Prijevod značenja časnog Kur'ana - الترجمة الأكانية - الأشانتية * - Sadržaj prijevodā

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Prijevod značenja Sura: Sura el-Ahzab   Ajet:

Al-Ahzaab

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ ٱتَّقِ ٱللَّهَ وَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Nkͻmhyεni, Suro Nyankopͻn, na entie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَٱتَّبِعۡ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٗا
Di deε yɛayi ama woͻ a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a modie (nyinaa) ho amane bᴐfoᴐ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا
Na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
Tefsiri na arapskom jeziku:
مَّا جَعَلَ ٱللَّهُ لِرَجُلٖ مِّن قَلۡبَيۡنِ فِي جَوۡفِهِۦۚ وَمَا جَعَلَ أَزۡوَٰجَكُمُ ٱلَّٰٓـِٔي تُظَٰهِرُونَ مِنۡهُنَّ أُمَّهَٰتِكُمۡۚ وَمَا جَعَلَ أَدۡعِيَآءَكُمۡ أَبۡنَآءَكُمۡۚ ذَٰلِكُمۡ قَوۡلُكُم بِأَفۡوَٰهِكُمۡۖ وَٱللَّهُ يَقُولُ ٱلۡحَقَّ وَهُوَ يَهۡدِي ٱلسَّبِيلَ
Nyankopͻn nyεε akoma mmienu nhyεε onipa biara koko mu, na Ɔnyεε moyere-nom a mode “Iz’haar” gyae wͻn awadeε no sε mo maame, na Ɔnyεε wͻn a (wͻte monkyεn a) mofrε wͻn momma no sε momma (paa). Woi yε moara mo ano asεm, Onyankopͻn na Ɔka nokorε na Ɔno na Ɔkyerε kwan.
Tefsiri na arapskom jeziku:
ٱدۡعُوهُمۡ لِأٓبَآئِهِمۡ هُوَ أَقۡسَطُ عِندَ ٱللَّهِۚ فَإِن لَّمۡ تَعۡلَمُوٓاْ ءَابَآءَهُمۡ فَإِخۡوَٰنُكُمۡ فِي ٱلدِّينِ وَمَوَٰلِيكُمۡۚ وَلَيۡسَ عَلَيۡكُمۡ جُنَاحٞ فِيمَآ أَخۡطَأۡتُم بِهِۦ وَلَٰكِن مَّا تَعَمَّدَتۡ قُلُوبُكُمۡۚ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمًا
Monfa wͻn papanom (din) mfrε wͻn, εno na εyε paa wͻ Nyankopͻn anim; sε monnim wͻn papanom a, εneε wͻyε mo nuanom ne (mo) ayͻnkofoͻ wͻ Nyamesom mu. Bͻne (biara) nni mo so wͻ mfomsoͻ a moayε ho, na mmom (bͻne wͻ mo so wͻ) deε mo akoma boapa ayε. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
Tefsiri na arapskom jeziku:
ٱلنَّبِيُّ أَوۡلَىٰ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ مِنۡ أَنفُسِهِمۡۖ وَأَزۡوَٰجُهُۥٓ أُمَّهَٰتُهُمۡۗ وَأُوْلُواْ ٱلۡأَرۡحَامِ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلَىٰ بِبَعۡضٖ فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُهَٰجِرِينَ إِلَّآ أَن تَفۡعَلُوٓاْ إِلَىٰٓ أَوۡلِيَآئِكُم مَّعۡرُوفٗاۚ كَانَ ذَٰلِكَ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مَسۡطُورٗا
Nkͻmhyεni bεn agyidiefoͻ no paa kyεn wͻn ho wͻn ho, na ne yerenom yε (agyidiefoͻ no) maame. Na abusua-bogya bεn wͻn ho wͻn ho wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu kyεn agyidiefoͻ no ne atukͻfoͻ no, gyesε (ebia) moreyε ayεmyε bi ama mo ayͻnkofoͻ no. Saa na yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَإِذۡ أَخَذۡنَا مِنَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ مِيثَٰقَهُمۡ وَمِنكَ وَمِن نُّوحٖ وَإِبۡرَٰهِيمَ وَمُوسَىٰ وَعِيسَى ٱبۡنِ مَرۡيَمَۖ وَأَخَذۡنَا مِنۡهُم مِّيثَٰقًا غَلِيظٗا
Kae εberε a Yεgyee apam firi Nkͻmhyεfoͻ no hͻ, εne wo (Muhammad) hͻ, ne Noa ne Abraham ne Mose εna Yesu Mar’yam ba no hͻ; Yεgyee apam a emu yε duro paa na efirii wͻn hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
لِّيَسۡـَٔلَ ٱلصَّٰدِقِينَ عَن صِدۡقِهِمۡۚ وَأَعَدَّ لِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابًا أَلِيمٗا
Sεdeε (Nyankopͻn) bɛbisa nokwafoͻ no wͻn nokorεdie ho asεm. Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato boniayεfoͻ no hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ إِذۡ جَآءَتۡكُمۡ جُنُودٞ فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ رِيحٗا وَجُنُودٗا لَّمۡ تَرَوۡهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرًا
Mo a moagye adie, monkae Onyankopᴐn adom a ԑwᴐ mosoᴐ, ԑberԑ a asraafoᴐ dᴐm baa mo soᴐ na Yԑsomaa mframa ne asraafoᴐ a mo ani anhu wᴐn baa wᴐn soᴐ. Onyankopᴐn deԑ Ohu dwuma a modie biara.
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِذۡ جَآءُوكُم مِّن فَوۡقِكُمۡ وَمِنۡ أَسۡفَلَ مِنكُمۡ وَإِذۡ زَاغَتِ ٱلۡأَبۡصَٰرُ وَبَلَغَتِ ٱلۡقُلُوبُ ٱلۡحَنَاجِرَ وَتَظُنُّونَ بِٱللَّهِ ٱلظُّنُونَا۠
Ɛberε a (atamfoͻ) no baa mo so firi mo soro ne mo ase, na ani yεε kusuu na akoma pagya baa menewa mu, na modwenee adwen (bᴐne) wͻ Nyankopͻn ho.
Tefsiri na arapskom jeziku:
هُنَالِكَ ٱبۡتُلِيَ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ وَزُلۡزِلُواْ زِلۡزَالٗا شَدِيدٗا
Ɛhͻ no Yεsͻͻ agyidiefoͻ no hwεe, na wͻn ho wosoo papaapa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَإِذۡ يَقُولُ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ مَّا وَعَدَنَا ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ إِلَّا غُرُورٗا
Na kae εberε no a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Bᴐ a Nyankopͻn ne ne Somafoͻ hyεԑ yεn no yԑ nnaadaa bi kwa“.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَإِذۡ قَالَت طَّآئِفَةٞ مِّنۡهُمۡ يَٰٓأَهۡلَ يَثۡرِبَ لَا مُقَامَ لَكُمۡ فَٱرۡجِعُواْۚ وَيَسۡتَـٔۡذِنُ فَرِيقٞ مِّنۡهُمُ ٱلنَّبِيَّ يَقُولُونَ إِنَّ بُيُوتَنَا عَوۡرَةٞ وَمَا هِيَ بِعَوۡرَةٍۖ إِن يُرِيدُونَ إِلَّا فِرَارٗا
Kae εberε nso a wͻn mu fekuo bi kaa sε: “Yasribfoͻ, monni gyinaberε biara, enti monsan mo akyi“. Wͻn mu fa bi srεε kwan wͻ Nkͻmhyεni hͻ, wͻkaa sε: Y’afiee deda mpan, na εnyε nokorε sε εdeda mpan, na mmom dwane na wͻrepε adwane.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَلَوۡ دُخِلَتۡ عَلَيۡهِم مِّنۡ أَقۡطَارِهَا ثُمَّ سُئِلُواْ ٱلۡفِتۡنَةَ لَأٓتَوۡهَا وَمَا تَلَبَّثُواْ بِهَآ إِلَّا يَسِيرٗا
Sε (atamfoͻ no) nyaa emu akwan bi wuraa (Madina kuro no mu) maa wͻbɛpuee (nkͻnkͻnsafoͻ no) so, εna wͻreka akyerε wͻn sε wͻnyε basabasa (anaasε wͻnko ntia Muslimifoͻ no) a, anka wͻbεyε a wͻnkyεre ho koraa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَلَقَدۡ كَانُواْ عَٰهَدُواْ ٱللَّهَ مِن قَبۡلُ لَا يُوَلُّونَ ٱلۡأَدۡبَٰرَۚ وَكَانَ عَهۡدُ ٱللَّهِ مَسۡـُٔولٗا
Nokorε nso sε na wͻne Nyankopͻn adikan ahyε bͻ sε wͻnnane wͻn akyi mma (agyidiefoͻ no da). Apam a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε, nokorε sε εwͻ ho ano yie.
Tefsiri na arapskom jeziku:
قُل لَّن يَنفَعَكُمُ ٱلۡفِرَارُ إِن فَرَرۡتُم مِّنَ ٱلۡمَوۡتِ أَوِ ٱلۡقَتۡلِ وَإِذٗا لَّا تُمَتَّعُونَ إِلَّا قَلِيلٗا
(Nkͻmhyεni), ka kyerε (nkͻnkͻnsafoͻ no a wͻresrε kwan no) sε: “Sε owuo anaa okum ho nti na moredwane no a, εneε dwane no ho mma mfasoͻ mma mo, εyε εberε tiaa bi na mode bεgye mo ani (wͻ wiase ha) “
Tefsiri na arapskom jeziku:
قُلۡ مَن ذَا ٱلَّذِي يَعۡصِمُكُم مِّنَ ٱللَّهِ إِنۡ أَرَادَ بِكُمۡ سُوٓءًا أَوۡ أَرَادَ بِكُمۡ رَحۡمَةٗۚ وَلَا يَجِدُونَ لَهُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا
Ka sε : “Sε Nyankopͻn pε mo bͻne bi, anaasε Ɔpε mo ahummͻborͻ bi a, hwan na ͻbεbͻ mo ho ban afiri ne nsam? Nyankopͻn akyiri no wͻnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wͻn.
Tefsiri na arapskom jeziku:
۞ قَدۡ يَعۡلَمُ ٱللَّهُ ٱلۡمُعَوِّقِينَ مِنكُمۡ وَٱلۡقَآئِلِينَ لِإِخۡوَٰنِهِمۡ هَلُمَّ إِلَيۡنَاۖ وَلَا يَأۡتُونَ ٱلۡبَأۡسَ إِلَّا قَلِيلًا
Nokorε sε Nyankopͻn nim wͻn a wͻn wͻ mo mu no a wͻsi amanfoͻ kwan (na wͻmma wͻn mma ͻko no), ne wͻn a wͻka kyerε wͻn nuanom sε: ”Mommra yεn hͻ;” na (wͻn ara mpo mma ͻkoo gyesε (wͻn mu nnipa) kakraabi.
Tefsiri na arapskom jeziku:
أَشِحَّةً عَلَيۡكُمۡۖ فَإِذَا جَآءَ ٱلۡخَوۡفُ رَأَيۡتَهُمۡ يَنظُرُونَ إِلَيۡكَ تَدُورُ أَعۡيُنُهُمۡ كَٱلَّذِي يُغۡشَىٰ عَلَيۡهِ مِنَ ٱلۡمَوۡتِۖ فَإِذَا ذَهَبَ ٱلۡخَوۡفُ سَلَقُوكُم بِأَلۡسِنَةٍ حِدَادٍ أَشِحَّةً عَلَى ٱلۡخَيۡرِۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَمۡ يُؤۡمِنُواْ فَأَحۡبَطَ ٱللَّهُ أَعۡمَٰلَهُمۡۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٗا
Wͻnnfa mo ho (anaasε wͻmmoa mo wͻ kwan biara so). Nanso sε ehu bi ba a wobεhunu sε wͻrehwε woͻ a wͻn ani retwa kuru-kuru tesε obia owuo refa no. Sε ehu no te kͻ a wͻde kεterεma naanam anaa kԑtrԑma dԑ twa wo de hwehwε papa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻnnye nie no, enti Nyankopͻn ama wͻn nwuma no ayε kwa, εno yε adeε a εyε mmerε wͻ Nyankopͻn hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَحۡسَبُونَ ٱلۡأَحۡزَابَ لَمۡ يَذۡهَبُواْۖ وَإِن يَأۡتِ ٱلۡأَحۡزَابُ يَوَدُّواْ لَوۡ أَنَّهُم بَادُونَ فِي ٱلۡأَعۡرَابِ يَسۡـَٔلُونَ عَنۡ أَنۢبَآئِكُمۡۖ وَلَوۡ كَانُواْ فِيكُم مَّا قَٰتَلُوٓاْ إِلَّا قَلِيلٗا
(Nkͻnkͻnsafoͻ no) adwen yε wͻn sε (Ah’zaab) nkorͻfo kuo no nnya nkͻe, na sε nkorͻfo kuo no reba (bio) a, anka wͻbεpε sε wͻbεka εserε so Arabfoͻ no ho (ne wͻn awͻ εserε no so) na wͻn abisa mo ho asεm (atie). Sε wͻka mo ho mpo a, anka wͻnko gyesε kakraa bi.
Tefsiri na arapskom jeziku:
لَّقَدۡ كَانَ لَكُمۡ فِي رَسُولِ ٱللَّهِ أُسۡوَةٌ حَسَنَةٞ لِّمَن كَانَ يَرۡجُواْ ٱللَّهَ وَٱلۡيَوۡمَ ٱلۡأٓخِرَ وَذَكَرَ ٱللَّهَ كَثِيرٗا
Ampa sε nhwεso pa wͻ Ɔsomafoͻ (Muhammad) suban mu ma mo, de ma obia n’ani da Nyankopͻn so ne Daakye no nso soɔ, na ͻkae Nyankopͻn pii.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَلَمَّا رَءَا ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ٱلۡأَحۡزَابَ قَالُواْ هَٰذَا مَا وَعَدَنَا ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَصَدَقَ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥۚ وَمَا زَادَهُمۡ إِلَّآ إِيمَٰنٗا وَتَسۡلِيمٗا
Ɛberε a agyidiefoͻ no hunuu nkorͻfo kuo no, wͻkaa sε: “Woi na Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no hyεε yεn ho bͻ no, Nyankopͻn ne ne Somafoͻ asεm yε nokorε. Deε wͻnya kaa ho ne gyidie ne ahobraseε.
Tefsiri na arapskom jeziku:
مِّنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ رِجَالٞ صَدَقُواْ مَا عَٰهَدُواْ ٱللَّهَ عَلَيۡهِۖ فَمِنۡهُم مَّن قَضَىٰ نَحۡبَهُۥ وَمِنۡهُم مَّن يَنتَظِرُۖ وَمَا بَدَّلُواْ تَبۡدِيلٗا
Nnipa no bi wͻ agyidiefoͻ no mu a wͻdi nokorε wͻ apam a wͻ ne Nyankopͻn apam no ho. Ebinom nso wͻ hͻ a wͻadi wͻn bͻhyε no so (awu sε mogya ho adansefoͻ), na ebi nom nso wͻ hͻ a wͻretwεn, na wͻnsesaa (wͻn adwen wͻ bͻhyε) no ho koraa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
لِّيَجۡزِيَ ٱللَّهُ ٱلصَّٰدِقِينَ بِصِدۡقِهِمۡ وَيُعَذِّبَ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ إِن شَآءَ أَوۡ يَتُوبَ عَلَيۡهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Sεdeε Nyankopͻn bɛtua nokorεfoͻ no nokorεdie no so ka, na sε Ɔpε a Watwe nkͻnkͻnsafoͻ no aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَرَدَّ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِغَيۡظِهِمۡ لَمۡ يَنَالُواْ خَيۡرٗاۚ وَكَفَى ٱللَّهُ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ٱلۡقِتَالَۚ وَكَانَ ٱللَّهُ قَوِيًّا عَزِيزٗا
Boniayεfoͻ no abufuhyeε no mu no, Nyankopͻn atwe wͻn asan akyire; wͻannya mfasoͻ biara wͻ so. Nyankopͻn som bo ma agyidiefoͻ no wͻ ͻkoo mu. Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَأَنزَلَ ٱلَّذِينَ ظَٰهَرُوهُم مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ مِن صَيَاصِيهِمۡ وَقَذَفَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعۡبَ فَرِيقٗا تَقۡتُلُونَ وَتَأۡسِرُونَ فَرِيقٗا
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ a wͻboaa (atamfoͻ) no, Nyankopͻn sianee wͻn firii wͻn aban denden no so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu; mokum ebinom na mofaa ebinom nso nnomum.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَأَوۡرَثَكُمۡ أَرۡضَهُمۡ وَدِيَٰرَهُمۡ وَأَمۡوَٰلَهُمۡ وَأَرۡضٗا لَّمۡ تَطَـُٔوهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٗا
(Nyankopͻn) maa motenaa wͻn anan mu wͻ wͻn nsaase so, ne wͻn afie mu, ne wͻn agyapadeε ne nsaase a mo nan nsii so da so. Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّأَزۡوَٰجِكَ إِن كُنتُنَّ تُرِدۡنَ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا وَزِينَتَهَا فَتَعَالَيۡنَ أُمَتِّعۡكُنَّ وَأُسَرِّحۡكُنَّ سَرَاحٗا جَمِيلٗا
Nkͻmhyεni, ka kyerε w'ayerenom sε: “Sε mopε wiase asetena ne emu afεεfεdeε a, εneε mommra na mensum mo, na mama moakͻ no wͻ kwanpa so.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَإِن كُنتُنَّ تُرِدۡنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَٱلدَّارَ ٱلۡأٓخِرَةَ فَإِنَّ ٱللَّهَ أَعَدَّ لِلۡمُحۡسِنَٰتِ مِنكُنَّ أَجۡرًا عَظِيمٗا
Na mmom sε mopε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ne Daakye asetena (pa) no nso a, εneε Nyankopͻn asiesie akatua a εsom bo paa ama mo mu apapafoͻ no”.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِيِّ مَن يَأۡتِ مِنكُنَّ بِفَٰحِشَةٖ مُّبَيِّنَةٖ يُضَٰعَفۡ لَهَا ٱلۡعَذَابُ ضِعۡفَيۡنِۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٗا
Nkͻmhyεni ayerenom, mo mu nea ͻbɛyi suban bͻne bi adie no, yεde asotwee no bεbͻ ho mmmienu ama no. Ԑno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
Tefsiri na arapskom jeziku:
۞ وَمَن يَقۡنُتۡ مِنكُنَّ لِلَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتَعۡمَلۡ صَٰلِحٗا نُّؤۡتِهَآ أَجۡرَهَا مَرَّتَيۡنِ وَأَعۡتَدۡنَا لَهَا رِزۡقٗا كَرِيمٗا
Mo mu nea ͻbεbrε ne ho ase ama Nyankopͻn ne Ne somafoͻ na wayε papa no, Yεbεma no akatua mmͻho mmienu, na Yɛasiesie animuonyam akyεdeε bi nso ama no.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰنِسَآءَ ٱلنَّبِيِّ لَسۡتُنَّ كَأَحَدٖ مِّنَ ٱلنِّسَآءِ إِنِ ٱتَّقَيۡتُنَّۚ فَلَا تَخۡضَعۡنَ بِٱلۡقَوۡلِ فَيَطۡمَعَ ٱلَّذِي فِي قَلۡبِهِۦ مَرَضٞ وَقُلۡنَ قَوۡلٗا مَّعۡرُوفٗا
Nkͻmhyεni yerenom, montesε mmaa a aka no. Sε mosuro Nyankopͻn a, monhwε na (sε mone ͻbarima bi rekasa a) moammrε mone ase; anhwε a na obi a yadeε wͻ n’akoma mu no anya mo ho dͻ, na monka kasa a εyε kasa pa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَقَرۡنَ فِي بُيُوتِكُنَّ وَلَا تَبَرَّجۡنَ تَبَرُّجَ ٱلۡجَٰهِلِيَّةِ ٱلۡأُولَىٰۖ وَأَقِمۡنَ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتِينَ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَطِعۡنَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓۚ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ لِيُذۡهِبَ عَنكُمُ ٱلرِّجۡسَ أَهۡلَ ٱلۡبَيۡتِ وَيُطَهِّرَكُمۡ تَطۡهِيرٗا
Na montena mo afie mu, na monhwε na moanna mo ho afԑԑfԑdeԑ adi ankyerԑ, sεdeε na tete abagyimi berε mmaa no (yε no); na monfrε Nyame wͻ ne berε mu na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Deε Nyankopͻn pε ne sε, efie ha foͻ, Obeyi efii afiri mo so na Wate mo ho korͻgyee.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَٱذۡكُرۡنَ مَا يُتۡلَىٰ فِي بُيُوتِكُنَّ مِنۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ وَٱلۡحِكۡمَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ لَطِيفًا خَبِيرًا
Na monkaekae deε yεkenkan (kyerε mo) wͻ mo fie hͻ no a efri Nyankopͻn Nsεm no mu no, ne Nyansasεm no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onitefoͻ (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho Amane bͻfoͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِنَّ ٱلۡمُسۡلِمِينَ وَٱلۡمُسۡلِمَٰتِ وَٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ وَٱلۡقَٰنِتِينَ وَٱلۡقَٰنِتَٰتِ وَٱلصَّٰدِقِينَ وَٱلصَّٰدِقَٰتِ وَٱلصَّٰبِرِينَ وَٱلصَّٰبِرَٰتِ وَٱلۡخَٰشِعِينَ وَٱلۡخَٰشِعَٰتِ وَٱلۡمُتَصَدِّقِينَ وَٱلۡمُتَصَدِّقَٰتِ وَٱلصَّٰٓئِمِينَ وَٱلصَّٰٓئِمَٰتِ وَٱلۡحَٰفِظِينَ فُرُوجَهُمۡ وَٱلۡحَٰفِظَٰتِ وَٱلذَّٰكِرِينَ ٱللَّهَ كَثِيرٗا وَٱلذَّٰكِرَٰتِ أَعَدَّ ٱللَّهُ لَهُم مَّغۡفِرَةٗ وَأَجۡرًا عَظِيمٗا
Nokorε sε, Muslimifoͻ mmarima ne Muslimifoͻ mmaa, ne Agyidiefoͻ mmarima ne Agyidiefoͻ mmaa, ne Ahobraseεfoͻ mmarima ne Ahobraseεfoͻ mmaa, ne Nokorεfoͻ mmarima ne Nokorεfoͻ mmaa, ne Aboterεfoͻ mmarima ne Aboterεfoͻ mmaa, ne Nyame-surofoͻ mmarima ne Nyamesurofoͻ mmaa, ne Adͻeεfoͻ mmarima ne Adͻeεfoͻ mmaa, ne Akyiriwiafoͻ mmarima ne Akyiriwiafoͻ mmaa, ne mmarima a wͻhwε wͻn ho so yie ne mmaa a wͻhwε wͻn ho so yie (na wͻmmͻ adwaman), ne mmarima a wͻbͻ Nyame abodin kεse ne mmaa a wͻbͻ Nyame abodin, Nyankopͻn asiesie bͻnefakyε ne akatua kεseε ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda).
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَمَا كَانَ لِمُؤۡمِنٖ وَلَا مُؤۡمِنَةٍ إِذَا قَضَى ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ أَمۡرًا أَن يَكُونَ لَهُمُ ٱلۡخِيَرَةُ مِنۡ أَمۡرِهِمۡۗ وَمَن يَعۡصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدۡ ضَلَّ ضَلَٰلٗا مُّبِينٗا
Ɛnfata mma gyidini barima anaasε gyidini baa bi sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ bεyε nhyehyεeε bi na εbεyε wͻn sε, deε wͻpε no na εyε kyεn (Nyankopͻn ne Ne somafoͻ deε) no. Obia ͻbεyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ (asɛm ho) asoͻden no, nokorε sε (saa nipa no) ayera yera pefee paa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَإِذۡ تَقُولُ لِلَّذِيٓ أَنۡعَمَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ وَأَنۡعَمۡتَ عَلَيۡهِ أَمۡسِكۡ عَلَيۡكَ زَوۡجَكَ وَٱتَّقِ ٱللَّهَ وَتُخۡفِي فِي نَفۡسِكَ مَا ٱللَّهُ مُبۡدِيهِ وَتَخۡشَى ٱلنَّاسَ وَٱللَّهُ أَحَقُّ أَن تَخۡشَىٰهُۖ فَلَمَّا قَضَىٰ زَيۡدٞ مِّنۡهَا وَطَرٗا زَوَّجۡنَٰكَهَا لِكَيۡ لَا يَكُونَ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ حَرَجٞ فِيٓ أَزۡوَٰجِ أَدۡعِيَآئِهِمۡ إِذَا قَضَوۡاْ مِنۡهُنَّ وَطَرٗاۚ وَكَانَ أَمۡرُ ٱللَّهِ مَفۡعُولٗا
(Nkͻmhyεni), kae εberε nso a woka kyerεε obi a Nyankopͻn adom no, na wonso w’adom no no sε: “Ka wo yere no bata wo ho, na suro Nyankopͻn.” Nanso wode deε Nyankopͻn bεda no adie no ahyε w’akoma mu, na wosuro nnipa, na Nyankopͻn na εwͻ ho kwan sε wosuro no. Enti εberε a Zaid guu ͻne (Zainab) awadeε no, Yεde (ͻbaa) no maa wo (Nkͻmhyεni) awadeε sεdeε (daakye bi no) εnkͻ yε asεm mma agyidiefoͻ no fa wͻn nkͻdaa a wͻte wͻn nkyεn yerenom awadeε ho wͻ εberε a wͻn agu awadeε no. Nyankopͻn ahyεdeε na εbεyε hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
مَّا كَانَ عَلَى ٱلنَّبِيِّ مِنۡ حَرَجٖ فِيمَا فَرَضَ ٱللَّهُ لَهُۥۖ سُنَّةَ ٱللَّهِ فِي ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلُۚ وَكَانَ أَمۡرُ ٱللَّهِ قَدَرٗا مَّقۡدُورًا
Soboͻ biara nni Nkͻmhyεni no so wͻ deε Nyankopͻn ayε no nhyε ama no, anaasε Wama no ho kwan ho; (εyε) Nyankopͻn sa a Watwa ato hͻ ama wͻn a watwa mu korͻ no. Nyankopͻn ahyεdeε ne nhyehyεε a εbεyε hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
ٱلَّذِينَ يُبَلِّغُونَ رِسَٰلَٰتِ ٱللَّهِ وَيَخۡشَوۡنَهُۥ وَلَا يَخۡشَوۡنَ أَحَدًا إِلَّا ٱللَّهَۗ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ حَسِيبٗا
Wͻn a wͻbͻ Nyankopͻn Nsεm no ho dawuro na wͻsuro no no, wͻnsuro obiara ka Nyankopͻn ho. Na Nyankopͻn som bo wͻ nkontabuo mu.
Tefsiri na arapskom jeziku:
مَّا كَانَ مُحَمَّدٌ أَبَآ أَحَدٖ مِّن رِّجَالِكُمۡ وَلَٰكِن رَّسُولَ ٱللَّهِ وَخَاتَمَ ٱلنَّبِيِّـۧنَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا
Ɛnyε mo mmarima no mu biara agya ne Muhammad, na mmom (ͻyε) Nyankopͻn Somafoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ no (nyinaa) nea otwa toͻ. Nyankopͻn na Onim biribiara.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱذۡكُرُواْ ٱللَّهَ ذِكۡرٗا كَثِيرٗا
Mo a moagye adie, monkaekae Nyankopͻn, na moma (ne ho) nkaekaeε no nnͻͻso bebree,
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَسَبِّحُوهُ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلًا
Na montontom no anͻpa ne anwummerε.
Tefsiri na arapskom jeziku:
هُوَ ٱلَّذِي يُصَلِّي عَلَيۡكُمۡ وَمَلَٰٓئِكَتُهُۥ لِيُخۡرِجَكُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۚ وَكَانَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ رَحِيمٗا
Ɔno na Ɔne N’asoro abͻfoͻ hyira mo, sεdeε Obeyi mo afri esum mu akͻ εhyεn no mu. Ɔyε Mmͻborͻhunufoͻ ma agyidiefoͻ no.
Tefsiri na arapskom jeziku:
تَحِيَّتُهُمۡ يَوۡمَ يَلۡقَوۡنَهُۥ سَلَٰمٞۚ وَأَعَدَّ لَهُمۡ أَجۡرٗا كَرِيمٗا
Ɛda a wͻbɛhyia no no, wͻn nkyea (a abͻfoͻ no de bεkyea wͻn) ne ‘Salaam’: Asomdwoeε; Wasiesie animuonyam akatua nso ama wͻn.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ شَٰهِدٗا وَمُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا
Nkͻmhyεni, nokorε Yɛasoma wo sε Ɔdanseni ne Anigyesɛm ne Kͻkͻbͻni ho bɔfoɔ,
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَدَاعِيًا إِلَى ٱللَّهِ بِإِذۡنِهِۦ وَسِرَاجٗا مُّنِيرٗا
Ne ͻfrεfrεni a ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ wͻ N’akwamma mu, ne Kanea a εhyerεn.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ بِأَنَّ لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَضۡلٗا كَبِيرٗا
Hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ sε, nokorε wͻn wͻ adom kεse a efri Nyankopͻn hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَدَعۡ أَذَىٰهُمۡ وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا
Na hwԑ na wantie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na εnfa wͻn haw no nyε asεm, na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا نَكَحۡتُمُ ٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ ثُمَّ طَلَّقۡتُمُوهُنَّ مِن قَبۡلِ أَن تَمَسُّوهُنَّ فَمَا لَكُمۡ عَلَيۡهِنَّ مِنۡ عِدَّةٖ تَعۡتَدُّونَهَاۖ فَمَتِّعُوهُنَّ وَسَرِّحُوهُنَّ سَرَاحٗا جَمِيلٗا
Mo a moagye adie, sε moware agyidiefoͻ mmaa no na mogyae wͻn aberε a monya mfaa mo ho nkaa wͻn a, monni Idda biara wͻ wͻn ho a mobεsesee. Na mmom monsum wͻn na mo ma wͻnkͻ no kwan pa so.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِنَّآ أَحۡلَلۡنَا لَكَ أَزۡوَٰجَكَ ٱلَّٰتِيٓ ءَاتَيۡتَ أُجُورَهُنَّ وَمَا مَلَكَتۡ يَمِينُكَ مِمَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَيۡكَ وَبَنَاتِ عَمِّكَ وَبَنَاتِ عَمَّٰتِكَ وَبَنَاتِ خَالِكَ وَبَنَاتِ خَٰلَٰتِكَ ٱلَّٰتِي هَاجَرۡنَ مَعَكَ وَٱمۡرَأَةٗ مُّؤۡمِنَةً إِن وَهَبَتۡ نَفۡسَهَا لِلنَّبِيِّ إِنۡ أَرَادَ ٱلنَّبِيُّ أَن يَسۡتَنكِحَهَا خَالِصَةٗ لَّكَ مِن دُونِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَۗ قَدۡ عَلِمۡنَا مَا فَرَضۡنَا عَلَيۡهِمۡ فِيٓ أَزۡوَٰجِهِمۡ وَمَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُمۡ لِكَيۡلَا يَكُونَ عَلَيۡكَ حَرَجٞۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Nkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo w'ayerenom a watua wͻn tiri aseda no ho kwan, ne (mfenaa) a wͻyε wodea a Nyankopͻn de ama wo wͻ asadeε mu, εne wopapanom nua mma mmaa, ne wo nsewaanom mma mmaa, ne wo maame nua mmarima mma mmaa a wo ne wͻn tuu amantuo, ne gyedieni baa, sε ͻde ne ho ma Nkͻmhyεni, na sε Nkͻmhyεni pε sε ͻware no a, (woi) wͻ wo nko ara, agyidiefoͻ no nka ho. Ampa sε Yɛnim deε Yɛayε no nhyε ama (agyidiefoͻ no) wͻ wͻn ayerenom ho ne (wͻn mfenaa) wͻn a wͻyε wͻn dea no ho, sεdeε biribiara mmεda wo soͻ, efrisε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
Tefsiri na arapskom jeziku:
۞ تُرۡجِي مَن تَشَآءُ مِنۡهُنَّ وَتُـٔۡوِيٓ إِلَيۡكَ مَن تَشَآءُۖ وَمَنِ ٱبۡتَغَيۡتَ مِمَّنۡ عَزَلۡتَ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكَۚ ذَٰلِكَ أَدۡنَىٰٓ أَن تَقَرَّ أَعۡيُنُهُنَّ وَلَا يَحۡزَنَّ وَيَرۡضَيۡنَ بِمَآ ءَاتَيۡتَهُنَّ كُلُّهُنَّۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا فِي قُلُوبِكُمۡۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَلِيمٗا
Wotumi twe wᴐn mu nea wopε sensԑn, gye nea wopε, na εnyε bͻne biara ma wo sε wobεfrε obi a watwe no (asensεn) a wopε. Woi na εbεn sε wode bεkyekyere wͻn werε, na wͻnni awerεhoͻ na wͻn mu biara ani bεgye deε wode ama wͻn no ho. Nyankopͻn Nim deε εwͻ mo akoma mu (nyinaa). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene.
Tefsiri na arapskom jeziku:
لَّا يَحِلُّ لَكَ ٱلنِّسَآءُ مِنۢ بَعۡدُ وَلَآ أَن تَبَدَّلَ بِهِنَّ مِنۡ أَزۡوَٰجٖ وَلَوۡ أَعۡجَبَكَ حُسۡنُهُنَّ إِلَّا مَا مَلَكَتۡ يَمِينُكَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ رَّقِيبٗا
(Mmaa a yɛakyerε mu yi) akyi, wonni ho kwan (sε woware ͻbaa biara bio), anaasε wobεsesa ͻbaa akͻfa foforͻ, sε wͻn ho yε wo anigye mpo a, gyesε (mfenaa) no a wͻyε wo dea no. Nyankopͻn deε ͻwεn biribiara.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَدۡخُلُواْ بُيُوتَ ٱلنَّبِيِّ إِلَّآ أَن يُؤۡذَنَ لَكُمۡ إِلَىٰ طَعَامٍ غَيۡرَ نَٰظِرِينَ إِنَىٰهُ وَلَٰكِنۡ إِذَا دُعِيتُمۡ فَٱدۡخُلُواْ فَإِذَا طَعِمۡتُمۡ فَٱنتَشِرُواْ وَلَا مُسۡتَـٔۡنِسِينَ لِحَدِيثٍۚ إِنَّ ذَٰلِكُمۡ كَانَ يُؤۡذِي ٱلنَّبِيَّ فَيَسۡتَحۡيِۦ مِنكُمۡۖ وَٱللَّهُ لَا يَسۡتَحۡيِۦ مِنَ ٱلۡحَقِّۚ وَإِذَا سَأَلۡتُمُوهُنَّ مَتَٰعٗا فَسۡـَٔلُوهُنَّ مِن وَرَآءِ حِجَابٖۚ ذَٰلِكُمۡ أَطۡهَرُ لِقُلُوبِكُمۡ وَقُلُوبِهِنَّۚ وَمَا كَانَ لَكُمۡ أَن تُؤۡذُواْ رَسُولَ ٱللَّهِ وَلَآ أَن تَنكِحُوٓاْ أَزۡوَٰجَهُۥ مِنۢ بَعۡدِهِۦٓ أَبَدًاۚ إِنَّ ذَٰلِكُمۡ كَانَ عِندَ ٱللَّهِ عَظِيمًا
Mo a moagye adie, monhwε na moankͻ Nkͻmhyεni fie (basabasa), gyesε yεfrε mo adidi, na εnyε sε morekͻ twεn ama no aben. Na mmom sε yεfrε mo a εneε monkͻ, na sε modidi wie a monhwete nkͻ, na monhwε na moantena hͻ sε moredi nkͻmmͻ. Nokorε sε (saa suban) no ha Nkͻmhyεni nanso ͻfεre mo, na Nyankopͻn deε Ɔnfεre nokorε no. Sε morebisa ne yerenom hͻ (biribi) a monyina ntwaremuu akyi na momisa, εno mmom na εyε koronkron de ma mo akoma ne wͻn akoma. Monni ho kwan sε mobεha Nyankopͻn Somafoͻ anaasε mobεware ne yere wͻ ne (wuo) akyi da. Nokorε sε woi yε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِن تُبۡدُواْ شَيۡـًٔا أَوۡ تُخۡفُوهُ فَإِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا
Sε moda biribi adi o, anaasε mode suma o, nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
لَّا جُنَاحَ عَلَيۡهِنَّ فِيٓ ءَابَآئِهِنَّ وَلَآ أَبۡنَآئِهِنَّ وَلَآ إِخۡوَٰنِهِنَّ وَلَآ أَبۡنَآءِ إِخۡوَٰنِهِنَّ وَلَآ أَبۡنَآءِ أَخَوَٰتِهِنَّ وَلَا نِسَآئِهِنَّ وَلَا مَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُنَّۗ وَٱتَّقِينَ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدًا
Ɛnyε bͻne mma (mmaa no) sε (wͻnngu akatatire wͻ) wͻn papa anim, anaa wͻn mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmarima nom anim anaa wͻn nua mmarima mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmaa mma mmarima anim, anaa wͻn ara mmaa anim, anaa wͻn mfenaa anim, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn di biribiara ho adanseε.
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِنَّ ٱللَّهَ وَمَلَٰٓئِكَتَهُۥ يُصَلُّونَ عَلَى ٱلنَّبِيِّۚ يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ صَلُّواْ عَلَيۡهِ وَسَلِّمُواْ تَسۡلِيمًا
Nokorε sε Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ hyira Nkͻmhyεni. Mo a moagye adie, monsrε nhyira mma no na monkyea no wͻ asomdwoeԑ mu.
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ لَعَنَهُمُ ٱللَّهُ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ وَأَعَدَّ لَهُمۡ عَذَابٗا مُّهِينٗا
Nokorε sε, wͻn a wͻhyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no abufuo no, Nyankopͻn adome wͻn wͻ wiase ne Daakye, na Wasiesie animguaseε asotwee ato wͻn hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ بِغَيۡرِ مَا ٱكۡتَسَبُواْ فَقَدِ ٱحۡتَمَلُواْ بُهۡتَٰنٗا وَإِثۡمٗا مُّبِينٗا
Wͻn a wͻhyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no nso abufuo wͻ deε wͻn nnyͻeε ho no, wͻbεsoa ntwatosoͻ (nkontompo, ne adanse wia) ne bͻne a εda adi pefee (ho asotwee wͻ Atemmuada).
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ قُل لِّأَزۡوَٰجِكَ وَبَنَاتِكَ وَنِسَآءِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ يُدۡنِينَ عَلَيۡهِنَّ مِن جَلَٰبِيبِهِنَّۚ ذَٰلِكَ أَدۡنَىٰٓ أَن يُعۡرَفۡنَ فَلَا يُؤۡذَيۡنَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Nkͻmhyεni, ka kyerε woyerenom, ne womma mmaa, ne agyidiefoͻ maa no sε: Wͻmfa wͻn akatasoͻ no nkata wͻn ho so nyinaa. Saa na εyε sεdeε yεbɛhu wͻn, na (obi) nnha wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Tefsiri na arapskom jeziku:
۞ لَّئِن لَّمۡ يَنتَهِ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ وَٱلۡمُرۡجِفُونَ فِي ٱلۡمَدِينَةِ لَنُغۡرِيَنَّكَ بِهِمۡ ثُمَّ لَا يُجَاوِرُونَكَ فِيهَآ إِلَّا قَلِيلٗا
Sε nkͻnkͻnsafoͻ no, ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻdi nsekuro no a wͻn wͻ Madina no annyae (wͻn suban bͻne no) a, Yεde wͻn bεhyε wo nsa, na wͻntumi ne wo mmͻ afipam wͻ (kuro no) mu gyesε (berε) tiaa bi.
Tefsiri na arapskom jeziku:
مَّلۡعُونِينَۖ أَيۡنَمَا ثُقِفُوٓاْ أُخِذُواْ وَقُتِّلُواْ تَقۡتِيلٗا
Yɛadome wͻn; baabiara a yεnsa bεka wͻn no yεbεkye wͻn aku wͻn kum paa
Tefsiri na arapskom jeziku:
سُنَّةَ ٱللَّهِ فِي ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلُۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗا
Nyankopͻn kwan a εda hͻ wͻ wͻn a wͻadikan atwa mu kͻ no ho ne no; na wonhunu nsakraeε wͻ kwan a Nyankopͻn atwa ato hͻ no mu.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَسۡـَٔلُكَ ٱلنَّاسُ عَنِ ٱلسَّاعَةِۖ قُلۡ إِنَّمَا عِلۡمُهَا عِندَ ٱللَّهِۚ وَمَا يُدۡرِيكَ لَعَلَّ ٱلسَّاعَةَ تَكُونُ قَرِيبًا
Nnipa no rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε Nyankopͻn nko ara hͻ na εwͻ”. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn?
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِنَّ ٱللَّهَ لَعَنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَأَعَدَّ لَهُمۡ سَعِيرًا
Nokorε sε Nyankopͻn adome boniayεfoͻ no, na Wasiesie Ogya tanaa ato hͻ ama wͻn.
Tefsiri na arapskom jeziku:
خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ لَّا يَجِدُونَ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا
Emu na wͻbεtena afe bͻͻ, na wͻnnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara).
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَوۡمَ تُقَلَّبُ وُجُوهُهُمۡ فِي ٱلنَّارِ يَقُولُونَ يَٰلَيۡتَنَآ أَطَعۡنَا ٱللَّهَ وَأَطَعۡنَا ٱلرَّسُولَا۠
Ԑda a yεbԑdane wͻn anim abutu egya no mu no, wͻbεka sε: “Sε yɛhunui a anka yεyεε sotie maa Nyankopͻn san yεε sotie maa Ͻsomafoͻ no”.
Tefsiri na arapskom jeziku:
وَقَالُواْ رَبَّنَآ إِنَّآ أَطَعۡنَا سَادَتَنَا وَكُبَرَآءَنَا فَأَضَلُّونَا ٱلسَّبِيلَا۠
Wͻbεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yɛdii yεn nhemfo ne yεn mpanimfoͻ nom akyi εna wͻyeraa yεn frii kwan (tenenee) no soͻ”.
Tefsiri na arapskom jeziku:
رَبَّنَآ ءَاتِهِمۡ ضِعۡفَيۡنِ مِنَ ٱلۡعَذَابِ وَٱلۡعَنۡهُمۡ لَعۡنٗا كَبِيرٗا
Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): “Ma wͻn asotwee no mmͻho mmienu, na fa nnomee a εsoo paa dome wͻn.”
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ ءَاذَوۡاْ مُوسَىٰ فَبَرَّأَهُ ٱللَّهُ مِمَّا قَالُواْۚ وَكَانَ عِندَ ٱللَّهِ وَجِيهٗا
Mo a moagye adie, monhwε na moanyε sε wͻn a wͻhyεε Mose abufuo na Nyankopͻn sanee ne ho firi deε wͻka (de too no soͻ) no ho no; na ͻyε (onipa a) ͻwͻ animuonyam wͻ Nyankopͻn hͻ.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَقُولُواْ قَوۡلٗا سَدِيدٗا
Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn na (εberε biara mu no) monka kasa pa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
يُصۡلِحۡ لَكُمۡ أَعۡمَٰلَكُمۡ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡ ذُنُوبَكُمۡۗ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدۡ فَازَ فَوۡزًا عَظِيمًا
Ɔbεma mo nnwuma ayε yie ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo; na obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, εyε nokorε a esipi sε wadi nkonim a εsoo paa.
Tefsiri na arapskom jeziku:
إِنَّا عَرَضۡنَا ٱلۡأَمَانَةَ عَلَى ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱلۡجِبَالِ فَأَبَيۡنَ أَن يَحۡمِلۡنَهَا وَأَشۡفَقۡنَ مِنۡهَا وَحَمَلَهَا ٱلۡإِنسَٰنُۖ إِنَّهُۥ كَانَ ظَلُومٗا جَهُولٗا
Nokorε sε, Yεde nhwεsodeε maa ͻsoro ne asaase ne mmepͻ, nanso wͻn ampene sε wͻbεgye ato wͻn ho soͻ, na wͻnyaa ho suro, εna onipa gye soaeε. Nokorε sε, ͻyε omimfo, ogyegyentwie.
Tefsiri na arapskom jeziku:
لِّيُعَذِّبَ ٱللَّهُ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلۡمُشۡرِكِينَ وَٱلۡمُشۡرِكَٰتِ وَيَتُوبَ ٱللَّهُ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمَۢا
Sεdeε Nyankopͻn bεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no aso, na Ͻbεgye agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no adwen sakra. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Tefsiri na arapskom jeziku:
 
Prijevod značenja Sura: Sura el-Ahzab
Indeks sura Broj stranice
 
Prijevod značenja časnog Kur'ana - الترجمة الأكانية - الأشانتية - Sadržaj prijevodā

ترجمة معاني القرآن الكريم الى اللغة الأشانتية، ترجمها الشيخ هارون إسماعيل.

Zatvaranje