ترجمهٔ معانی قرآن کریم - ترجمهٔ آشانتیایی * - لیست ترجمه ها

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ترجمهٔ معانی سوره: سوره صافات   آیه:

As-Soaafaat

وَٱلصَّٰٓفَّٰتِ صَفّٗا
Mede (Soro abͻfoͻ) a wato santen (resom Nyame),
تفسیرهای عربی:
فَٱلزَّٰجِرَٰتِ زَجۡرٗا
Ne wͻn a wͻde anibereε bͻ kͻkͻ. (Anaasε) Soro abͻfoͻ a wͻka mununkum so wͻ kwan pa soͻ,
تفسیرهای عربی:
فَٱلتَّٰلِيَٰتِ ذِكۡرًا
Ne wͻn a wͻkenkan Afutusεm no, di nse sε:
تفسیرهای عربی:
إِنَّ إِلَٰهَكُمۡ لَوَٰحِدٞ
Nokorε, mo Wura Nyankopͻn, Ɔyε baako.
تفسیرهای عربی:
رَّبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا وَرَبُّ ٱلۡمَشَٰرِقِ
Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfimfii Wura, ne apueε ahodoᴐ no Wura .
تفسیرهای عربی:
إِنَّا زَيَّنَّا ٱلسَّمَآءَ ٱلدُّنۡيَا بِزِينَةٍ ٱلۡكَوَاكِبِ
Nokorε sε Yεde nsoromma fε asiesie ͻsoro a εwͻ wiase no.
تفسیرهای عربی:
وَحِفۡظٗا مِّن كُلِّ شَيۡطَٰنٖ مَّارِدٖ
Na εwεn ͻbonsam soͻdeni biara.
تفسیرهای عربی:
لَّا يَسَّمَّعُونَ إِلَى ٱلۡمَلَإِ ٱلۡأَعۡلَىٰ وَيُقۡذَفُونَ مِن كُلِّ جَانِبٖ
Wͻnte (ͻsoro abͻfoͻ) badwa a εkorͻn no mu nsεm, efrisε, yεto (nsoromma) fri bea biara de bͻ wͻn,
تفسیرهای عربی:
دُحُورٗاۖ وَلَهُمۡ عَذَابٞ وَاصِبٌ
depam wͻn, na wͻn wͻ daa asotwee.
تفسیرهای عربی:
إِلَّا مَنۡ خَطِفَ ٱلۡخَطۡفَةَ فَأَتۡبَعَهُۥ شِهَابٞ ثَاقِبٞ
Mmom nea ͻbɛwiawia ne ho ahwim biribi no, egya a εhyerεn bɛdi n’akyi.
تفسیرهای عربی:
فَٱسۡتَفۡتِهِمۡ أَهُمۡ أَشَدُّ خَلۡقًا أَم مَّنۡ خَلَقۡنَآۚ إِنَّا خَلَقۡنَٰهُم مِّن طِينٖ لَّازِبِۭ
Enti bisa wͻn sε, wͻn mmͻeε na εyε den anaasε (abͻdeε nkaeε) a Yɛabͻ noa? Yεbͻͻ wͻn firi dɔteε a ɛsɔ twann mu.
تفسیرهای عربی:
بَلۡ عَجِبۡتَ وَيَسۡخَرُونَ
Nokorε sε (Nkͻmhyεni), εyε wo nwanwa (sε saa nkorͻfoͻ no ani tua Nyankopͻn tumi nanso wͻnnye nnie) na wͻredi (wo ne Qur’aan ho) fεw.
تفسیرهای عربی:
وَإِذَا ذُكِّرُواْ لَا يَذۡكُرُونَ
Sε yɛtu wͻn fo a wͻntere fo, (anaa wͻnfa afutuo no nyε adwuma).
تفسیرهای عربی:
وَإِذَا رَأَوۡاْ ءَايَةٗ يَسۡتَسۡخِرُونَ
Sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi (firi Nyankopͻn hͻ a) wͻde di fεw.
تفسیرهای عربی:
وَقَالُوٓاْ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا سِحۡرٞ مُّبِينٌ
Deε wͻka ara ne sε: “Woi deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee.
تفسیرهای عربی:
أَءِذَا مِتۡنَا وَكُنَّا تُرَابٗا وَعِظَٰمًا أَءِنَّا لَمَبۡعُوثُونَ
Ɛdeεn! Sε yɛwu na yεyε mfuturo ne nnompe a yεbεsan anyane (bio)?
تفسیرهای عربی:
أَوَءَابَآؤُنَا ٱلۡأَوَّلُونَ
Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no nso?”
تفسیرهای عربی:
قُلۡ نَعَمۡ وَأَنتُمۡ دَٰخِرُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aane! Na yεbεbrε mo ase agu mo anim ase.
تفسیرهای عربی:
فَإِنَّمَا هِيَ زَجۡرَةٞ وَٰحِدَةٞ فَإِذَا هُمۡ يَنظُرُونَ
Ɛbεyε nteamu fua pε, na wobɛhunu sε wͻrehwε (Wusͻreε da no)’’.
تفسیرهای عربی:
وَقَالُواْ يَٰوَيۡلَنَا هَٰذَا يَوۡمُ ٱلدِّينِ
Wͻbεka sε: “Adi ayε yεn! Akatua da no nie!
تفسیرهای عربی:
هَٰذَا يَوۡمُ ٱلۡفَصۡلِ ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تُكَذِّبُونَ
Woi ne Asenida no a mofaa no nkontomposεm no.
تفسیرهای عربی:
۞ ٱحۡشُرُواْ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ وَأَزۡوَٰجَهُمۡ وَمَا كَانُواْ يَعۡبُدُونَ
(Yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): “Momoaboa wͻn a wͻyεε bͻne no ne wͻn ahokafoɔ (a wɔwɔ abonsamfoɔ no mu) ne deε wͻsomeε--
تفسیرهای عربی:
مِن دُونِ ٱللَّهِ فَٱهۡدُوهُمۡ إِلَىٰ صِرَٰطِ ٱلۡجَحِيمِ
– Wͻ Nyankopͻn akyi no ano, na monkyerε wͻn kwan nkͻ Amanehunu gya no ho.
تفسیرهای عربی:
وَقِفُوهُمۡۖ إِنَّهُم مَّسۡـُٔولُونَ
Moma wͻn nyina hͻ, nokorε sε wͻn wͻ nsεmmisa.
تفسیرهای عربی:
مَا لَكُمۡ لَا تَنَاصَرُونَ
Ɛdeεn na εha mo a (afei deε) mommoa mo ho mo ho (sεdeε na moyε no wͻ wiaseε no?)
تفسیرهای عربی:
بَلۡ هُمُ ٱلۡيَوۡمَ مُسۡتَسۡلِمُونَ
Daabi, saa Da no wͻbεberε wͻn ho ase.
تفسیرهای عربی:
وَأَقۡبَلَ بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ يَتَسَآءَلُونَ
Wͻbεdane wͻn ho ahwε wͻn ho wͻn ho anim abisa-bisa,
تفسیرهای عربی:
قَالُوٓاْ إِنَّكُمۡ كُنتُمۡ تَأۡتُونَنَا عَنِ ٱلۡيَمِينِ
Wͻbεka sε: ”Mo na na mofiri nifaso (anaasε na mo ne mpanimfoͻ a) moba yεn hͻ (bɛtu yεn fo bͻne).
تفسیرهای عربی:
قَالُواْ بَل لَّمۡ تَكُونُواْ مُؤۡمِنِينَ
(Wͻn mu mpanimfoͻ no nso) bɛbua wͻn sε: “Daabi, moara nso na monyε agyidiefoͻ,
تفسیرهای عربی:
وَمَا كَانَ لَنَا عَلَيۡكُم مِّن سُلۡطَٰنِۭۖ بَلۡ كُنتُمۡ قَوۡمٗا طَٰغِينَ
Na yɛnni tumi biara wͻ mo so, Daabi, na moara nso moyε nnipa atuateεfoͻ.
تفسیرهای عربی:
فَحَقَّ عَلَيۡنَا قَوۡلُ رَبِّنَآۖ إِنَّا لَذَآئِقُونَ
Enti yɛ Wura Nyankopͻn asεm no ayε nokorε atia yεn; nokorε sε yεbεka (asotwee no) ahwε.
تفسیرهای عربی:
فَأَغۡوَيۡنَٰكُمۡ إِنَّا كُنَّا غَٰوِينَ
Nea enti yεyeraa mo ne sε, na yεn ara nso yɛayera.
تفسیرهای عربی:
فَإِنَّهُمۡ يَوۡمَئِذٖ فِي ٱلۡعَذَابِ مُشۡتَرِكُونَ
Nokorε sε saa Da no, wͻbεkyε asotwee no, (anaasε obiara bɛnya ne kyεfa sɛdeɛ ne dwuma bɔne a odiiɛ teɛ).
تفسیرهای عربی:
إِنَّا كَذَٰلِكَ نَفۡعَلُ بِٱلۡمُجۡرِمِينَ
Nokorε sε saa na Yεde bεyε abͻneεfoͻ no.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُمۡ كَانُوٓاْ إِذَا قِيلَ لَهُمۡ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا ٱللَّهُ يَسۡتَكۡبِرُونَ
Nokorε sε, na yεka kyerε wͻn sε Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho a, na wɔreyε ahomasoͻ.
تفسیرهای عربی:
وَيَقُولُونَ أَئِنَّا لَتَارِكُوٓاْ ءَالِهَتِنَا لِشَاعِرٖ مَّجۡنُونِۭ
Deɛ wͻka ne sε: “Yɛnnyae y’abosom mɛdi odwontofoͻ bͻdamfoͻ yi akyi? “
تفسیرهای عربی:
بَلۡ جَآءَ بِٱلۡحَقِّ وَصَدَّقَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Daabi, (Muhammad) de Nokorε no aba a ͻde bεhyε asomafoͻ no (nsεm) no mma.
تفسیرهای عربی:
إِنَّكُمۡ لَذَآئِقُواْ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡأَلِيمِ
Nokorε sε mobεka asotwee yaaya no ahwε.
تفسیرهای عربی:
وَمَا تُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Dwuma a modiiε ho na yεretua mo so ka.
تفسیرهای عربی:
إِلَّا عِبَادَ ٱللَّهِ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Mmom Nyankopͻn nkoa nokorεfoͻ no deε,
تفسیرهای عربی:
أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ رِزۡقٞ مَّعۡلُومٞ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya akͻnhoma a yɛahyehyε ato hͻ no—
تفسیرهای عربی:
فَوَٰكِهُ وَهُم مُّكۡرَمُونَ
(Ebi ne) Nnuaba; na yεbεhyε wͻn animuonyam –
تفسیرهای عربی:
فِي جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Wͻ anigyeε Aheman no mu -
تفسیرهای عربی:
عَلَىٰ سُرُرٖ مُّتَقَٰبِلِينَ
Wͻbεtena Ahennwa a (ebi) hwε (ebi) anim so.
تفسیرهای عربی:
يُطَافُ عَلَيۡهِم بِكَأۡسٖ مِّن مَّعِينِۭ
Nsa kuruwa a efri nsuo aniwa mu bɛdi wͻn so akͻneaba.
تفسیرهای عربی:
بَيۡضَآءَ لَذَّةٖ لِّلشَّٰرِبِينَ
(Ɛyε) fitaa, dεdεεdε ma wͻn a wͻnom.
تفسیرهای عربی:
لَا فِيهَا غَوۡلٞ وَلَا هُمۡ عَنۡهَا يُنزَفُونَ
Ɛmma wͻn ͻhaw (tesε tipaeε anaa yafun keka anaa adwen sεeε biara) na wͻmmoro nso.
تفسیرهای عربی:
وَعِندَهُمۡ قَٰصِرَٰتُ ٱلطَّرۡفِ عِينٞ
Mmaa nso a wͻbͻ wͻn nhwε anaa wͻn ani ho ban, a wͻn ani akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho.
تفسیرهای عربی:
كَأَنَّهُنَّ بَيۡضٞ مَّكۡنُونٞ
Wobεka sε (saa mmaa no yε) kosua a yɛahwε so yie paa.
تفسیرهای عربی:
فَأَقۡبَلَ بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖ يَتَسَآءَلُونَ
Wᴐn mu bi bεdane wͻn ho ahwε ebinom abisa,
تفسیرهای عربی:
قَالَ قَآئِلٞ مِّنۡهُمۡ إِنِّي كَانَ لِي قَرِينٞ
Wͻn mu nea ͻbεkasa no bεka sε: “Nokorε sε na mewͻ adamfoͻ bi -
تفسیرهای عربی:
يَقُولُ أَءِنَّكَ لَمِنَ ٱلۡمُصَدِّقِينَ
Na ͻka sε: “Enti nokorε sε woka wͻn a wͻgye (Wusͻreε no) die no ho?
تفسیرهای عربی:
أَءِذَا مِتۡنَا وَكُنَّا تُرَابٗا وَعِظَٰمًا أَءِنَّا لَمَدِينُونَ
Sε yɛwu na yεyε mfuturu ne nnompe a yεbɛtua yεn (dwumadi papa ne yεn dwumadi bͻne no so) ka?”
تفسیرهای عربی:
قَالَ هَلۡ أَنتُم مُّطَّلِعُونَ
(Obi) bεka sε: ”Monnhwε (aseε hͻ)?”
تفسیرهای عربی:
فَٱطَّلَعَ فَرَءَاهُ فِي سَوَآءِ ٱلۡجَحِيمِ
Na ͻhwεε (aseε hͻ) no, ohunuu no wͻ Amane-hunu gya no mfimfii.
تفسیرهای عربی:
قَالَ تَٱللَّهِ إِن كِدتَّ لَتُرۡدِينِ
Ɔbεka sε: ”Medͻ Nyame sε, εkaa kakraabi sε anka wode me kͻͻ ͻsεeε mu.
تفسیرهای عربی:
وَلَوۡلَا نِعۡمَةُ رَبِّي لَكُنتُ مِنَ ٱلۡمُحۡضَرِينَ
Sε εnyε me Wura Nyankopͻn adom nti a, anka meka wͻn a yεde wͻn baa (Amane-hunu gya no) mu no ho.
تفسیرهای عربی:
أَفَمَا نَحۡنُ بِمَيِّتِينَ
(Soro aheman no mu foͻ no bεka sε): “Enti yɛnwu (bio)?
تفسیرهای عربی:
إِلَّا مَوۡتَتَنَا ٱلۡأُولَىٰ وَمَا نَحۡنُ بِمُعَذَّبِينَ
Gyesε yɛwuo a edikan no ara? Na yεntwe y'aso nso?
تفسیرهای عربی:
إِنَّ هَٰذَا لَهُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
Nokorε sε, woi ne nkonimdie kεseε paa no.
تفسیرهای عربی:
لِمِثۡلِ هَٰذَا فَلۡيَعۡمَلِ ٱلۡعَٰمِلُونَ
Woi sεso nti, wͻn a wͻredi dwuma (pa) no nni dwuma (pa) mfa ma.
تفسیرهای عربی:
أَذَٰلِكَ خَيۡرٞ نُّزُلًا أَمۡ شَجَرَةُ ٱلزَّقُّومِ
(Soro aheman no mu) anigyesεm no na εyε, anaasε Zaquum dua noa?
تفسیرهای عربی:
إِنَّا جَعَلۡنَٰهَا فِتۡنَةٗ لِّلظَّٰلِمِينَ
Nokorε sε, Yɛayε no suntidua ama abͻneεfoͻ no.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهَا شَجَرَةٞ تَخۡرُجُ فِيٓ أَصۡلِ ٱلۡجَحِيمِ
Nokorε sε (Zaquum) yε dua a efifi wͻ Amane-hunu gya no ase.
تفسیرهای عربی:
طَلۡعُهَا كَأَنَّهُۥ رُءُوسُ ٱلشَّيَٰطِينِ
N’aba no pue tesε awͻwͻ ti.
تفسیرهای عربی:
فَإِنَّهُمۡ لَأٓكِلُونَ مِنۡهَا فَمَالِـُٔونَ مِنۡهَا ٱلۡبُطُونَ
Nokorε sε, (saa dua no) so na (abͻneεfoͻ no) bɛdidi de ahyε wͻn y'afunu mma.
تفسیرهای عربی:
ثُمَّ إِنَّ لَهُمۡ عَلَيۡهَا لَشَوۡبٗا مِّنۡ حَمِيمٖ
Na akyire yi nokorε sε, yεbεma wͻn nsuohyeε a adi afra (anom) agu so.
تفسیرهای عربی:
ثُمَّ إِنَّ مَرۡجِعَهُمۡ لَإِلَى ٱلۡجَحِيمِ
Na afei wͻn nkyi a wͻbεsan akͻ ne gya frama no mu.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُمۡ أَلۡفَوۡاْ ءَابَآءَهُمۡ ضَآلِّينَ
Nokorε sε wͻbεtoo wͻn agyanom sε wͻn ayera;
تفسیرهای عربی:
فَهُمۡ عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِمۡ يُهۡرَعُونَ
Na wͻn anamͻn so na wͻpε ntεm kͻ.
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ ضَلَّ قَبۡلَهُمۡ أَكۡثَرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Ampa sε, tetefoͻ a wͻdii wͻn anim kan no beberee yerae.
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا فِيهِم مُّنذِرِينَ
Ampa nso sε Yεsomaa kͻkͻbͻfoͻ firi wͻn mu (baa wͻn hͻ bεbͻͻ wͻn kͻkͻ.)
تفسیرهای عربی:
فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ (na wͻantie kͻkͻbͻ no ) awieε si wieε.
تفسیرهای عربی:
إِلَّا عِبَادَ ٱللَّهِ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Na mmom Nyankopͻn nkoa a wͻdi nokorε no deε, (wͻbɛnya ͻgyeε).
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ نَادَىٰنَا نُوحٞ فَلَنِعۡمَ ٱلۡمُجِيبُونَ
Ampa nso sε Noa su frεε Yεn; na nnyeso pa paa na Yεde gyee (no) soͻ.
تفسیرهای عربی:
وَنَجَّيۡنَٰهُ وَأَهۡلَهُۥ مِنَ ٱلۡكَرۡبِ ٱلۡعَظِيمِ
Yεgyee ͻno ne n’abusuafoͻ nkwa firi mmusuo kεseε no mu.
تفسیرهای عربی:
وَجَعَلۡنَا ذُرِّيَّتَهُۥ هُمُ ٱلۡبَاقِينَ
Yεmaa n’asefoͻ na εkaeε.
تفسیرهای عربی:
وَتَرَكۡنَا عَلَيۡهِ فِي ٱلۡأٓخِرِينَ
Yɛgyaa no maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ no din pa).
تفسیرهای عربی:
سَلَٰمٌ عَلَىٰ نُوحٖ فِي ٱلۡعَٰلَمِينَ
Asomdwoeε a efiri amansan so nyinaa wͻ Noa so.
تفسیرهای عربی:
إِنَّا كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Nokorε sε, saa na yɛtua apapafoͻ no ka.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُۥ مِنۡ عِبَادِنَا ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε na ͻka Yε nkoa agyidifoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
ثُمَّ أَغۡرَقۡنَا ٱلۡأٓخَرِينَ
Afei Yεmaa nsuo faa nkaeε no.
تفسیرهای عربی:
۞ وَإِنَّ مِن شِيعَتِهِۦ لَإِبۡرَٰهِيمَ
Nokorε sε ne nkorͻfoͻ a (wͻdii n’anamͻn soͻ) no bi ne Abraham.
تفسیرهای عربی:
إِذۡ جَآءَ رَبَّهُۥ بِقَلۡبٖ سَلِيمٍ
Ɛberε a ͻde akoma pa a emu teε baa ne Wura Nyankopͻn hͻ.
تفسیرهای عربی:
إِذۡ قَالَ لِأَبِيهِ وَقَوۡمِهِۦ مَاذَا تَعۡبُدُونَ
Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya ne ne nkorͻfoͻ sε: “Ɛdeεn na moresom yi?
تفسیرهای عربی:
أَئِفۡكًا ءَالِهَةٗ دُونَ ٱللَّهِ تُرِيدُونَ
Nkontompo anyame na mofri Nyankopͻn akyi pε (wͻn)?
تفسیرهای عربی:
فَمَا ظَنُّكُم بِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Mo adwen ne sεn wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no ho? “
تفسیرهای عربی:
فَنَظَرَ نَظۡرَةٗ فِي ٱلنُّجُومِ
Ɔhwεε nsoromma mu hwεe.
تفسیرهای عربی:
فَقَالَ إِنِّي سَقِيمٞ
Ɔkaa sε: “Meyare”.
تفسیرهای عربی:
فَتَوَلَّوۡاْ عَنۡهُ مُدۡبِرِينَ
Enti wͻdanee wͻn ho firii ne ho kͻe.
تفسیرهای عربی:
فَرَاغَ إِلَىٰٓ ءَالِهَتِهِمۡ فَقَالَ أَلَا تَأۡكُلُونَ
(Abraham) danee ne ho kͻͻ wͻn abosom no ho ka kyerεε (abosom no) sε: “Monni di?
تفسیرهای عربی:
مَا لَكُمۡ لَا تَنطِقُونَ
Ɛdeεn na εha mo a enti monkasa yi? “
تفسیرهای عربی:
فَرَاغَ عَلَيۡهِمۡ ضَرۡبَۢا بِٱلۡيَمِينِ
Ɔdane ne ho kͻͻ wͻn so de (ne) nsa nifa bobͻͻ wͻn.
تفسیرهای عربی:
فَأَقۡبَلُوٓاْ إِلَيۡهِ يَزِفُّونَ
(Ne nkorͻfoͻ no) de ahoͻherε baa ne hͻ.
تفسیرهای عربی:
قَالَ أَتَعۡبُدُونَ مَا تَنۡحِتُونَ
(Abraham) kaa sε: “Mosom adeε a (moara mode monsa) asene?
تفسیرهای عربی:
وَٱللَّهُ خَلَقَكُمۡ وَمَا تَعۡمَلُونَ
Aberε a Nyankopͻn na abͻ mo, ne adeε a moyͻ no “.
تفسیرهای عربی:
قَالُواْ ٱبۡنُواْ لَهُۥ بُنۡيَٰنٗا فَأَلۡقُوهُ فِي ٱلۡجَحِيمِ
(Ne nkorͻfoͻ no) kaa sε: “Monsi (fononoo) dan ma no na monhye no wͻ gya tanaa no mu.
تفسیرهای عربی:
فَأَرَادُواْ بِهِۦ كَيۡدٗا فَجَعَلۡنَٰهُمُ ٱلۡأَسۡفَلِينَ
Wͻhwehwε bͻͻ ne ho pͻ, nanso Yεbrεε wͻn ase.
تفسیرهای عربی:
وَقَالَ إِنِّي ذَاهِبٌ إِلَىٰ رَبِّي سَيَهۡدِينِ
Ɔkaa sε: “Medeε merekͻ me Wura Nyankopͻn hͻ na Ɔbεkyerε me kwan”.
تفسیرهای عربی:
رَبِّ هَبۡ لِي مِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
“Me Wura, dom me na kyε me (ͻba) pa.
تفسیرهای عربی:
فَبَشَّرۡنَٰهُ بِغُلَٰمٍ حَلِيمٖ
Enti Yεde abͻfra a ͻwͻ ntoboaseε hyεε no bͻ.
تفسیرهای عربی:
فَلَمَّا بَلَغَ مَعَهُ ٱلسَّعۡيَ قَالَ يَٰبُنَيَّ إِنِّيٓ أَرَىٰ فِي ٱلۡمَنَامِ أَنِّيٓ أَذۡبَحُكَ فَٱنظُرۡ مَاذَا تَرَىٰۚ قَالَ يَٰٓأَبَتِ ٱفۡعَلۡ مَا تُؤۡمَرُۖ سَتَجِدُنِيٓ إِن شَآءَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلصَّٰبِرِينَ
Ɛberε a (abͻfra no) duruu (sε wanyin a) ͻbεka ne ho (aboa no) adwuma no, (Abraham) kaa sε: “Me ba, mahunu wͻ me daeε mu sε meretwa wo mene (de wo abͻ afͻdeε ama Nyankopͻn) enti kyerε deε wadwen yε woͻ. (Abͻfra no) kaa sε: ”M’agya, yε sεdeε yɛahyε woͻ no, na sε Nyankopͻn pε a wo bɛhunu sε meka aboterεfoͻ no ho “.
تفسیرهای عربی:
فَلَمَّآ أَسۡلَمَا وَتَلَّهُۥ لِلۡجَبِينِ
Enti εberε a wͻn mmienu brεε wͻn ho ase (maa Nyankopͻn ahyεdeε), na (Abraham) de no too hͻ wͻ (ne) momasoͻ no,
تفسیرهای عربی:
وَنَٰدَيۡنَٰهُ أَن يَٰٓإِبۡرَٰهِيمُ
Yεfrεε no sε: “Abraham!
تفسیرهای عربی:
قَدۡ صَدَّقۡتَ ٱلرُّءۡيَآۚ إِنَّا كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Nokorε sε wadi yikyerε no so. Nokorε sε saa ara na Yɛtua apapafoͻ no ka.
تفسیرهای عربی:
إِنَّ هَٰذَا لَهُوَ ٱلۡبَلَٰٓؤُاْ ٱلۡمُبِينُ
Nokorε sε woi yε nsͻhwε a εda adi pefee
تفسیرهای عربی:
وَفَدَيۡنَٰهُ بِذِبۡحٍ عَظِيمٖ
Na Yεde afͻrebᴐ deε kεseε bi (odwan paa a otua dua) sii n’anan,
تفسیرهای عربی:
وَتَرَكۡنَا عَلَيۡهِ فِي ٱلۡأٓخِرِينَ
Na yɛgyaa no de maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ no din pa).
تفسیرهای عربی:
سَلَٰمٌ عَلَىٰٓ إِبۡرَٰهِيمَ
Asomdwoeε wͻ Abraham so.
تفسیرهای عربی:
كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Saa ara na Yɛtua apapafoͻ no ka.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُۥ مِنۡ عِبَادِنَا ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε (Abraham) ka Yε nkoa agyidiefoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
وَبَشَّرۡنَٰهُ بِإِسۡحَٰقَ نَبِيّٗا مِّنَ ٱلصَّٰلِحِينَ
Yεde Is’haaq, nkͻmhyεni a ͻka apapafoͻ no ho no (awoͻ ho) bᴐhyԑ maa no.
تفسیرهای عربی:
وَبَٰرَكۡنَا عَلَيۡهِ وَعَلَىٰٓ إِسۡحَٰقَۚ وَمِن ذُرِّيَّتِهِمَا مُحۡسِنٞ وَظَالِمٞ لِّنَفۡسِهِۦ مُبِينٞ
Na Yɛhyiraa no ne Is’haaq. Wͻn asefoͻ no mu, na ebi yε apapafoͻ, na ebinom nso yεε bͻne sisii wͻn ho pefee.
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ مَنَنَّا عَلَىٰ مُوسَىٰ وَهَٰرُونَ
Nokorε sε Yεde Y’adom dom Mose ne Aaron.
تفسیرهای عربی:
وَنَجَّيۡنَٰهُمَا وَقَوۡمَهُمَا مِنَ ٱلۡكَرۡبِ ٱلۡعَظِيمِ
Na Yεgyee wͻn mmienu ne wͻn nkorͻfoͻ firi ͻhaw kεseε no mu,
تفسیرهای عربی:
وَنَصَرۡنَٰهُمۡ فَكَانُواْ هُمُ ٱلۡغَٰلِبِينَ
Na Yεboaa wͻn maa wͻbεyεε nkonimdifoͻ,
تفسیرهای عربی:
وَءَاتَيۡنَٰهُمَا ٱلۡكِتَٰبَ ٱلۡمُسۡتَبِينَ
Na Yεde Nwoma pefee no maa wͻn mmienu.
تفسیرهای عربی:
وَهَدَيۡنَٰهُمَا ٱلصِّرَٰطَ ٱلۡمُسۡتَقِيمَ
Na Yεkyerεε wͻn mmienu kwan tenenee no.
تفسیرهای عربی:
وَتَرَكۡنَا عَلَيۡهِمَا فِي ٱلۡأٓخِرِينَ
Na Yɛgyaa wͻn de maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ wͻn din pa).
تفسیرهای عربی:
سَلَٰمٌ عَلَىٰ مُوسَىٰ وَهَٰرُونَ
Asomdwoeε wͻ Mose ne Aaron so.
تفسیرهای عربی:
إِنَّا كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Nokorε sε saa ara na Yɛtua apapafoͻ no ka.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُمَا مِنۡ عِبَادِنَا ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε wͻn mmienu ka Yε nkoa agyidiefoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّ إِلۡيَاسَ لَمِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Nokorε sε, Elia nso ka Asomafoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦٓ أَلَا تَتَّقُونَ
Ɛberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: ”Enti monnsuro Nyankopͻn?
تفسیرهای عربی:
أَتَدۡعُونَ بَعۡلٗا وَتَذَرُونَ أَحۡسَنَ ٱلۡخَٰلِقِينَ
“Mosu frε (ͻbosom) Baal, εna motwa Nea Ɔbͻͻ adeε (nyinaa) yie no gya -
تفسیرهای عربی:
ٱللَّهَ رَبَّكُمۡ وَرَبَّ ءَابَآئِكُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Nyankopͻn a Ɔne mo Wura, ne mo agyanom a wͻdii kan no Wura no? “
تفسیرهای عربی:
فَكَذَّبُوهُ فَإِنَّهُمۡ لَمُحۡضَرُونَ
Nanso wͻanye (Elia) anni, enti nokorε sε yεde wͻn bεba (asotwee no mu).
تفسیرهای عربی:
إِلَّا عِبَادَ ٱللَّهِ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Gyesε Nyankopͻn nkoa no a yɛayi wͻn no.
تفسیرهای عربی:
وَتَرَكۡنَا عَلَيۡهِ فِي ٱلۡأٓخِرِينَ
Na Yɛgyaa no de maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ no din pa).
تفسیرهای عربی:
سَلَٰمٌ عَلَىٰٓ إِلۡ يَاسِينَ
Asomdwoeε wͻ Elia so.
تفسیرهای عربی:
إِنَّا كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Nokorε sε saa ara na Yɛtua apapafoͻ no ka.
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُۥ مِنۡ عِبَادِنَا ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε ͻka Yε nkoa agyidiefoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّ لُوطٗا لَّمِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Nokorε sε Lut nso ka Asomafoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
إِذۡ نَجَّيۡنَٰهُ وَأَهۡلَهُۥٓ أَجۡمَعِينَ
Ɛberε a Yεgyee no ne n’abusuafoͻ nyinaa -
تفسیرهای عربی:
إِلَّا عَجُوزٗا فِي ٱلۡغَٰبِرِينَ
Gyesε (ne yere) aberewa no; na ͻka wͻn a wͻkaa akyire no ho.
تفسیرهای عربی:
ثُمَّ دَمَّرۡنَا ٱلۡأٓخَرِينَ
Afei Yεsεee nkaeε no pasaa.
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّكُمۡ لَتَمُرُّونَ عَلَيۡهِم مُّصۡبِحِينَ
Nokorε sε motwam wͻ wͻn ho anͻpa
تفسیرهای عربی:
وَبِٱلَّيۡلِۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Ne anadwo, Enti monfa adwen?
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّ يُونُسَ لَمِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Nokorε sε Yona nso ka Asomafoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
إِذۡ أَبَقَ إِلَى ٱلۡفُلۡكِ ٱلۡمَشۡحُونِ
Ɛberε a odwane kͻͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu no,
تفسیرهای عربی:
فَسَاهَمَ فَكَانَ مِنَ ٱلۡمُدۡحَضِينَ
(Ɔpenee so ne wͻn) twee ntonto, na ͻkaa wͻn a wᴐdii nkuguo no ho.
تفسیرهای عربی:
فَٱلۡتَقَمَهُ ٱلۡحُوتُ وَهُوَ مُلِيمٞ
Enti adwene (kεseε) no menee no, na na ͻfata soboͻ.
تفسیرهای عربی:
فَلَوۡلَآ أَنَّهُۥ كَانَ مِنَ ٱلۡمُسَبِّحِينَ
Nokorε sε, sε na ͻnka wͻn a wͻbͻ (Nyankopͻn) abodin no ho a,
تفسیرهای عربی:
لَلَبِثَ فِي بَطۡنِهِۦٓ إِلَىٰ يَوۡمِ يُبۡعَثُونَ
Anka ͻbεtena (adwene no) yεm hͻ akosi Wusͻreε da.
تفسیرهای عربی:
۞ فَنَبَذۡنَٰهُ بِٱلۡعَرَآءِ وَهُوَ سَقِيمٞ
Na Yεtoo no twenee wͻ mpoano petee bi mu a (saa berε no na) ͻyareε.
تفسیرهای عربی:
وَأَنۢبَتۡنَا عَلَيۡهِ شَجَرَةٗ مِّن يَقۡطِينٖ
Yεmaa kͻntoa dua fifiri maa no.
تفسیرهای عربی:
وَأَرۡسَلۡنَٰهُ إِلَىٰ مِاْئَةِ أَلۡفٍ أَوۡ يَزِيدُونَ
Na Yεsomaa no kͻͻ (nnipa) mpem ha anaasε deε εboro saa hͻ.
تفسیرهای عربی:
فَـَٔامَنُواْ فَمَتَّعۡنَٰهُمۡ إِلَىٰ حِينٖ
Na wͻgye dii, enti Yεbͻͻ wͻn akͻnhoma (anaa Yεmaa wͻgyee wͻn ani) kͻpem εberε bi.
تفسیرهای عربی:
فَٱسۡتَفۡتِهِمۡ أَلِرَبِّكَ ٱلۡبَنَاتُ وَلَهُمُ ٱلۡبَنُونَ
Enti bisa wͻn sε: “Wo Wura Nyankopͻn wͻ mma mmaa, εna wͻn nso wͻn wͻ mma mmarima?
تفسیرهای عربی:
أَمۡ خَلَقۡنَا ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ إِنَٰثٗا وَهُمۡ شَٰهِدُونَ
Anaasε Yεbͻͻ soro abͻfoͻ no mmaa abrε a wͻhunuiε?”
تفسیرهای عربی:
أَلَآ إِنَّهُم مِّنۡ إِفۡكِهِمۡ لَيَقُولُونَ
Ɛnyε wͻn ara wͻn nkontomposεm mu na wͻka sε:-
تفسیرهای عربی:
وَلَدَ ٱللَّهُ وَإِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ
“Nyankopͻn awo ba? Nokorε sε wͻyε nkontompofoͻ”
تفسیرهای عربی:
أَصۡطَفَى ٱلۡبَنَاتِ عَلَى ٱلۡبَنِينَ
Enti (Nyankopͻn) pε mma mmaa asεm kyεn mma mmarima?
تفسیرهای عربی:
مَا لَكُمۡ كَيۡفَ تَحۡكُمُونَ
Ɛdeεn na εha mo a mobu atεn saa?
تفسیرهای عربی:
أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Adεn monnwen?
تفسیرهای عربی:
أَمۡ لَكُمۡ سُلۡطَٰنٞ مُّبِينٞ
Anaasε mowͻ nyinasoͻ pefee bi?
تفسیرهای عربی:
فَأۡتُواْ بِكِتَٰبِكُمۡ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Sε moyε nokwafoͻ ampa a, εneε monfa mo Nwoma no mmra.
تفسیرهای عربی:
وَجَعَلُواْ بَيۡنَهُۥ وَبَيۡنَ ٱلۡجِنَّةِ نَسَبٗاۚ وَلَقَدۡ عَلِمَتِ ٱلۡجِنَّةُ إِنَّهُمۡ لَمُحۡضَرُونَ
Wͻde abusuabͻ ato (Nyankopͻn) ne Jinn ntεm. Ampa sε Jinnfoͻ no nim yie sε wͻbεba (atemmuo mu wͻ Nyankopͻn anim).
تفسیرهای عربی:
سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ عَمَّا يَصِفُونَ
Kronkron Hene ne Nyankopͻn, (Ne ho te) sε wͻde biribi susu no no.
تفسیرهای عربی:
إِلَّا عِبَادَ ٱللَّهِ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Gyesε Nyankopͻn nkoa a wᴐdi nokorԑ no.
تفسیرهای عربی:
فَإِنَّكُمۡ وَمَا تَعۡبُدُونَ
Enti nokorε sε, (abosomsomfoͻ), mone deε mosom no (nyinaa) -
تفسیرهای عربی:
مَآ أَنتُمۡ عَلَيۡهِ بِفَٰتِنِينَ
-Montumi nyε suntidua (anaa montumi nyera obiara mma) entia Nyankopͻn,
تفسیرهای عربی:
إِلَّا مَنۡ هُوَ صَالِ ٱلۡجَحِيمِ
Gyesε obi a (yɛahyehyε sε) ͻbεhye wͻ gya frama no mu.
تفسیرهای عربی:
وَمَا مِنَّآ إِلَّا لَهُۥ مَقَامٞ مَّعۡلُومٞ
Yԑn (soro abͻfoͻ), yԑn mu biara wᴐ bea bi a yɛahyehyԑ ama no.
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّا لَنَحۡنُ ٱلصَّآفُّونَ
Nokorε sε yεto santen (frε Nyame).
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّا لَنَحۡنُ ٱلۡمُسَبِّحُونَ
Nokorε nso sε yεn na yεbͻ (Nyankopͻn) abodin paa.
تفسیرهای عربی:
وَإِن كَانُواْ لَيَقُولُونَ
Na (abosomsomfoͻ no) ka sε:
تفسیرهای عربی:
لَوۡ أَنَّ عِندَنَا ذِكۡرٗا مِّنَ ٱلۡأَوَّلِينَ
“Sε yɛnyaa Afutusεm tesε tetefoͻ no a,
تفسیرهای عربی:
لَكُنَّا عِبَادَ ٱللَّهِ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Anka yεbεyε Nyankopͻn asomfoᴐ nokorεfoͻ no mu bi “.
تفسیرهای عربی:
فَكَفَرُواْ بِهِۦۖ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ
Nanso (afei a Qur’aan aba wͻn hͻ no nso) wͻnnye nni, enti sεdeε εteε biara no wͻbɛhunu.
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ سَبَقَتۡ كَلِمَتُنَا لِعِبَادِنَا ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Nokorε sε Y’asεm adikan akͻ Yε nkoa Asomafoͻ no hͻ
تفسیرهای عربی:
إِنَّهُمۡ لَهُمُ ٱلۡمَنصُورُونَ
Sε, nokorε wͻbɛnya mmoa.
تفسیرهای عربی:
وَإِنَّ جُندَنَا لَهُمُ ٱلۡغَٰلِبُونَ
Nokorε nso sε Y’asraafoͻ no na wͻbɛdi nkonim.
تفسیرهای عربی:
فَتَوَلَّ عَنۡهُمۡ حَتَّىٰ حِينٖ
Enti (Nkͻmhyεni), twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi.
تفسیرهای عربی:
وَأَبۡصِرۡهُمۡ فَسَوۡفَ يُبۡصِرُونَ
Na wodeε hwε wͻn, na wͻbɛhunu (asotwee no).
تفسیرهای عربی:
أَفَبِعَذَابِنَا يَسۡتَعۡجِلُونَ
Enti Y’asotwee na wͻrepε no ntεm no?
تفسیرهای عربی:
فَإِذَا نَزَلَ بِسَاحَتِهِمۡ فَسَآءَ صَبَاحُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Sε esiane ba wͻn fie adihͻ a, εbεyε anͻpa bͻne ama wͻn a yɛabͻ wͻn kͻkͻ no.
تفسیرهای عربی:
وَتَوَلَّ عَنۡهُمۡ حَتَّىٰ حِينٖ
Enti wodeε twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi,
تفسیرهای عربی:
وَأَبۡصِرۡ فَسَوۡفَ يُبۡصِرُونَ
Na wodeԑ hwε, na εnkyε koraa w’bɛhunu (asotwee no).
تفسیرهای عربی:
سُبۡحَٰنَ رَبِّكَ رَبِّ ٱلۡعِزَّةِ عَمَّا يَصِفُونَ
Kronkron Hene ne wo Wura Nyankopͻn, Tumi ne Animuonyam Wura ne no (Ne ho te sen) sεdeε wͻsusu no no.
تفسیرهای عربی:
وَسَلَٰمٌ عَلَى ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Asomdwoeε wͻ asomafoͻ no so.
تفسیرهای عربی:
وَٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Aseda no wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura no.
تفسیرهای عربی:
 
ترجمهٔ معانی سوره: سوره صافات
فهرست سوره ها شماره صفحه
 
ترجمهٔ معانی قرآن کریم - ترجمهٔ آشانتیایی - لیست ترجمه ها

ترجمهٔ معانی قرآن کریم به زبان آشانتیایی ـ برگردان شیخ هارون اسماعیل.

بستن