クルアーンの対訳 - アシャンティ語対訳 * - 対訳の目次

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

対訳 章: 集合章   節:

Al-Hashr

سَبَّحَ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin; Ɔne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ no.
アラビア語 クルアーン注釈:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَخۡرَجَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ مِن دِيَٰرِهِمۡ لِأَوَّلِ ٱلۡحَشۡرِۚ مَا ظَنَنتُمۡ أَن يَخۡرُجُواْۖ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُم مَّانِعَتُهُمۡ حُصُونُهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَأَتَىٰهُمُ ٱللَّهُ مِنۡ حَيۡثُ لَمۡ يَحۡتَسِبُواْۖ وَقَذَفَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعۡبَۚ يُخۡرِبُونَ بُيُوتَهُم بِأَيۡدِيهِمۡ وَأَيۡدِي ٱلۡمُؤۡمِنِينَ فَٱعۡتَبِرُواْ يَٰٓأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ
Ɔno na Ɔmaa wͻn a wͻpo nokorε a wͻn wͻ wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no tu firii wͻn afie mu wͻ asuo-twa a edikan no mu. Moanwene ho da sε wͻbɛtu, wͻn adwen yεε wͻn sε wͻn aban denden no bεbͻ wͻn ho ban afri Nyankopͻn nsam. Nanso Nyankopͻn firi baabi a na wͻnnwen no saa baa wͻn so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu, wͻde wͻn ara wͻnsa ne agyidiefoͻ no nso nsa bubuu wͻn afie. Enti mo a mowͻ ani monfa woi nyε adesua.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَوۡلَآ أَن كَتَبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمُ ٱلۡجَلَآءَ لَعَذَّبَهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ عَذَابُ ٱلنَّارِ
Sε εnyε sε na Nyankopͻn (adikan) ahyehyε amantuo na ama wͻn a, anka Ɔbεtwe wͻn aso paa wͻ wiase ha; na ogya no asotwee no wͻ hͻ ma wͻn Daakye.
アラビア語 クルアーン注釈:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ شَآقُّواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥۖ وَمَن يُشَآقِّ ٱللَّهَ فَإِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
Efrisε wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ, na obia ͻko tia Nyankopͻn no deε, nokorε sε Nyankopͻn asotwee ano yε den paa.
アラビア語 クルアーン注釈:
مَا قَطَعۡتُم مِّن لِّينَةٍ أَوۡ تَرَكۡتُمُوهَا قَآئِمَةً عَلَىٰٓ أُصُولِهَا فَبِإِذۡنِ ٱللَّهِ وَلِيُخۡزِيَ ٱلۡفَٰسِقِينَ
Akyiresua dua biara a motwa tweneeε anaasε mogyae maa no gyinaa ne nhini soͻ no, na εyε Nyankopͻn akwamma mu, sεdeε Ɔbɛgu abͻneεfoͻ no anim aseε.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَمَآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ مِنۡهُمۡ فَمَآ أَوۡجَفۡتُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ خَيۡلٖ وَلَا رِكَابٖ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يُسَلِّطُ رُسُلَهُۥ عَلَىٰ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Asadeε biara a efri wͻn hͻ a Nyankopͻn de maa Ne somafoͻ no, moantena pͻnkͻ so anaa yoma so; na mmom Nyankopͻn de tumi ma N’asomafoͻ no de ko tia obia Ɔpε. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
アラビア語 クルアーン注釈:
مَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡقُرَىٰ فَلِلَّهِ وَلِلرَّسُولِ وَلِذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِ كَيۡ لَا يَكُونَ دُولَةَۢ بَيۡنَ ٱلۡأَغۡنِيَآءِ مِنكُمۡۚ وَمَآ ءَاتَىٰكُمُ ٱلرَّسُولُ فَخُذُوهُ وَمَا نَهَىٰكُمۡ عَنۡهُ فَٱنتَهُواْۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۖ إِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
Asadeε biara a efri nkuro no mufoͻ no hͻ a Nyankopͻn de maa Ne somafoͻ no, εwͻ Nyankopͻn ne Ne somafoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne akwantufoͻ, sεdeε εnkͻba sε ɛbɛdi akͻneaba wͻ mo mu adefoͻ no nko ara ntεm. Deε Ɔsomafoͻ no de ama mo no monye, na deε wabra mo no nso montwe mo ho mfiri ho; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn asotwe no ano yε den paa.
アラビア語 クルアーン注釈:
لِلۡفُقَرَآءِ ٱلۡمُهَٰجِرِينَ ٱلَّذِينَ أُخۡرِجُواْ مِن دِيَٰرِهِمۡ وَأَمۡوَٰلِهِمۡ يَبۡتَغُونَ فَضۡلٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِضۡوَٰنٗا وَيَنصُرُونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلصَّٰدِقُونَ
(Asadeε no mu kyεfa nso) wͻ amantufoͻ ahiafoͻ no a yatu wͻn afri wͻn afie na (wͻn ahwere) wͻn agyapadeε na wͻrehwehwε Nyankopͻn adom ne Ne nnyetumu, na wͻreboa Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱلَّذِينَ تَبَوَّءُو ٱلدَّارَ وَٱلۡإِيمَٰنَ مِن قَبۡلِهِمۡ يُحِبُّونَ مَنۡ هَاجَرَ إِلَيۡهِمۡ وَلَا يَجِدُونَ فِي صُدُورِهِمۡ حَاجَةٗ مِّمَّآ أُوتُواْ وَيُؤۡثِرُونَ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ وَلَوۡ كَانَ بِهِمۡ خَصَاصَةٞۚ وَمَن يُوقَ شُحَّ نَفۡسِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ Ansoaarfoͻ) no a wͻdii (amantufoͻ no) anim kan tenaa kuro no mu a wͻasͻ gyidie no mu no; wͻdͻ wͻn a wͻatu amantuo abεsoε wͻn no, na ahoͻyaa biara nni wͻn (Ansoaarfoͻ no) akoma mu fa deε yεde ama (amantufoͻ) no ho, na sε (Ansoaarfoͻ no) ho kyere wͻn mpo a wͻpε ma (amantufoͻ no) mpo kyεn wͻn ara wͻn ho. Obia yεbεbͻ ne ho ban afiri adefodepε ho no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَٱلَّذِينَ جَآءُو مِنۢ بَعۡدِهِمۡ يَقُولُونَ رَبَّنَا ٱغۡفِرۡ لَنَا وَلِإِخۡوَٰنِنَا ٱلَّذِينَ سَبَقُونَا بِٱلۡإِيمَٰنِ وَلَا تَجۡعَلۡ فِي قُلُوبِنَا غِلّٗا لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ رَبَّنَآ إِنَّكَ رَءُوفٞ رَّحِيمٌ
Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ) wͻn a wͻbaa wͻn akyi na wͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn, ne yɛ nuanom a wͻde gyidie dii y’anim kan no; na εmma yɛnya wͻn a wͻagye adie no ho tan biara wͻ y’akoma mu. Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε sε Wo ne Ayεmyε Wura, na Wo ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene“.
アラビア語 クルアーン注釈:
۞ أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ نَافَقُواْ يَقُولُونَ لِإِخۡوَٰنِهِمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ لَئِنۡ أُخۡرِجۡتُمۡ لَنَخۡرُجَنَّ مَعَكُمۡ وَلَا نُطِيعُ فِيكُمۡ أَحَدًا أَبَدٗا وَإِن قُوتِلۡتُمۡ لَنَنصُرَنَّكُمۡ وَٱللَّهُ يَشۡهَدُ إِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ
Wonhunuu wͻn a wͻdii nkͻnkͻnsa no? Wͻka kyerεε wͻn nuanom boniayεfoͻ no a wͻn wͻ wͻn a yɛama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no sε: ”Sε εba sε yεretu mo a, nokorε sε yεn nso yεbɛtu ne mo akͻ, na yɛntie obiara da ka mo ho; na sε wͻko tia mo nso a, yεbεboa mo”. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, wͻyε atorofoͻ.
アラビア語 クルアーン注釈:
لَئِنۡ أُخۡرِجُواْ لَا يَخۡرُجُونَ مَعَهُمۡ وَلَئِن قُوتِلُواْ لَا يَنصُرُونَهُمۡ وَلَئِن نَّصَرُوهُمۡ لَيُوَلُّنَّ ٱلۡأَدۡبَٰرَ ثُمَّ لَا يُنصَرُونَ
Sε yɛtu wͻn a wͻnka wͻn ho ne wͻn nntu, na sε yεko tia wͻn nso a wͻmmoa wͻn; sε wͻbεboa wͻn mpo a wͻbεdane wͻn akyi (adwane); afei wͻnya nkonim die.
アラビア語 クルアーン注釈:
لَأَنتُمۡ أَشَدُّ رَهۡبَةٗ فِي صُدُورِهِم مِّنَ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَفۡقَهُونَ
Mo ho suro a εwͻ wͻn akoma mu no so kyεn Nyankopͻn (ho suro). Efrisε wͻyε nnipa a wͻnni nteaseε.
アラビア語 クルアーン注釈:
لَا يُقَٰتِلُونَكُمۡ جَمِيعًا إِلَّا فِي قُرٗى مُّحَصَّنَةٍ أَوۡ مِن وَرَآءِ جُدُرِۭۚ بَأۡسُهُم بَيۡنَهُمۡ شَدِيدٞۚ تَحۡسَبُهُمۡ جَمِيعٗا وَقُلُوبُهُمۡ شَتَّىٰۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَعۡقِلُونَ
Wͻntumi mmͻ mu ne mo nko, na mmom gyesε nkuro a aban denden wͻ mu so, anaasε fasuo bi akyi. Ɔkoo a εda wͻn ara wͻn ntεm no ano yε den yie. W’adwen yε wo sε wͻn wͻ koroyε, nanso mpaepaemu wͻ wͻn akoma mu. Efrisε wͻyε nnipa a wͻnnwen.
アラビア語 クルアーン注釈:
كَمَثَلِ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ قَرِيبٗاۖ ذَاقُواْ وَبَالَ أَمۡرِهِمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Wͻn mfatoho te sε wͻn a wͻdii wͻn anim kan (Banuu Qainuuqa) a wͻnni akyiri no. Wͻkaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwe a εyε ya paa.
アラビア語 クルアーン注釈:
كَمَثَلِ ٱلشَّيۡطَٰنِ إِذۡ قَالَ لِلۡإِنسَٰنِ ٱكۡفُرۡ فَلَمَّا كَفَرَ قَالَ إِنِّي بَرِيٓءٞ مِّنكَ إِنِّيٓ أَخَافُ ٱللَّهَ رَبَّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
(Wͻn aboafoͻ no) mfatoho te sε ͻbonsam, εberε a ͻbεka akyerε onipa sε, po (Nyame); εberε a (onipa no) bεpo (Nyame) no, (deε bonsam) ka ne sε: ”Medeε matwe me ho afri wo ho; nokorε sε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no “.
アラビア語 クルアーン注釈:
فَكَانَ عَٰقِبَتَهُمَآ أَنَّهُمَا فِي ٱلنَّارِ خَٰلِدَيۡنِ فِيهَاۚ وَذَٰلِكَ جَزَٰٓؤُاْ ٱلظَّٰلِمِينَ
Enti wͻn mmienu awieε ne bonsam gyam, εhͻ na wͻbεtena. Abͻnefoͻ no akatua ne no.
アラビア語 クルアーン注釈:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَلۡتَنظُرۡ نَفۡسٞ مَّا قَدَّمَتۡ لِغَدٖۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na ͻkra biara (ntwa n’ani) nhwε dwuma a (wadi) de ato hͻ ama (ne ho) ͻkyena; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amane bͻ Wura.
アラビア語 クルアーン注釈:
وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ نَسُواْ ٱللَّهَ فَأَنسَىٰهُمۡ أَنفُسَهُمۡۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ
Na monhwε na moankͻyε sε wͻn a wͻn werε afri Nyankopͻn na enti Ɔmaa wͻn werε frii wͻn ara wͻn ho no. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no.
アラビア語 クルアーン注釈:
لَا يَسۡتَوِيٓ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۚ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ
Amanehunu gya no mu foͻ no ne ͻsoro aheman no mu foͻ no nnsε. Ɔsoro aheman no mu foͻ no wͻne nkonimdifoͻ no.
アラビア語 クルアーン注釈:
لَوۡ أَنزَلۡنَا هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ عَلَىٰ جَبَلٖ لَّرَأَيۡتَهُۥ خَٰشِعٗا مُّتَصَدِّعٗا مِّنۡ خَشۡيَةِ ٱللَّهِۚ وَتِلۡكَ ٱلۡأَمۡثَٰلُ نَضۡرِبُهَا لِلنَّاسِ لَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ
Sε Yɛsianee saa Qur’aan yi maa bepͻ a, anka wobɛhunu sε (bepͻ no) de ahobraseε redwidwa εnam Nyankopͻn ho suro nti. Yεreyε saa mfatoho yi ama nnipa sεdeε wͻbεfa adwen.
アラビア語 クルアーン注釈:
هُوَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِۖ هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ٱلرَّحِيمُ
Ɔne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nnihͻ ka Ne ho no: Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no.
アラビア語 クルアーン注釈:
هُوَ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡمَلِكُ ٱلۡقُدُّوسُ ٱلسَّلَٰمُ ٱلۡمُؤۡمِنُ ٱلۡمُهَيۡمِنُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡجَبَّارُ ٱلۡمُتَكَبِّرُۚ سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Ɔno ne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho no; Ɔhene no a tumi nyinaa hyε ne nsa, Kronkron Hene no, Asomdwoeε Hene no, Abodweԑ Hene no, Ahoban bͻ Hene no, Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔkasa prεko a obiara ntumi ne no nni asie, Otumfoͻ no a Akεsesεm fata no. Ahoteeɛ Hene ne Nyankopͻn, Ɔso kyεn sε wͻde biribi toto Ne ho.
アラビア語 クルアーン注釈:
هُوَ ٱللَّهُ ٱلۡخَٰلِقُ ٱلۡبَارِئُ ٱلۡمُصَوِّرُۖ لَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ يُسَبِّحُ لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Ɔne Nyankopͻn; Ɔbͻͻ Adeε no, Ɔyεfo no, Ɔnyomfo no: Ɔno na abodin papa nyinaa wͻ no. Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ no abodin; na Ɔne Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
アラビア語 クルアーン注釈:
 
対訳 章: 集合章
章名の目次 ページ番号
 
クルアーンの対訳 - アシャンティ語対訳 - 対訳の目次

クルアーン・アシャンティ語対訳 - Sheikh Haroun Ismaeel

閉じる