Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Ashanti * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: Surah Luqmān   Ayah:

Lukman

الٓمٓ
Alif – Laam – Miim.
Tafsir berbahasa Arab:
تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡحَكِيمِ
Woi yε Nyansa, adwen ne nimdeε Nwoma no mu nsԑm.
Tafsir berbahasa Arab:
هُدٗى وَرَحۡمَةٗ لِّلۡمُحۡسِنِينَ
Ɛyε kwankyerε ne ahummͻborͻ de ma apapafoͻ no-:
Tafsir berbahasa Arab:
ٱلَّذِينَ يُقِيمُونَ ٱلصَّلَوٰةَ وَيُؤۡتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ هُمۡ يُوقِنُونَ
Wͻn a wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻyi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no.
Tafsir berbahasa Arab:
أُوْلَٰٓئِكَ عَلَىٰ هُدٗى مِّن رَّبِّهِمۡۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻnam kwan tenenee a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, na saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
Tafsir berbahasa Arab:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَشۡتَرِي لَهۡوَ ٱلۡحَدِيثِ لِيُضِلَّ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ بِغَيۡرِ عِلۡمٖ وَيَتَّخِذَهَا هُزُوًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٞ مُّهِينٞ
Nnipa no mu bi wͻ hͻ a wͻkͻtͻ ahuhusεm a nimdeε biara nni mu, sεdeε wͻde bεyera (amanfoͻ) afiri Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻfa (Nyankopͻn kwan no sε) agorͻ. Saa nkorͻfoͻ no benya animguaseε asotwee.
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِ ءَايَٰتُنَا وَلَّىٰ مُسۡتَكۡبِرٗا كَأَن لَّمۡ يَسۡمَعۡهَا كَأَنَّ فِيٓ أُذُنَيۡهِ وَقۡرٗاۖ فَبَشِّرۡهُ بِعَذَابٍ أَلِيمٍ
Sε yεrekenkan Yεn nsεm no kyerε no a ᴐde ahomasoᴐ dane ne ho kͻ, yε sεdeε ͻntee koraa, tesε deε akraa bi wͻ n’aso mu. Enti (Nkͻmhyεni), fa asotwee yaaya no hyԑ (saa nipa ) no bᴐ.
Tafsir berbahasa Arab:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمۡ جَنَّٰتُ ٱلنَّعِيمِ
Nokorε sε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, anigyeε Aheman no bεyε wͻn dea.
Tafsir berbahasa Arab:
خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٗاۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Emu na wͻbεtena afe bᴐᴐ. Ɛyε Nyankopͻn bͻhyε a εyε nokorε. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
Tafsir berbahasa Arab:
خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ بِغَيۡرِ عَمَدٖ تَرَوۡنَهَاۖ وَأَلۡقَىٰ فِي ٱلۡأَرۡضِ رَوَٰسِيَ أَن تَمِيدَ بِكُمۡ وَبَثَّ فِيهَا مِن كُلِّ دَآبَّةٖۚ وَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَنۢبَتۡنَا فِيهَا مِن كُلِّ زَوۡجٖ كَرِيمٍ
Wabɔ soro a adum biara nkuta mu a mohunu, εna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε (asaase no) nnwoso mo, εna Wama mmoadoma ahodoͻ pii ahwete wͻ soͻ, εna Yɛsiane nsuo firi soro de ma nnͻbaeε papa ahodoͻ nyinaa nyini.
Tafsir berbahasa Arab:
هَٰذَا خَلۡقُ ٱللَّهِ فَأَرُونِي مَاذَا خَلَقَ ٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦۚ بَلِ ٱلظَّٰلِمُونَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ
Woi yε Nyankopͻn abͻdeε. Enti monkyerε Me deε wͻn a wͻka Ne ho no nso abͻ. Daabi, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee paa mu.
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا لُقۡمَٰنَ ٱلۡحِكۡمَةَ أَنِ ٱشۡكُرۡ لِلَّهِۚ وَمَن يَشۡكُرۡ فَإِنَّمَا يَشۡكُرُ لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن كَفَرَ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَنِيٌّ حَمِيدٞ
Ampa sε, Yεmaa Luqmaan adwen ne Nyansa, (na yεka kyerεε no) sε: “Yi Nyankopͻn ayε. Na obi a ɔbɛyi Nyankopͻn ayε no, oyi ayε no de ma ͻno ara ne ho. Obi a ɔbɛyi boniayε no nso, nokorԑ sԑ Onyankopͻn ne Ͻdefo , Ɔne Ayeyie Wura “
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِذۡ قَالَ لُقۡمَٰنُ لِٱبۡنِهِۦ وَهُوَ يَعِظُهُۥ يَٰبُنَيَّ لَا تُشۡرِكۡ بِٱللَّهِۖ إِنَّ ٱلشِّرۡكَ لَظُلۡمٌ عَظِيمٞ
Kae εberε a Luq’maan ka kyerεε ne ba wͻ εberε a na ͻretu no foͻ no sε: ”Meba, hwε yie na woamfa biribi ammata Nyankopͻn ho. Nokorε sε, biribi a yεde bata Nyankopͻn ho no yε bͻne kεseε paa
Tafsir berbahasa Arab:
وَوَصَّيۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ بِوَٰلِدَيۡهِ حَمَلَتۡهُ أُمُّهُۥ وَهۡنًا عَلَىٰ وَهۡنٖ وَفِصَٰلُهُۥ فِي عَامَيۡنِ أَنِ ٱشۡكُرۡ لِي وَلِوَٰلِدَيۡكَ إِلَيَّ ٱلۡمَصِيرُ
Yɛatu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n’awofoͻ. Ne maame nyinsεn no wͻ ahometeε akyiri ahometeε mu, na mfie mmienu mu na yεde maa no nufoͻ. Enti fa aseda ma Mene w’awofoͻ. Me hͻ ne (obiara) nnkyi.
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِن جَٰهَدَاكَ عَلَىٰٓ أَن تُشۡرِكَ بِي مَا لَيۡسَ لَكَ بِهِۦ عِلۡمٞ فَلَا تُطِعۡهُمَاۖ وَصَاحِبۡهُمَا فِي ٱلدُّنۡيَا مَعۡرُوفٗاۖ وَٱتَّبِعۡ سَبِيلَ مَنۡ أَنَابَ إِلَيَّۚ ثُمَّ إِلَيَّ مَرۡجِعُكُمۡ فَأُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Na sε wͻko tia wo sε fa biribi a wonni ho nimdeε bata Me ho a, εno deε enni wͻn akyi; na mmom fa wo ho bata wͻn ho wͻ wiase yi mu wͻ ayεmyε mu; na di obi a ͻdane ne ho ba Me hͻ (wᴐ adwen sakra mu) no kwan no so. Na Me hͻ ne monkyi. Na Mεbͻ mo dwuma a na modie no (nyinaa) ho amaneε.
Tafsir berbahasa Arab:
يَٰبُنَيَّ إِنَّهَآ إِن تَكُ مِثۡقَالَ حَبَّةٖ مِّنۡ خَرۡدَلٖ فَتَكُن فِي صَخۡرَةٍ أَوۡ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ أَوۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ يَأۡتِ بِهَا ٱللَّهُۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَطِيفٌ خَبِيرٞ
“Meba, (deε wobεyε biara), sε emu duro tesε wisa aba, na sε εwͻ ͻbotan mu anaasε εwͻ soro anaasε asaase mu mpo a, Nyankopͻn de bεba (ama wabu ho akonta). Nokorε sε Nyankopͻn yε Onitefo (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho amanebͻfoͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
يَٰبُنَيَّ أَقِمِ ٱلصَّلَوٰةَ وَأۡمُرۡ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَٱنۡهَ عَنِ ٱلۡمُنكَرِ وَٱصۡبِرۡ عَلَىٰ مَآ أَصَابَكَۖ إِنَّ ذَٰلِكَ مِنۡ عَزۡمِ ٱلۡأُمُورِ
Me ba, frε Nyame wͻ ne berε mu, na hyε (amanfoͻ) ma wͻnyε papa, na bra (amanfoͻ) ma wͻn ntwe wͻn ho mfiri amumu yε ho; na si aboterε wͻ deε εbεto woͻ (biara) ho. Nokorε sε, woi ne asεm no deε edi mmu paa.
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَا تُصَعِّرۡ خَدَّكَ لِلنَّاسِ وَلَا تَمۡشِ فِي ٱلۡأَرۡضِ مَرَحًاۖ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ كُلَّ مُخۡتَالٖ فَخُورٖ
Hwε na woanyi w’ani amfri amanfoͻ so ammu wͻn animtia, na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obi a ͻgye ne ho die na otu ne ho no asεm.
Tafsir berbahasa Arab:
وَٱقۡصِدۡ فِي مَشۡيِكَ وَٱغۡضُضۡ مِن صَوۡتِكَۚ إِنَّ أَنكَرَ ٱلۡأَصۡوَٰتِ لَصَوۡتُ ٱلۡحَمِيرِ
Na to wo bo ase anaa ma wonanteε nyε hͻ-ne-hͻ, na brε wo nne nso ase. Nokorε sε, εnne a (amanfoͻ) mpε koraa ne afunumu nne “.
Tafsir berbahasa Arab:
أَلَمۡ تَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ سَخَّرَ لَكُم مَّا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَأَسۡبَغَ عَلَيۡكُمۡ نِعَمَهُۥ ظَٰهِرَةٗ وَبَاطِنَةٗۗ وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يُجَٰدِلُ فِي ٱللَّهِ بِغَيۡرِ عِلۡمٖ وَلَا هُدٗى وَلَا كِتَٰبٖ مُّنِيرٖ
Enti monhunuu sε Nyankopͻn ama deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase soͻ (nyinaa) berε wͻn ho ase ma mo, εna Wama N’adom a εda adie ne deε asuma abu mo soͻ? Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻgye Nyankopͻn ho akyinnye a nimdeε anaa kwankyerε anaa Nwoma pefee biara nni mu.
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ ٱتَّبِعُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ قَالُواْ بَلۡ نَتَّبِعُ مَا وَجَدۡنَا عَلَيۡهِ ءَابَآءَنَآۚ أَوَلَوۡ كَانَ ٱلشَّيۡطَٰنُ يَدۡعُوهُمۡ إِلَىٰ عَذَابِ ٱلسَّعِيرِ
Sε woka kyerε wͻn sε, moni deε Nyankopͻn asiane aba no akyi a, deε wͻka ne sε: “Daabi, yɛdi deε yεbεtoo y’agyanom wͻ soͻ no akyi.” Enti sε na ͻbonsam refrε wͻn (agyanom) akͻ Ogya frama asotwee no mu mpo a.
Tafsir berbahasa Arab:
۞ وَمَن يُسۡلِمۡ وَجۡهَهُۥٓ إِلَى ٱللَّهِ وَهُوَ مُحۡسِنٞ فَقَدِ ٱسۡتَمۡسَكَ بِٱلۡعُرۡوَةِ ٱلۡوُثۡقَىٰۗ وَإِلَى ٱللَّهِ عَٰقِبَةُ ٱلۡأُمُورِ
Obiara a ͻbεbrε ne ho (nyinaa) ase ama Nyankopͻn na ͻyε papa no, ampa sε (saa nipa no) asͻ gyidie homa no mu. Nyankopͻn hͻ na asεm no nyinaa kͻ wie.
Tafsir berbahasa Arab:
وَمَن كَفَرَ فَلَا يَحۡزُنكَ كُفۡرُهُۥٓۚ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ فَنُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Obia ͻbɛyi boniayε no, εmma ne boniayε no nnyε wo awerεho. Yεn hͻ ne wͻn nnkyi, na Yεbεbͻ wͻn dwuma a wͻdiiε no ho amaneε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nnimdefoͻ no.
Tafsir berbahasa Arab:
نُمَتِّعُهُمۡ قَلِيلٗا ثُمَّ نَضۡطَرُّهُمۡ إِلَىٰ عَذَابٍ غَلِيظٖ
Yεbεma wͻn agye wͻn ani kakra, na afei Yɛaka wͻn so de wͻn akͻ asotwee a emu yԑ duro no mu.
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَئِن سَأَلۡتَهُم مَّنۡ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ لَيَقُولُنَّ ٱللَّهُۚ قُلِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Sε wobisa wͻn sε: ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase a, wͻbεka sε: “Nyankopͻn”. Kasε: “Aseda wͻ Nyankopͻn”. Daabi, wɔn mu dodoͻ no ara nnim.
Tafsir berbahasa Arab:
لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ
Deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn deԑ Ͻne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Wura no.
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَوۡ أَنَّمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ مِن شَجَرَةٍ أَقۡلَٰمٞ وَٱلۡبَحۡرُ يَمُدُّهُۥ مِنۢ بَعۡدِهِۦ سَبۡعَةُ أَبۡحُرٖ مَّا نَفِدَتۡ كَلِمَٰتُ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٞ
Sε nnua a εwͻ asaase so nyinaa yε twerεdua, εna ͻpo akyiri nso yεde ͻpo foforͻ nson aka ho (ayε no twerε nsuo sε yεretwerε Nyankopͻn asεm) a, anka (nnua no ne ͻpo no bεsa) na Nyankopͻn asεm no nsae. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
مَّا خَلۡقُكُمۡ وَلَا بَعۡثُكُمۡ إِلَّا كَنَفۡسٖ وَٰحِدَةٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرٌ
Mo mmͻeε (a edikan yi) anaasε mo sͻreε (wͻ mowuo akyiri no) tesε honam korͻ pεpεεpε. Nokorε sε, Nyankopͻn Ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ohunu (biribiara).
Tafsir berbahasa Arab:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ كُلّٞ يَجۡرِيٓ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗى وَأَنَّ ٱللَّهَ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ
Enti wonhunuu sε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, εna Wama awia ne bosome abrε wͻn ho ase (ama mo), emu biara nam ne kwan so kɔsi εberε a yɛahyε. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amanebͻfoͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡحَقُّ وَأَنَّ مَا يَدۡعُونَ مِن دُونِهِ ٱلۡبَٰطِلُ وَأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡكَبِيرُ
Woi kyerε sε ampa, Nyankopͻn ne Nokorε no, na wͻn a wͻfri N’akyi sufrε wͻn no deε εyε atorͻsεm. Nokorε sε Nyankopͻn ne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no.
Tafsir berbahasa Arab:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱلۡفُلۡكَ تَجۡرِي فِي ٱلۡبَحۡرِ بِنِعۡمَتِ ٱللَّهِ لِيُرِيَكُم مِّنۡ ءَايَٰتِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّكُلِّ صَبَّارٖ شَكُورٖ
Wonhunuu sε nsuom hyεn de Nyankopͻn adom na εnam ͻpo so, sεdeε Ɔbεkyerε mo Ne nsεnkyerεnee? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obiara a osi aboterε, yi (Nyankopͻn) ayε.
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِذَا غَشِيَهُم مَّوۡجٞ كَٱلظُّلَلِ دَعَوُاْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ فَلَمَّا نَجَّىٰهُمۡ إِلَى ٱلۡبَرِّ فَمِنۡهُم مُّقۡتَصِدٞۚ وَمَا يَجۡحَدُ بِـَٔايَٰتِنَآ إِلَّا كُلُّ خَتَّارٖ كَفُورٖ
Sε asorͻkye bi tesε nwunu bᴐ kata wͻn so (wͻ ͻpo no mu hͻ) a, wͻsu frε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu. Nanso εberε a Yεbεgye wͻn de wͻn aba asaase soͻ no, wͻn mu bi yε bͻne ne papa de fra. Obi a ͻko tia Yε nsεnkyerεnee no ne obia ᴐyԑ nipa bᴐneni, obia onni nkaeԑ.
Tafsir berbahasa Arab:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱتَّقُواْ رَبَّكُمۡ وَٱخۡشَوۡاْ يَوۡمٗا لَّا يَجۡزِي وَالِدٌ عَن وَلَدِهِۦ وَلَا مَوۡلُودٌ هُوَ جَازٍ عَن وَالِدِهِۦ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞۖ فَلَا تَغُرَّنَّكُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا وَلَا يَغُرَّنَّكُم بِٱللَّهِ ٱلۡغَرُورُ
Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn, na monsuro Ɛda no a agya ho mma mfasoͻ mma ne ba, na εba nso ho mma mfasoͻ mma agya wͻ hwee ho no. Nokorε sε, Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; enti monhwε na moamma wiase asetena yi annaadaa mo, na momma (ͻbonsam) daadaafoͻ no nso nnaadaa mo wͻ Nyankopͻn ho.
Tafsir berbahasa Arab:
إِنَّ ٱللَّهَ عِندَهُۥ عِلۡمُ ٱلسَّاعَةِ وَيُنَزِّلُ ٱلۡغَيۡثَ وَيَعۡلَمُ مَا فِي ٱلۡأَرۡحَامِۖ وَمَا تَدۡرِي نَفۡسٞ مَّاذَا تَكۡسِبُ غَدٗاۖ وَمَا تَدۡرِي نَفۡسُۢ بِأَيِّ أَرۡضٖ تَمُوتُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌ خَبِيرُۢ
Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ, Ɔno na Ɔma nsuo tͻ, na Onim deε εwͻ (ͻbaa) awodeε mu. Ͻkra biara nnim deε ͻbɛnya no ͻkyena, na ͻkra biara nso nnim asaase korͻ a ͻbɛwu atͻ soͻ. Nokorε sε Nyankopͻn na Onim, Ɔne biribiara ho amanebᴐ Wura.
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: Surah Luqmān
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Ashanti - Daftar isi terjemahan

Terjemahan Makna Al-Qur`ān Al-Karīm ke Bahasa Ashanti oleh Syekh Harun Ismail

Tutup