क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अशांति अनुवाद * - अनुवादों की सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थों का अनुवाद सूरा: सूरा ताहा   आयत:

Toahaa

طه
Toaa - Haa
अरबी तफ़सीरें:
مَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡقُرۡءَانَ لِتَشۡقَىٰٓ
(Nkͻmhyεni) Yɛansiane Qur’aan amma wo sεdeε wobεsopa.
अरबी तफ़सीरें:
إِلَّا تَذۡكِرَةٗ لِّمَن يَخۡشَىٰ
Na mmom εyε afutusεm dema obi a osuro Nyankopͻn.
अरबी तफ़सीरें:
تَنزِيلٗا مِّمَّنۡ خَلَقَ ٱلۡأَرۡضَ وَٱلسَّمَٰوَٰتِ ٱلۡعُلَى
Ɛyε Adiyisεm a efri Nea Ɔbͻͻ asaase ne ͻsoro a εkorͻn no hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
ٱلرَّحۡمَٰنُ عَلَى ٱلۡعَرۡشِ ٱسۡتَوَىٰ
Ahummͻborͻ Hene no a, Ɔte tumi ahennwa no soͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا وَمَا تَحۡتَ ٱلثَّرَىٰ
Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so, ne deε εwͻ ne mmienu mfinifii ne deε εwͻ asaase ase nyinaa yε Ne dea.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِن تَجۡهَرۡ بِٱلۡقَوۡلِ فَإِنَّهُۥ يَعۡلَمُ ٱلسِّرَّ وَأَخۡفَى
Sε woka asεm bi ma no pue a, nokorε sε Onim kokoa mu asԑm ne deε asuma kyԑn saa (nyinaa).
अरबी तफ़सीरें:
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ لَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰ
Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na abodin pa nyinaa wͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
وَهَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ مُوسَىٰٓ
Enti Mose ho asεm no abɛduru wo hͻ?
अरबी तफ़सीरें:
إِذۡ رَءَا نَارٗا فَقَالَ لِأَهۡلِهِ ٱمۡكُثُوٓاْ إِنِّيٓ ءَانَسۡتُ نَارٗا لَّعَلِّيٓ ءَاتِيكُم مِّنۡهَا بِقَبَسٍ أَوۡ أَجِدُ عَلَى ٱلنَّارِ هُدٗى
Ɛberε a ohunuu egya bi, ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn, nokorε sε mahunu egya bi, na ebia mede gya-sramma bi befri mu abrε mo, anaasε menya kwan kyerε bi wͻ ogya no ho.
अरबी तफ़सीरें:
فَلَمَّآ أَتَىٰهَا نُودِيَ يَٰمُوسَىٰٓ
Ԑberε a ͻbaa (egya no) ho no, εnee bi frεε (no) sε: “ Musa !”
अरबी तफ़सीरें:
إِنِّيٓ أَنَا۠ رَبُّكَ فَٱخۡلَعۡ نَعۡلَيۡكَ إِنَّكَ بِٱلۡوَادِ ٱلۡمُقَدَّسِ طُوٗى
Nokorε sε, Me ne wo Wura Nyankopͻn no, enti worͻ wo mpaboa no, efrisε wo wͻ eku anaasε bonhwa kronkron Tuwa no mu.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَنَا ٱخۡتَرۡتُكَ فَٱسۡتَمِعۡ لِمَا يُوحَىٰٓ
Mayi wo (sε Me somafoͻ) enti tie Adiyisεm a yεreyi (akyerε woͻ no):
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّنِيٓ أَنَا ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّآ أَنَا۠ فَٱعۡبُدۡنِي وَأَقِمِ ٱلصَّلَوٰةَ لِذِكۡرِيٓ
“Nokorε sε, Me ne Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Menko ara, enti som Me, na frε Nyame fa kaekae Me “.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ ٱلسَّاعَةَ ءَاتِيَةٌ أَكَادُ أُخۡفِيهَا لِتُجۡزَىٰ كُلُّ نَفۡسِۭ بِمَا تَسۡعَىٰ
Nokorε sε Dͻnhwere no reba, aka kakraabi sε Mada no adi sεdeε Metua ͻkra biara mmͻdemmͻ a, ͻbͻeε no so ka.
अरबी तफ़सीरें:
فَلَا يَصُدَّنَّكَ عَنۡهَا مَن لَّا يُؤۡمِنُ بِهَا وَٱتَّبَعَ هَوَىٰهُ فَتَرۡدَىٰ
Enti hwε na wamma obi a ͻnnye nnie, na odi n’apεdeε akyire no antwe wo amfri (Nokorε no) ho amma wannkͻsopa.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَا تِلۡكَ بِيَمِينِكَ يَٰمُوسَىٰ
“Mose, εdeεn na εwͻ wo nsa nifa mu no?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ هِيَ عَصَايَ أَتَوَكَّؤُاْ عَلَيۡهَا وَأَهُشُّ بِهَا عَلَىٰ غَنَمِي وَلِيَ فِيهَا مَـَٔارِبُ أُخۡرَىٰ
Mose kaa sε: “Ɛyε me poma: Metu twene no, mede bubu wira ma m'ayεmmoa, na mewͻ nneεma foforͻ bi nso a me de yε “.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ أَلۡقِهَا يَٰمُوسَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: “Mose, fa to fͻm .“
अरबी तफ़सीरें:
فَأَلۡقَىٰهَا فَإِذَا هِيَ حَيَّةٞ تَسۡعَىٰ
Enti ͻto twenee fͻm, na hwε; ͻwͻ a ͻretwe ne ho aseε bi nie.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ خُذۡهَا وَلَا تَخَفۡۖ سَنُعِيدُهَا سِيرَتَهَا ٱلۡأُولَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: “Sͻ no mu, ensuro. Yεbεsan de no aba sεdeε na ͻteε kane no ara.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱضۡمُمۡ يَدَكَ إِلَىٰ جَنَاحِكَ تَخۡرُجۡ بَيۡضَآءَ مِنۡ غَيۡرِ سُوٓءٍ ءَايَةً أُخۡرَىٰ
Twe wonsa bra wo nkyεn mu, εbepue aba fitaa a ͻhaw biara nni ho, (woi nso) yε nsεnkyerεnee foforͻ;
अरबी तफ़सीरें:
لِنُرِيَكَ مِنۡ ءَايَٰتِنَا ٱلۡكُبۡرَى
Sεdeε Yεbεkyerε wo Yεn nsεnkyerεnee akεseε no mu bie.
अरबी तफ़सीरें:
ٱذۡهَبۡ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ إِنَّهُۥ طَغَىٰ
Kͻ Farao hͻ, nokorε sε wayε bͻne atra so.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ رَبِّ ٱشۡرَحۡ لِي صَدۡرِي
(Mose) kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, bue m'akoma mu ma me,
अरबी तफ़सीरें:
وَيَسِّرۡ لِيٓ أَمۡرِي
Na ma me dwumadie yi nyε bͻkͻͻ ma me.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱحۡلُلۡ عُقۡدَةٗ مِّن لِّسَانِي
Na sane apͻ a εwͻ me kεterεma soͻ no,
अरबी तफ़सीरें:
يَفۡقَهُواْ قَوۡلِي
Sεdeε wͻbεte m’asεm aseε.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱجۡعَل لِّي وَزِيرٗا مِّنۡ أَهۡلِي
Na mame boafoͻ fri m’abusua mu
अरबी तफ़सीरें:
هَٰرُونَ أَخِي
(a, ͻne) Me nua Aaron,
अरबी तफ़सीरें:
ٱشۡدُدۡ بِهِۦٓ أَزۡرِي
Na fa no so hyε me den,
अरबी तफ़सीरें:
وَأَشۡرِكۡهُ فِيٓ أَمۡرِي
Na fa no bata me dwumadie no ho,
अरबी तफ़सीरें:
كَيۡ نُسَبِّحَكَ كَثِيرٗا
Sεdeε yεbεbͻ wo abodin kεse,
अरबी तफ़सीरें:
وَنَذۡكُرَكَ كَثِيرًا
Na yɛakaekae wo kεse.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّكَ كُنتَ بِنَا بَصِيرٗا
Nokorε sε Wo na Wohu yεn (aberε biara).
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ قَدۡ أُوتِيتَ سُؤۡلَكَ يَٰمُوسَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: ”Mose, ampa sε yεde w’abisa deε no ama wo“.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ مَنَنَّا عَلَيۡكَ مَرَّةً أُخۡرَىٰٓ
Ampa nso sε, Yεde Y’adom ama wo pεn wͻ εberε bi.
अरबी तफ़सीरें:
إِذۡ أَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰٓ أُمِّكَ مَا يُوحَىٰٓ
Ɛberε a Yεnam yikyerε so yi kyerεε wo maame-
अरबी तफ़सीरें:
أَنِ ٱقۡذِفِيهِ فِي ٱلتَّابُوتِ فَٱقۡذِفِيهِ فِي ٱلۡيَمِّ فَلۡيُلۡقِهِ ٱلۡيَمُّ بِٱلسَّاحِلِ يَأۡخُذۡهُ عَدُوّٞ لِّي وَعَدُوّٞ لَّهُۥۚ وَأَلۡقَيۡتُ عَلَيۡكَ مَحَبَّةٗ مِّنِّي وَلِتُصۡنَعَ عَلَىٰ عَيۡنِيٓ
Sε: “Fa no to adaka mu, na fa no si nsuo no mu, na nsuo no de no bεba kokoͻ so, na Metamfo ne ne tamfo bεfa no. Na Mede Me ho dͻ maa wo, sεdeε yεbεtete wo wͻ M’ani soͻ (anaasε abrε a M’ani tua).
अरबी तफ़सीरें:
إِذۡ تَمۡشِيٓ أُخۡتُكَ فَتَقُولُ هَلۡ أَدُلُّكُمۡ عَلَىٰ مَن يَكۡفُلُهُۥۖ فَرَجَعۡنَٰكَ إِلَىٰٓ أُمِّكَ كَيۡ تَقَرَّ عَيۡنُهَا وَلَا تَحۡزَنَۚ وَقَتَلۡتَ نَفۡسٗا فَنَجَّيۡنَٰكَ مِنَ ٱلۡغَمِّ وَفَتَنَّٰكَ فُتُونٗاۚ فَلَبِثۡتَ سِنِينَ فِيٓ أَهۡلِ مَدۡيَنَ ثُمَّ جِئۡتَ عَلَىٰ قَدَرٖ يَٰمُوسَىٰ
Ɛberε a wo nua baa (Mar’yam) kͻkaa sε: “Menkyerε mo nea ͻbεhwε no ama mo? Enti Yεsan de wo brεε wo maame, sεdeε n’ani bεgyeε, na ne werε nhoͻ. Wokum onipa, na Yεgyee wo frii awerεhoͻ mu, na Yεde nsͻhwε sͻͻ wo hwεe. Na wotenaa Mad’yanfoͻ no mu mfeɛ bi mu. Afei Mose, wobaa ha sεdeε yɛahyehyε.
अरबी तफ़सीरें:
وَٱصۡطَنَعۡتُكَ لِنَفۡسِي
Matu wo ama Me ho (ayε wo Me somafoͻ).
अरबी तफ़सीरें:
ٱذۡهَبۡ أَنتَ وَأَخُوكَ بِـَٔايَٰتِي وَلَا تَنِيَا فِي ذِكۡرِي
Wo ne wo nua (Aaron) momfa Me nsεnkyerεnee nkͻ (Farao) hͻ, na monhwε na moammu mo ani annwu Me ho nkaekaeε so.
अरबी तफ़सीरें:
ٱذۡهَبَآ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ إِنَّهُۥ طَغَىٰ
Monkͻ (Farao) hͻ. Nokorε sε wayε bͻne atra so.
अरबी तफ़सीरें:
فَقُولَا لَهُۥ قَوۡلٗا لَّيِّنٗا لَّعَلَّهُۥ يَتَذَكَّرُ أَوۡ يَخۡشَىٰ
Monka kasa a emu dwoͻ nkyerε no, na ebia ͻbεfa afutuo no, anaasε ͻbesuro (Nyame).
अरबी तफ़सीरें:
قَالَا رَبَّنَآ إِنَّنَا نَخَافُ أَن يَفۡرُطَ عَلَيۡنَآ أَوۡ أَن يَطۡغَىٰ
Wͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε, yɛsuro sε anhwε a ͻde ntԑmpԑ ato ahyԑ yԑn so anaasε ͻde asoͻden ayε bͻne bi ama aboroso“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ لَا تَخَافَآۖ إِنَّنِي مَعَكُمَآ أَسۡمَعُ وَأَرَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛmma monsuro, efrisε Meka mo ho, Mete na Mehunu nso.
अरबी तफ़सीरें:
فَأۡتِيَاهُ فَقُولَآ إِنَّا رَسُولَا رَبِّكَ فَأَرۡسِلۡ مَعَنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَلَا تُعَذِّبۡهُمۡۖ قَدۡ جِئۡنَٰكَ بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّكَۖ وَٱلسَّلَٰمُ عَلَىٰ مَنِ ٱتَّبَعَ ٱلۡهُدَىٰٓ
Enti monkͻ ne hͻ, na monka sε: “Nokorε sε yεyε wo Wura Nyankopͻn n'asomafoͻ, enti fa Israel mma no ma yεn; na εnhyε wͻn aniεyaa. Ampa sε yεde nsεnkyerεnee fri wo Wura Nyankopͻn hͻ aberε wo. Asomdwoeε no wͻ obia odi tenenee no akyi so.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّا قَدۡ أُوحِيَ إِلَيۡنَآ أَنَّ ٱلۡعَذَابَ عَلَىٰ مَن كَذَّبَ وَتَوَلَّىٰ
Ampa sε, yɛayi akyerε yεn sε, asotwee da obia ͻbεbu (Asεm) yi atorͻsεm adane n’akyi ama no so.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَمَن رَّبُّكُمَا يَٰمُوسَىٰ
Farao kaa sε: “Mose, enti hwan ne mo mmienu Wura Nyankopͻn no?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ رَبُّنَا ٱلَّذِيٓ أَعۡطَىٰ كُلَّ شَيۡءٍ خَلۡقَهُۥ ثُمَّ هَدَىٰ
Mose buaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn no ne Nea Ɔde ade biara ma sεdeε ne mmͻeε ne ne su siteε, εna Ɔsan kyerε (no) kwan tenenee.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَمَا بَالُ ٱلۡقُرُونِ ٱلۡأُولَىٰ
Farao kaa sε: “Enti tetefoͻ awoͻ ntoatoasoͻ no nso ho asεm te sεn?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ عِلۡمُهَا عِندَ رَبِّي فِي كِتَٰبٖۖ لَّا يَضِلُّ رَبِّي وَلَا يَنسَى
Mose kaa sε: “Ɛno ho nimdeε wͻ Nwoma mu wͻ me Wura Nyankopͻn hͻ; me Wura Nyankopͻn nyε mfomsoͻ, na Ne werε mmfi nso”.
अरबी तफ़सीरें:
ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ مَهۡدٗا وَسَلَكَ لَكُمۡ فِيهَا سُبُلٗا وَأَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦٓ أَزۡوَٰجٗا مِّن نَّبَاتٖ شَتَّىٰ
Ɔno na Wayε asaase atrε mu asε hͻ ama mo, εna Watwitwa akwan ato mu ama mo, εna Osiane nsuo fri soro, na Yεde ma nnuaba ahodoͻ fifiri mmienu mmienu (anini ne abedeε).
अरबी तफ़सीरें:
كُلُواْ وَٱرۡعَوۡاْ أَنۡعَٰمَكُمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّأُوْلِي ٱلنُّهَىٰ
Monidi na moma mo ayεmmoa nso nidi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwemmafoͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
۞ مِنۡهَا خَلَقۡنَٰكُمۡ وَفِيهَا نُعِيدُكُمۡ وَمِنۡهَا نُخۡرِجُكُمۡ تَارَةً أُخۡرَىٰ
{Asaase} mu na Yεbͻͻ mo firiiɛ, na emu na Yεbεma moasan akͻ, na emu na Yεbεsan ama mo apue afri wͻ εberε a εtͻso bio (no mu).
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ أَرَيۡنَٰهُ ءَايَٰتِنَا كُلَّهَا فَكَذَّبَ وَأَبَىٰ
Nokorε sε Yεde Yεn nsεnkyerεnee no nyinaa kyerεε Farao, nanso obuu no atorͻsεm na ͻpoe (wannye anni).
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ أَجِئۡتَنَا لِتُخۡرِجَنَا مِنۡ أَرۡضِنَا بِسِحۡرِكَ يَٰمُوسَىٰ
Ɔkaa sε: ”Mose, wode wo ntafowa aba rebɛtu yεn afri y’asaase so?”
अरबी तफ़सीरें:
فَلَنَأۡتِيَنَّكَ بِسِحۡرٖ مِّثۡلِهِۦ فَٱجۡعَلۡ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكَ مَوۡعِدٗا لَّا نُخۡلِفُهُۥ نَحۡنُ وَلَآ أَنتَ مَكَانٗا سُوٗى
Yεnso yεbyi ntafowa a εte saa akyerε wo, enti hyε berε to yε ne wo ntεm; yɛmmu so, wonso saa ara; (na yɛnhyia) wͻ bea a εyε pεpεεpε (ma yεn mmienu nyinaa).
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ مَوۡعِدُكُمۡ يَوۡمُ ٱلزِّينَةِ وَأَن يُحۡشَرَ ٱلنَّاسُ ضُحٗى
(Mose) kaa sε: ”Ɛberε a yεde ahyε mo no ne Afahyε da no, na ma amanfoͻ no nhyia anͻpa-wia berε (no mu)”.
अरबी तफ़सीरें:
فَتَوَلَّىٰ فِرۡعَوۡنُ فَجَمَعَ كَيۡدَهُۥ ثُمَّ أَتَىٰ
Enti Farao danee ne ho kͻ kͻbͻͻ ne pͻ na ͻsan bae.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ لَهُم مُّوسَىٰ وَيۡلَكُمۡ لَا تَفۡتَرُواْ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا فَيُسۡحِتَكُم بِعَذَابٖۖ وَقَدۡ خَابَ مَنِ ٱفۡتَرَىٰ
Mose ka kyerεε wͻn sε : “Adi ayε mo! Monhwε na moammͻ mo trim antwa nkontompo anto Nyankopͻn so, na anhwε a Ɔde asotwe bεtwe mo aso. Ampa sε obi a otwa nkontompo (to Nyankopͻn soͻ) no bɛdi nkoguo.
अरबी तफ़सीरें:
فَتَنَٰزَعُوٓاْ أَمۡرَهُم بَيۡنَهُمۡ وَأَسَرُّواْ ٱلنَّجۡوَىٰ
Enti wͻgyee wͻn ho akyinnye wͻ wͻn nsεm no ho (fa Mose ho), nanso wͻde wͻn agyinatuo no siεe.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُوٓاْ إِنۡ هَٰذَٰنِ لَسَٰحِرَٰنِ يُرِيدَانِ أَن يُخۡرِجَاكُم مِّنۡ أَرۡضِكُم بِسِحۡرِهِمَا وَيَذۡهَبَا بِطَرِيقَتِكُمُ ٱلۡمُثۡلَىٰ
Wͻkaa sε: “Nokorε mu, saa nnipa mmienu yi yε ntafowayifoͻ mmienu a wͻpεsε wͻde wͻn ntafowa no bɛtu mo fri mo asaase soͻ na wͻyi mo amammerε pa no fri hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
فَأَجۡمِعُواْ كَيۡدَكُمۡ ثُمَّ ٱئۡتُواْ صَفّٗاۚ وَقَدۡ أَفۡلَحَ ٱلۡيَوۡمَ مَنِ ٱسۡتَعۡلَىٰ
Enti momoa adwen (a mowᴐ) nyinaa ano na monto santen mmra, na ampa sε obi a obedi nkonim nnε no benya sadeε“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ يَٰمُوسَىٰٓ إِمَّآ أَن تُلۡقِيَ وَإِمَّآ أَن نَّكُونَ أَوَّلَ مَنۡ أَلۡقَىٰ
Wͻkaa sε: “Mose, wona (wobɛdi kan) atoͻ anaasε yεn na yɛni kan ntoͻ?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ بَلۡ أَلۡقُواْۖ فَإِذَا حِبَالُهُمۡ وَعِصِيُّهُمۡ يُخَيَّلُ إِلَيۡهِ مِن سِحۡرِهِمۡ أَنَّهَا تَسۡعَىٰ
Mose kaa sε: “Daabi, (moni kan) nto. Na hwε (εberε a wͻtoeε no) wͻn ntafowa no maa wͻn nhoma ne wͻn mmaa no daa adi maa no yεε sεdeε εrekͻ ntεntεm no.
अरबी तफ़सीरें:
فَأَوۡجَسَ فِي نَفۡسِهِۦ خِيفَةٗ مُّوسَىٰ
Enti Mose nyaa hu bͻ bi wͻ ne mu.
अरबी तफ़सीरें:
قُلۡنَا لَا تَخَفۡ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡأَعۡلَىٰ
Yεkaa sε: “Ensuro, nokorε sε wo na wadi nkonim anaasε wo na wo wͻ soͻ”.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَلۡقِ مَا فِي يَمِينِكَ تَلۡقَفۡ مَا صَنَعُوٓاْۖ إِنَّمَا صَنَعُواْ كَيۡدُ سَٰحِرٖۖ وَلَا يُفۡلِحُ ٱلسَّاحِرُ حَيۡثُ أَتَىٰ
Fa deε εwͻ wonsa nifa mu no to fͻm na εbεmemene deε wͻn ayε no. Deε wͻn ayε no yε ntafowayifoͻ naadaa akwan. Babiara a ntafowayini bi befri aba biara no onni nkonim.
अरबी तफ़सीरें:
فَأُلۡقِيَ ٱلسَّحَرَةُ سُجَّدٗا قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِرَبِّ هَٰرُونَ وَمُوسَىٰ
Enti ntafowayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm kaa sε. “Yɛagye Aaron ne Mose Wura Nyankopͻn no adi “.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ ءَامَنتُمۡ لَهُۥ قَبۡلَ أَنۡ ءَاذَنَ لَكُمۡۖ إِنَّهُۥ لَكَبِيرُكُمُ ٱلَّذِي عَلَّمَكُمُ ٱلسِّحۡرَۖ فَلَأُقَطِّعَنَّ أَيۡدِيَكُمۡ وَأَرۡجُلَكُم مِّنۡ خِلَٰفٖ وَلَأُصَلِّبَنَّكُمۡ فِي جُذُوعِ ٱلنَّخۡلِ وَلَتَعۡلَمُنَّ أَيُّنَآ أَشَدُّ عَذَابٗا وَأَبۡقَىٰ
Farao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a me mmaa mo kwan? Nokorε sε, ͻne mo panin a ͻkyerεε mo ntafowa yie. Enti mɛtwitwa mo nsa ne mo nan abͻ no abira na mabͻ mo asennua mu wͻ akyeresua dua ho, ama moahu nokorε sε, yεn mu nea ͻwͻ asotwee a, ano yε den, na εkyε“.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ لَن نُّؤۡثِرَكَ عَلَىٰ مَا جَآءَنَا مِنَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلَّذِي فَطَرَنَاۖ فَٱقۡضِ مَآ أَنتَ قَاضٍۖ إِنَّمَا تَقۡضِي هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَآ
Wͻkaa sε: “Yɛntumi nnyi wo (Farao) na yɛnnyae nsεnkyerεnee pefee a aba yεn hͻ, ne (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ yεn no, enti atemmuo (biara) a wowͻ bu (tia yεn no) bu (tia yεn). Wiase asetena yi mu atemmuo na wobɛtumi abuo”.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّآ ءَامَنَّا بِرَبِّنَا لِيَغۡفِرَ لَنَا خَطَٰيَٰنَا وَمَآ أَكۡرَهۡتَنَا عَلَيۡهِ مِنَ ٱلسِّحۡرِۗ وَٱللَّهُ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰٓ
Nokorε sε, yɛagye yɛ Wura Nyankopͻn no adi sεdeε Ɔde yεn mfomsoͻ bεkyε yεn, ne ntafowa yie a wohyεε yεn wͻ ho no. Nyankopͻn na ͻyε (kyεn wo Farao wͻ akatua pa mu) na (N’asotwee nso na) εwͻ hͻ daa”.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّهُۥ مَن يَأۡتِ رَبَّهُۥ مُجۡرِمٗا فَإِنَّ لَهُۥ جَهَنَّمَ لَا يَمُوتُ فِيهَا وَلَا يَحۡيَىٰ
Nokorε sε, obia ͻbεba ne Wura Nyankopͻn hͻ na ͻyε bͻneεni no, nokorε sε Amane hunu gya no wͻ hͻ ma no. Onnwu wᴐ egya no mu, na onya nkwa nso.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَن يَأۡتِهِۦ مُؤۡمِنٗا قَدۡ عَمِلَ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمُ ٱلدَّرَجَٰتُ ٱلۡعُلَىٰ
Na obia ͻde gyedie bεba Ne hͻ na wadi dwumapa no, saa nkorͻfoͻ no na gyinaberε a εkorͻn no wͻ wͻn.
अरबी तफ़सीरें:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ وَذَٰلِكَ جَزَآءُ مَن تَزَكَّىٰ
Aheman a εwͻ hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no, emu na wͻbεtena afe bͻͻ. Ɛno ne wͻn a wͻyεε kronkron no akatua.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ أَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ أَنۡ أَسۡرِ بِعِبَادِي فَٱضۡرِبۡ لَهُمۡ طَرِيقٗا فِي ٱلۡبَحۡرِ يَبَسٗا لَّا تَخَٰفُ دَرَكٗا وَلَا تَخۡشَىٰ
Ampa, Yɛyi kyerεε Mose sε: “Fa Me nkoa no tu kwan anadwo, na pae εkwan a εso awoͻ ma wͻn wͻ ͻpo no mu, na ensuro sε (Farao ne n’asraafoͻ no) bεto (woͻ), na ensuro nso (sε nsuo bεfa woͻ).
अरबी तफ़सीरें:
فَأَتۡبَعَهُمۡ فِرۡعَوۡنُ بِجُنُودِهِۦ فَغَشِيَهُم مِّنَ ٱلۡيَمِّ مَا غَشِيَهُمۡ
Farao de n’asraafoͻ tii wͻn, enti nsuo yiri faa wͻn na εkataa wͻn so korakorakora.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَضَلَّ فِرۡعَوۡنُ قَوۡمَهُۥ وَمَا هَدَىٰ
Farao yeraa ne nkorͻfoͻ, na wankyerε wͻn kwan tenenee.
अरबी तफ़सीरें:
يَٰبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ قَدۡ أَنجَيۡنَٰكُم مِّنۡ عَدُوِّكُمۡ وَوَٰعَدۡنَٰكُمۡ جَانِبَ ٱلطُّورِ ٱلۡأَيۡمَنَ وَنَزَّلۡنَا عَلَيۡكُمُ ٱلۡمَنَّ وَٱلسَّلۡوَىٰ
Israel mma, nokorε sε Yεgyee mo frii mo atamfo nsam, εna Yεne mo yεε apam wͻ bepͻ Sinia nifa so, na Yɛsianee Mana ne Salwa maa mo,
अरबी तफ़सीरें:
كُلُواْ مِن طَيِّبَٰتِ مَا رَزَقۡنَٰكُمۡ وَلَا تَطۡغَوۡاْ فِيهِ فَيَحِلَّ عَلَيۡكُمۡ غَضَبِيۖ وَمَن يَحۡلِلۡ عَلَيۡهِ غَضَبِي فَقَدۡ هَوَىٰ
(Kaa sε): ”Monidi mfri nnepa a Yεde abͻ mo akͻnhoma no mu, na monhwε na moanyε ho asoͻden, anyε saa a M’abufuo bεba mo so, na obi a M’abufuo bεba ne soͻ no, nokorε sε wasopa “.
अरबी तफ़सीरें:
وَإِنِّي لَغَفَّارٞ لِّمَن تَابَ وَءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا ثُمَّ ٱهۡتَدَىٰ
Nokorε sε, Mena Mede obia ͻsakra n’adwen, na ͻgye die, na odi dwumapa, na ͻfa ͻkwan tenenee no soͻ no bͻne kyε no.
अरबी तफ़सीरें:
۞ وَمَآ أَعۡجَلَكَ عَن قَوۡمِكَ يَٰمُوسَىٰ
(Ɛberε a Mose kͻͻ bepͻ no so hͻ no Nyame bisaa no sε) : “Mose, εdeεn nti na wode ntεmpε afri wo nkorͻfoͻ no hͻ yi? “
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ هُمۡ أُوْلَآءِ عَلَىٰٓ أَثَرِي وَعَجِلۡتُ إِلَيۡكَ رَبِّ لِتَرۡضَىٰ
Ɔkaa sε: “Wͻnam manamͻn so di m’akyi, na me Wura Nyankopͻn, meyεε ntεm baa Wo hͻ sεdeε wobεgye me ato mu”.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَإِنَّا قَدۡ فَتَنَّا قَوۡمَكَ مِنۢ بَعۡدِكَ وَأَضَلَّهُمُ ٱلسَّامِرِيُّ
(Nyankopͻn) kaa sε: “Nokorε Yɛayε wo nkorͻfoͻ no nsͻhwε wͻ w’akyi, na Saamiri ayera wͻn“.
अरबी तफ़सीरें:
فَرَجَعَ مُوسَىٰٓ إِلَىٰ قَوۡمِهِۦ غَضۡبَٰنَ أَسِفٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ أَلَمۡ يَعِدۡكُمۡ رَبُّكُمۡ وَعۡدًا حَسَنًاۚ أَفَطَالَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡعَهۡدُ أَمۡ أَرَدتُّمۡ أَن يَحِلَّ عَلَيۡكُمۡ غَضَبٞ مِّن رَّبِّكُمۡ فَأَخۡلَفۡتُم مَّوۡعِدِي
Mose de abufuo ne awerεhoͻ san baa ne nkorͻfoͻ no hͻ. Ɔkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, enti mo Wura Nyankopͻn anhyε mo bͻ pa? Anaasε bͻhyε no berε no kwan ware ma mo anaa, anaasε mopεsε abufuo a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ no ba mo soͻ, enti na mobuu bͻhyε a (moahyε) me no soͻ?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ مَآ أَخۡلَفۡنَا مَوۡعِدَكَ بِمَلۡكِنَا وَلَٰكِنَّا حُمِّلۡنَآ أَوۡزَارٗا مِّن زِينَةِ ٱلۡقَوۡمِ فَقَذَفۡنَٰهَا فَكَذَٰلِكَ أَلۡقَى ٱلسَّامِرِيُّ
Wͻkaa sε: “Ɛnyε yɛtumi mu na yεde buu bͻhyε a (yɛahyε) woͻ no soͻ, na mmon yεde (Farao) nkorͻfoͻ no agudeε adesoa no soaa yεn, na yεto guu (ogya mu) na adwen a Saamirii de baeε ne no.
अरबी तफ़सीरें:
فَأَخۡرَجَ لَهُمۡ عِجۡلٗا جَسَدٗا لَّهُۥ خُوَارٞ فَقَالُواْ هَٰذَآ إِلَٰهُكُمۡ وَإِلَٰهُ مُوسَىٰ فَنَسِيَ
Oyii nantwi bedeε honam a εwͻ nnee (frii ogya no mu) maa wͻn, ԑna wͻkaa sε: ”Woi ne mo nyame no ne Mose nyame no, nanso (Mose) werε afi “
अरबी तफ़सीरें:
أَفَلَا يَرَوۡنَ أَلَّا يَرۡجِعُ إِلَيۡهِمۡ قَوۡلٗا وَلَا يَمۡلِكُ لَهُمۡ ضَرّٗا وَلَا نَفۡعٗا
Enti wͻnhunu sε (nantwie no) mma wͻn asεm biara ho mmuaeε, na enni tumi bi a εde ͻhaw anaasε mfasoͻ bi berε wͻn?”
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ قَالَ لَهُمۡ هَٰرُونُ مِن قَبۡلُ يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا فُتِنتُم بِهِۦۖ وَإِنَّ رَبَّكُمُ ٱلرَّحۡمَٰنُ فَٱتَّبِعُونِي وَأَطِيعُوٓاْ أَمۡرِي
Ampa sε Aaron dii kan ka kyerεε wͻn sε: “Me nkorͻfoͻ, yεde woi ayε mo nsͻhwε, mo Wura no ne Ahummͻborͻ Hene no, enti moni m’akyi na moni m’ahyεdeε so “.
अरबी तफ़सीरें:
قَالُواْ لَن نَّبۡرَحَ عَلَيۡهِ عَٰكِفِينَ حَتَّىٰ يَرۡجِعَ إِلَيۡنَا مُوسَىٰ
Wͻkaa sε: “Yɛnnyae (nantwi bedeε) no som kͻpem sε, Mose bεsan aba yεn hͻ.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ يَٰهَٰرُونُ مَا مَنَعَكَ إِذۡ رَأَيۡتَهُمۡ ضَلُّوٓاْ
(Mose san baeε no) ͻkaa sε: “Aaron, εdeεn na esii wo kwan (na wantea wͻn) wͻ εberε a wohunuu sε wͻreyera,
अरबी तफ़सीरें:
أَلَّا تَتَّبِعَنِۖ أَفَعَصَيۡتَ أَمۡرِي
Na wanni m’akyi (sεdeε mehyεε woͻ)? Enti wabu m’ahyedeε so?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ يَبۡنَؤُمَّ لَا تَأۡخُذۡ بِلِحۡيَتِي وَلَا بِرَأۡسِيٓۖ إِنِّي خَشِيتُ أَن تَقُولَ فَرَّقۡتَ بَيۡنَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَلَمۡ تَرۡقُبۡ قَوۡلِي
(Aaron) kaa sε: ”Eno ba, mpari nnsͻ meti anaa m'abͻdwesε mu. Nokorε sε, na mesuro sε, anhwε a waka sε: “Wama mpaepaemu aba Israel mma no ntεm, na woantwεn m’asεm a mεka “.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَمَا خَطۡبُكَ يَٰسَٰمِرِيُّ
(Mose) kaa sε: ”Saamiri, w’asεm ne sεn?” (Anaasε εdeεn nti na woyεε saa)?
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ بَصُرۡتُ بِمَا لَمۡ يَبۡصُرُواْ بِهِۦ فَقَبَضۡتُ قَبۡضَةٗ مِّنۡ أَثَرِ ٱلرَّسُولِ فَنَبَذۡتُهَا وَكَذَٰلِكَ سَوَّلَتۡ لِي نَفۡسِي
Ɔkaa sε ”Mehunuu deε wͻn nhunuiε, enti me saa (mfuturo) me nsa mma frii ͻbͻfoͻ no anamͻn so, εna meto guu (ogya no a Farao nkorͻfoͻ no agudeε no wͻ mu no mu), na deε m'adwen kyerεε me ne no “.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ فَٱذۡهَبۡ فَإِنَّ لَكَ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ أَن تَقُولَ لَا مِسَاسَۖ وَإِنَّ لَكَ مَوۡعِدٗا لَّن تُخۡلَفَهُۥۖ وَٱنظُرۡ إِلَىٰٓ إِلَٰهِكَ ٱلَّذِي ظَلۡتَ عَلَيۡهِ عَاكِفٗاۖ لَّنُحَرِّقَنَّهُۥ ثُمَّ لَنَنسِفَنَّهُۥ فِي ٱلۡيَمِّ نَسۡفًا
(Mose) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ. (W’aso twee) wͻ asetena yi mu ne sε wobeka sε. “Ɛnsͻ me mu “. Wo wͻ bͻhyε a yɛmmu soͻ. Hwε wo nyame a wode wo ho ama no no, nokorε sε yεbεhye no na yɛato apete wͻ ͻpo no mu“.
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّمَآ إِلَٰهُكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۚ وَسِعَ كُلَّ شَيۡءٍ عِلۡمٗا
Mo Awurade no deε Ɔne Nyankopͻn no a awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara no, na (Ne) nimdeε trε (kata) biribiara soᴐ no.
अरबी तफ़सीरें:
كَذَٰلِكَ نَقُصُّ عَلَيۡكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ مَا قَدۡ سَبَقَۚ وَقَدۡ ءَاتَيۡنَٰكَ مِن لَّدُنَّا ذِكۡرٗا
(Ɔkͻmhyεni), saa na Yεrebͻ wo nsεm a asi atwamu no ho amaneε. Ampa sε Yεde Afutusεm fri Yεn hͻ ama wo.
अरबी तफ़सीरें:
مَّنۡ أَعۡرَضَ عَنۡهُ فَإِنَّهُۥ يَحۡمِلُ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وِزۡرًا
Na obiara a ͻbεdane ne ho afri ho no, nokorε sε wͻbεsoa adesoa a emu yε duro wͻ Wusͻreε Da no;
अरबी तफ़सीरें:
خَٰلِدِينَ فِيهِۖ وَسَآءَ لَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ حِمۡلٗا
Emu na wͻbεtena, na εbεyε adesoa bͻne ama wͻn wͻ Wusͻreε da no -,
अरबी तफ़सीरें:
يَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِۚ وَنَحۡشُرُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ يَوۡمَئِذٖ زُرۡقٗا
Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu (deε εtͻ so mprenu no), saa Da no Yεbεboa abͻneεfoͻ no ano, wͻn ani bεyε (tumm) tesε bibire.
अरबी तफ़सीरें:
يَتَخَٰفَتُونَ بَيۡنَهُمۡ إِن لَّبِثۡتُمۡ إِلَّا عَشۡرٗا
Wͻbεbrε wͻn nne ase akasa akyerε wͻn ho sε: “Motenaa (wiase) bεyε dadu bi “.
अरबी तफ़सीरें:
نَّحۡنُ أَعۡلَمُ بِمَا يَقُولُونَ إِذۡ يَقُولُ أَمۡثَلُهُمۡ طَرِيقَةً إِن لَّبِثۡتُمۡ إِلَّا يَوۡمٗا
Yɛnim deε wͻbεka, εberε a wͻn mu apapafoͻ a wͻnim de no bεka sε: “Motenaa bεyε dakoro bi “.
अरबी तफ़सीरें:
وَيَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلۡجِبَالِ فَقُلۡ يَنسِفُهَا رَبِّي نَسۡفٗا
(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo fa mmepͻ nso ho asεm. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn bɛbubu no gͻsͻgͻsͻ atu apete sε mfuturo.
अरबी तफ़सीरें:
فَيَذَرُهَا قَاعٗا صَفۡصَفٗا
Na Wama no adaso frεtεtεtεtε ayε no sε apaaso.
अरबी तफ़सीरें:
لَّا تَرَىٰ فِيهَا عِوَجٗا وَلَآ أَمۡتٗا
Wonhunu deε akyea anaa akontono wͻ so.
अरबी तफ़सीरें:
يَوۡمَئِذٖ يَتَّبِعُونَ ٱلدَّاعِيَ لَا عِوَجَ لَهُۥۖ وَخَشَعَتِ ٱلۡأَصۡوَاتُ لِلرَّحۡمَٰنِ فَلَا تَسۡمَعُ إِلَّا هَمۡسٗا
Saa Da no (adasamma nyinaa) bedi Ɔfrεfoͻ no a, (nefrε no) nkyea (nkͻ nifa anaa benkum) no akyi, na εnee (biara) bεberε ase ama Ahummͻborͻ Hene no, enti wonte hwee gyesε (nnipa) nan ase dede.
अरबी तफ़सीरें:
يَوۡمَئِذٖ لَّا تَنفَعُ ٱلشَّفَٰعَةُ إِلَّا مَنۡ أَذِنَ لَهُ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَرَضِيَ لَهُۥ قَوۡلٗا
Saa Da no ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ (mma obiara) gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan na Wagye N’asεm ato mu.
अरबी तफ़सीरें:
يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡ وَلَا يُحِيطُونَ بِهِۦ عِلۡمٗا
Onim deε εda wͻn anim (wͻ wiase) ne deε da wͻn akyi (wͻ Daakye Atemmuda), na wͻn nimdeε nnuru Ne nimdeε ho hwee.
अरबी तफ़सीरें:
۞ وَعَنَتِ ٱلۡوُجُوهُ لِلۡحَيِّ ٱلۡقَيُّومِۖ وَقَدۡ خَابَ مَنۡ حَمَلَ ظُلۡمٗا
Animu nyinaa bεberε wͻn ho ase ama Ɔteasefoͻ no a Ͻde Ne ho tene ho ase daa no. Na ampa sε obi a ͻso bͻne no adi nkoguo.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَن يَعۡمَلۡ مِنَ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَلَا يَخَافُ ظُلۡمٗا وَلَا هَضۡمٗا
Na obi a obedi dwuma pa, na ͻyε gyedieni no, onsuro sε yεbɛsisi no anaasε n’akatua so bεteε.
अरबी तफ़सीरें:
وَكَذَٰلِكَ أَنزَلۡنَٰهُ قُرۡءَانًا عَرَبِيّٗا وَصَرَّفۡنَا فِيهِ مِنَ ٱلۡوَعِيدِ لَعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ أَوۡ يُحۡدِثُ لَهُمۡ ذِكۡرٗا
Saa ara na Yɛasiane Qur’aan wͻ Arab kasa mu, εna Yɛakyerεkyerε kͻkͻbͻ no wͻ mu sεdeε wͻbεsuro Nyame anaasε εbεma wͻn afa adwen.
अरबी तफ़सीरें:
فَتَعَٰلَى ٱللَّهُ ٱلۡمَلِكُ ٱلۡحَقُّۗ وَلَا تَعۡجَلۡ بِٱلۡقُرۡءَانِ مِن قَبۡلِ أَن يُقۡضَىٰٓ إِلَيۡكَ وَحۡيُهُۥۖ وَقُل رَّبِّ زِدۡنِي عِلۡمٗا
Enti Nea Ͻyε Okokroko kyεn adeε nyinaa ara no Ɔne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ ne no. (Nkͻmhyεni), ansa na Qur’aan a yεresiane ama woͻ no bεhyε mma no, enni kan mmpere ho, na kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fa nimdeε (no bi) ka me ho “.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَقَدۡ عَهِدۡنَآ إِلَىٰٓ ءَادَمَ مِن قَبۡلُ فَنَسِيَ وَلَمۡ نَجِدۡ لَهُۥ عَزۡمٗا
Ampa sε Yɛdii kan ne Adam yεε apam na ne werε frii, Yɛanhunu sε na εyε no anidaaho (na εmaa no yεε asoᴐden).
अरबी तफ़सीरें:
وَإِذۡ قُلۡنَا لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ أَبَىٰ
(Kae) εberε a Yεka kyεrεε Soro abͻfoͻ no sε: “Mommrε mo ho ase mfa mo anim mmutu fͻm mma Adam, wɔde wͻn anim butuu fͻm (maa Adam), gyesε Iblis, wannyε.
अरबी तफ़सीरें:
فَقُلۡنَا يَٰٓـَٔادَمُ إِنَّ هَٰذَا عَدُوّٞ لَّكَ وَلِزَوۡجِكَ فَلَا يُخۡرِجَنَّكُمَا مِنَ ٱلۡجَنَّةِ فَتَشۡقَىٰٓ
Yεkaa sε : “Adam, woi yε ͻtamfo ma wo ne woyere, enti (monhwε yie na) wanntu mo amfri Turo no mu amma moanyε mmͻbͻ.”
अरबी तफ़सीरें:
إِنَّ لَكَ أَلَّا تَجُوعَ فِيهَا وَلَا تَعۡرَىٰ
Nokorε sε (Turo yi mu deε) εkͻm nne wo, na wonna adagya nso.
अरबी तफ़सीरें:
وَأَنَّكَ لَا تَظۡمَؤُاْ فِيهَا وَلَا تَضۡحَىٰ
Sukͻm nne wo, na awia nso nnhye wo.
अरबी तफ़सीरें:
فَوَسۡوَسَ إِلَيۡهِ ٱلشَّيۡطَٰنُ قَالَ يَٰٓـَٔادَمُ هَلۡ أَدُلُّكَ عَلَىٰ شَجَرَةِ ٱلۡخُلۡدِ وَمُلۡكٖ لَّا يَبۡلَىٰ
Nanso ͻbonsam bεdaadaa no, ͻkaa sε: “Adam menkyerε wo daa nkwa dua ne ahennie a εnsεe da no?”
अरबी तफ़सीरें:
فَأَكَلَا مِنۡهَا فَبَدَتۡ لَهُمَا سَوۡءَٰتُهُمَا وَطَفِقَا يَخۡصِفَانِ عَلَيۡهِمَا مِن وَرَقِ ٱلۡجَنَّةِۚ وَعَصَىٰٓ ءَادَمُ رَبَّهُۥ فَغَوَىٰ
Enti wͻn mmuienu dii (aduaba no) bi, na wͻn adagya daa adi, enti wͻfitii aseε de Turo no mu nhahan no bi kataa wͻn ho so. Adam yεε ne Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden, na ͻyerae.
अरबी तफ़सीरें:
ثُمَّ ٱجۡتَبَٰهُ رَبُّهُۥ فَتَابَ عَلَيۡهِ وَهَدَىٰ
Afei ne Wura Nyankopͻn yii no (sε nkͻmhyεni), de ne bͻne kyεε no, kyerεε (no) kwan.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ ٱهۡبِطَا مِنۡهَا جَمِيعَۢاۖ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٍ عَدُوّٞۖ فَإِمَّا يَأۡتِيَنَّكُم مِّنِّي هُدٗى فَمَنِ ٱتَّبَعَ هُدَايَ فَلَا يَضِلُّ وَلَا يَشۡقَىٰ
Nyankopͻn kaa sε: “Mo mmienu monsiane (nkͻ asaase so), moyε mo ho-mo ho atamfoͻ. Enti sε kwankyerε fri Me hͻ ba mo hͻ na obia ͻbɛdi Me kwankerε no akyire no, ͻnyera na ͻnyε mmͻbͻ nso.
अरबी तफ़सीरें:
وَمَنۡ أَعۡرَضَ عَن ذِكۡرِي فَإِنَّ لَهُۥ مَعِيشَةٗ ضَنكٗا وَنَحۡشُرُهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ أَعۡمَىٰ
Na obi a ͻbɛtwe ne ho afri M’afutusεm no ho no, obenya ahokyerɛ asetena, na Wusͻreε da no Yεbenyane no onifirani.
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ رَبِّ لِمَ حَشَرۡتَنِيٓ أَعۡمَىٰ وَقَدۡ كُنتُ بَصِيرٗا
Ɔbεka sε: “Me Wura Nyankopͻn adεn na Wanyane me onifirani wͻ aberε a na anka mehunu adeε?”
अरबी तफ़सीरें:
قَالَ كَذَٰلِكَ أَتَتۡكَ ءَايَٰتُنَا فَنَسِيتَهَاۖ وَكَذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمَ تُنسَىٰ
Onyankopͻn bεka sε: “Saa ara na Y’asεm baa wo hͻ, nanso wo werε firiiε, na saa ara na εnnε yεwerε afri woͻ “.
अरबी तफ़सीरें:
وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي مَنۡ أَسۡرَفَ وَلَمۡ يُؤۡمِنۢ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِۦۚ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَشَدُّ وَأَبۡقَىٰٓ
Saa ara na Yɛtua obi a odi bͻne na ͻnnye ne Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no so ka. Nokorε sε Daakye asotwee no ano yε den paa, na εwͻ hͻ daa.
अरबी तफ़सीरें:
أَفَلَمۡ يَهۡدِ لَهُمۡ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ يَمۡشُونَ فِي مَسَٰكِنِهِمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّأُوْلِي ٱلنُّهَىٰ
Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a Yɛadi wͻn anim kan asεe wͻn a wͻnenam faako a na wͻteteε no, εnyε kwankyerε (anaasε adesua) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwenmmafoᴐ no.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَكَانَ لِزَامٗا وَأَجَلٞ مُّسَمّٗى
Sε asεm no nnii kan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, εna yɛahyehyε εberε no nso ato hͻ a, anka (asotwee no) bԑyε hͻ (ama wͻn wͻ wiase ha).
अरबी तफ़सीरें:
فَٱصۡبِرۡ عَلَىٰ مَا يَقُولُونَ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ قَبۡلَ طُلُوعِ ٱلشَّمۡسِ وَقَبۡلَ غُرُوبِهَاۖ وَمِنۡ ءَانَآيِٕ ٱلَّيۡلِ فَسَبِّحۡ وَأَطۡرَافَ ٱلنَّهَارِ لَعَلَّكَ تَرۡضَىٰ
Enti (Ɔkͻmhyεni), wodeε nya deε wͻrekeka no ho aboterε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn no abodin ansa na awia apue, ansa na akͻtͻ, na bͻ no abodin anadwo dͻnhwere no bi mu, ne awia dͻnhwere no nso mu bi, sεdeε yεbεgye wo atom.
अरबी तफ़सीरें:
وَلَا تَمُدَّنَّ عَيۡنَيۡكَ إِلَىٰ مَا مَتَّعۡنَا بِهِۦٓ أَزۡوَٰجٗا مِّنۡهُمۡ زَهۡرَةَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا لِنَفۡتِنَهُمۡ فِيهِۚ وَرِزۡقُ رَبِّكَ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰ
Na εnnyene w’ani nnhwε deε Yεde ama wͻn mu akuakuo no mu bi no; (εyε) wiase afεfεdeε. (Yεde ama wͻn) sεdeε Yεde bεyε wͻn nsͻhwε. Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no (a Wahyε wo ho bͻ wͻ Atemmuda no, εno mmom) na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa.
अरबी तफ़सीरें:
وَأۡمُرۡ أَهۡلَكَ بِٱلصَّلَوٰةِ وَٱصۡطَبِرۡ عَلَيۡهَاۖ لَا نَسۡـَٔلُكَ رِزۡقٗاۖ نَّحۡنُ نَرۡزُقُكَۗ وَٱلۡعَٰقِبَةُ لِلتَّقۡوَىٰ
Na hyε w’abusuafoͻ ma wͻnfrε Nyame, na nya (Nyamefrε no) ho aboterε. Yɛmmisa wo akͻnhoma. Yεn mmom na Yεbͻ wo akͻnhoma. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no.
अरबी तफ़सीरें:
وَقَالُواْ لَوۡلَا يَأۡتِينَا بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّهِۦٓۚ أَوَلَمۡ تَأۡتِهِم بَيِّنَةُ مَا فِي ٱلصُّحُفِ ٱلۡأُولَىٰ
Deε wͻka ne sε: “Adεn na ͻmfa nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε yεn?“ Nkyerεkyerεmu anaa nyinasoͻ pefee a εwͻ Nwoma a edii kan no mu no mmaa wͻn hͻ?
अरबी तफ़सीरें:
وَلَوۡ أَنَّآ أَهۡلَكۡنَٰهُم بِعَذَابٖ مِّن قَبۡلِهِۦ لَقَالُواْ رَبَّنَا لَوۡلَآ أَرۡسَلۡتَ إِلَيۡنَا رَسُولٗا فَنَتَّبِعَ ءَايَٰتِكَ مِن قَبۡلِ أَن نَّذِلَّ وَنَخۡزَىٰ
Sε Yɛdii kan de asotwee sεee wͻn ansa na (Afutusεm) woi (reba) a, anka wͻbεkasε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, adεn nti na Wansoma ͻsomafoͻ bi wͻ yεn hͻ amma yɛanni W’asεm no akyi ansa na fεdeε ne animguaseε reto yεn?“.
अरबी तफ़सीरें:
قُلۡ كُلّٞ مُّتَرَبِّصٞ فَتَرَبَّصُواْۖ فَسَتَعۡلَمُونَ مَنۡ أَصۡحَٰبُ ٱلصِّرَٰطِ ٱلسَّوِيِّ وَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ
(Ɔkͻmhyεni), ka sε: “Obiara retwεn, enti monso montwεn na mobɛhu wͻn a wͻnam kwan pεpεεpε no soͻ ne obi a watene.
अरबी तफ़सीरें:
 
अर्थों का अनुवाद सूरा: सूरा ताहा
सूरों की सूची पृष्ठ संख्या
 
क़ुरआन के अर्थों का अनुवाद - अशांति अनुवाद - अनुवादों की सूची

पवित्र क़ुरआन के अर्थों का अशांति अनुवाद - अनुवादक : शैख़ हारून इसमाईल

बंद करें