Traduction des sens du Noble Coran - Traduction asante * - Lexique des traductions

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduction des sens Sourate: QÂF   Verset:

Qaaf

قٓۚ وَٱلۡقُرۡءَانِ ٱلۡمَجِيدِ
Qaaf. Mede Qur’aan, Animuonyam (Nwoma no) di nse.
Les exégèses en arabe:
بَلۡ عَجِبُوٓاْ أَن جَآءَهُم مُّنذِرٞ مِّنۡهُمۡ فَقَالَ ٱلۡكَٰفِرُونَ هَٰذَا شَيۡءٌ عَجِيبٌ
Daabi, εyε wͻn nwanwa sε kͻkͻbͻni fri wͻn ara wͻn mu aba wͻn hͻ. Enti deε boniayεfoͻ no ka nesε: “Woi deε anwanwasεm ni.”
Les exégèses en arabe:
أَءِذَا مِتۡنَا وَكُنَّا تُرَابٗاۖ ذَٰلِكَ رَجۡعُۢ بَعِيدٞ
Sε yewu na yεdane mfuturo a? (Onipa) bεsan aba (nkwa mu bio) no deε (εne nokorε ntεm) kwan ware paa.
Les exégèses en arabe:
قَدۡ عَلِمۡنَا مَا تَنقُصُ ٱلۡأَرۡضُ مِنۡهُمۡۖ وَعِندَنَا كِتَٰبٌ حَفِيظُۢ
Ampa sε, Yenim wᴐn mu (nnipa dodoͻ) a asaase te wᴐn so (fri ateasefoͻ mu, anaasε wͻ’wu) fri wͻn mu, na Nwoma bi wͻ Yεn hͻ a εbͻ ho ban.
Les exégèses en arabe:
بَلۡ كَذَّبُواْ بِٱلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَهُمۡ فَهُمۡ فِيٓ أَمۡرٖ مَّرِيجٍ
Daabi, εberε a Nokorε (Qur’aan) no baa wͻn hͻ no, wͻ’annye anni, enti wͻn wͻ tebea bi a wͻ’nnim deε wͻn wͻ mu.
Les exégèses en arabe:
أَفَلَمۡ يَنظُرُوٓاْ إِلَى ٱلسَّمَآءِ فَوۡقَهُمۡ كَيۡفَ بَنَيۡنَٰهَا وَزَيَّنَّٰهَا وَمَا لَهَا مِن فُرُوجٖ
Enti wͻn nhwε ͻsoro a εwͻ wͻn apampamu no, sεdeε Yεsi abͻ no, asiesie no a tokuro anaa apaepaeε biara nni mu?
Les exégèses en arabe:
وَٱلۡأَرۡضَ مَدَدۡنَٰهَا وَأَلۡقَيۡنَا فِيهَا رَوَٰسِيَ وَأَنۢبَتۡنَا فِيهَا مِن كُلِّ زَوۡجِۭ بَهِيجٖ
Ɛne sεdeε Yasi atrε asaase mu, de mmepͻ asisi soͻ, na Yεma nnuaba ahodoͻ nyinaa bi fifiri wͻ soͻ -
Les exégèses en arabe:
تَبۡصِرَةٗ وَذِكۡرَىٰ لِكُلِّ عَبۡدٖ مُّنِيبٖ
(Yεyεε woi nom nyinaa) de bue (onipa) ani, san yεε no afutusεm dema akoa biara a ͻdane neho ma (Nyankopͻn).
Les exégèses en arabe:
وَنَزَّلۡنَا مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ مُّبَٰرَكٗا فَأَنۢبَتۡنَا بِهِۦ جَنَّٰتٖ وَحَبَّ ٱلۡحَصِيدِ
Ɛna Yεsiane nsuo a nhyira wͻ mu fri soro dema mfuo ne nnuaba a yetwa fifi,
Les exégèses en arabe:
وَٱلنَّخۡلَ بَاسِقَٰتٖ لَّهَا طَلۡعٞ نَّضِيدٞ
Ne akyiresua atenten a egu nhyerεnee na εbͻ esa-sa ma ebi deda ebi soͻ.
Les exégèses en arabe:
رِّزۡقٗا لِّلۡعِبَادِۖ وَأَحۡيَيۡنَا بِهِۦ بَلۡدَةٗ مَّيۡتٗاۚ كَذَٰلِكَ ٱلۡخُرُوجُ
(Woi yε) akͻnhoma ma (Nyame) nkoa; εna Yεde (nsuo no) nyane asaase a awuo. Saa ara na Owusͻreε no bεyε.
Les exégèses en arabe:
كَذَّبَتۡ قَبۡلَهُمۡ قَوۡمُ نُوحٖ وَأَصۡحَٰبُ ٱلرَّسِّ وَثَمُودُ
Noa nkorͻfoͻ, ne Rassfoͻ, ne Samuudfoͻ no dii (Makafoͻ no) anim kan faa (Nyame asԑm) no atorᴐsԑm;
Les exégèses en arabe:
وَعَادٞ وَفِرۡعَوۡنُ وَإِخۡوَٰنُ لُوطٖ
Aadfoͻ ne Farao ne Lut nuanom nso saa ara;
Les exégèses en arabe:
وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡأَيۡكَةِ وَقَوۡمُ تُبَّعٖۚ كُلّٞ كَذَّبَ ٱلرُّسُلَ فَحَقَّ وَعِيدِ
Ne wͻn a na wͻte nnua mu no, ne Tubbafoͻ. Wͻn mu biara buu asomafoͻ no atorᴐfoᴐ. Enti M’ahunahuna no yεε nokorε (baa wͻn so).
Les exégèses en arabe:
أَفَعَيِينَا بِٱلۡخَلۡقِ ٱلۡأَوَّلِۚ بَلۡ هُمۡ فِي لَبۡسٖ مِّنۡ خَلۡقٖ جَدِيدٖ
Enti (Yεrebͻ) abͻdeε a edi kan no Yεbrεε ho anaa? Nanso wͻn adwen nnsi pi wͻ abͻdeε foforͻ (anaasε Owusͻreε) no ho.
Les exégèses en arabe:
وَلَقَدۡ خَلَقۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ وَنَعۡلَمُ مَا تُوَسۡوِسُ بِهِۦ نَفۡسُهُۥۖ وَنَحۡنُ أَقۡرَبُ إِلَيۡهِ مِنۡ حَبۡلِ ٱلۡوَرِيدِ
Ampa sε Yεn na Yεbͻͻ onipa, na Yεnim sεdeε n’adwen si daadaa no. Na Yεbεn no kyεn ne nkomena (anaasε nekͻn ho ntini).
Les exégèses en arabe:
إِذۡ يَتَلَقَّى ٱلۡمُتَلَقِّيَانِ عَنِ ٱلۡيَمِينِ وَعَنِ ٱلشِّمَالِ قَعِيدٞ
Ɛberε a (Soro abͻfoͻ) mmienu no a wͻ’gye nsεm (a onipa ka no) regye nsεm no, (ͻbaako) te nifa so εna (ͻbaako nso) te benkum soͻ,
Les exégèses en arabe:
مَّا يَلۡفِظُ مِن قَوۡلٍ إِلَّا لَدَيۡهِ رَقِيبٌ عَتِيدٞ
Asεm a εbefri n’ano aba biara no ͻwεnfoͻ wͻhͻ (a ͻretwerε asεm a ͻbεka biara).
Les exégèses en arabe:
وَجَآءَتۡ سَكۡرَةُ ٱلۡمَوۡتِ بِٱلۡحَقِّۖ ذَٰلِكَ مَا كُنتَ مِنۡهُ تَحِيدُ
Owuo ahometeε bεba wͻ nokorε mu. Na woi ne adeε a na woredwane no no.
Les exégèses en arabe:
وَنُفِخَ فِي ٱلصُّورِۚ ذَٰلِكَ يَوۡمُ ٱلۡوَعِيدِ
Na Yεbεbͻ Totorobεnto no mu; saa Da no na yabͻ (nnipa) kͻkͻ wͻ ho no.
Les exégèses en arabe:
وَجَآءَتۡ كُلُّ نَفۡسٖ مَّعَهَا سَآئِقٞ وَشَهِيدٞ
(Saa Da no) onipa biara bεba (atemmuo mu) a (Soro abͻfoͻ a) ͻreka nesoͻ ne (Soro abͻfoͻ a) ͻrebedi (neho) adanseε ka neho.
Les exégèses en arabe:
لَّقَدۡ كُنتَ فِي غَفۡلَةٖ مِّنۡ هَٰذَا فَكَشَفۡنَا عَنكَ غِطَآءَكَ فَبَصَرُكَ ٱلۡيَوۡمَ حَدِيدٞ
(Yεbεka akyerε abͻneεfoͻ no sε): “Ampa sε momaa mowerε frii (saa Da kεseε) woi. Afei deε Yayi w’akatasoͻ no (a na εmma wonhunu nokorε no), enti εnnε Da yi deε w’ani hunu adeε kann.
Les exégèses en arabe:
وَقَالَ قَرِينُهُۥ هَٰذَا مَا لَدَيَّ عَتِيدٌ
Neyͻnko (Soro abͻfoͻ a ͻka neho dabiara no) bεka sε: “Ne dwumadie ho Nwoma wͻ mehͻ, yawie (biribiara)”.
Les exégèses en arabe:
أَلۡقِيَا فِي جَهَنَّمَ كُلَّ كَفَّارٍ عَنِيدٖ
(Nyankopͻn bεka akyerε Soro abͻfoͻ no a ͻreka onipa no soͻ no ne nea ͻredi adanseε no sε): “Monto boniayεfoͻ, atuatefoͻ no nyinaa ngu Amane hunu gya no mu, -
Les exégèses en arabe:
مَّنَّاعٖ لِّلۡخَيۡرِ مُعۡتَدٖ مُّرِيبٍ
(Wͻn a) wͻsi papa ho kwan, abͻneεfoͻ, wͻn a wͻn adwen nnsipie no,
Les exégèses en arabe:
ٱلَّذِي جَعَلَ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَ فَأَلۡقِيَاهُ فِي ٱلۡعَذَابِ ٱلشَّدِيدِ
(Onipa) no a wayε nyame aka Nyankopͻn ho no. Monto no ntwene asotwee denden no mu.
Les exégèses en arabe:
۞ قَالَ قَرِينُهُۥ رَبَّنَا مَآ أَطۡغَيۡتُهُۥ وَلَٰكِن كَانَ فِي ضَلَٰلِۭ بَعِيدٖ
Neyͻnko (bonsam) bεka sε: ”Ye’Wura Nyankopͻn, εnyε me na mehyεε no maa no tee atua, na mmom ͻno ara na ͻyera kͻͻ akyirikyiri.
Les exégèses en arabe:
قَالَ لَا تَخۡتَصِمُواْ لَدَيَّ وَقَدۡ قَدَّمۡتُ إِلَيۡكُم بِٱلۡوَعِيدِ
Nyankopͻn bεka sε: Monhwε na moanye akyinnye wͻ M’anim, Medii kan de kͻkͻbͻ brεε mo.
Les exégèses en arabe:
مَا يُبَدَّلُ ٱلۡقَوۡلُ لَدَيَّ وَمَآ أَنَا۠ بِظَلَّٰمٖ لِّلۡعَبِيدِ
Asεm a Maka no ntumi nsesa, na Menso Menni (Me) nkoa nom amim.
Les exégèses en arabe:
يَوۡمَ نَقُولُ لِجَهَنَّمَ هَلِ ٱمۡتَلَأۡتِ وَتَقُولُ هَلۡ مِن مَّزِيدٖ
Ɛda no Yεbεka akyerε Amanehu gya no sε: “Woayε mma?” Na (Amanehunu gya no) nso bεka sε) “Ebi wͻhͻ bio a yεbεsan de wͻn aka ho?”
Les exégèses en arabe:
وَأُزۡلِفَتِ ٱلۡجَنَّةُ لِلۡمُتَّقِينَ غَيۡرَ بَعِيدٍ
Yεde Soro aheman no bεbεn Nyamesurofoͻ no, na enni akyiri koraa.
Les exégèses en arabe:
هَٰذَا مَا تُوعَدُونَ لِكُلِّ أَوَّابٍ حَفِيظٖ
(Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): ”Woi na yεde hyεε mo bͻ no; εwͻ nipa biara a ͻsakraa n’adwen na ͻhwε (ahyεdeε no nyinaa) so yie.
Les exégèses en arabe:
مَّنۡ خَشِيَ ٱلرَّحۡمَٰنَ بِٱلۡغَيۡبِ وَجَآءَ بِقَلۡبٖ مُّنِيبٍ
Obi a osuroo Ahummͻborͻ Hene no wͻ kokoa mu, na ͻde nnuhoo anaasε adwen sakra akoma san baeε no.
Les exégèses en arabe:
ٱدۡخُلُوهَا بِسَلَٰمٖۖ ذَٰلِكَ يَوۡمُ ٱلۡخُلُودِ
Monfa asomdweε nwura (Aheman no) mu; εno ne daa nkwa Da no.
Les exégèses en arabe:
لَهُم مَّا يَشَآءُونَ فِيهَا وَلَدَيۡنَا مَزِيدٞ
Wͻ’nsa bεka deε wͻpε biara wͻhͻ, na (akyεdeε) pii nso wͻ Yεn hͻ a yεde bεka wͻn ho.
Les exégèses en arabe:
وَكَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّن قَرۡنٍ هُمۡ أَشَدُّ مِنۡهُم بَطۡشٗا فَنَقَّبُواْ فِي ٱلۡبِلَٰدِ هَلۡ مِن مَّحِيصٍ
Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na Yadi wͻn anim kan asεe wͻn? Na wͻn ho yεden kyεn wͻn, (εberε a asotwee no too wͻn no) wͻ’tutuu mmirika wͻ asaase no so (hwehwεε dwanekͻ bea). Enti dwane kͻbea bi wͻ baabi?
Les exégèses en arabe:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَذِكۡرَىٰ لِمَن كَانَ لَهُۥ قَلۡبٌ أَوۡ أَلۡقَى ٱلسَّمۡعَ وَهُوَ شَهِيدٞ
Nokorε sε afutusεm wͻ woi mu dema obia ͻwͻ akoma anaa ͻyε aso tie (asεm no) na n’adwen wͻ soͻ (anaasε odi ho adanseε).
Les exégèses en arabe:
وَلَقَدۡ خَلَقۡنَا ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ وَمَا مَسَّنَا مِن لُّغُوبٖ
Ampa sε Yεde nna nsia na εbͻͻ ͻsoro ne asaase, ne deε εwͻ mfimfii (no nyinaa), na ͻbrε biara annto Yεn.
Les exégèses en arabe:
فَٱصۡبِرۡ عَلَىٰ مَا يَقُولُونَ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ قَبۡلَ طُلُوعِ ٱلشَّمۡسِ وَقَبۡلَ ٱلۡغُرُوبِ
Enti (nkͻmhyεni), nya deε wͻrekeka no ho aboterε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin ansa na awia apue (ne εbrε a) ansa na (awia) bεkͻ akͻtͻ.
Les exégèses en arabe:
وَمِنَ ٱلَّيۡلِ فَسَبِّحۡهُ وَأَدۡبَٰرَ ٱلسُّجُودِ
Anadwo no mu bi nso bͻ no abodin, na wode w’anim abutu fͻm anaasε w’afrε Nyame awie no nso (tontom no).
Les exégèses en arabe:
وَٱسۡتَمِعۡ يَوۡمَ يُنَادِ ٱلۡمُنَادِ مِن مَّكَانٖ قَرِيبٖ
Na tie, Ɛda no a Ɔfrεfoͻ no (Asraafeel) bεfrε afri bea bi a εbεn no,
Les exégèses en arabe:
يَوۡمَ يَسۡمَعُونَ ٱلصَّيۡحَةَ بِٱلۡحَقِّۚ ذَٰلِكَ يَوۡمُ ٱلۡخُرُوجِ
Ɛda no na wͻbεte nteamu denden no wͻ nokorε mu no. Saa Da no ne pue Da no (a nnipa nyinaa bepue afri wͻn adakamena mu no).
Les exégèses en arabe:
إِنَّا نَحۡنُ نُحۡيِۦ وَنُمِيتُ وَإِلَيۡنَا ٱلۡمَصِيرُ
Nokorε sε, Yεn na Yεma nkwa εna Yekum, na Yεhͻ ne (obiara) nnkyi.
Les exégèses en arabe:
يَوۡمَ تَشَقَّقُ ٱلۡأَرۡضُ عَنۡهُمۡ سِرَاعٗاۚ ذَٰلِكَ حَشۡرٌ عَلَيۡنَا يَسِيرٞ
Ɛda a asaase no bεwaewae afri wͻn ho no, wͻde ntεmpε (na εbepue akͻ faako a yεrekͻbu wͻn atεn no). Saa (awufoͻ no) anoboa no yε adeε a εyε mmrε ma Yεn.
Les exégèses en arabe:
نَّحۡنُ أَعۡلَمُ بِمَا يَقُولُونَۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِجَبَّارٖۖ فَذَكِّرۡ بِٱلۡقُرۡءَانِ مَن يَخَافُ وَعِيدِ
Deε wͻrekeka no (nyinaa) Yenim; na wonyε obi a wohyε wͻn soͻ. Enti fa Qur’aan no tu obi a osuro Ma’hunahuna no fo.
Les exégèses en arabe:
 
Traduction des sens Sourate: QÂF
Lexique des sourates Numéro de la page
 
Traduction des sens du Noble Coran - Traduction asante - Lexique des traductions

Traduction des sens du noble Coran en langue asante, par cheikh Hâroûn Ismâ'îl.

Fermeture