क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अशांति अनुवाद * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: सूरा अल्-ह़िज्र   आयत:

Al-Hijir

الٓرۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ وَقُرۡءَانٖ مُّبِينٖ
Alif – Laam – Raa. Woi yε Nwoma no mu nsεm no bi, ne Qur’aan a ԑda adi pefee no.
अरबी तफ़सीरें:
رُّبَمَا يَوَدُّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡ كَانُواْ مُسۡلِمِينَ
Mprε pii na wᴐn a wͻpo nokorε no bεpε sε na anka wͻyε Muslimifoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
ذَرۡهُمۡ يَأۡكُلُواْ وَيَتَمَتَّعُواْ وَيُلۡهِهِمُ ٱلۡأَمَلُۖ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ
(Wodeε) gyae wͻn ma wͻnidi na wͻnye wͻn ani, na wͻma anidaasoͻ hunu nye wͻn adaagyeε na ԑnkyԑ wͻ’behunu.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَآ أَهۡلَكۡنَا مِن قَرۡيَةٍ إِلَّا وَلَهَا كِتَابٞ مَّعۡلُومٞ
Kuro biara a Yasεe no no, na εwͻ εberε a yahyε ato hͻ a yenim (sε yεde bεsεe no).
अरबी तफ़सीरें:
مَّا تَسۡبِقُ مِنۡ أُمَّةٍ أَجَلَهَا وَمَا يَسۡتَـٔۡخِرُونَ
Ɛmma sε ͻman bi betumi ama ne berε (a ͻsεeε bεba ne soͻ no) aba animu anaa akͻ akyire.
अरबी तफ़सीरें:
وَقَالُواْ يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِي نُزِّلَ عَلَيۡهِ ٱلذِّكۡرُ إِنَّكَ لَمَجۡنُونٞ
Deε wͻka ne sε: “Wo a yasiane Afutusεm (Qur’aan) yi ama woͻ no, nokorε sε wabͻ dam !”
अरबी तफ़सीरें:
لَّوۡمَا تَأۡتِينَا بِٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
“Sε woka nokwafoͻ no ho ampa a, adεn nti na womma soro abͻfoͻ mma yεn hͻ?”
अरबी तफ़सीरें:
مَا نُنَزِّلُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ إِلَّا بِٱلۡحَقِّ وَمَا كَانُوٓاْ إِذٗا مُّنظَرِينَ
Yε mma soro abͻfoͻ nnsiane, gyesε nokorε bi nti, na sε (soro abͻfoͻ ba wͻn hͻ a), εno deε wͻ nnya ahomegye berε.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّا نَحۡنُ نَزَّلۡنَا ٱلذِّكۡرَ وَإِنَّا لَهُۥ لَحَٰفِظُونَ
Nokorε sε, Yεn na Yɛ sianee (Qur’aan) Afutusεm no, na nokorε sε, Yεn na Yεbεbͻ ho ban.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ فِي شِيَعِ ٱلۡأَوَّلِينَ
Ampa sε, Yε somaa asomafoͻ dii wanim kan kͻͻ tetefoͻ mmusua kuo no hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَا يَأۡتِيهِم مِّن رَّسُولٍ إِلَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Ͻsomafoͻ a ͻbaa wͻn hͻ biara no gyesε wͻdi neho fεw.
अरबी तफ़सीरें:
كَذَٰلِكَ نَسۡلُكُهُۥ فِي قُلُوبِ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Saa ara na Yεma (adwen bͻne) kͻwura abͻneεfoͻ no akoma mu-
अरबी तफ़सीरें:
لَا يُؤۡمِنُونَ بِهِۦ وَقَدۡ خَلَتۡ سُنَّةُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Wͻ nnye (Qur’aan) no nni, abrԑ a ampa sε tetefoͻ no (a wͻ’annye annie no) mfatoho bi abetwam.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَوۡ فَتَحۡنَا عَلَيۡهِم بَابٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ فَظَلُّواْ فِيهِ يَعۡرُجُونَ
Sε Yε bue ͻsoro pono ma wͻn na wͻ guso reforo kͻ mu mpo a,-
अरबी तफ़सीरें:
لَقَالُوٓاْ إِنَّمَا سُكِّرَتۡ أَبۡصَٰرُنَا بَلۡ نَحۡنُ قَوۡمٞ مَّسۡحُورُونَ
Nokorε sε anka wͻ bεka sε: “Woi deε yaniso bri yεn. Daabi, Yε yε nnipa a yεde konya bi na anya yεn“.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ جَعَلۡنَا فِي ٱلسَّمَآءِ بُرُوجٗا وَزَيَّنَّٰهَا لِلنَّٰظِرِينَ
Ampa sε, Yayε nsoromma (akεseε) wͻ soro, εna Yama ayε fε ama wͻn a wͻhwε.
अरबी तफ़सीरें:
وَحَفِظۡنَٰهَا مِن كُلِّ شَيۡطَٰنٖ رَّجِيمٍ
Ɛna Yεbͻ ho ban fri ͻbonsam biara a yato no atwene (anaasε yapo no no nsam).
अरबी तफ़सीरें:
إِلَّا مَنِ ٱسۡتَرَقَ ٱلسَّمۡعَ فَأَتۡبَعَهُۥ شِهَابٞ مُّبِينٞ
Na mmom obia obewia (neho akͻ) tie no deε ogya frama pefee bedi n’akyi.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱلۡأَرۡضَ مَدَدۡنَٰهَا وَأَلۡقَيۡنَا فِيهَا رَوَٰسِيَ وَأَنۢبَتۡنَا فِيهَا مِن كُلِّ شَيۡءٖ مَّوۡزُونٖ
Asaase nso Yatrε mu εna Yεde mmepͻ a esisi hͻ pintinn asisi soͻ, εna Yε’ma nneεma ahodoͻ pii a εyε dε fifiri wͻ soͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَجَعَلۡنَا لَكُمۡ فِيهَا مَعَٰيِشَ وَمَن لَّسۡتُمۡ لَهُۥ بِرَٰزِقِينَ
Ɛna Yayε deε ehia wͻ asetena mu ama mo, ne wͻn nso a εnyε mo na mobͻ wͻn akͻnhoma.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِن مِّن شَيۡءٍ إِلَّا عِندَنَا خَزَآئِنُهُۥ وَمَا نُنَزِّلُهُۥٓ إِلَّا بِقَدَرٖ مَّعۡلُومٖ
Biribiara ho akoradeε wͻ Yεn hͻ, na Yɛsiane no wͻ nhyehyεε a yenim so.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَرۡسَلۡنَا ٱلرِّيَٰحَ لَوَٰقِحَ فَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَسۡقَيۡنَٰكُمُوهُ وَمَآ أَنتُمۡ لَهُۥ بِخَٰزِنِينَ
Ɛna Yɛsoma mframa a εkayan (mununkum), na Yasiane nsuo afri soro de ama mo anom aberε a εnyε mo na mokoraa (nsuo) no.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّا لَنَحۡنُ نُحۡيِۦ وَنُمِيتُ وَنَحۡنُ ٱلۡوَٰرِثُونَ
Nokorε sε, Yεn na yεma nkwa εna Yekum, na Yεn na (sε mowu kͻ a, Ye’si mo anan mu) di adeε.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ عَلِمۡنَا ٱلۡمُسۡتَقۡدِمِينَ مِنكُمۡ وَلَقَدۡ عَلِمۡنَا ٱلۡمُسۡتَـٔۡخِرِينَ
Nokorε sε Yenim momu (awoͻ ntotoa soͻ) a wͻdii kan no, εna ampa nso sε Yenim wͻn a wͻdi akyire no.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّ رَبَّكَ هُوَ يَحۡشُرُهُمۡۚ إِنَّهُۥ حَكِيمٌ عَلِيمٞ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, Ͻno na Ɔbεboa wͻn (nyinaa) ano (wͻ Atemmuda). Nokorε sε, Ɔne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ خَلَقۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ مِن صَلۡصَٰلٖ مِّنۡ حَمَإٖ مَّسۡنُونٖ
Nokorε sε, Yεbͻͻ onipa fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱلۡجَآنَّ خَلَقۡنَٰهُ مِن قَبۡلُ مِن نَّارِ ٱلسَّمُومِ
Ɛna Jinn no nso Yedii kan bͻͻ no fri ogya kεterεma mu (ansa na yεrebͻ onipa).
अरबी तफ़सीरें:
وَإِذۡ قَالَ رَبُّكَ لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ إِنِّي خَٰلِقُۢ بَشَرٗا مِّن صَلۡصَٰلٖ مِّنۡ حَمَإٖ مَّسۡنُونٖ
Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Merebεbͻ onipa afri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”.
अरबी तफ़सीरें:
فَإِذَا سَوَّيۡتُهُۥ وَنَفَخۡتُ فِيهِ مِن رُّوحِي فَقَعُواْ لَهُۥ سَٰجِدِينَ
“Enti sε Menwene no pεpεεpε wie na Mehome Mehonhom gu ne mu a, monfa moho nkͻ fͻm na monfa moanim mmutu fͻm ma no.
अरबी तफ़सीरें:
فَسَجَدَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ كُلُّهُمۡ أَجۡمَعُونَ
Enti Soro abͻfoͻ no nyinaa bͻͻ mu de wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho ase) maa (Adam).
अरबी तफ़सीरें:
إِلَّآ إِبۡلِيسَ أَبَىٰٓ أَن يَكُونَ مَعَ ٱلسَّٰجِدِينَ
Gyesε Ibliis, wampene sε ͻbεka wͻn a wͻde wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho aseε) no ho.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ يَٰٓإِبۡلِيسُ مَا لَكَ أَلَّا تَكُونَ مَعَ ٱلسَّٰجِدِينَ
Nyankopͻn kaa sε: “Ibliis, εdeεn na εha woͻ a wannka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm no ho?
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ لَمۡ أَكُن لِّأَسۡجُدَ لِبَشَرٍ خَلَقۡتَهُۥ مِن صَلۡصَٰلٖ مِّنۡ حَمَإٖ مَّسۡنُونٖ
(Ibliis) kaa sε: “Menyε obi a mede manim bebutu fͻm ama onipa a Wobͻͻ no fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَٱخۡرُجۡ مِنۡهَا فَإِنَّكَ رَجِيمٞ
Onyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ, nokorε sε, yato wo atwene (afri Nyankopͻn ahummͻborͻ no mu).
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّ عَلَيۡكَ ٱللَّعۡنَةَ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلدِّينِ
Nokorε sε, Onyankopͻn nnomee wͻ woso kͻpem Akatua Da no.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ رَبِّ فَأَنظِرۡنِيٓ إِلَىٰ يَوۡمِ يُبۡعَثُونَ
Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε na mame berε (anaasε enku me) kosi Da a yεbenyane awufoͻ no“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَإِنَّكَ مِنَ ٱلۡمُنظَرِينَ
Onyankopͻn kaa sε: “Woka wͻn a yama wͻn εberε no ho,-
अरबी तफ़सीरें:
إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡوَقۡتِ ٱلۡمَعۡلُومِ
Kͻpem Dͻnhwere no a yenim“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ رَبِّ بِمَآ أَغۡوَيۡتَنِي لَأُزَيِّنَنَّ لَهُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَأُغۡوِيَنَّهُمۡ أَجۡمَعِينَ
(Ibliis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sεdeε Wama me ayera yi deε, nokorε sε, mεma (bͻne) ayε wͻn fε wͻ asaase so, na mayera wͻn nyinaa,-
अरबी तफ़सीरें:
إِلَّا عِبَادَكَ مِنۡهُمُ ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Gyesε Wonkoa a wͻdi nokorε a wͻn wͻ wͻn mu no “.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ هَٰذَا صِرَٰطٌ عَلَيَّ مُسۡتَقِيمٌ
Onyankopͻn kaa sε: “Woi ne kwan tenenee a εwͻ Menkyεn no “.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ عِبَادِي لَيۡسَ لَكَ عَلَيۡهِمۡ سُلۡطَٰنٌ إِلَّا مَنِ ٱتَّبَعَكَ مِنَ ٱلۡغَاوِينَ
“Nokorε sε, Menkoa no deε wonni tumi wͻ wͻn so, gyesε ayerafoͻ no a wͻbedi wakyi no.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّ جَهَنَّمَ لَمَوۡعِدُهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Nokorε sε, Amanehunu gya no ne bea a yεde ahyε wͻn nyinaa bͻ.
अरबी तफ़सीरें:
لَهَا سَبۡعَةُ أَبۡوَٰبٖ لِّكُلِّ بَابٖ مِّنۡهُمۡ جُزۡءٞ مَّقۡسُومٌ
(Amanehunu gya no) wͻ apono nson, na εpono no mu biara wͻ (abͻneεfoͻ) sononko a yakyekyε (ama wͻn).
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ ٱلۡمُتَّقِينَ فِي جَنَّٰتٖ وَعُيُونٍ
Nokorε sε, Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman a nsuo aniwa wͻ mu no mu.
अरबी तफ़सीरें:
ٱدۡخُلُوهَا بِسَلَٰمٍ ءَامِنِينَ
(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa Asomdweε ne abotͻyεmu nwura mu”
अरबी तफ़सीरें:
وَنَزَعۡنَا مَا فِي صُدُورِهِم مِّنۡ غِلٍّ إِخۡوَٰنًا عَلَىٰ سُرُرٖ مُّتَقَٰبِلِينَ
Yebeyi ͻyaw die afri wͻn akoma mu ama wͻn atena onua dͻ mu, ahwε wͻn ho wͻn ho anim wͻ ahennwa so.
अरबी तफ़सीरें:
لَا يَمَسُّهُمۡ فِيهَا نَصَبٞ وَمَا هُم مِّنۡهَا بِمُخۡرَجِينَ
Ɔberε biara nto wͻn, na yεmma wͻn mfri mu nso da.
अरबी तफ़सीरें:
۞ نَبِّئۡ عِبَادِيٓ أَنِّيٓ أَنَا ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
(Nkͻmhyεni), bͻ Menkoa no amaneε sε, nokorε Mene Bͻnefakyε Hene no, na Me ara nso Mene Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَنَّ عَذَابِي هُوَ ٱلۡعَذَابُ ٱلۡأَلِيمُ
Nokorε nso sε, M’asotwee na εyε asotwee a ano yεya paa.
अरबी तफ़सीरें:
وَنَبِّئۡهُمۡ عَن ضَيۡفِ إِبۡرَٰهِيمَ
Fa Abraham ahͻhoͻ no ho amaneε no bͻ wͻn.
अरबी तफ़सीरें:
إِذۡ دَخَلُواْ عَلَيۡهِ فَقَالُواْ سَلَٰمٗا قَالَ إِنَّا مِنكُمۡ وَجِلُونَ
Ɛberε a wͻ baa nehͻ no, wͻ kaa sε: “Salaam (Asomdweε)! (Abraham) kaa sε: ”Nokorε sε yesuro mo”.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ لَا تَوۡجَلۡ إِنَّا نُبَشِّرُكَ بِغُلَٰمٍ عَلِيمٖ
(Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ennsuro, Yε de abarimaa nimdefoͻ bi ho bͻhyε rebrε wo“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ أَبَشَّرۡتُمُونِي عَلَىٰٓ أَن مَّسَّنِيَ ٱلۡكِبَرُ فَبِمَ تُبَشِّرُونَ
(Abraham) kaa sε: “Mode (awoͻ) ho bͻhyε rebrε me wͻ aberε a mabͻ akͻkora? Ɛdeεn bͻhyε na mode rehyε me yi?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ بَشَّرۡنَٰكَ بِٱلۡحَقِّ فَلَا تَكُن مِّنَ ٱلۡقَٰنِطِينَ
(Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε bͻhyε na yεde hyε woͻ no, enti hwε na wankͻka wͻn a wᴐn abamu abuo no ho“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ وَمَن يَقۡنَطُ مِن رَّحۡمَةِ رَبِّهِۦٓ إِلَّا ٱلضَّآلُّونَ
(Abraham) kaa sε: ”Ayerafoͻ no mmom na wͻnya wͻn Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho abamubuo”.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَمَا خَطۡبُكُمۡ أَيُّهَا ٱلۡمُرۡسَلُونَ
Obisaa wͻn sε: “Asomafoͻ, na moamaneε (paa) ne sεn?
अरबी तफ़सीरें:
قَالُوٓاْ إِنَّآ أُرۡسِلۡنَآ إِلَىٰ قَوۡمٖ مُّجۡرِمِينَ
Wͻ kaa sε: “Yasoma yεn wͻ nnipa bͻnefoͻ bi hͻ (sε yεnkͻ sεe wͻn).
अरबी तफ़सीरें:
إِلَّآ ءَالَ لُوطٍ إِنَّا لَمُنَجُّوهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Mmom Lut abusuafoͻ no deε yεbεgye wͻn nyinaa nkwa;
अरबी तफ़सीरें:
إِلَّا ٱمۡرَأَتَهُۥ قَدَّرۡنَآ إِنَّهَا لَمِنَ ٱلۡغَٰبِرِينَ
Gyesε neyere: Yahyehyε sε ͻbεka wͻn a wͻbεka akyire no ho”.
अरबी तफ़सीरें:
فَلَمَّا جَآءَ ءَالَ لُوطٍ ٱلۡمُرۡسَلُونَ
Ԑberε a Abͻfoͻ no baa Lut nkorͻfoͻ no hͻ no,
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ إِنَّكُمۡ قَوۡمٞ مُّنكَرُونَ
Ɔkaa sε: ”Nokorε sε moyε nnipa bi a menni mo, (anaasε moyε ahͻhoͻ”).
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ بَلۡ جِئۡنَٰكَ بِمَا كَانُواْ فِيهِ يَمۡتَرُونَ
Abͻfoͻ no kaa sε: ”Daabi, yεde (asotwee) a wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ ho no na yεde aba wo hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَتَيۡنَٰكَ بِٱلۡحَقِّ وَإِنَّا لَصَٰدِقُونَ
Nokorε na yεde abrε woͻ no, na ampa sε nokorε na yεreka no.
अरबी तफ़सीरें:
فَأَسۡرِ بِأَهۡلِكَ بِقِطۡعٖ مِّنَ ٱلَّيۡلِ وَٱتَّبِعۡ أَدۡبَٰرَهُمۡ وَلَا يَلۡتَفِتۡ مِنكُمۡ أَحَدٞ وَٱمۡضُواْ حَيۡثُ تُؤۡمَرُونَ
Enti fa w’abusuafoͻ no tu kwan anadwo, na di wͻn akyi, na hwε na momu biara antwa n’ani anhwε n’akyi, na mmom monkͻ faako a yahyε mo (sε monkͻ) no.
अरबी तफ़सीरें:
وَقَضَيۡنَآ إِلَيۡهِ ذَٰلِكَ ٱلۡأَمۡرَ أَنَّ دَابِرَ هَٰٓؤُلَآءِ مَقۡطُوعٞ مُّصۡبِحِينَ
Yεmaa no hunuu saa nhyehyεε no sε, saa nkorͻfoͻ no akyiri akwan bεyera anͻpa tutuutu.
अरबी तफ़सीरें:
وَجَآءَ أَهۡلُ ٱلۡمَدِينَةِ يَسۡتَبۡشِرُونَ
Kuro no mu foͻ no de anigyeε bae.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ ضَيۡفِي فَلَا تَفۡضَحُونِ
Lut kaa sε: ”Nokorε sε woi nom yε mahͻhoͻ enti monhwε na moangu manim ase (wͻ wͻn anim).
अरबी तफ़सीरें:
وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَلَا تُخۡزُونِ
Na monsuro Nyankopͻn, na monngu manim ase.“
अरबी तफ़सीरें:
قَالُوٓاْ أَوَلَمۡ نَنۡهَكَ عَنِ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Wͻkaa sε: “Yεmraa wo sε gyae nnipa (ahͻho gyeε?”)
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ هَٰٓؤُلَآءِ بَنَاتِيٓ إِن كُنتُمۡ فَٰعِلِينَ
Lut kaa sε: ”Sε mobεyε saa deε a εneε memma mmaa nie “.
अरबी तफ़सीरें:
لَعَمۡرُكَ إِنَّهُمۡ لَفِي سَكۡرَتِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
(Nkͻmhyεni), Mede wonkwa di nse sε, nokorε, na wͻn wͻ anifira nsaborͻ mu redi akͻneaba.
अरबी तफ़सीरें:
فَأَخَذَتۡهُمُ ٱلصَّيۡحَةُ مُشۡرِقِينَ
Enti nteamu denden no sͻͻ wͻn mu awia pue berε.
अरबी तफ़सीरें:
فَجَعَلۡنَا عَٰلِيَهَا سَافِلَهَا وَأَمۡطَرۡنَا عَلَيۡهِمۡ حِجَارَةٗ مِّن سِجِّيلٍ
Na Yεdanee (Sodom kuro) no ani butuu no, na Yεtͻͻ aboͻ nsuo a efri Sijiil mu guu wͻn so.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّلۡمُتَوَسِّمِينَ
Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻhunu adeε (anaa wͻdwen, anaa wͻde betu wͻn ho foͻ).
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنَّهَا لَبِسَبِيلٖ مُّقِيمٍ
Nokorε sε, (na saa nkuro no) wͻ, (efri Maka rekͻ Siria) ͻkwan tempͻn a εdaso wͻhͻ no so.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema agyidiefoͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِن كَانَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡأَيۡكَةِ لَظَٰلِمِينَ
Na ‘Ayikat’ anaasε nkorͻfoͻ a na wͻte Nnua mu no nso yε abͻneεfoͻ.
अरबी तफ़सीरें:
فَٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡ وَإِنَّهُمَا لَبِإِمَامٖ مُّبِينٖ
Enti Yetuaa wͻn dwumadi bͻne no so ka. Wͻn mmienu no nyinaa wͻ ͻkwan tempͻn pefee no so.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ كَذَّبَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡحِجۡرِ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Abotan no mu foͻ no nso anye asomafoͻ no anni.
अरबी तफ़सीरें:
وَءَاتَيۡنَٰهُمۡ ءَايَٰتِنَا فَكَانُواْ عَنۡهَا مُعۡرِضِينَ
Yε de Yεn sεnkyerεnee nso maa wͻn, nanso wͻ danee wͻn ho frii ho.
अरबी तफ़सीरें:
وَكَانُواْ يَنۡحِتُونَ مِنَ ٱلۡجِبَالِ بُيُوتًا ءَامِنِينَ
Na wͻ dwidwa (anaasε wͻ’bͻne) mmepͻ no mu deyε afie anaasε atenaeε wͻ abodweε mu.
अरबी तफ़सीरें:
فَأَخَذَتۡهُمُ ٱلصَّيۡحَةُ مُصۡبِحِينَ
Nanso asotwee no too wͻn anͻpa tutuutu.
अरबी तफ़सीरें:
فَمَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Deε wͻnsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَا خَلَقۡنَا ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَآ إِلَّا بِٱلۡحَقِّۗ وَإِنَّ ٱلسَّاعَةَ لَأٓتِيَةٞۖ فَٱصۡفَحِ ٱلصَّفۡحَ ٱلۡجَمِيلَ
Yεde nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no. Nokorε sε Dͻnhwere no reba, enti (Nkͻmhyεni), bu w’ani gu (ͻhaw ne ateeteε a boniayεfoͻ no de redi mo no) so wͻ ahummͻborͻ ne bͻne fafri mu.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ رَبَّكَ هُوَ ٱلۡخَلَّٰقُ ٱلۡعَلِيمُ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔbͻͻ adeε no, Ɔne Onimdefo no.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَٰكَ سَبۡعٗا مِّنَ ٱلۡمَثَانِي وَٱلۡقُرۡءَانَ ٱلۡعَظِيمَ
Ampa sε Yama wo ‘Sab’al Masaani’ Nsεm pͻ nson a yεtaa kenkan de bͻ Nyankopͻn abodin εna Qur’aan Kεseε no.
अरबी तफ़सीरें:
لَا تَمُدَّنَّ عَيۡنَيۡكَ إِلَىٰ مَا مَتَّعۡنَا بِهِۦٓ أَزۡوَٰجٗا مِّنۡهُمۡ وَلَا تَحۡزَنۡ عَلَيۡهِمۡ وَٱخۡفِضۡ جَنَاحَكَ لِلۡمُؤۡمِنِينَ
Na hwε na wanyε aniwᴐmu wͻ deε Yεde ama wͻn mu (nnipa) sononko-sononko no ho, na εmma wowerε nso nnho wͻ wͻn ho, na brε wataban ase fama agyidiefoͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
وَقُلۡ إِنِّيٓ أَنَا ٱلنَّذِيرُ ٱلۡمُبِينُ
Na ka sε: “Nokorε sε, medeε meyε kͻkͻbͻni pefee.
अरबी तफ़सीरें:
كَمَآ أَنزَلۡنَا عَلَى ٱلۡمُقۡتَسِمِينَ
Sεdeε Yε siane demaa akuo-akuo no,-
अरबी तफ़सीरें:
ٱلَّذِينَ جَعَلُواْ ٱلۡقُرۡءَانَ عِضِينَ
Wͻn a wͻakyekyε Akenkan Nwoma no mu, (gye εfa baabi die na wͻ’nnye baabi nnie) no.
अरबी तफ़सीरें:
فَوَرَبِّكَ لَنَسۡـَٔلَنَّهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Enti (Nkͻmhyεni), Mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε Yεbɛbisa wͻn nyinaa,
अरबी तफ़सीरें:
عَمَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Wͻ dwuma a na wͻdie no ho asεm.
अरबी तफ़सीरें:
فَٱصۡدَعۡ بِمَا تُؤۡمَرُ وَأَعۡرِضۡ عَنِ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Enti pae mu ka deε yahyε woͻ no, na twe woho fri abosomsomfoͻ no ho.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّا كَفَيۡنَٰكَ ٱلۡمُسۡتَهۡزِءِينَ
Nokorε sε, Yεsom bo ma wo wͻ afεwdifoͻ no ho,
अरबी तफ़सीरें:
ٱلَّذِينَ يَجۡعَلُونَ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَۚ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ
Wͻn a wͻayε anyame foforͻ aka Nyankopͻn ho no, εnkyε koraa wͻbehunu.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ نَعۡلَمُ أَنَّكَ يَضِيقُ صَدۡرُكَ بِمَا يَقُولُونَ
Ampa sε, Yɛnim yie sεdeε wͻrekeka no si fa ha wo wͻ w’akoma mu.
अरबी तफ़सीरें:
فَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ وَكُن مِّنَ ٱلسَّٰجِدِينَ
Enti wodeε bᴐ wo Wura Nyankopͻn abodin na kamfo no, na ka wͻn a wͻde wͻn anim butu fͻm no ho.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱعۡبُدۡ رَبَّكَ حَتَّىٰ يَأۡتِيَكَ ٱلۡيَقِينُ
Na som wo Wura Nyankopͻn kͻpem sε (deε εda biribiara adi) pefee no bεba wo soͻ.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: सूरा अल्-ह़िज्र
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अशांति अनुवाद - अनुवादों की सूची

पवित्र क़ुरआन के अर्थों का अशांति अनुवाद - अनुवादक : शैख़ हारून इसमाईल

बंद करें