Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Firo asaantiwo * - Tippudi firooji ɗii

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Firo maanaaji Simoore: Simoore annoore   Aaya:

An-Nuur

سُورَةٌ أَنزَلۡنَٰهَا وَفَرَضۡنَٰهَا وَأَنزَلۡنَا فِيهَآ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖ لَّعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ
(Woi yε) Suura a Yɛasiane, ayε (emu nsԑm) no nhyε, εna Yɛasiane nsɛm pefee wͻ mu sεdeε mobεkaekaeɛ anaa mode bɛtu mo ho foᴐ.
Faccirooji aarabeeji:
ٱلزَّانِيَةُ وَٱلزَّانِي فَٱجۡلِدُواْ كُلَّ وَٰحِدٖ مِّنۡهُمَا مِاْئَةَ جَلۡدَةٖۖ وَلَا تَأۡخُذۡكُم بِهِمَا رَأۡفَةٞ فِي دِينِ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ تُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۖ وَلۡيَشۡهَدۡ عَذَابَهُمَا طَآئِفَةٞ مِّنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Adwamammͻni baa ne adwamammͻni barima montwa wͻn mu koro biara mmaa ͻha. Na momma mmͻbͻ a wͻyε no ntwe mo sε (mobεyε sotie) ama mmra a Nyankopͻn ahyehyε; sε mogye Nyankopͻn ne Ɛda a etwa toͻ no di ampa a. Moma agyidiefoͻ no mu fekuo bi medi wͻn asotwee no ho adanseε.
Faccirooji aarabeeji:
ٱلزَّانِي لَا يَنكِحُ إِلَّا زَانِيَةً أَوۡ مُشۡرِكَةٗ وَٱلزَّانِيَةُ لَا يَنكِحُهَآ إِلَّا زَانٍ أَوۡ مُشۡرِكٞۚ وَحُرِّمَ ذَٰلِكَ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Adwamammͻni barima nni ho kwan sԑ ᴐwareԑ, gyesԑ adwamammͻni baa, anaasε ͻbosomsomni baa; adwamammͻni baa nso nni ho kwan sԑ yԑware no, gyesԑ adwamammͻni barima anaasε ͻbosomsomni barima; yɛabra agyidiefoͻ saa (awadeε no).
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلَّذِينَ يَرۡمُونَ ٱلۡمُحۡصَنَٰتِ ثُمَّ لَمۡ يَأۡتُواْ بِأَرۡبَعَةِ شُهَدَآءَ فَٱجۡلِدُوهُمۡ ثَمَٰنِينَ جَلۡدَةٗ وَلَا تَقۡبَلُواْ لَهُمۡ شَهَٰدَةً أَبَدٗاۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ
Wͻn a wͻde asεm to mmaa a wͻdi wͻn ho nni no so de gu wͻn ho fi, na wͻamfa adansefoͻ nnan amma no, montwa wͻn mmaa aduͻwͻtwe, na monnye wͻn adansedie ntum da. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
إِلَّا ٱلَّذِينَ تَابُواْ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ وَأَصۡلَحُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Gyesε wͻn a εno akyiri no wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلَّذِينَ يَرۡمُونَ أَزۡوَٰجَهُمۡ وَلَمۡ يَكُن لَّهُمۡ شُهَدَآءُ إِلَّآ أَنفُسُهُمۡ فَشَهَٰدَةُ أَحَدِهِمۡ أَرۡبَعُ شَهَٰدَٰتِۭ بِٱللَّهِ إِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Wͻn nso a wͻde adwamammͻ ho kwaadu bͻ wͻn ayerenom na adansefoͻ biara nka wͻn ho, na mmom wͻn nko ara na (wͻhunuuiε) no, wͻn mu biara de Nyankopͻn bɛdi nse mprε nnan sε ͻka nokorεfoͻ no ho.
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلۡخَٰمِسَةُ أَنَّ لَعۡنَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡهِ إِن كَانَ مِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
(Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Nyankopͻn nnomee nka no, sε ͻka nkontompofoͻ no ho a”.
Faccirooji aarabeeji:
وَيَدۡرَؤُاْ عَنۡهَا ٱلۡعَذَابَ أَن تَشۡهَدَ أَرۡبَعَ شَهَٰدَٰتِۭ بِٱللَّهِ إِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
(Adwamammͻ ho) asotwee no bɛfri (ͻbaa) no so, sε ͻde Nyankopͻn di nse mprε nnan sε (ͻbarima no) ka nkontompofoͻ no ho a.
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلۡخَٰمِسَةَ أَنَّ غَضَبَ ٱللَّهِ عَلَيۡهَآ إِن كَانَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
(Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Sε ͻbarima no ka nokorεfoͻ no ho a, Nyankopͻn abufuo mmra ͻno (ͻbaa) no so.
Faccirooji aarabeeji:
وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ وَأَنَّ ٱللَّهَ تَوَّابٌ حَكِيمٌ
Sε anka εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a; nokorε sε Nyankopͻn na Otie adwen sakra na Ɔne Onyansafoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
إِنَّ ٱلَّذِينَ جَآءُو بِٱلۡإِفۡكِ عُصۡبَةٞ مِّنكُمۡۚ لَا تَحۡسَبُوهُ شَرّٗا لَّكُمۖ بَلۡ هُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡۚ لِكُلِّ ٱمۡرِيٕٖ مِّنۡهُم مَّا ٱكۡتَسَبَ مِنَ ٱلۡإِثۡمِۚ وَٱلَّذِي تَوَلَّىٰ كِبۡرَهُۥ مِنۡهُمۡ لَهُۥ عَذَابٌ عَظِيمٞ
Nokorε sε, wͻn a wͻde ntwatosoͻ baeε (fa Aisha ho) no yε fekuo a wͻfri mo mu. Ɛmma monfa no sε εyε (asɛm) bͻne ma mo, daabi, εyε papa ma mo. Wͻn mu nipa biara benya bͻne a wayε no ho asotwee. Wͻn mu wͻn nso a wͻdii ho akotene kεseε no benya asotwee a εso paa.
Faccirooji aarabeeji:
لَّوۡلَآ إِذۡ سَمِعۡتُمُوهُ ظَنَّ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتُ بِأَنفُسِهِمۡ خَيۡرٗا وَقَالُواْ هَٰذَآ إِفۡكٞ مُّبِينٞ
Adεn na εberε a agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa motee (nkontomposεm yi) moanwen papa amma wͻn ara wͻn nkorͻfoͻ no anka sε: “Saa (asεm) yi deε εyε nkontompo pefee”.
Faccirooji aarabeeji:
لَّوۡلَا جَآءُو عَلَيۡهِ بِأَرۡبَعَةِ شُهَدَآءَۚ فَإِذۡ لَمۡ يَأۡتُواْ بِٱلشُّهَدَآءِ فَأُوْلَٰٓئِكَ عِندَ ٱللَّهِ هُمُ ٱلۡكَٰذِبُونَ
Adεn nti na wͻamfa εho adansefoͻ nnan amma? Sε wͻn amfa adansefoͻ amma a, εneε Nyankopͻn hͻ deε saa nkorͻfoͻ no ne nkontompofoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ لَمَسَّكُمۡ فِي مَآ أَفَضۡتُمۡ فِيهِ عَذَابٌ عَظِيمٌ
Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo soͻ wͻ wiase ne Daakye no a, anka asotwee kεseε paa bεto mo wͻ mo ano a mode too (saa asεm no) mu no ho.
Faccirooji aarabeeji:
إِذۡ تَلَقَّوۡنَهُۥ بِأَلۡسِنَتِكُمۡ وَتَقُولُونَ بِأَفۡوَاهِكُم مَّا لَيۡسَ لَكُم بِهِۦ عِلۡمٞ وَتَحۡسَبُونَهُۥ هَيِّنٗا وَهُوَ عِندَ ٱللَّهِ عَظِيمٞ
Ɛberε a mode mo kεterεma bͻͻ ho dawuro, na mode mo ano kekaa adeε a monni ho nimdeε, na mofaa no sε asεm ketewa bi, aberε nso a εyε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ.
Faccirooji aarabeeji:
وَلَوۡلَآ إِذۡ سَمِعۡتُمُوهُ قُلۡتُم مَّا يَكُونُ لَنَآ أَن نَّتَكَلَّمَ بِهَٰذَا سُبۡحَٰنَكَ هَٰذَا بُهۡتَٰنٌ عَظِيمٞ
Adεn nti na εberε a moteeε no moanka sε: “Woi deε εnsεsε yεde y’ano bͻ so koraa. Kronkron Hene ne Wo (Awurade)! Woi deε εyε ntwatosoͻ a εsoo paa“.
Faccirooji aarabeeji:
يَعِظُكُمُ ٱللَّهُ أَن تَعُودُواْ لِمِثۡلِهِۦٓ أَبَدًا إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Nyankopͻn retu mo fo sεdeε monnsan nnkͻyε saa adeε no sεso bio da, sε moyε agyidiefoͻ ampa a.
Faccirooji aarabeeji:
وَيُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمُ ٱلۡأٓيَٰتِۚ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٌ
Nyankopͻn kyerεkyerε Ne nsεm no mu kyerε mo. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُحِبُّونَ أَن تَشِيعَ ٱلۡفَٰحِشَةُ فِي ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ
Nokorε sε wͻn a wͻpε sε wͻma ahohwisεm trε anaa εkͻ so wͻ agyidiefoͻ no mu no, wͻn wͻ asotwee a εyε ya wͻ wiase ne Daakye. Nyankopͻn na Onim na modeε monnim.
Faccirooji aarabeeji:
وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ وَأَنَّ ٱللَّهَ رَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a; nokorε sε Nyankopͻn yε Ntimmͻborͻ Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Faccirooji aarabeeji:
۞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَتَّبِعُواْ خُطُوَٰتِ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ وَمَن يَتَّبِعۡ خُطُوَٰتِ ٱلشَّيۡطَٰنِ فَإِنَّهُۥ يَأۡمُرُ بِٱلۡفَحۡشَآءِ وَٱلۡمُنكَرِۚ وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ مَا زَكَىٰ مِنكُم مِّنۡ أَحَدٍ أَبَدٗا وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يُزَكِّي مَن يَشَآءُۗ وَٱللَّهُ سَمِيعٌ عَلِيمٞ
Mo a moagye adie, monhwε na moanni ͻbonsam anamͻn akyi, na obi a ɔbedi ͻbonsam anamͻn akyi no, ͻno (bonsam no) deε ahohwi bra ne amumuyε na ͻrehyε (nnipa) ma wͻyε. Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a, anka mo mu biara nnyε kronkron da. Na mmom Nyankopͻn te obi a Ɔpε ho. Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
وَلَا يَأۡتَلِ أُوْلُواْ ٱلۡفَضۡلِ مِنكُمۡ وَٱلسَّعَةِ أَن يُؤۡتُوٓاْ أُوْلِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينَ وَٱلۡمُهَٰجِرِينَ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۖ وَلۡيَعۡفُواْ وَلۡيَصۡفَحُوٓاْۗ أَلَا تُحِبُّونَ أَن يَغۡفِرَ ٱللَّهُ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Wͻn a wͻn wͻ adom na wͻn nsa mu yε wͻ mo mu no nhwε na wͻn anni nse sε, (wͻmmoa) obusuani anaa ohiani, ne wͻn a wͻatu amantuo wͻ Nyame kwan soͻ no. Enti wͻn mfa mfri, na wͻnyi wͻn ani mfri so. Mompε sε Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo anaa? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Faccirooji aarabeeji:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَرۡمُونَ ٱلۡمُحۡصَنَٰتِ ٱلۡغَٰفِلَٰتِ ٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ لُعِنُواْ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ
Nokorε sε, wͻn a wͻde asεm to agyidiefoͻ mmaa a wͻdi wͻn ho nni no so de gu wͻn ho fi wͻ aberε a saa mmaa no nnim ho hwee no, yɛadome wͻn wͻ wiase ne Daakye; wͻn wͻ asotwee a εso paa-,
Faccirooji aarabeeji:
يَوۡمَ تَشۡهَدُ عَلَيۡهِمۡ أَلۡسِنَتُهُمۡ وَأَيۡدِيهِمۡ وَأَرۡجُلُهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Wͻ εda no a wͻn kεterεma ne wͻn nsa ne wͻn nnan bedi adanseε atia wͻn no, εnam dwuma a na wͻdie no ho nti.
Faccirooji aarabeeji:
يَوۡمَئِذٖ يُوَفِّيهِمُ ٱللَّهُ دِينَهُمُ ٱلۡحَقَّ وَيَعۡلَمُونَ أَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡحَقُّ ٱلۡمُبِينُ
Saa Da no, Nyankopͻn bɛtua wͻn ka pεpεεpε wͻ nokorε mu, na wͻbɛhunu sε Nyankopͻn ne Nokorε pefee no.
Faccirooji aarabeeji:
ٱلۡخَبِيثَٰتُ لِلۡخَبِيثِينَ وَٱلۡخَبِيثُونَ لِلۡخَبِيثَٰتِۖ وَٱلطَّيِّبَٰتُ لِلطَّيِّبِينَ وَٱلطَّيِّبُونَ لِلطَّيِّبَٰتِۚ أُوْلَٰٓئِكَ مُبَرَّءُونَ مِمَّا يَقُولُونَۖ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَرِزۡقٞ كَرِيمٞ
Mmaa a wͻn ho nteε no wͻ mmarima a wͻn ho nteε, εna mmarima no a wͻn ho nteε no nso wͻ mmaa a wͻn ho nteε; εna mmaa papa no wͻ mmarima papa no, εna mmarima papa no nso wͻ mmaa papa no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻnnim (ntwatosoͻ) a wͻrekeka no ho hwee. Wͻbɛnya bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu.
Faccirooji aarabeeji:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَدۡخُلُواْ بُيُوتًا غَيۡرَ بُيُوتِكُمۡ حَتَّىٰ تَسۡتَأۡنِسُواْ وَتُسَلِّمُواْ عَلَىٰٓ أَهۡلِهَاۚ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَذَكَّرُونَ
Mo a moagye adie, monhwε na moankͻ efie a εnyε mo fie mu, gyesε (modi kan) srε kwan na mokyea εhͻfoͻ no ansa; εno na εyε ma mo sεdeε mobεfa adwen.
Faccirooji aarabeeji:
فَإِن لَّمۡ تَجِدُواْ فِيهَآ أَحَدٗا فَلَا تَدۡخُلُوهَا حَتَّىٰ يُؤۡذَنَ لَكُمۡۖ وَإِن قِيلَ لَكُمُ ٱرۡجِعُواْ فَٱرۡجِعُواْۖ هُوَ أَزۡكَىٰ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ عَلِيمٞ
Sε moanya (anaasε moanto) obiara wͻ efie hͻ a monhwε na moanwura hͻ, kͻpem sε yεbεma mo kwan (ansa). Sε yεka kyerε mo sε: “Monsan mo akyi a, monsan mo akyi”. Ɛno mmom na εyε kronkron ma mo. Nyankopͻn deε Onim dwuma a modie nyinaa.
Faccirooji aarabeeji:
لَّيۡسَ عَلَيۡكُمۡ جُنَاحٌ أَن تَدۡخُلُواْ بُيُوتًا غَيۡرَ مَسۡكُونَةٖ فِيهَا مَتَٰعٞ لَّكُمۡۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا تُبۡدُونَ وَمَا تَكۡتُمُونَ
Ɛnyε bͻne ma mo sε mobɛwura efie a obiara nnte mu a mo adehia deε wͻ mu. Onyankopͻn deε Onim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa).
Faccirooji aarabeeji:
قُل لِّلۡمُؤۡمِنِينَ يَغُضُّواْ مِنۡ أَبۡصَٰرِهِمۡ وَيَحۡفَظُواْ فُرُوجَهُمۡۚ ذَٰلِكَ أَزۡكَىٰ لَهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ خَبِيرُۢ بِمَا يَصۡنَعُونَ
Ka kyerε agyidiefoͻ mmarima no sε: “Wͻmerε wͻn ani ase (mfiri nhwε bͻne ho), na wͻnhwε wͻn mmarima so yie (wͻ adwamammͻ ho), na εno na εyε kronkron ma wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne dwuma a wᴐdie no ho Amanebᴐfoᴐ.
Faccirooji aarabeeji:
وَقُل لِّلۡمُؤۡمِنَٰتِ يَغۡضُضۡنَ مِنۡ أَبۡصَٰرِهِنَّ وَيَحۡفَظۡنَ فُرُوجَهُنَّ وَلَا يُبۡدِينَ زِينَتَهُنَّ إِلَّا مَا ظَهَرَ مِنۡهَاۖ وَلۡيَضۡرِبۡنَ بِخُمُرِهِنَّ عَلَىٰ جُيُوبِهِنَّۖ وَلَا يُبۡدِينَ زِينَتَهُنَّ إِلَّا لِبُعُولَتِهِنَّ أَوۡ ءَابَآئِهِنَّ أَوۡ ءَابَآءِ بُعُولَتِهِنَّ أَوۡ أَبۡنَآئِهِنَّ أَوۡ أَبۡنَآءِ بُعُولَتِهِنَّ أَوۡ إِخۡوَٰنِهِنَّ أَوۡ بَنِيٓ إِخۡوَٰنِهِنَّ أَوۡ بَنِيٓ أَخَوَٰتِهِنَّ أَوۡ نِسَآئِهِنَّ أَوۡ مَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُنَّ أَوِ ٱلتَّٰبِعِينَ غَيۡرِ أُوْلِي ٱلۡإِرۡبَةِ مِنَ ٱلرِّجَالِ أَوِ ٱلطِّفۡلِ ٱلَّذِينَ لَمۡ يَظۡهَرُواْ عَلَىٰ عَوۡرَٰتِ ٱلنِّسَآءِۖ وَلَا يَضۡرِبۡنَ بِأَرۡجُلِهِنَّ لِيُعۡلَمَ مَا يُخۡفِينَ مِن زِينَتِهِنَّۚ وَتُوبُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ جَمِيعًا أَيُّهَ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ
Na ka kyerε agyidiefoͻ mmaa no nso sε: “Wͻmerε wͻn ani ase (mfri nhwε bͻne ho), na wͻnhwε wͻn ananmu so yie; na wͻnhwε na wͻannyi wͻn afεεfεdeε no adi, gyesε deε ada adi wͻ mu (tesε wͻn nsa ne wͻn anim ne wͻn nan ase). Na wͻnfa wͻn tri so akatasoͻ no nkata wͻn ho ma εmeduru wͻn koko; na wͻnhwε na wͻn amfa wͻn ahoͻfε ankyerε (obi); gyesε wͻn kununom, anaasε wͻn agyanom, anaa wͻn kununom agyanom, anaa wͻn mma mmarima, anaa wͻn kunu mma mmarima, anaa wͻn nua mmarima, anaa wͻn nnua mmarima mma mmarima, anaa wͻn nnua mmaa mma mmarima, anaa wͻn (yͻnkonom) mmaa, anaa wͻn mfenaa a wͻyε wͻn dea, anaa mmarima asomfoͻ a wͻnni mmaa ho ahoͻden, anaa nkͻdaa a wͻnnim mmaa adagya mu asεm. Na εmma wͻmfa wͻn nnan mpem hͻ sεdeε wͻbεyi wͻn afεεfεdeε a asuma no adie. Agyidiefoͻ, monyinaa monsakra mo adwen sεdeε mobɛdi nkonim”.
Faccirooji aarabeeji:
وَأَنكِحُواْ ٱلۡأَيَٰمَىٰ مِنكُمۡ وَٱلصَّٰلِحِينَ مِنۡ عِبَادِكُمۡ وَإِمَآئِكُمۡۚ إِن يَكُونُواْ فُقَرَآءَ يُغۡنِهِمُ ٱللَّهُ مِن فَضۡلِهِۦۗ وَٱللَّهُ وَٰسِعٌ عَلِيمٞ
Monware mo mu asugyafoͻ no, na (mo mma) mo nkoa no mu apapafoͻ no (a wͻnni yerε) no, ne mo mfenaanom (nso a wͻnni kunu no nso nware). Sε wͻyε ahiafoͻ mpo a, Nyankopͻn bɛfri N’adom mu ama wͻn anya wͻn ho. Onyankopͻn deε N’adom trε (duru biribiara so), na Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara.
Faccirooji aarabeeji:
وَلۡيَسۡتَعۡفِفِ ٱلَّذِينَ لَا يَجِدُونَ نِكَاحًا حَتَّىٰ يُغۡنِيَهُمُ ٱللَّهُ مِن فَضۡلِهِۦۗ وَٱلَّذِينَ يَبۡتَغُونَ ٱلۡكِتَٰبَ مِمَّا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُكُمۡ فَكَاتِبُوهُمۡ إِنۡ عَلِمۡتُمۡ فِيهِمۡ خَيۡرٗاۖ وَءَاتُوهُم مِّن مَّالِ ٱللَّهِ ٱلَّذِيٓ ءَاتَىٰكُمۡۚ وَلَا تُكۡرِهُواْ فَتَيَٰتِكُمۡ عَلَى ٱلۡبِغَآءِ إِنۡ أَرَدۡنَ تَحَصُّنٗا لِّتَبۡتَغُواْ عَرَضَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَمَن يُكۡرِههُّنَّ فَإِنَّ ٱللَّهَ مِنۢ بَعۡدِ إِكۡرَٰهِهِنَّ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Wᴐn a wᴐnni awadeε ho ahoᴐden no nso wͻnhwε wͻn ho so yie nkosi sε Nyankopͻn bɛfri N’adom no mu ama wͻn anya wͻn ho. Mo nkoa no nso, wͻn a wͻhwehwε sε monyε krataa nto (wɔn faahodie) so (ma wͻn) no, sε moahunu papa bi wͻ wͻn mu a, montwerε (krataa no ma wͻn), na mo ma wͻn sika anaa agyapadeε a Nyankopͻn de ama no bi. Monhwε na moanhyε mo mfenaanom so amma wͻn ammu bra bͻn, sε (saa mfenaa no) pεsε wͻkuta wͻn ho yie a, (monnyε saa) sε mode hwehwε wiase mu agyapadeε. Obi a wahyε wͻn so (pεn) no, wͻn nhyεsoͻ no akyi no, Nyankopͻn na Ɔde bͻne kyε, Ɔne Mmᴐborᴐhunufoᴐ Hene.
Faccirooji aarabeeji:
وَلَقَدۡ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكُمۡ ءَايَٰتٖ مُّبَيِّنَٰتٖ وَمَثَلٗا مِّنَ ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلِكُمۡ وَمَوۡعِظَةٗ لِّلۡمُتَّقِينَ
Ampa sε Yɛasiane nsεm pefee ama mo, (asan ama mo) wͻn a wͻdii mo anim kan no ho mfatoho, ne afutusεm ma wͻn a wͻsuro Nyame.
Faccirooji aarabeeji:
۞ ٱللَّهُ نُورُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ مَثَلُ نُورِهِۦ كَمِشۡكَوٰةٖ فِيهَا مِصۡبَاحٌۖ ٱلۡمِصۡبَاحُ فِي زُجَاجَةٍۖ ٱلزُّجَاجَةُ كَأَنَّهَا كَوۡكَبٞ دُرِّيّٞ يُوقَدُ مِن شَجَرَةٖ مُّبَٰرَكَةٖ زَيۡتُونَةٖ لَّا شَرۡقِيَّةٖ وَلَا غَرۡبِيَّةٖ يَكَادُ زَيۡتُهَا يُضِيٓءُ وَلَوۡ لَمۡ تَمۡسَسۡهُ نَارٞۚ نُّورٌ عَلَىٰ نُورٖۚ يَهۡدِي ٱللَّهُ لِنُورِهِۦ مَن يَشَآءُۚ وَيَضۡرِبُ ٱللَّهُ ٱلۡأَمۡثَٰلَ لِلنَّاسِۗ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
Nyankopͻn ne ͻsoro ne asaase so Nhyerεnee. Ne nhyerεnee no mfatoho tesε ntomaban a εhyε kanea mu, na kanea no hyε ahwehwε mu, na ahwehwε no te gya tesε nsoromma bi a εrepae hyεnhyεnhyεn. Yεde nhyira dua a εne ngo dua no na εsͻ. Enni apueε anaasε atͻeε. Sε ogya nkaa no mpo a ne ngo no tumi hyerεn. Nhyerεnee akyiri nhyerεnee. Nyankopͻn de Ne nhyerεnee no kyerε obi a Ɔpε kwan. Nyankopͻn reyε mfatoho yi ama adasamma. Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
فِي بُيُوتٍ أَذِنَ ٱللَّهُ أَن تُرۡفَعَ وَيُذۡكَرَ فِيهَا ٱسۡمُهُۥ يُسَبِّحُ لَهُۥ فِيهَا بِٱلۡغُدُوِّ وَٱلۡأٓصَالِ
(Saa nhyerεnee no sͻ) wͻ Afie (Masjid) a Nyankopͻn ama kwan sε yεmpagya, nni no nni, na yεmͻ no abodin nkaekae Ne din wͻ hͻ, na yεntontom no wͻ hͻ anͻpa ne anwummerε no mu.
Faccirooji aarabeeji:
رِجَالٞ لَّا تُلۡهِيهِمۡ تِجَٰرَةٞ وَلَا بَيۡعٌ عَن ذِكۡرِ ٱللَّهِ وَإِقَامِ ٱلصَّلَوٰةِ وَإِيتَآءِ ٱلزَّكَوٰةِ يَخَافُونَ يَوۡمٗا تَتَقَلَّبُ فِيهِ ٱلۡقُلُوبُ وَٱلۡأَبۡصَٰرُ
Mmarima (anaasε nnipa) bi (wͻ hͻ) a dwadie anaa adetͻ ntumi nsi wͻn kwan wͻ Nyankopͻn nkaekae ho, na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻyi Zaka; (efrisε) wͻsuro Ɛda no a ani ne akoma bεdane wͻ mu no.
Faccirooji aarabeeji:
لِيَجۡزِيَهُمُ ٱللَّهُ أَحۡسَنَ مَا عَمِلُواْ وَيَزِيدَهُم مِّن فَضۡلِهِۦۗ وَٱللَّهُ يَرۡزُقُ مَن يَشَآءُ بِغَيۡرِ حِسَابٖ
Sεdeε Nyankopͻn bɛtua wͻn dwumadi pa a wͻdiiε no so ka, na Wasan de N’adom no bio aka wͻn ho. Nyankopͻn deε Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano (anaa akontabuo biara nni ho).
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَعۡمَٰلُهُمۡ كَسَرَابِۭ بِقِيعَةٖ يَحۡسَبُهُ ٱلظَّمۡـَٔانُ مَآءً حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَهُۥ لَمۡ يَجِدۡهُ شَيۡـٔٗا وَوَجَدَ ٱللَّهَ عِندَهُۥ فَوَفَّىٰهُ حِسَابَهُۥۗ وَٱللَّهُ سَرِيعُ ٱلۡحِسَابِ
Wͻn a wͻnnye nnie no, wͻn nnwuma tesε kumafrͻteε a εwͻ serε soͻ na obi a sukͻm de no adwen yεε no sε εyε nsuo, kͻpem sε ͻbaa ho na wannya hwee, na mmom Nyankopͻn na onyaa no wͻ ne ho; enti (Nyankopͻn) bɛtua no ka pεpεεpε. Nyankopͻn deε Ne ho yε hare wͻ akontabuo mu.
Faccirooji aarabeeji:
أَوۡ كَظُلُمَٰتٖ فِي بَحۡرٖ لُّجِّيّٖ يَغۡشَىٰهُ مَوۡجٞ مِّن فَوۡقِهِۦ مَوۡجٞ مِّن فَوۡقِهِۦ سَحَابٞۚ ظُلُمَٰتُۢ بَعۡضُهَا فَوۡقَ بَعۡضٍ إِذَآ أَخۡرَجَ يَدَهُۥ لَمۡ يَكَدۡ يَرَىٰهَاۗ وَمَن لَّمۡ يَجۡعَلِ ٱللَّهُ لَهُۥ نُورٗا فَمَا لَهُۥ مِن نُّورٍ
Anaasε (wͻn a wͻnnye nnie no mfatoho) tesε: (Onipa bi a ͻwͻ) sum a εwͻ ͻpo bunu mu, na asorͻkye akyi asorͻkye akata ne soͻ, na mununkum tumm paa san kata akyire, esum mu sum, na sε oyi ne nsa mpo a εyε den sε ͻbɛhunu. Obi a Nyankopͻn amma no nhyerεnee no onnya nhyerεnee.
Faccirooji aarabeeji:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يُسَبِّحُ لَهُۥ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱلطَّيۡرُ صَٰٓفَّٰتٖۖ كُلّٞ قَدۡ عَلِمَ صَلَاتَهُۥ وَتَسۡبِيحَهُۥۗ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِمَا يَفۡعَلُونَ
Enti wonhunuu sε Nyankopͻn na wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so, ne nnomaa a wͻbͻ wͻn ntaban mu nyinaa bͻ no abodin? Ampa sε wͻn mu biara nim wͻn Nyamefrε ne wͻn abodin (a, wͻde bͻ Nyankopͻn). Nyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Nimdefoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
وَلِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَإِلَى ٱللَّهِ ٱلۡمَصِيرُ
Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Ne dea; na Nyankopͻn hͻ ne (obiara} nkyi.
Faccirooji aarabeeji:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يُزۡجِي سَحَابٗا ثُمَّ يُؤَلِّفُ بَيۡنَهُۥ ثُمَّ يَجۡعَلُهُۥ رُكَامٗا فَتَرَى ٱلۡوَدۡقَ يَخۡرُجُ مِنۡ خِلَٰلِهِۦ وَيُنَزِّلُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مِن جِبَالٖ فِيهَا مِنۢ بَرَدٖ فَيُصِيبُ بِهِۦ مَن يَشَآءُ وَيَصۡرِفُهُۥ عَن مَّن يَشَآءُۖ يَكَادُ سَنَا بَرۡقِهِۦ يَذۡهَبُ بِٱلۡأَبۡصَٰرِ
Wonhunuu sε, Nyankopͻn na Ɔka mununkum soͻ, εna Ɔboa ano na Ɔtrε mu, afei wobɛhunu sε nsuo fri mu? Na Wasiane nsuo afri soro (tesε) mmepͻ a asukͻtwea wͻ mu ma no ka obi a Ɔpε, san yi fri obi a Ɔpε nso so. Ayerεmo a εte gya no reyε afira anii mpo.
Faccirooji aarabeeji:
يُقَلِّبُ ٱللَّهُ ٱلَّيۡلَ وَٱلنَّهَارَۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَعِبۡرَةٗ لِّأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ
Nyankopͻn di adesaeε ne adekyeε adane-adanee. Nokorε sε, adesua wͻ woi mu ma wͻn a wͻn wͻ ani (dehwε adeε).
Faccirooji aarabeeji:
وَٱللَّهُ خَلَقَ كُلَّ دَآبَّةٖ مِّن مَّآءٖۖ فَمِنۡهُم مَّن يَمۡشِي عَلَىٰ بَطۡنِهِۦ وَمِنۡهُم مَّن يَمۡشِي عَلَىٰ رِجۡلَيۡنِ وَمِنۡهُم مَّن يَمۡشِي عَلَىٰٓ أَرۡبَعٖۚ يَخۡلُقُ ٱللَّهُ مَا يَشَآءُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Nyankopͻn bͻͻ aboa biara frii nsuo mu; emu bi nante wͻ wͻn afru so, wͻn mu bi nso nante wͻn nnan mmienu so, ebinom nso nante wͻ wͻn nnan nnan so. Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so.
Faccirooji aarabeeji:
لَّقَدۡ أَنزَلۡنَآ ءَايَٰتٖ مُّبَيِّنَٰتٖۚ وَٱللَّهُ يَهۡدِي مَن يَشَآءُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Ampa sε, Yɛasiane nsεm pefee (wͻ saa Qur’aan yi mu). Na Nyankopͻn deԑ Ͻkyerε obi a Ɔpε kwan kᴐ kwan tenenee no so.
Faccirooji aarabeeji:
وَيَقُولُونَ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَبِٱلرَّسُولِ وَأَطَعۡنَا ثُمَّ يَتَوَلَّىٰ فَرِيقٞ مِّنۡهُم مِّنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَۚ وَمَآ أُوْلَٰٓئِكَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ
(Akͻnkͻnsafoͻ no) ka sε: “Yεgye Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no di, na yɛayε sotie; nanso εno akyiri no, wͻn mu fekuo bi dane wͻn ho (fri deε wͻkaeε no ho). Saa nkorͻfoͻ no nyε agyidiefoᴐ.
Faccirooji aarabeeji:
وَإِذَا دُعُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ لِيَحۡكُمَ بَيۡنَهُمۡ إِذَا فَرِيقٞ مِّنۡهُم مُّعۡرِضُونَ
Sε yεfrε wͻn kͻ Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no hͻ sεdeε (yεde Qur’aan) bebu wͻn ntεm atεn a, wobehunu sε wͻn mu fekuo bi atwi afa soͻ.
Faccirooji aarabeeji:
وَإِن يَكُن لَّهُمُ ٱلۡحَقُّ يَأۡتُوٓاْ إِلَيۡهِ مُذۡعِنِينَ
Sε wͻdi bem anaasε wͻgyina nokorε so deԑ a, ԑneԑ wͻde ahobraseε na etu mmirika ba ne hᴐ.
Faccirooji aarabeeji:
أَفِي قُلُوبِهِم مَّرَضٌ أَمِ ٱرۡتَابُوٓاْ أَمۡ يَخَافُونَ أَن يَحِيفَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمۡ وَرَسُولُهُۥۚ بَلۡ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلظَّٰلِمُونَ
Yadeε wͻ wͻn akoma mu anaa, anaasε wͻn adwen nnsi wͻn pi, anaasε wͻsuro sε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no ne wͻn nni no yie? Daabi, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
إِنَّمَا كَانَ قَوۡلَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ إِذَا دُعُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ لِيَحۡكُمَ بَيۡنَهُمۡ أَن يَقُولُواْ سَمِعۡنَا وَأَطَعۡنَاۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Agyidiefoͻ no deε sε yεfrε wͻn kͻ Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no hͻ sε yεrekͻ bu wͻn ntεm atεn a, deε wͻka ne sε: “Yɛate na yεbɛdi so“. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَيَخۡشَ ٱللَّهَ وَيَتَّقۡهِ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ
Obi a ᴐbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ, na ͻbɛsuro Nyankopͻn, na ͻbεyε Ne ho ahwεyie no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
۞ وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَئِنۡ أَمَرۡتَهُمۡ لَيَخۡرُجُنَّۖ قُل لَّا تُقۡسِمُواْۖ طَاعَةٞ مَّعۡرُوفَةٌۚ إِنَّ ٱللَّهَ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Wͻde Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε wohyε wͻn (sε wͻn mpue nkͻ ͻkoo a), anka wͻbεpue (akͻ). Ka sε: “Monhwε na moani nse; sotie na εyε paa. “Nokorε sε Nyankopͻn ani tua deε moreyε (nyinaa).
Faccirooji aarabeeji:
قُلۡ أَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَۖ فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّمَا عَلَيۡهِ مَا حُمِّلَ وَعَلَيۡكُم مَّا حُمِّلۡتُمۡۖ وَإِن تُطِيعُوهُ تَهۡتَدُواْۚ وَمَا عَلَى ٱلرَّسُولِ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ
Ka sε: “Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no nso. Na sε modane mo ho fri (Nokorε no ho) a, (Ɔsomafoͻ) no deε n’asεdeε ne deε yεde asoa no no, εna monso modeε ne deε yεde asoa mo. Sε moyε sotie ma no a na mobɛnya kwankyerε. Ɔsomafoͻ no adwuma ne sε, ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.
Faccirooji aarabeeji:
وَعَدَ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَيَسۡتَخۡلِفَنَّهُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ كَمَا ٱسۡتَخۡلَفَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ وَلَيُمَكِّنَنَّ لَهُمۡ دِينَهُمُ ٱلَّذِي ٱرۡتَضَىٰ لَهُمۡ وَلَيُبَدِّلَنَّهُم مِّنۢ بَعۡدِ خَوۡفِهِمۡ أَمۡنٗاۚ يَعۡبُدُونَنِي لَا يُشۡرِكُونَ بِي شَيۡـٔٗاۚ وَمَن كَفَرَ بَعۡدَ ذَٰلِكَ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ
Wͻn a wͻagye adi wͻ mo mu na wͻdi dwuma pa no, Nyankopͻn ahyε wͻn bͻ sε Ɔbεma wͻn adi asaase no so sεdeε Ɔmaa wͻn a wͻdii wͻn anim kan no dii soͻ no, na Wama ͻsom a Wayi ama wͻn no asipi; na wͻn suro akyi no, (Ɔde) ahotᴐ asesa (suro) no ama wͻn. Wͻbεsom Me a wͻmfa biribiara mmata Me ho. Obi a εno akyi no wannye annie no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ
Momfrε Nyame wͻ ne berε mu, na monyi Zaka, na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no sεdeε (Nyankopͻn) bɛhu mo mmͻbͻ.
Faccirooji aarabeeji:
لَا تَحۡسَبَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مُعۡجِزِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَمَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُۖ وَلَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Ɛmma moadwen nnyε mo sε, wͻn a wͻnnye nnie no (bɛtumi ama Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase yi so; wͻn asetena mu ne gyam, na nkyi bͻne paa ne hᴐ.
Faccirooji aarabeeji:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لِيَسۡتَـٔۡذِنكُمُ ٱلَّذِينَ مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُكُمۡ وَٱلَّذِينَ لَمۡ يَبۡلُغُواْ ٱلۡحُلُمَ مِنكُمۡ ثَلَٰثَ مَرَّٰتٖۚ مِّن قَبۡلِ صَلَوٰةِ ٱلۡفَجۡرِ وَحِينَ تَضَعُونَ ثِيَابَكُم مِّنَ ٱلظَّهِيرَةِ وَمِنۢ بَعۡدِ صَلَوٰةِ ٱلۡعِشَآءِۚ ثَلَٰثُ عَوۡرَٰتٖ لَّكُمۡۚ لَيۡسَ عَلَيۡكُمۡ وَلَا عَلَيۡهِمۡ جُنَاحُۢ بَعۡدَهُنَّۚ طَوَّٰفُونَ عَلَيۡكُم بَعۡضُكُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖۚ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمُ ٱلۡأٓيَٰتِۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ
Mo a moagye adie, moma (nkoa) no a wͻyε mo dea no, ne mo mu wͻn a wͻnuruu mpanin berε mu no nsrε mo kwan mprεnsa: (Saa mmerε no ne εberε a) edi ahamakye Nyamefrε no anim, ne εberε a ͻhyew nti moaworͻ moatadeε agu hͻ (regye mframa) wͻ awigyina berε, εna Ishaa’i Nyamefrε no akyi. Woi ne adagya (berε) mmiεnsa a mo wͻ. Ԑno akyiri no asεm biara nna mo so anaa wͻn so, (efrisε) modi moho-moho hͻ akͻneaba. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Ne nsεm no mu kyerε mo. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
وَإِذَا بَلَغَ ٱلۡأَطۡفَٰلُ مِنكُمُ ٱلۡحُلُمَ فَلۡيَسۡتَـٔۡذِنُواْ كَمَا ٱسۡتَـٔۡذَنَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمۡ ءَايَٰتِهِۦۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ
Sε nkͻdaa a wͻn wͻ mo mu no duru mpanin berε mu a, moma wͻn nsrε kwan sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no srεε kwan no. Saa ara na Nyankopͻn kyerε-kyerε Ne nsεm no mu kyerε mo. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلۡقَوَٰعِدُ مِنَ ٱلنِّسَآءِ ٱلَّٰتِي لَا يَرۡجُونَ نِكَاحٗا فَلَيۡسَ عَلَيۡهِنَّ جُنَاحٌ أَن يَضَعۡنَ ثِيَابَهُنَّ غَيۡرَ مُتَبَرِّجَٰتِۭ بِزِينَةٖۖ وَأَن يَسۡتَعۡفِفۡنَ خَيۡرٞ لَّهُنَّۗ وَٱللَّهُ سَمِيعٌ عَلِيمٞ
Ԑmmaa no mu mmasiriwa no nso a wͻnni awadeε ho anigyeε no, bͻne biara nni wͻn so sε wͻde wͻn atadeε bɛgu hͻ, sε wͻanna wͻn afεεfεdeε no adi ankyerε deε a. Na sε wͻtumi kuta wͻn ho a εyε ma wͻn paa. Onyankopͻn te biribiara, Ɔne Onimdefoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
لَّيۡسَ عَلَى ٱلۡأَعۡمَىٰ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡأَعۡرَجِ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡمَرِيضِ حَرَجٞ وَلَا عَلَىٰٓ أَنفُسِكُمۡ أَن تَأۡكُلُواْ مِنۢ بُيُوتِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ ءَابَآئِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ أُمَّهَٰتِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ إِخۡوَٰنِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ أَخَوَٰتِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ أَعۡمَٰمِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ عَمَّٰتِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ أَخۡوَٰلِكُمۡ أَوۡ بُيُوتِ خَٰلَٰتِكُمۡ أَوۡ مَا مَلَكۡتُم مَّفَاتِحَهُۥٓ أَوۡ صَدِيقِكُمۡۚ لَيۡسَ عَلَيۡكُمۡ جُنَاحٌ أَن تَأۡكُلُواْ جَمِيعًا أَوۡ أَشۡتَاتٗاۚ فَإِذَا دَخَلۡتُم بُيُوتٗا فَسَلِّمُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِكُمۡ تَحِيَّةٗ مِّنۡ عِندِ ٱللَّهِ مُبَٰرَكَةٗ طَيِّبَةٗۚ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ
Ɛnyε bͻne mma onifirani, na εnyε bͻne nso mma apakye anaa obubuaani, na εnyε bͻne nso mma ͻyarefoͻ, anaa moara mo ho sε mobɛdidi moara mo afie mu, anaa mo agya nom afie mu, anaa mo maamenom afie mu, anaa mo nua mmarima nom afie mu, anaa mo nua mmaa nom afie mu, anaa mo agya nua mmarima afie mu, anaa mo sewaa nom afie mu, anaa mo wͻfa nom afie mu, anaa mo maame nua mmaa nom afie mu, anaa afie a εhᴐ nsafoͻ wͻ mo nsa mu, anaa mo adamfo (fie). Ɛnyε bͻne mma mo sε mobɛdidi abͻ mu anaasε mobɛdidi ankorͻ-ankorͻ. Sε mowura efie bi mu a, monfa nhyira nkyea papa a efri Nyankopͻn nkyεn no (Asalaamu Alaikum) nkyea mo ho. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Ne nsεm no mu kyerε mo sεdeε mobεte aseε.
Faccirooji aarabeeji:
إِنَّمَا ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَإِذَا كَانُواْ مَعَهُۥ عَلَىٰٓ أَمۡرٖ جَامِعٖ لَّمۡ يَذۡهَبُواْ حَتَّىٰ يَسۡتَـٔۡذِنُوهُۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَسۡتَـٔۡذِنُونَكَ أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦۚ فَإِذَا ٱسۡتَـٔۡذَنُوكَ لِبَعۡضِ شَأۡنِهِمۡ فَأۡذَن لِّمَن شِئۡتَ مِنۡهُمۡ وَٱسۡتَغۡفِرۡ لَهُمُ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Agyidiefoͻ no ne wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no adie; sε wͻn wͻ Nkͻmhyεni hͻ redi dwuma bi a edi mmu a, wͻmfri hͻ nnkͻ gyesε wͻsrε no kwan ansa. (Nkͻmhyεni), wͻn a wͻsrε wo kwan no wͻn mmom na wͻgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no die. Enti sε wͻsrε wo kwan dema wͻn dwumadie bi a, ma wͻn mu nea wopε kwan, na srε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ma wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Faccirooji aarabeeji:
لَّا تَجۡعَلُواْ دُعَآءَ ٱلرَّسُولِ بَيۡنَكُمۡ كَدُعَآءِ بَعۡضِكُم بَعۡضٗاۚ قَدۡ يَعۡلَمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ يَتَسَلَّلُونَ مِنكُمۡ لِوَاذٗاۚ فَلۡيَحۡذَرِ ٱلَّذِينَ يُخَالِفُونَ عَنۡ أَمۡرِهِۦٓ أَن تُصِيبَهُمۡ فِتۡنَةٌ أَوۡ يُصِيبَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ
Monhwε na moannyε frε a mode frε Nyankopͻn Somafoͻ no wͻ mo mu no tesε deε mofrε mo ho-mo ho no. Ampa sε Nyankopͻn Nim mo mu wͻn a wͻde wͻn ho sie dwane kͻ (a wͻnsrε kwan) no. Enti wͻn a wͻne (Nkͻmhyεni) ahyεdeε bᴐ abira no, wͻnhwε yie na mmusuo bi anto wͻn, anaasε asotwee bi a εyε ya paa bi anto wͻn.
Faccirooji aarabeeji:
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ قَدۡ يَعۡلَمُ مَآ أَنتُمۡ عَلَيۡهِ وَيَوۡمَ يُرۡجَعُونَ إِلَيۡهِ فَيُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُواْۗ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمُۢ
Nokorε sε Nyankopͻn na deε εwͻ soro ne asaase so ( nyinaa) wͻ no, na Onim deε mo wͻ mu biara. Ԑda a wͻbεsan akͻ Ne hͻ no Ɔbεbͻ wͻn dwuma a wͻdiiε no (nyinaa) ho amaneε. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Faccirooji aarabeeji:
 
Firo maanaaji Simoore: Simoore annoore
Tippudi cimooje Tonngoode hello ngoo
 
Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Firo asaantiwo - Tippudi firooji ɗii

Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo fayde e ɗemndal Astani, firi ɗum ko mawɗo Haaruuna Ismaa'iila

Uddude