হুদ   আয়াত:

Huud

الٓرۚ كِتَٰبٌ أُحۡكِمَتۡ ءَايَٰتُهُۥ ثُمَّ فُصِّلَتۡ مِن لَّدُنۡ حَكِيمٍ خَبِيرٍ
Alif - Laam - Raa. (Woi yε) Nwoma a emu nsεm no sipi wᴐ nimdeԑ mu, afei yɛakyerεkyerε mu pefee; efri (Otumfoͻ) Nyansafoͻ , Amane bͻ Wura no hͻ (sε):
আরবি তাফসীরসমূহ:
أَلَّا تَعۡبُدُوٓاْ إِلَّا ٱللَّهَۚ إِنَّنِي لَكُم مِّنۡهُ نَذِيرٞ وَبَشِيرٞ
Monhwε na moansom (obiara) gyesε Onyankopͻn (nko ara). Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻ ne anigyesԑm (ho somafoͻ) a me fri Ne hͻ ma mo:-
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَأَنِ ٱسۡتَغۡفِرُواْ رَبَّكُمۡ ثُمَّ تُوبُوٓاْ إِلَيۡهِ يُمَتِّعۡكُم مَّتَٰعًا حَسَنًا إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗى وَيُؤۡتِ كُلَّ ذِي فَضۡلٖ فَضۡلَهُۥۖ وَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ عَذَابَ يَوۡمٖ كَبِيرٍ
‘’Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ, na Ɔbεma mo atena asetena pa akosi εberε a yɛahyehyε ato hͻ (ama mo), na Ɔde N’adom no ama obi a ͻwͻ adom. Na mmom sε modane mo ho (fri Nokorԑ no ho) a, εneε medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِلَى ٱللَّهِ مَرۡجِعُكُمۡۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Onyankopͻn hͻ na εyε monkyi, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi:
আরবি তাফসীরসমূহ:
أَلَآ إِنَّهُمۡ يَثۡنُونَ صُدُورَهُمۡ لِيَسۡتَخۡفُواْ مِنۡهُۚ أَلَا حِينَ يَسۡتَغۡشُونَ ثِيَابَهُمۡ يَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Nokorε sε, wͻkata wͻn akoma so de (ͻtan) suma. Nokorε sε, εberε a wͻde wͻn ntoma akata wͻn ho no mpo Onim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). Nokorε sε Ɔno ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
۞ وَمَا مِن دَآبَّةٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا عَلَى ٱللَّهِ رِزۡقُهَا وَيَعۡلَمُ مُسۡتَقَرَّهَا وَمُسۡتَوۡدَعَهَاۚ كُلّٞ فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٖ
Abͻdeε a εwͻ asaase so biara akͻnhoma da Nyankopͻn so; Onim faako a ͻteε ne (berε a ͻwͻ awodeε mu), ne bea a ͻbewuo, ne n’adakamena mu. Biribiara wͻ Nwoma pefee (Lawhul Mah’fuuz) no mu.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَهُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ وَكَانَ عَرۡشُهُۥ عَلَى ٱلۡمَآءِ لِيَبۡلُوَكُمۡ أَيُّكُمۡ أَحۡسَنُ عَمَلٗاۗ وَلَئِن قُلۡتَ إِنَّكُم مَّبۡعُوثُونَ مِنۢ بَعۡدِ ٱلۡمَوۡتِ لَيَقُولَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا سِحۡرٞ مُّبِينٞ
Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, na Ne tumi ahennwa no wͻ nsuo no so; sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε sε mo mu hwan na odi dwuma pa paa. Sε woka kyerε wͻn sε: ‘’Mo wuo akyi no yεbɛnyane mo a, wͻn a wͻnnye nnie no asεm a wͻka ne sε: ‘’Woi deε εyε nkonyaa anaasε nnaadaa pefee “.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَئِنۡ أَخَّرۡنَا عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابَ إِلَىٰٓ أُمَّةٖ مَّعۡدُودَةٖ لَّيَقُولُنَّ مَا يَحۡبِسُهُۥٓۗ أَلَا يَوۡمَ يَأۡتِيهِمۡ لَيۡسَ مَصۡرُوفًا عَنۡهُمۡ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Sε Yεtwentwεn asotwee no so dekͻ berε bi a yɛahyε a, deε wͻka ne sε: ‘’Ɛdeεn na asi (asotwee no) ho kwan?” Nokorε sε, Ɛda a εbεba wͻn soͻ no, biribiara ntumi nnane no mfri wͻn so, na deε wͻdii ho fεw no bɛtwa wͻn ho ahyia.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَئِنۡ أَذَقۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ مِنَّا رَحۡمَةٗ ثُمَّ نَزَعۡنَٰهَا مِنۡهُ إِنَّهُۥ لَيَـُٔوسٞ كَفُورٞ
Sε Yεma onipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε, na afei Yɛyi (ahummͻborͻ no) fri ne so a, afei hwε, na wapa aba, reyi (Nyame) boniayε.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَئِنۡ أَذَقۡنَٰهُ نَعۡمَآءَ بَعۡدَ ضَرَّآءَ مَسَّتۡهُ لَيَقُولَنَّ ذَهَبَ ٱلسَّيِّـَٔاتُ عَنِّيٓۚ إِنَّهُۥ لَفَرِحٞ فَخُورٌ
Sε Yεma no ka adom bi hwε wᴐ ᴐhaw bi a ato no akyi a, deε ͻka ne sε: “Bͻne (anaasε ͻhaw) no afri me so kͻ“. Nokorε na wayε ahomasoͻ, retu ne ho.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِلَّا ٱلَّذِينَ صَبَرُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَأَجۡرٞ كَبِيرٞ
Gyesε wͻn a wͻsi aboterε na wͻdi dwuma pa no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَعَلَّكَ تَارِكُۢ بَعۡضَ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ وَضَآئِقُۢ بِهِۦ صَدۡرُكَ أَن يَقُولُواْ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ كَنزٌ أَوۡ جَآءَ مَعَهُۥ مَلَكٌۚ إِنَّمَآ أَنتَ نَذِيرٞۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ وَكِيلٌ
(Quraishfoͻ no reha wo sԑdeԑ) ebia wobɛgyae deε yɛayi ama woͻ no mu bi na wᴐde ama w’akoma asεe, efrisε wͻka sε: ‘’Adεn nti na yɛnsiane ahonyadeε bi mma no, anaasε Soro abͻfoͻ bi mεka ne ho?” (W’adwuma ara ne sε) woyε kͻkͻbͻni. Onyankopͻn na biribiara twere no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۖ قُلۡ فَأۡتُواْ بِعَشۡرِ سُوَرٖ مِّثۡلِهِۦ مُفۡتَرَيَٰتٖ وَٱدۡعُواْ مَنِ ٱسۡتَطَعۡتُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Anaa wͻka sε: “Wabͻ wo trim (na atwerε Qur’aan no)?” Ka sε: ‘’Monfa nesεso Suura’ du a yɛabͻ yɛ trim (na atwerε) mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobɛtumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَإِلَّمۡ يَسۡتَجِيبُواْ لَكُمۡ فَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّمَآ أُنزِلَ بِعِلۡمِ ٱللَّهِ وَأَن لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَهَلۡ أَنتُم مُّسۡلِمُونَ
Sε wͻn amma mo mmuaeε a, εneε monhunu sε Nyankopͻn nimdeε mu na yεde sianee (saa Qur’aan yi). Awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Enti mobεbrε mo ho ase ayε Muslimifoͻ?
আরবি তাফসীরসমূহ:
مَن كَانَ يُرِيدُ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا وَزِينَتَهَا نُوَفِّ إِلَيۡهِمۡ أَعۡمَٰلَهُمۡ فِيهَا وَهُمۡ فِيهَا لَا يُبۡخَسُونَ
Obi a ͻpε wiase asetena yi ne emu afεεfεdeε no, Yεhyε wͻn dwumadie no ho akatua no mma pεpεεpε wͻ (wiase) mu dema wͻn, na yεnte so koraa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ لَيۡسَ لَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ إِلَّا ٱلنَّارُۖ وَحَبِطَ مَا صَنَعُواْ فِيهَا وَبَٰطِلٞ مَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻnni (kyεfa biara) wͻ Daakye no mu no, gyesε Amanehunu gya; deε wͻyεε no wͻ (wiase yi) mu no (nyinaa) ayε kwa, na dwuma a na wͻdie no ho amma mfasoͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
أَفَمَن كَانَ عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّهِۦ وَيَتۡلُوهُ شَاهِدٞ مِّنۡهُ وَمِن قَبۡلِهِۦ كِتَٰبُ مُوسَىٰٓ إِمَامٗا وَرَحۡمَةًۚ أُوْلَٰٓئِكَ يُؤۡمِنُونَ بِهِۦۚ وَمَن يَكۡفُرۡ بِهِۦ مِنَ ٱلۡأَحۡزَابِ فَٱلنَّارُ مَوۡعِدُهُۥۚ فَلَا تَكُ فِي مِرۡيَةٖ مِّنۡهُۚ إِنَّهُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يُؤۡمِنُونَ
Enti (saa nkorᴐfoᴐ no tesε) obi a ͻwͻ nyinasoͻ pefee a efri ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ͻdanseni a ofri Nyankopͻn hͻ no kenkan, na Mose Nwoma a εyε kwankyerε ne Ahummͻborͻ adi n’anim kan? Saa nkorͻfoͻ yi gye di. Na nnipa kuo no mu biara a wannye annie no Amanehu gya no mu na yɛahyε no ho bͻ. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta wͻ ho, efrisε, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, nanso nnipa pii nnim.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ يُعۡرَضُونَ عَلَىٰ رَبِّهِمۡ وَيَقُولُ ٱلۡأَشۡهَٰدُ هَٰٓؤُلَآءِ ٱلَّذِينَ كَذَبُواْ عَلَىٰ رَبِّهِمۡۚ أَلَا لَعۡنَةُ ٱللَّهِ عَلَى ٱلظَّٰلِمِينَ
(Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ? Yεde saa nkorͻfoͻ no bεba Nyankopͻn anim, na (Soro abͻfoͻ) adansefoͻ no bεka sε: ‘’Saa nkorͻfoͻ yi na wɔtwaa nkotompo too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no. Enti Nyankopͻn nomee nka nnipa bͻnefoͻ no-
আরবি তাফসীরসমূহ:
ٱلَّذِينَ يَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَيَبۡغُونَهَا عِوَجٗا وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ هُمۡ كَٰفِرُونَ
Wͻn a wͻsi (amanfoͻ) kwan fri Onyankopͻn kwan so hwehwε sε (Onyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no wͻ Daakye.
আরবি তাফসীরসমূহ:
أُوْلَٰٓئِكَ لَمۡ يَكُونُواْ مُعۡجِزِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا كَانَ لَهُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِنۡ أَوۡلِيَآءَۘ يُضَٰعَفُ لَهُمُ ٱلۡعَذَابُۚ مَا كَانُواْ يَسۡتَطِيعُونَ ٱلسَّمۡعَ وَمَا كَانُواْ يُبۡصِرُونَ
Saa nkorͻfoͻ no nni tumi sε wͻbεma (Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase so, na Nyankopͻn akyi nso wͻnni okyitaafoͻ biara. Yεde asotwee no bεbͻ ho ama wͻn. Wͻn antumi anya (adaagye) antie (Nokorε), na wͻn anya ani anhu (kwan tenenenee no nso).
আরবি তাফসীরসমূহ:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn ahwere wͻn kraa, na wͻn nkontompo a wͻbͻͻ wͻn trimu twaeε no nso ayera afri wͻn ho kͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
لَا جَرَمَ أَنَّهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ هُمُ ٱلۡأَخۡسَرُونَ
Akyinnyeε biara nni ho sε Daakye no wͻne berεguofoͻ paa no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَأَخۡبَتُوٓاْ إِلَىٰ رَبِّهِمۡ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa, na wͻbrε wͻn ho ase ma wͻn Wura Nyankopͻn no, saa nkorͻfoͻ no ne Soro aheman no mu foͻ no, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
۞ مَثَلُ ٱلۡفَرِيقَيۡنِ كَٱلۡأَعۡمَىٰ وَٱلۡأَصَمِّ وَٱلۡبَصِيرِ وَٱلسَّمِيعِۚ هَلۡ يَسۡتَوِيَانِ مَثَلًاۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ) mfatoho tesε Onifirani ne nea n’aso asie, εna obi a ohunu adeε ne obia ͻte asεm. Enti wͻn mfatoho yε pε? Adεn, momfa nyԑ afutuo?
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا نُوحًا إِلَىٰ قَوۡمِهِۦٓ إِنِّي لَكُمۡ نَذِيرٞ مُّبِينٌ
Ampa sε Yεsomaa Noa maa no kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ (kͻka kyerεε wͻn) sε: ‘’Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo-
আরবি তাফসীরসমূহ:
أَن لَّا تَعۡبُدُوٓاْ إِلَّا ٱللَّهَۖ إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ عَذَابَ يَوۡمٍ أَلِيمٖ
Sε: ‘’Monhwε na moansom (obiara) gyesε Nyankopͻn. Nokorε sε, medeε mesuro Ɛda yaaya no asotwee no ma mo.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَقَالَ ٱلۡمَلَأُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِن قَوۡمِهِۦ مَا نَرَىٰكَ إِلَّا بَشَرٗا مِّثۡلَنَا وَمَا نَرَىٰكَ ٱتَّبَعَكَ إِلَّا ٱلَّذِينَ هُمۡ أَرَاذِلُنَا بَادِيَ ٱلرَّأۡيِ وَمَا نَرَىٰ لَكُمۡ عَلَيۡنَا مِن فَضۡلِۭ بَلۡ نَظُنُّكُمۡ كَٰذِبِينَ
Ne nkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no a wͻnnye nnie no kaa sε: ‘’Deε yɛhu woͻ ara nesε woyε nipa tesε yεn ara, na yɛnhu (nnipa a wͻdi mmu biara) sε yεn mu mpapahwekwa a wͻnni adwen na edi w’akyi. Na yɛnhu deε mode kyεn yεn, enti yεdeε yεdwene sε moyε atorofoͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ يَٰقَوۡمِ أَرَءَيۡتُمۡ إِن كُنتُ عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّي وَءَاتَىٰنِي رَحۡمَةٗ مِّنۡ عِندِهِۦ فَعُمِّيَتۡ عَلَيۡكُمۡ أَنُلۡزِمُكُمُوهَا وَأَنتُمۡ لَهَا كَٰرِهُونَ
Noa kaa sε: ‘’Me nkorͻfoͻ moahunu, enti sε megyina nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ no so, na Wama me ahummͻborͻ a efiri Ne hͻ, εna yɛafira mo ani wᴐ ho a, enti yεnhyε mo (ma monnye ntum) aberε a mompε?
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ لَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مَالًاۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَى ٱللَّهِۚ وَمَآ أَنَا۠ بِطَارِدِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْۚ إِنَّهُم مُّلَٰقُواْ رَبِّهِمۡ وَلَٰكِنِّيٓ أَرَىٰكُمۡ قَوۡمٗا تَجۡهَلُونَ
Me nkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεm a meka kyerε mo no) ho sika. M’akatua deε εwͻ Nyankopͻn hͻ; na mempamo wͻn a wͻagye adie no. Nokorε sε, wͻbɛhyia wͻn Wura Nyankopͻn, nanso mehu mo sε nnipa bi a mo ti awuo.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ مَن يَنصُرُنِي مِنَ ٱللَّهِ إِن طَرَدتُّهُمۡۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Me nkorͻfoͻ, sε mepamo wͻn a hwan na ͻbεboa me wͻ Nyankopͻn hͻ? Adεn monnwen?
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَآ أَقُولُ لَكُمۡ عِندِي خَزَآئِنُ ٱللَّهِ وَلَآ أَعۡلَمُ ٱلۡغَيۡبَ وَلَآ أَقُولُ إِنِّي مَلَكٞ وَلَآ أَقُولُ لِلَّذِينَ تَزۡدَرِيٓ أَعۡيُنُكُمۡ لَن يُؤۡتِيَهُمُ ٱللَّهُ خَيۡرًاۖ ٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا فِيٓ أَنفُسِهِمۡ إِنِّيٓ إِذٗا لَّمِنَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Mennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasԑ menim kokoa mu asεm, mennka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ, εna mennkaa nso sε, wͻn a mobu wͻn animtia wᴐ moanisoͻ no Nyankopͻn mma wͻn papa. Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn mu. (Sε maka nsεm bi saa akyerε mo a), εneε na anka meka abͻneεfoͻ no ho.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ يَٰنُوحُ قَدۡ جَٰدَلۡتَنَا فَأَكۡثَرۡتَ جِدَٰلَنَا فَأۡتِنَا بِمَا تَعِدُنَآ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
(Ne nkorͻfoͻ no) kaa sε: ”Noa, wone yεn agye akyinnye paa ama wone yεn akyinnyeε no adͻͻso dodo, enti fa deε wahyε yεn ho bͻ no bra yεn so, sε woyε nokwafoͻ ampa a”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ إِنَّمَا يَأۡتِيكُم بِهِ ٱللَّهُ إِن شَآءَ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ
(Noa) kaa sε: Nea sԑ Ͻpԑ a ͻde (asotwee no) bεba mosoͻ no deε Ɔne Nyankopͻn, na montumi nnsi (saa asotwee no) ho kwan”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَا يَنفَعُكُمۡ نُصۡحِيٓ إِنۡ أَرَدتُّ أَنۡ أَنصَحَ لَكُمۡ إِن كَانَ ٱللَّهُ يُرِيدُ أَن يُغۡوِيَكُمۡۚ هُوَ رَبُّكُمۡ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Sε mepεsε metu mo fo mpo na Nyankopͻn pεsε Ɔyera mo a, m’afutuo no ho mma mfasoͻ biara mma mo. Ɔno ne mo Wura Nyankopͻn no, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۖ قُلۡ إِنِ ٱفۡتَرَيۡتُهُۥ فَعَلَيَّ إِجۡرَامِي وَأَنَا۠ بَرِيٓءٞ مِّمَّا تُجۡرِمُونَ
Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻka sε: “Wabͻ wo tri mu (na watwerε Quraan) no?” Ka sε: “Sε mebͻͻ me tri mu ampa a, me bͻne da me ara me so; na medeε menka bͻne a moyε no ho.”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَأُوحِيَ إِلَىٰ نُوحٍ أَنَّهُۥ لَن يُؤۡمِنَ مِن قَوۡمِكَ إِلَّا مَن قَدۡ ءَامَنَ فَلَا تَبۡتَئِسۡ بِمَا كَانُواْ يَفۡعَلُونَ
Yɛyi kyerεε Noa sε: “Nokorԑ sԑ wo nkorͻfoͻ no nnye nni (bio) gyesε wͻn mu wͻn a wͻadikan agye adi no ara; na εmma wo werε nho wͻ deε wͻreyε no ho.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَٱصۡنَعِ ٱلۡفُلۡكَ بِأَعۡيُنِنَا وَوَحۡيِنَا وَلَا تُخَٰطِبۡنِي فِي ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ إِنَّهُم مُّغۡرَقُونَ
Enti pam nsuom hyεn ma εwͻ yεniso εne sεdeε Yɛyi kyerεε (woͻ no). Na hwε na wo ne me ankasa amma abͻneεfoͻ no. Nokorε sε nsuo bεfa wͻn.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَصۡنَعُ ٱلۡفُلۡكَ وَكُلَّمَا مَرَّ عَلَيۡهِ مَلَأٞ مِّن قَوۡمِهِۦ سَخِرُواْ مِنۡهُۚ قَالَ إِن تَسۡخَرُواْ مِنَّا فَإِنَّا نَسۡخَرُ مِنكُمۡ كَمَا تَسۡخَرُونَ
Ogu so repam nsuo mu hyεn no, εberε biara a ne nkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no bεba abɛtwam wͻ ne ho no na wͻredi ne ho fεw. (Noa) kaa sε: “Sε moredi yεn ho fεw (nnε) a, yεnso yεbɛdi mo ho fεw (ͻkyena) sεdeε moredi yεn ho fεw no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ مَن يَأۡتِيهِ عَذَابٞ يُخۡزِيهِ وَيَحِلُّ عَلَيۡهِ عَذَابٞ مُّقِيمٌ
Na mobɛhunu obi a asotwee a egu (nnipa) anim aseε no bεka no, ne obi a afe bͻͻ asotwee no bεba ne soͻ”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَ أَمۡرُنَا وَفَارَ ٱلتَّنُّورُ قُلۡنَا ٱحۡمِلۡ فِيهَا مِن كُلّٖ زَوۡجَيۡنِ ٱثۡنَيۡنِ وَأَهۡلَكَ إِلَّا مَن سَبَقَ عَلَيۡهِ ٱلۡقَوۡلُ وَمَنۡ ءَامَنَۚ وَمَآ ءَامَنَ مَعَهُۥٓ إِلَّا قَلِيلٞ
(Ɛkͻͻ so) kosii sε, Yɛahyεdeε no ba maa nsuo puepue frii fononoo no mu. Yεkaa sε: ”(Noa), fa biribiara mmienu-mmienu (onini ne ͻbedeε) ne w’abusuafoͻ ne wͻn a wͻagye adie no kͻ (nsuom nhyεn no mu) gyesε obi a, asεm no nokorε adikan atia no. Nanso (nnipa) kakraabi na wͻgye di kaa ne ho.
আরবি তাফসীরসমূহ:
۞ وَقَالَ ٱرۡكَبُواْ فِيهَا بِسۡمِ ٱللَّهِ مَجۡر۪ىٰهَا وَمُرۡسَىٰهَآۚ إِنَّ رَبِّي لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ
(Noa) ka kyerεε (wͻn a wͻagye adie no) sε: “Monfa Nyankopͻn din mforo; (Onyankopͻn din) na ede bɛtuo, εno na εde bεto sεkyε anaasε εde bɛgyina. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَهِيَ تَجۡرِي بِهِمۡ فِي مَوۡجٖ كَٱلۡجِبَالِ وَنَادَىٰ نُوحٌ ٱبۡنَهُۥ وَكَانَ فِي مَعۡزِلٖ يَٰبُنَيَّ ٱرۡكَب مَّعَنَا وَلَا تَكُن مَّعَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
(Nsuom hyεn no) de wͻn nantee asorͻkye a εtesε mmepͻ no mu. Noa frεε ne ba a (saa berε no) na wate ne ho (gyina baabi) sε: “Me ba, bεka yεn ho ne yεn mforo (nsuom hyεn no), na hwε na wankͻka boniayεfoͻ no ho”
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ سَـَٔاوِيٓ إِلَىٰ جَبَلٖ يَعۡصِمُنِي مِنَ ٱلۡمَآءِۚ قَالَ لَا عَاصِمَ ٱلۡيَوۡمَ مِنۡ أَمۡرِ ٱللَّهِ إِلَّا مَن رَّحِمَۚ وَحَالَ بَيۡنَهُمَا ٱلۡمَوۡجُ فَكَانَ مِنَ ٱلۡمُغۡرَقِينَ
(Ne ba no) kaa sε: “Mεbͻ me ho adwaa wͻ bepͻ bi so na εbεbͻ me ho ban afri nsuo no ho”. (Noa) kaa sε: “Ɛnnε da yi biribiara ntumi mmͻ (obi) ho ban wͻ Nyankopͻn ahyεdeε ho, gyesε obi a (Nyankopͻn) ahu no mmͻbͻ”. Asorͻkye bͻ bɛtwaa wͻn mmienu ntεm, enti ͻkͻkaa wͻn a nsuo faa wͻn no ho.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَقِيلَ يَٰٓأَرۡضُ ٱبۡلَعِي مَآءَكِ وَيَٰسَمَآءُ أَقۡلِعِي وَغِيضَ ٱلۡمَآءُ وَقُضِيَ ٱلۡأَمۡرُ وَٱسۡتَوَتۡ عَلَى ٱلۡجُودِيِّۖ وَقِيلَ بُعۡدٗا لِّلۡقَوۡمِ ٱلظَّٰلِمِينَ
Yεkaa sε: “Asaase, memene wo nsuo no; ͻsoro, ma ewiem nte hann (na gyae nsuo no tͻ), na nsuo no twae, na Nyankopͻn ahyεdeε no baa mu, na (εhyεn no) kͻgyinaa wͻ (bepͻ) Judi ho. Na yεkaa sε: “Nnebͻneεfoͻ no mfri hͻ nkͻ akyirikyiri!”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَنَادَىٰ نُوحٞ رَّبَّهُۥ فَقَالَ رَبِّ إِنَّ ٱبۡنِي مِنۡ أَهۡلِي وَإِنَّ وَعۡدَكَ ٱلۡحَقُّ وَأَنتَ أَحۡكَمُ ٱلۡحَٰكِمِينَ
Noa su frεε ne Wura Nyankopͻn, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε me ba ka m’abusuafoͻ ho, na Wobͻhyε deε εyε nokorε na Wo ne atemmufoͻ no mu Otemmufoͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ يَٰنُوحُ إِنَّهُۥ لَيۡسَ مِنۡ أَهۡلِكَۖ إِنَّهُۥ عَمَلٌ غَيۡرُ صَٰلِحٖۖ فَلَا تَسۡـَٔلۡنِ مَا لَيۡسَ لَكَ بِهِۦ عِلۡمٌۖ إِنِّيٓ أَعِظُكَ أَن تَكُونَ مِنَ ٱلۡجَٰهِلِينَ
(Onyankopͻn) kaa sε: “Noa, nokorε sε ͻnka w’abusuafoͻ ho; nokorε sε ne dwumadie nyε dwumadi pa, enti hwε na wammisa Me adeε a wonni ho nimdeε ho asԑm. Meretu wo fo na wankͻka abagyimifoͻ no ho“.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ رَبِّ إِنِّيٓ أَعُوذُ بِكَ أَنۡ أَسۡـَٔلَكَ مَا لَيۡسَ لِي بِهِۦ عِلۡمٞۖ وَإِلَّا تَغۡفِرۡ لِي وَتَرۡحَمۡنِيٓ أَكُن مِّنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
(Noa) kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Wo hͻ sε mabisa Wo adeε a menni ho nimdeε; enti gyesε Wode mebͻne kyε me na Wohu me mmͻbͻ anyε saa a mεka berεguofoͻ no ho”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قِيلَ يَٰنُوحُ ٱهۡبِطۡ بِسَلَٰمٖ مِّنَّا وَبَرَكَٰتٍ عَلَيۡكَ وَعَلَىٰٓ أُمَمٖ مِّمَّن مَّعَكَۚ وَأُمَمٞ سَنُمَتِّعُهُمۡ ثُمَّ يَمَسُّهُم مِّنَّا عَذَابٌ أَلِيمٞ
Yεkaa sε: “Noa, fa asomdwoeε a efri Yεn nkyεn siane si fͻm; na nhyira wͻ wo ne nnipa a wͻka wo ho no so, ne wͻn a wͻfri wͻn mu (anaasε wͻn asefoͻ) no mu bi; na nnipa no mu bi nso Yεbεma wͻn agye wͻn ani (berε tiaa bi) na afei asotwee yaaya a efri Yεn hͻ ato wͻn.
আরবি তাফসীরসমূহ:
تِلۡكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ ٱلۡغَيۡبِ نُوحِيهَآ إِلَيۡكَۖ مَا كُنتَ تَعۡلَمُهَآ أَنتَ وَلَا قَوۡمُكَ مِن قَبۡلِ هَٰذَاۖ فَٱصۡبِرۡۖ إِنَّ ٱلۡعَٰقِبَةَ لِلۡمُتَّقِينَ
(Ɔkͻmhyεni), woi yε nsumaeε mu amaneε na Yεreyi no adi akyerε woͻ. Ɛnyε adeε a na anka wo anaasε wo nkorͻfoͻ no nim saa (asεm) yi dada. Enti nya aboterε, na nokorε sε awieε (pa) no wͻ Nyamesurofoͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَإِلَىٰ عَادٍ أَخَاهُمۡ هُودٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥٓۖ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا مُفۡتَرُونَ
Aadfoͻ hͻ nso (Yεsomaa) wͻn nua Huud (maa no kͻͻ wͻn hͻ). Ɔkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Nokorε sε moyε (nnipa a) motwa nkontompo paa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
يَٰقَوۡمِ لَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ أَجۡرًاۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَى ٱلَّذِي فَطَرَنِيٓۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Me nkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεmpa a mereka no) ho akatua. Onyankopͻn a Ɔbͻͻ me no hͻ na m’akatua wͻ. Enti monte aseε anaa?
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ ٱسۡتَغۡفِرُواْ رَبَّكُمۡ ثُمَّ تُوبُوٓاْ إِلَيۡهِ يُرۡسِلِ ٱلسَّمَآءَ عَلَيۡكُم مِّدۡرَارٗا وَيَزِدۡكُمۡ قُوَّةً إِلَىٰ قُوَّتِكُمۡ وَلَا تَتَوَلَّوۡاْ مُجۡرِمِينَ
Me nkorͻfoͻ, monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Ne hͻ, (sε moyε saa a) Ɔbεma nsuo atͻ ama no abuso ama mo, na Ɔde ahoͻden foforͻ aka mo ahoͻden ho, na monhwε yie na moanfa bͻne anane mo ho ankͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ يَٰهُودُ مَا جِئۡتَنَا بِبَيِّنَةٖ وَمَا نَحۡنُ بِتَارِكِيٓ ءَالِهَتِنَا عَن قَوۡلِكَ وَمَا نَحۡنُ لَكَ بِمُؤۡمِنِينَ
Wͻkaa sε: “Huud, wonfaa nyinasoͻ pefee biara mmerεε yεn; na yεn mpo yɛnnyae yεn anyame no (som) mmedi w’asεm akyi, na yεnnye wo nni mpo.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِن نَّقُولُ إِلَّا ٱعۡتَرَىٰكَ بَعۡضُ ءَالِهَتِنَا بِسُوٓءٖۗ قَالَ إِنِّيٓ أُشۡهِدُ ٱللَّهَ وَٱشۡهَدُوٓاْ أَنِّي بَرِيٓءٞ مِّمَّا تُشۡرِكُونَ
Deε yεreka ara nesε,:”Y’abosom no bi de biribi bͻne bi ayε wo“. (Huud) kaa sε: “Mefrε Nyankopͻn sε, oni adanseε (ma me) na monso moni adanseε sε, medeε menka mo mmataho no a -,
আরবি তাফসীরসমূহ:
مِن دُونِهِۦۖ فَكِيدُونِي جَمِيعٗا ثُمَّ لَا تُنظِرُونِ
Mofri N’akyi (de bata Ne ho no) ho. Enti mo nyinaa monkͻ apam ntia me, na momma me ahomegye berε.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِنِّي تَوَكَّلۡتُ عَلَى ٱللَّهِ رَبِّي وَرَبِّكُمۚ مَّا مِن دَآبَّةٍ إِلَّا هُوَ ءَاخِذُۢ بِنَاصِيَتِهَآۚ إِنَّ رَبِّي عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Nokorԑ sԑ, medeε me Wura, ne monso mo Wura Nyankopͻn no na mede me ho to no soͻ. Abͻdeε a εnam asaase soͻ no mu biara, Onyankopͻn na Ɔwͻ ne so tumi. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻwͻ ͻkwan tenenee soͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَقَدۡ أَبۡلَغۡتُكُم مَّآ أُرۡسِلۡتُ بِهِۦٓ إِلَيۡكُمۡۚ وَيَسۡتَخۡلِفُ رَبِّي قَوۡمًا غَيۡرَكُمۡ وَلَا تَضُرُّونَهُۥ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ رَبِّي عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٍ حَفِيظٞ
Enti sε modane moho kͻ a, ampa sε, mabͻ asεm a yεde somaa me sε menfa mmrε mo no ho dawuro akyerε mo. Na me Wura Nyankopͻn de nnipa foforͻ bεba abɛsi mo anan mu, na montumi nyε no hwee. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻhwε biribiara soͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَمَّا جَآءَ أَمۡرُنَا نَجَّيۡنَا هُودٗا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥ بِرَحۡمَةٖ مِّنَّا وَنَجَّيۡنَٰهُم مِّنۡ عَذَابٍ غَلِيظٖ
Ԑberε a Yɛahyεdeε baeε no, Yεde ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ no gyee Huud ne wͻn a wͻagye adie aka ne ho no, na Yεgyee wͻn frii asotwee a emu yε duro no mu.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَتِلۡكَ عَادٞۖ جَحَدُواْ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِمۡ وَعَصَوۡاْ رُسُلَهُۥ وَٱتَّبَعُوٓاْ أَمۡرَ كُلِّ جَبَّارٍ عَنِيدٖ
Saa na Aadfoͻ nso, wͻko tiaa wͻn Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee, na wͻyεε asoͻden tiaa N’asomafoͻ no, na wͻdii ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ biara ahyεdeε akyi.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَأُتۡبِعُواْ فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا لَعۡنَةٗ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ أَلَآ إِنَّ عَادٗا كَفَرُواْ رَبَّهُمۡۗ أَلَا بُعۡدٗا لِّعَادٖ قَوۡمِ هُودٖ
Nnomee dii wͻn akyi wͻ wiase ha ne Wusͻreε da. Akyinnyeε biara nni ho sε Aadfoͻ no nso poo wͻn Wura Nyankopͻn . Enti (yɛyii) Aad, Huud nkorͻfoͻ no frii hͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
۞ وَإِلَىٰ ثَمُودَ أَخَاهُمۡ صَٰلِحٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥۖ هُوَ أَنشَأَكُم مِّنَ ٱلۡأَرۡضِ وَٱسۡتَعۡمَرَكُمۡ فِيهَا فَٱسۡتَغۡفِرُوهُ ثُمَّ تُوبُوٓاْ إِلَيۡهِۚ إِنَّ رَبِّي قَرِيبٞ مُّجِيبٞ
Samuudfoͻ nso (yεsomaa) wͻn nua Soalhu (maa no kͻͻ wͻn hͻ) sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Ɔno na Ɔbͻͻ mo frii asaase mu, εna Ɔde mo tenaa soͻ. Enti monsrε Ne hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Ne hͻ. Nokorε sε me Wura Nyankopͻn bεn (N’akoa), na Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ يَٰصَٰلِحُ قَدۡ كُنتَ فِينَا مَرۡجُوّٗا قَبۡلَ هَٰذَآۖ أَتَنۡهَىٰنَآ أَن نَّعۡبُدَ مَا يَعۡبُدُ ءَابَآؤُنَا وَإِنَّنَا لَفِي شَكّٖ مِّمَّا تَدۡعُونَآ إِلَيۡهِ مُرِيبٖ
Wͻkaa sε: “Soalhu, ampa sε wo ne (onipa a) na anka yɛani da wo so wͻ yεn mu ansa na (wode) woi (reba). Enti worebra yεn sε yεnnnsom deε y’agya nom somoeε? Nokorε sε y’adwen yε yεn ntanta, na ensi yεn pi wͻ deε worefrε yεn kͻ no ho“.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ يَٰقَوۡمِ أَرَءَيۡتُمۡ إِن كُنتُ عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّي وَءَاتَىٰنِي مِنۡهُ رَحۡمَةٗ فَمَن يَنصُرُنِي مِنَ ٱللَّهِ إِنۡ عَصَيۡتُهُۥۖ فَمَا تَزِيدُونَنِي غَيۡرَ تَخۡسِيرٖ
(Soalhu) kaa sε: “Me nkorͻfoͻ moahu? Enti sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ so, na Wama me ahummͻborͻ a efri Ne hͻ a, εneε na hwan ne obi a ͻbεboa me ako atia Onyankopͻn, sε meyε (N’asεm ho) asoͻden a? Ɛneε na deε mode bεka me ho ara ne berεguo “.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ هَٰذِهِۦ نَاقَةُ ٱللَّهِ لَكُمۡ ءَايَةٗۖ فَذَرُوهَا تَأۡكُلۡ فِيٓ أَرۡضِ ٱللَّهِۖ وَلَا تَمَسُّوهَا بِسُوٓءٖ فَيَأۡخُذَكُمۡ عَذَابٞ قَرِيبٞ
“Me nkorͻfoͻ, Nyankopͻn yoma bedeε yi yε nsεnkyerεnee ma mo, enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε yie na moanyε no bͻne (biara), anyε saa a asotwee a abεn no bεto mo“.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَعَقَرُوهَا فَقَالَ تَمَتَّعُواْ فِي دَارِكُمۡ ثَلَٰثَةَ أَيَّامٖۖ ذَٰلِكَ وَعۡدٌ غَيۡرُ مَكۡذُوبٖ
Nanso wͻkum (yoma bedeε) no. Enti (Soalhu) kaa sε: ”Modeε monye moani wͻ mo afie mu nnansa. Woi yε bͻhyε a nkontompo biara nni ho “
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَمَّا جَآءَ أَمۡرُنَا نَجَّيۡنَا صَٰلِحٗا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥ بِرَحۡمَةٖ مِّنَّا وَمِنۡ خِزۡيِ يَوۡمِئِذٍۚ إِنَّ رَبَّكَ هُوَ ٱلۡقَوِيُّ ٱلۡعَزِيزُ
Enti εberε a Y’ahyεdeε no baeε no, Yεde ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ gyee Soalhu ne wͻn a wͻagye adi aka ne ho no frii saa da no animguaseε no mu. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ no, na Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَأَخَذَ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ ٱلصَّيۡحَةُ فَأَصۡبَحُواْ فِي دِيَٰرِهِمۡ جَٰثِمِينَ
Nteamu denden no sᴐᴐ wͻn a wͻdi bͻne no mu, na wͻ (wuwu) dedaa hͻ wɔ wͻn adan mu,
আরবি তাফসীরসমূহ:
كَأَن لَّمۡ يَغۡنَوۡاْ فِيهَآۗ أَلَآ إِنَّ ثَمُودَاْ كَفَرُواْ رَبَّهُمۡۗ أَلَا بُعۡدٗا لِّثَمُودَ
(Wͻyεε) tesε deε wͻntenaa mu hͻ koraa da. Akyinnyeε biara nniho sε Samuudfoͻ no annye wͻn Wura Nyankopͻn anni. Enti (yɛyii) Samuudfoͻ frii hͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَقَدۡ جَآءَتۡ رُسُلُنَآ إِبۡرَٰهِيمَ بِٱلۡبُشۡرَىٰ قَالُواْ سَلَٰمٗاۖ قَالَ سَلَٰمٞۖ فَمَا لَبِثَ أَن جَآءَ بِعِجۡلٍ حَنِيذٖ
Ampa nso sε Y’asomafoͻ no de anigyesεm no brεε Abraham. Wͻkaa sε: “Asomdwoeε” (de kyeaa Abraham), ͻno nso kaa sε: Asomdwoeε (de yii wͻn nkyea no ano); (Abraham) yεε ntεm de nantwi nam a yɛatoto bae (bεsom wͻn ahͻhoͻ).
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَمَّا رَءَآ أَيۡدِيَهُمۡ لَا تَصِلُ إِلَيۡهِ نَكِرَهُمۡ وَأَوۡجَسَ مِنۡهُمۡ خِيفَةٗۚ قَالُواْ لَا تَخَفۡ إِنَّآ أُرۡسِلۡنَآ إِلَىٰ قَوۡمِ لُوطٖ
Ԑberε a (Abraham) hunuu sε wͻn amfa wͻn nsa anka no, ne bo annwo wͻ wͻn ho, na ͻbͻͻ hu wͻ wͻn ho. (Soro abͻfoͻ no) kaa sε: ‘’Ensuro, yɛasoma yεn wͻ Lut nkorͻfoͻ no hͻ.”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَٱمۡرَأَتُهُۥ قَآئِمَةٞ فَضَحِكَتۡ فَبَشَّرۡنَٰهَا بِإِسۡحَٰقَ وَمِن وَرَآءِ إِسۡحَٰقَ يَعۡقُوبَ
(Saa berε no) na ne yere gyina hͻ, na ͻseree; na yεde Is’haaq (awoͻ) ho bͻhyε hyεε no bͻ; na Is’haaq akyiri no Ya’quub (na ͻbεtͻ so ayε wo nana).
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَتۡ يَٰوَيۡلَتَىٰٓ ءَأَلِدُ وَأَنَا۠ عَجُوزٞ وَهَٰذَا بَعۡلِي شَيۡخًاۖ إِنَّ هَٰذَا لَشَيۡءٌ عَجِيبٞ
Ɔkaa sε: ‘’Mahunu amane! Mεwo ba wͻ εberε a mabͻ aberewa na me kunu woi nso abͻ akͻkora? Nokorε sε woi deε anwanwasεm ni”
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُوٓاْ أَتَعۡجَبِينَ مِنۡ أَمۡرِ ٱللَّهِۖ رَحۡمَتُ ٱللَّهِ وَبَرَكَٰتُهُۥ عَلَيۡكُمۡ أَهۡلَ ٱلۡبَيۡتِۚ إِنَّهُۥ حَمِيدٞ مَّجِيدٞ
Abͻfoͻ no kaa sε: ‘’Onyankopͻn ahyεdeε na εyε wo nwanwa? Onyankopͻn ahummͻborͻ ne Ne nhyira wͻ mo so, efie ha foͻ. Nokorε sε, Ɔne Ayeyie Hene ne Animuoyam Hene no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَمَّا ذَهَبَ عَنۡ إِبۡرَٰهِيمَ ٱلرَّوۡعُ وَجَآءَتۡهُ ٱلۡبُشۡرَىٰ يُجَٰدِلُنَا فِي قَوۡمِ لُوطٍ
Ɛberε a ehuu no frii (Abraham) soͻ, na onyaa anigyesεm no ho bͻhyε no, afei ͻpaa Yεn kyεw maa Lut nkorͻfoͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِنَّ إِبۡرَٰهِيمَ لَحَلِيمٌ أَوَّٰهٞ مُّنِيبٞ
Nokorε sε na Abraham yε (onipa a) ͻwͻ ntoboaseε ne ntimmͻborͻ, na ͻde ne ho (nyinaa) maa Nyankopͻn.
আরবি তাফসীরসমূহ:
يَٰٓإِبۡرَٰهِيمُ أَعۡرِضۡ عَنۡ هَٰذَآۖ إِنَّهُۥ قَدۡ جَآءَ أَمۡرُ رَبِّكَۖ وَإِنَّهُمۡ ءَاتِيهِمۡ عَذَابٌ غَيۡرُ مَرۡدُودٖ
(Abͻfoͻ no kaa sε) Abraham, gyae (kyεw pa) no, efrisε ampa sε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no anya aba. Nokorε sε, asotwee no bεba wͻn so a yεtwe san a εnyε yie.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَمَّا جَآءَتۡ رُسُلُنَا لُوطٗا سِيٓءَ بِهِمۡ وَضَاقَ بِهِمۡ ذَرۡعٗا وَقَالَ هَٰذَا يَوۡمٌ عَصِيبٞ
Ԑberε a Y’abͻfoͻ no baa Lut hͻ no, ne werε ho maa wͻn (abͻfoͻ no, εnam kuro no mu foͻ adwen bͻne nti), na onni tumi sε (ͻbetumi abͻ wͻn ho ban). Deε ͻkaeε ne sε: “Saa da yi yε da bͻne “.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَجَآءَهُۥ قَوۡمُهُۥ يُهۡرَعُونَ إِلَيۡهِ وَمِن قَبۡلُ كَانُواْ يَعۡمَلُونَ ٱلسَّيِّـَٔاتِۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ هَٰٓؤُلَآءِ بَنَاتِي هُنَّ أَطۡهَرُ لَكُمۡۖ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَلَا تُخۡزُونِ فِي ضَيۡفِيٓۖ أَلَيۡسَ مِنكُمۡ رَجُلٞ رَّشِيدٞ
Ne nkorͻfoͻ no de ahoͻherε baa ne hͻ; na ansa na saa (asεm yi reba no) na wͻyԑ nneyԑԑ bͻne. (Lut) kaa sε: “Me nkorͻfoͻ, me mma mmaa ni, wͻn na wͻn ho te ma mo. Enti monsuro Nyankopͻn na monhwε na moannwu m’anim ase wͻ m’ahͻhoͻ yi anim. Enti onipa teneneeni baako mpo nni mo mu?”
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ لَقَدۡ عَلِمۡتَ مَا لَنَا فِي بَنَاتِكَ مِنۡ حَقّٖ وَإِنَّكَ لَتَعۡلَمُ مَا نُرِيدُ
Deε wͻkaeε ne sε: “Wonim yie sε yɛnhia womma mmaa, na nokorε nso sε wonim deε yεrehwehwε “.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ لَوۡ أَنَّ لِي بِكُمۡ قُوَّةً أَوۡ ءَاوِيٓ إِلَىٰ رُكۡنٖ شَدِيدٖ
(Lut) kaa sε: ”Na anka me wͻ ahoͻden bi a metumi de asi mo (dwumadi bɔne yi) ho kwan, anaasε menya mmoa kεseε bi (de asi mo kwan)
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ يَٰلُوطُ إِنَّا رُسُلُ رَبِّكَ لَن يَصِلُوٓاْ إِلَيۡكَۖ فَأَسۡرِ بِأَهۡلِكَ بِقِطۡعٖ مِّنَ ٱلَّيۡلِ وَلَا يَلۡتَفِتۡ مِنكُمۡ أَحَدٌ إِلَّا ٱمۡرَأَتَكَۖ إِنَّهُۥ مُصِيبُهَا مَآ أَصَابَهُمۡۚ إِنَّ مَوۡعِدَهُمُ ٱلصُّبۡحُۚ أَلَيۡسَ ٱلصُّبۡحُ بِقَرِيبٖ
(Abͻfoͻ no) kaa sε: “Lut, nokorε sε yεyε wo Wura Nyankopͻn abͻfoͻ. Na (nnipa bͻnefoͻ no) nsa nka wo. Enti fa wone w’abusuafoͻ no na montu kwan anadwo fa yi, na monhwε yie na mo mu biara antwa n’ani anhwɛ n’akyi; na mmom wo yere no deε, nokorε sε deε εbεto wᴐn no bi bεto no; εberε a yɛahyε de ama ne anɔpa. Anɔpa nyε (berε a) εbεn anaa?”
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَمَّا جَآءَ أَمۡرُنَا جَعَلۡنَا عَٰلِيَهَا سَافِلَهَا وَأَمۡطَرۡنَا عَلَيۡهَا حِجَارَةٗ مِّن سِجِّيلٖ مَّنضُودٖ
Ɛberε a Y’ahyεdeε no baeε no Yεdanee (kuro no) ani butuu no, tͻͻ aboͻ a εyε ogya nsuo a εtoatoa soͻ de guu wͻn so;
আরবি তাফসীরসমূহ:
مُّسَوَّمَةً عِندَ رَبِّكَۖ وَمَا هِيَ مِنَ ٱلظَّٰلِمِينَ بِبَعِيدٖ
Nsohyεdeε a efri wo Wura Nyankoᴐn hͻ (wͻ ho); wɔne (Maka) abɔneεfoɔ no ntεm kwan nware.
আরবি তাফসীরসমূহ:
۞ وَإِلَىٰ مَدۡيَنَ أَخَاهُمۡ شُعَيۡبٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥۖ وَلَا تَنقُصُواْ ٱلۡمِكۡيَالَ وَٱلۡمِيزَانَۖ إِنِّيٓ أَرَىٰكُم بِخَيۡرٖ وَإِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ عَذَابَ يَوۡمٖ مُّحِيطٖ
Madiyanfoͻ no nso (yεsomaa) wɔn nua Shu’aib (kͻͻ wͻn hͻ). Ɔka kyerεε wɔn sε: ‘’Me nkorͻfoͻ, monsom mo Wura Nyankopᴐn (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Monhwε yie na moante adeε a mohyε (no wͻ bͻtͻ anaa konku mu) ne deε mode nsania susuo no so; mahunu sε moanya mo ho deε, nanso mesuro εda a asotwee betwa mo ho ahyia no ma mo “.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ أَوۡفُواْ ٱلۡمِكۡيَالَ وَٱلۡمِيزَانَ بِٱلۡقِسۡطِۖ وَلَا تَبۡخَسُواْ ٱلنَّاسَ أَشۡيَآءَهُمۡ وَلَا تَعۡثَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُفۡسِدِينَ
“Me nkorͻfoͻ, moma deε mohyε (no mmͻtͻ ne konku mu), ne deε mode nsania susuo no nyε pεpεεpε, na monhwε na moammͻ amanfoͻ nyansa korͻno. Na monnni nsεmmͻne wͻ asase so mma bͻneyε nntͻ nnkͻ so“.
আরবি তাফসীরসমূহ:
بَقِيَّتُ ٱللَّهِ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَۚ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِحَفِيظٖ
“(Sε modi nokorε ma amanfoͻ) a, Onyankopɔn deε a εbεka ama mo no, εno na εyε ma mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. Na medeε menyε mo so hwεfoͻ’’.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ يَٰشُعَيۡبُ أَصَلَوٰتُكَ تَأۡمُرُكَ أَن نَّتۡرُكَ مَا يَعۡبُدُ ءَابَآؤُنَآ أَوۡ أَن نَّفۡعَلَ فِيٓ أَمۡوَٰلِنَا مَا نَشَٰٓؤُاْۖ إِنَّكَ لَأَنتَ ٱلۡحَلِيمُ ٱلرَّشِيدُ
Asεm a wɔkaeε ne sε: ‘’Shaibu, enti wo Nyamesom no hyε wo sε yɛnnyae deε na yεn agyanom som (no som), anaasε εmma yεmfa yεn sika nnyε deε yεn ara yεpε? “ (wɔka dedii ne ho fεw sε: “Shuaib), nokorε sε wowͻ ntoboaseε, na w’adwene tene”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ يَٰقَوۡمِ أَرَءَيۡتُمۡ إِن كُنتُ عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّي وَرَزَقَنِي مِنۡهُ رِزۡقًا حَسَنٗاۚ وَمَآ أُرِيدُ أَنۡ أُخَالِفَكُمۡ إِلَىٰ مَآ أَنۡهَىٰكُمۡ عَنۡهُۚ إِنۡ أُرِيدُ إِلَّا ٱلۡإِصۡلَٰحَ مَا ٱسۡتَطَعۡتُۚ وَمَا تَوۡفِيقِيٓ إِلَّا بِٱللَّهِۚ عَلَيۡهِ تَوَكَّلۡتُ وَإِلَيۡهِ أُنِيبُ
Ɔkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, monhunu sε, sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopɔn hͻ no so, na Wama me akyεdeε a εyε akyεdeε pa a efri Ne hͻ a, (enti menfa efii mfra mu?) Mempεsε meneyԑԑ ne deԑ mabra mo no bԑbᴐ abira. Deε mepε ne sε, anka meyε (mo) yie sεdeε m’ahoͻden bɛtumi biara; na Onyankopͻn hͻ na me dwumadie no ho kwan kyerε wͻ, Ɔno na mede me ho to Ne soͻ, na Ne hͻ na medane me ho kᴐ.”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ لَا يَجۡرِمَنَّكُمۡ شِقَاقِيٓ أَن يُصِيبَكُم مِّثۡلُ مَآ أَصَابَ قَوۡمَ نُوحٍ أَوۡ قَوۡمَ هُودٍ أَوۡ قَوۡمَ صَٰلِحٖۚ وَمَا قَوۡمُ لُوطٖ مِّنكُم بِبَعِيدٖ
“Me nkorͻfoͻ, momma ͻkoo a moreko tia me no nnyε ͻhaw mma mo mma deε εtoo Noa nkorͻfoͻ anaa Huud nkorͻfoͻ anaa Soalhu nkorͻfoͻ no sεso mmεto mo, na Lut nkorɔfoɔ no deε εne montεm kwan nnware koraa.”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَٱسۡتَغۡفِرُواْ رَبَّكُمۡ ثُمَّ تُوبُوٓاْ إِلَيۡهِۚ إِنَّ رَبِّي رَحِيمٞ وَدُودٞ
“Na monserε mo Wura Nyankopɔn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopɔn yε Ɔdεεfoͻ Hene, na Ɔyε Ɔdͻ Wura.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالُواْ يَٰشُعَيۡبُ مَا نَفۡقَهُ كَثِيرٗا مِّمَّا تَقُولُ وَإِنَّا لَنَرَىٰكَ فِينَا ضَعِيفٗاۖ وَلَوۡلَا رَهۡطُكَ لَرَجَمۡنَٰكَۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡنَا بِعَزِيزٖ
Wɔkaa sε “Shuaib, yεnnte nsεm a woka no bebree ase, na yɛhu wo sε woyε (onipa a) woyε mmerε wͻ yεn mu. Sε εnyε w’abusuafoͻ a, anka yɛbɛsi wo aboͻ (aku wo) na wonni tumi bi de tia yԑn.
আরবি তাফসীরসমূহ:
قَالَ يَٰقَوۡمِ أَرَهۡطِيٓ أَعَزُّ عَلَيۡكُم مِّنَ ٱللَّهِ وَٱتَّخَذۡتُمُوهُ وَرَآءَكُمۡ ظِهۡرِيًّاۖ إِنَّ رَبِّي بِمَا تَعۡمَلُونَ مُحِيطٞ
(Shuaib) kaa sε “Me nkorͻfoͻ, enti mode anidie ma m’abusuafoͻ kyεn Nyankopɔn ma εno nti moto no twene wͻ mo akyi? Nokorε sε, dwuma a modie biara no me Wura Nyankopɔn atwa ho ahyia.”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَيَٰقَوۡمِ ٱعۡمَلُواْ عَلَىٰ مَكَانَتِكُمۡ إِنِّي عَٰمِلٞۖ سَوۡفَ تَعۡلَمُونَ مَن يَأۡتِيهِ عَذَابٞ يُخۡزِيهِ وَمَنۡ هُوَ كَٰذِبٞۖ وَٱرۡتَقِبُوٓاْ إِنِّي مَعَكُمۡ رَقِيبٞ
“Me nkorͻfoͻ, monyε adwuma sεdeε mo amammerε kyerε mo, na menso mereyε adwuma (sεdeε Onyankopɔn ahyε me), na yɛbɛhunu nea animguaseε asotwee no bԑto no, ne obi a ͻyε nkontompofoͻ; na monwεn, nokorε sε, meka mo ho ne mo rewεn.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَمَّا جَآءَ أَمۡرُنَا نَجَّيۡنَا شُعَيۡبٗا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥ بِرَحۡمَةٖ مِّنَّا وَأَخَذَتِ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ ٱلصَّيۡحَةُ فَأَصۡبَحُواْ فِي دِيَٰرِهِمۡ جَٰثِمِينَ
Ɛberε a Y’ahyεdeε baeε no, Yεde ahummכborͻ a efri Yεn nkyεn gyee Shuaib ne wɔn a wagye adi aka ne ho no nkwa, na nteamu denden no sͻͻ wɔn a wɔdi bɔne no mu, na (wɔwu) dedaa wᴐn afie mu,
আরবি তাফসীরসমূহ:
كَأَن لَّمۡ يَغۡنَوۡاْ فِيهَآۗ أَلَا بُعۡدٗا لِّمَدۡيَنَ كَمَا بَعِدَتۡ ثَمُودُ
(Yεε) sεdeε wɔntenaa hͻ da. Enti Madiyanfoͻ no frii hͻ sεdeε Samuudfoͻ no frii hͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا مُوسَىٰ بِـَٔايَٰتِنَا وَسُلۡطَٰنٖ مُّبِينٍ
Ampa sε, Yεde Yεn nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose,
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِۦ فَٱتَّبَعُوٓاْ أَمۡرَ فِرۡعَوۡنَۖ وَمَآ أَمۡرُ فِرۡعَوۡنَ بِرَشِيدٖ
Maa no kͻͻ Farao ne n'ahemfo no hͻ; nanso wɔdii Farao ahyεdeε so, aberε nso a na Farao ahyεdeε ntenee.
আরবি তাফসীরসমূহ:
يَقۡدُمُ قَوۡمَهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فَأَوۡرَدَهُمُ ٱلنَّارَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡوِرۡدُ ٱلۡمَوۡرُودُ
Wusɔreε da no ͻbedi ne nkorͻfoͻ no anim de wɔn akͻ Ogya no mu. Na bea bɔne ne faako a yεde wɔn bεkͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَأُتۡبِعُواْ فِي هَٰذِهِۦ لَعۡنَةٗ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ بِئۡسَ ٱلرِّفۡدُ ٱلۡمَرۡفُودُ
Nnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no.)
আরবি তাফসীরসমূহ:
ذَٰلِكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ ٱلۡقُرَىٰ نَقُصُّهُۥ عَلَيۡكَۖ مِنۡهَا قَآئِمٞ وَحَصِيدٞ
(Ɔkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yεrebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻ hͻ, ebi nso yɛatwa (wͻn) agu (anaasε yɛabͻ no korakora).
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَمَا ظَلَمۡنَٰهُمۡ وَلَٰكِن ظَلَمُوٓاْ أَنفُسَهُمۡۖ فَمَآ أَغۡنَتۡ عَنۡهُمۡ ءَالِهَتُهُمُ ٱلَّتِي يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مِن شَيۡءٖ لَّمَّا جَآءَ أَمۡرُ رَبِّكَۖ وَمَا زَادُوهُمۡ غَيۡرَ تَتۡبِيبٖ
Ɛnyε Yεn na Yɛdii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔdii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔfri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn).
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَكَذَٰلِكَ أَخۡذُ رَبِّكَ إِذَآ أَخَذَ ٱلۡقُرَىٰ وَهِيَ ظَٰلِمَةٌۚ إِنَّ أَخۡذَهُۥٓ أَلِيمٞ شَدِيدٌ
Saa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔdi bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّمَنۡ خَافَ عَذَابَ ٱلۡأٓخِرَةِۚ ذَٰلِكَ يَوۡمٞ مَّجۡمُوعٞ لَّهُ ٱلنَّاسُ وَذَٰلِكَ يَوۡمٞ مَّشۡهُودٞ
Nokorε sε, adesua anaa nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَمَا نُؤَخِّرُهُۥٓ إِلَّا لِأَجَلٖ مَّعۡدُودٖ
Deε nti Yεretwetwεn (Atemmuda no) soͻ no ne sε, εwͻ εberε a yεde ahyԑ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
يَوۡمَ يَأۡتِ لَا تَكَلَّمُ نَفۡسٌ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦۚ فَمِنۡهُمۡ شَقِيّٞ وَسَعِيدٞ
Ɛda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَأَمَّا ٱلَّذِينَ شَقُواْ فَفِي ٱلنَّارِ لَهُمۡ فِيهَا زَفِيرٞ وَشَهِيقٌ
Wͻn a wͻbεyε tibͻnefoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no mu, na emu na wͻbɛgu ahome kokoͻ adi apenesie.
আরবি তাফসীরসমূহ:
خَٰلِدِينَ فِيهَا مَا دَامَتِ ٱلسَّمَٰوَٰتُ وَٱلۡأَرۡضُ إِلَّا مَا شَآءَ رَبُّكَۚ إِنَّ رَبَّكَ فَعَّالٞ لِّمَا يُرِيدُ
Wɔbεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
۞ وَأَمَّا ٱلَّذِينَ سُعِدُواْ فَفِي ٱلۡجَنَّةِ خَٰلِدِينَ فِيهَا مَا دَامَتِ ٱلسَّمَٰوَٰتُ وَٱلۡأَرۡضُ إِلَّا مَا شَآءَ رَبُّكَۖ عَطَآءً غَيۡرَ مَجۡذُوذٖ
Wͻn a wͻn ti ayε yie no nso wͻ Soro aheman no mu, emu na wᴐbεtena wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Onyankopɔn pε; (εyε) akyεdeε a enni awieε.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَا تَكُ فِي مِرۡيَةٖ مِّمَّا يَعۡبُدُ هَٰٓؤُلَآءِۚ مَا يَعۡبُدُونَ إِلَّا كَمَا يَعۡبُدُ ءَابَآؤُهُم مِّن قَبۡلُۚ وَإِنَّا لَمُوَفُّوهُمۡ نَصِيبَهُمۡ غَيۡرَ مَنقُوصٖ
Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta fa deε (abosomsomfoͻ) woi nom resom no ho. Wͻnnsom hwee, na mmom deε na wɔn agyanom som no kane no ara. Nokorε sε, Yεbɛtua wͻn kyεfa no so ka pεpεεpε ama wͻn a εso nnte koraa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ فَٱخۡتُلِفَ فِيهِۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَقُضِيَ بَيۡنَهُمۡۚ وَإِنَّهُمۡ لَفِي شَكّٖ مِّنۡهُ مُرِيبٖ
Ampa sε, Yεde Nwoma no maa Mose, nanso akyinnyeε baa ho. Sε εnyε sε asεm no adikan afri wo Wura Nyankopᴐn hͻ a, anka yɛadi wᴐn ntεm asεm no. Nokorε sε wͻn adwen yε wͻn ntanta na wͻn adwen nnsi pi wͻ ho koraa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَإِنَّ كُلّٗا لَّمَّا لَيُوَفِّيَنَّهُمۡ رَبُّكَ أَعۡمَٰلَهُمۡۚ إِنَّهُۥ بِمَا يَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn bɛtua wͻn mu biara dwumadie so ka (ama no) pεpεεpε. Nokorε sε, N’ani tua dwuma a wͻdie nyinaa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَٱسۡتَقِمۡ كَمَآ أُمِرۡتَ وَمَن تَابَ مَعَكَ وَلَا تَطۡغَوۡاْۚ إِنَّهُۥ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ
Enti (Ɔkͻmhyεni), wo ne wͻn a wasakra wͻn adwen aka wo ho no nyina pintinn sεdeε yɛahyε woͻ no. Na monhwε na moanni bͻne. Nokorε sε, deε moyε biara no Ohu.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَا تَرۡكَنُوٓاْ إِلَى ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ فَتَمَسَّكُمُ ٱلنَّارُ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِنۡ أَوۡلِيَآءَ ثُمَّ لَا تُنصَرُونَ
Monhwε na moamfa mo ho anto wͻn a wͻdi bͻne no so, (sε εba sa a) Ogya no bεnya mo; (na sε εba sa a) Onyankopͻn akyiri no monnya okyitafoͻ anaa ͻboafoͻ biara.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَأَقِمِ ٱلصَّلَوٰةَ طَرَفَيِ ٱلنَّهَارِ وَزُلَفٗا مِّنَ ٱلَّيۡلِۚ إِنَّ ٱلۡحَسَنَٰتِ يُذۡهِبۡنَ ٱلسَّيِّـَٔاتِۚ ذَٰلِكَ ذِكۡرَىٰ لِلذَّٰكِرِينَ
Enti frε Nyame wͻ adekyeε mfitiaseε ne n’awieε hͻ, εna anadwo dͻnhwere no mu bi nso. Nokorε sε, papayε pepa bͻne. Woi yε afutusεm dema nkaekaeεfoͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَٱصۡبِرۡ فَإِنَّ ٱللَّهَ لَا يُضِيعُ أَجۡرَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Na si aboterε, na nokorε sε Onyankopɔn mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa.
আরবি তাফসীরসমূহ:
فَلَوۡلَا كَانَ مِنَ ٱلۡقُرُونِ مِن قَبۡلِكُمۡ أُوْلُواْ بَقِيَّةٖ يَنۡهَوۡنَ عَنِ ٱلۡفَسَادِ فِي ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا قَلِيلٗا مِّمَّنۡ أَنجَيۡنَا مِنۡهُمۡۗ وَٱتَّبَعَ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مَآ أُتۡرِفُواْ فِيهِ وَكَانُواْ مُجۡرِمِينَ
Sε na adwendwenfoͻ bi wͻ awoͻ ntoatoasoͻ a edii mo anim kan no mu na wᴐbra (amanfoͻ) nsεmmᴐne die wͻ asaase soͻ a, (nanso na ebi nnihͻ), gyesε kakraabi a na wͻn wͻ wͻn a Yεgyee wɔn no mu. Wͻn a wͻdii bͻne no dii wiase yi mu anigyedeε akyi. Na wͻyε abͻneεfoͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَمَا كَانَ رَبُّكَ لِيُهۡلِكَ ٱلۡقُرَىٰ بِظُلۡمٖ وَأَهۡلُهَا مُصۡلِحُونَ
Ԑmma sε wo Wura Nyankopɔn de bͻne bεsεe kuro bi wͻ aberε a emufoͻ no yε apapafoͻ.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلَوۡ شَآءَ رَبُّكَ لَجَعَلَ ٱلنَّاسَ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗۖ وَلَا يَزَالُونَ مُخۡتَلِفِينَ
Sε εyε wo Wura Nyankopɔn pε a, anka Ɔbεyε nnipa nyinaa ͻman baako. Na akyinnyeε deε wͻnnyae gyeε da;
আরবি তাফসীরসমূহ:
إِلَّا مَن رَّحِمَ رَبُّكَۚ وَلِذَٰلِكَ خَلَقَهُمۡۗ وَتَمَّتۡ كَلِمَةُ رَبِّكَ لَأَمۡلَأَنَّ جَهَنَّمَ مِنَ ٱلۡجِنَّةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ
Gyesε obi a wo Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ; na woi ho nti na Ɔbͻͻ wͻn. Na wo Wura Nyankopͻn asεm no ahyε mma sε: “Mεka Jinni ne nnipa abom (de wͻn) ahyε Amanehu gya no mma.”
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَكُلّٗا نَّقُصُّ عَلَيۡكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ ٱلرُّسُلِ مَا نُثَبِّتُ بِهِۦ فُؤَادَكَۚ وَجَآءَكَ فِي هَٰذِهِ ٱلۡحَقُّ وَمَوۡعِظَةٞ وَذِكۡرَىٰ لِلۡمُؤۡمِنِينَ
Asomafoͻ no amaneε nyinaa a Yεde abͻ woͻ no, sεdeε Yεde bεma w’akoma agyina pintinn nti. Na wanya nokorε no nso afri woi mu, na (ayε) afutusεm ne nkakaeε nso ama agyidiefoͻ no.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَقُل لِّلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ ٱعۡمَلُواْ عَلَىٰ مَكَانَتِكُمۡ إِنَّا عَٰمِلُونَ
Ka kyerε wͻn a wͻnnye nnie no sε: ”Modeε monyε mo adwuma sεdeε mo amammerε kyerε mo, nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε yεn);
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَٱنتَظِرُوٓاْ إِنَّا مُنتَظِرُونَ
“Na montwεn na nokorε sε yεn nso yεretwεn”.
আরবি তাফসীরসমূহ:
وَلِلَّهِ غَيۡبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَإِلَيۡهِ يُرۡجَعُ ٱلۡأَمۡرُ كُلُّهُۥ فَٱعۡبُدۡهُ وَتَوَكَّلۡ عَلَيۡهِۚ وَمَا رَبُّكَ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ
Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ Nyankopͻn, Ne hͻ na dwumadie nyinaa kͻwie. Enti som no, na fa wo ho to No so. Na wo Wura Nyankopͻn werε mfirii anaa Ommu N’ani nguu dwuma a modie so.
আরবি তাফসীরসমূহ:
 
অর্থসমূহের অনুবাদ সূরা: সূরা হুদ
সূরাসমূহের সূচী পৃষ্ঠার নাম্বার
 
কুরআনুল কারীমের অর্থসমূহের অনুবাদ - আশান্তি ভাষায় অনুবাদ - অনুবাদসমূহের সূচী

আশান্তি ভাষায় আল-কুরআনুল কারীমের অর্থসমূহের অনুবাদ- অনুবাদক: শায়েখ হারূন ইসমা‘ঈল

বন্ধ