पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अशान्ती अनुवाद * - अनुवादहरूको सूची

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

अर्थको अनुवाद सूरः: सूरतुल् मुजादिलह   श्लोक:

Al-Mujaadila

قَدۡ سَمِعَ ٱللَّهُ قَوۡلَ ٱلَّتِي تُجَٰدِلُكَ فِي زَوۡجِهَا وَتَشۡتَكِيٓ إِلَى ٱللَّهِ وَٱللَّهُ يَسۡمَعُ تَحَاوُرَكُمَآۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرٌ
(Nkͻmhyεni), ampa sε Nyankopͻn ate (ͻbaa) no a ͻne wo rekasa fa ne kunu ho na ͻde n’asεm ato Nyankopͻn anim no asεm no, na Nyankopͻn te mo mmienu nkͻmmͻ no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohu biribiara.
अरबी व्याख्याहरू:
ٱلَّذِينَ يُظَٰهِرُونَ مِنكُم مِّن نِّسَآئِهِم مَّا هُنَّ أُمَّهَٰتِهِمۡۖ إِنۡ أُمَّهَٰتُهُمۡ إِلَّا ٱلَّٰٓـِٔي وَلَدۡنَهُمۡۚ وَإِنَّهُمۡ لَيَقُولُونَ مُنكَرٗا مِّنَ ٱلۡقَوۡلِ وَزُورٗاۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَعَفُوٌّ غَفُورٞ
Wͻn a wͻgyae wͻn yerenom wͻ mo mu sε wͻafrε wͻn sε wͻn maame nti no, εnyε wͻn maamenom ne wͻn. Wͻn maamenom ne wͻn a wͻwoo wͻn. Nokorε sε wͻkeka abususεm ne nkontomposεm. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, Ɔne Bͻnefakyε Hene.
अरबी व्याख्याहरू:
وَٱلَّذِينَ يُظَٰهِرُونَ مِن نِّسَآئِهِمۡ ثُمَّ يَعُودُونَ لِمَا قَالُواْ فَتَحۡرِيرُ رَقَبَةٖ مِّن قَبۡلِ أَن يَتَمَآسَّاۚ ذَٰلِكُمۡ تُوعَظُونَ بِهِۦۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ
Wͻn a wͻgyae wͻn yerenom sε wͻafrε wͻn sε wͻn maame nti, na afei wͻresan wͻn akyi wͻ asεm a wͻkaeε no ho no, εsεsε wͻma ͻdͻnkͻ faahodie ansa na wͻde wͻn ho aka wͻn ho. Woi ho na Nyankopͻn retu mo foͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐfoᴐ.
अरबी व्याख्याहरू:
فَمَن لَّمۡ يَجِدۡ فَصِيَامُ شَهۡرَيۡنِ مُتَتَابِعَيۡنِ مِن قَبۡلِ أَن يَتَمَآسَّاۖ فَمَن لَّمۡ يَسۡتَطِعۡ فَإِطۡعَامُ سِتِّينَ مِسۡكِينٗاۚ ذَٰلِكَ لِتُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦۚ وَتِلۡكَ حُدُودُ ٱللَّهِۗ وَلِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابٌ أَلِيمٌ
Na obia ɔnnya (dͻnkͻ no), ͻbεkyene kͻm bosome mmienu atoatoa so ansa na wͻde wͻn ho aka wͻn ho, na obi a ɔntumi (akͻm kyene no) bεma ahiafoͻ aduosia aduane. Woi na εkyerε sε moagye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no adi. Na woinom ne Nyankopͻn mmra. Na wͻn a wͻnnye nnie no wͻ asotwee a εyε ya paa.
अरबी व्याख्याहरू:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُحَآدُّونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ كُبِتُواْ كَمَا كُبِتَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ وَقَدۡ أَنزَلۡنَآ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖۚ وَلِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابٞ مُّهِينٞ
Nokorε sε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, yεbɛgu wͻn anim ase sεdeε yɛguu wͻn a wͻdii wͻn anim kan no anim aseε no; na ampa sε Yɛasiane nsεnkyerεnee pefee. Na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ animguaseε asotwee.
अरबी व्याख्याहरू:
يَوۡمَ يَبۡعَثُهُمُ ٱللَّهُ جَمِيعٗا فَيُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُوٓاْۚ أَحۡصَىٰهُ ٱللَّهُ وَنَسُوهُۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدٌ
Ɛda a Nyankopͻn bɛnyane wͻn nyinaa no, Ɔbɛbisa wͻn dwuma a wͻdiiε no ho asεm. Nyankopͻn atwerε ato hͻ, aberε a wͻn deε wͻn werε afire. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε.
अरबी व्याख्याहरू:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ مَا يَكُونُ مِن نَّجۡوَىٰ ثَلَٰثَةٍ إِلَّا هُوَ رَابِعُهُمۡ وَلَا خَمۡسَةٍ إِلَّا هُوَ سَادِسُهُمۡ وَلَآ أَدۡنَىٰ مِن ذَٰلِكَ وَلَآ أَكۡثَرَ إِلَّا هُوَ مَعَهُمۡ أَيۡنَ مَا كَانُواْۖ ثُمَّ يُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُواْ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٌ
Enti wonhunuu sε Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase soᴐ? Agyina biara a (nnipa) mmiεnsa bɛtuo no Ɔno na Ɔka wͻn ho nnan, anaasε (deε nnipa) nnum (bɛtuo no) na Ɔka wͻn ho nsia, anaasε (nnipa no) dodoͻ nnuru saa anaasε εboro saa a (ne nyinaa) Ɔka wͻn ho wͻ baabi a wͻn wͻ biara; afei Wusͻreε da no Ɔbεbͻ wͻn dwuma a wͻdiiε no (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Nyankopͻn ne Biribiara ho Nimdefoͻ.
अरबी व्याख्याहरू:
أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ نُهُواْ عَنِ ٱلنَّجۡوَىٰ ثُمَّ يَعُودُونَ لِمَا نُهُواْ عَنۡهُ وَيَتَنَٰجَوۡنَ بِٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡعُدۡوَٰنِ وَمَعۡصِيَتِ ٱلرَّسُولِۖ وَإِذَا جَآءُوكَ حَيَّوۡكَ بِمَا لَمۡ يُحَيِّكَ بِهِ ٱللَّهُ وَيَقُولُونَ فِيٓ أَنفُسِهِمۡ لَوۡلَا يُعَذِّبُنَا ٱللَّهُ بِمَا نَقُولُۚ حَسۡبُهُمۡ جَهَنَّمُ يَصۡلَوۡنَهَاۖ فَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Wonhunuu wͻn a yεbraa wͻn agyinatuo na afei wͻsan kͻͻ deε yabra wͻn no mu no? Wͻtu bͻne ne ͻtan ne Ɔsomafoͻ no so atuateε ho agyina. Sε (saa nkorͻfoͻ no) ba wo hͻ a, wͻde nkyea a Nyankopͻn mfa nkyeaa woͻ no na εkyea woͻ, na wͻka no wͻ wͻn akoma mu sε: “Adεn na Nyankopͻn ntwe y’aso wͻ deε yεka no ho?“ Amanehunu gya no ara som bo ma wͻn; wͻbεhye wͻ mu; na εhͻ yε nkyi bͻne paa.
अरबी व्याख्याहरू:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا تَنَٰجَيۡتُمۡ فَلَا تَتَنَٰجَوۡاْ بِٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡعُدۡوَٰنِ وَمَعۡصِيَتِ ٱلرَّسُولِ وَتَنَٰجَوۡاْ بِٱلۡبِرِّ وَٱلتَّقۡوَىٰۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ ٱلَّذِيٓ إِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ
Mo a moagye adie, sε motu agyina a monhwε na moantu bͻne ne ͻtan ne Ɔsomafoͻ no so atuateε ho agyina, na montu papayε ne Nyamesuro ho agyina; na monsuro Nyankopͻn a yεbεboa mo nyinaa ano wͻ Ne hͻ no.
अरबी व्याख्याहरू:
إِنَّمَا ٱلنَّجۡوَىٰ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ لِيَحۡزُنَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَيۡسَ بِضَآرِّهِمۡ شَيۡـًٔا إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ
Agyinatuo a efri ͻbonsam hͻ no ne deε ͻde bεma wͻn a wͻagye adie no werε ahoͻ, nanso ɔntumi nha wͻn wͻ hwee ho, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Onyankopͻn na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho to Ne soͻ.
अरबी व्याख्याहरू:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا قِيلَ لَكُمۡ تَفَسَّحُواْ فِي ٱلۡمَجَٰلِسِ فَٱفۡسَحُواْ يَفۡسَحِ ٱللَّهُ لَكُمۡۖ وَإِذَا قِيلَ ٱنشُزُواْ فَٱنشُزُواْ يَرۡفَعِ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡ وَٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ دَرَجَٰتٖۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ
Mo a moagye adie, sε yεka kyerε mo sε, momae mu wͻ asetena no mu a, momae mu. Nyankopͻn bεbae mu ama mo. Na sε yεka sε, monsͻre nso a, monsͻre. Nyankopͻn bεpagya wͻn a wͻagye adie wͻ mo mu no, ne wͻn a yɛama wͻn nimdeε no agyina gyinaberε a εkorͻn. Onyankopͻn deε Ɔne dwuma a modie no ho amanebͻ Wura.
अरबी व्याख्याहरू:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا نَٰجَيۡتُمُ ٱلرَّسُولَ فَقَدِّمُواْ بَيۡنَ يَدَيۡ نَجۡوَىٰكُمۡ صَدَقَةٗۚ ذَٰلِكَ خَيۡرٞ لَّكُمۡ وَأَطۡهَرُۚ فَإِن لَّمۡ تَجِدُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ
Mo a moagye adie, sε morebɛsusu asεm bi ho akyerε Ɔsomafoͻ no a moma adͻeε bi nni mo nsusueε no anim kan. Saa na εyε ma mo, εna εho nso teε. Sε moannya nso a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔno ara ne Mmͻborͻhunufoͻ.
अरबी व्याख्याहरू:
ءَأَشۡفَقۡتُمۡ أَن تُقَدِّمُواْ بَيۡنَ يَدَيۡ نَجۡوَىٰكُمۡ صَدَقَٰتٖۚ فَإِذۡ لَمۡ تَفۡعَلُواْ وَتَابَ ٱللَّهُ عَلَيۡكُمۡ فَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥۚ وَٱللَّهُ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Mosuro sε mobεyε adͻeε ansa na mode monsusueε no aba? Sε moanyε koraa a Nyankopͻn de mo mfomsoͻ no akyε mo, enti monfrε Nyame wͻ ne brε mu, na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Na Nyankopͻn deε Ɔne dwuma a modie no ho amanebͻ Wura.
अरबी व्याख्याहरू:
۞ أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ تَوَلَّوۡاْ قَوۡمًا غَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِم مَّا هُم مِّنكُمۡ وَلَا مِنۡهُمۡ وَيَحۡلِفُونَ عَلَى ٱلۡكَذِبِ وَهُمۡ يَعۡلَمُونَ
Wonhunuu wͻn a wͻfa wͻn a Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn soͻ no ayͻnkoͻ no? Wͻnka mo (agyidiefoͻ no) ho, εna wͻnka wͻn (Yudafoͻ no) ho nso, na wͻdi nse wͻ nkontompo so aberε nso a wͻnim (sε asεm a wͻredi ho nseε no nyε nokorε).
अरबी व्याख्याहरू:
أَعَدَّ ٱللَّهُ لَهُمۡ عَذَابٗا شَدِيدًاۖ إِنَّهُمۡ سَآءَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ. Nokorε sε bͻne paa na wͻreyε no.
अरबी व्याख्याहरू:
ٱتَّخَذُوٓاْ أَيۡمَٰنَهُمۡ جُنَّةٗ فَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ فَلَهُمۡ عَذَابٞ مُّهِينٞ
Wͻde wͻn nsedie no ayε kyεm, enti wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no so. Enti wͻbɛnya animguaseε asotwee.
अरबी व्याख्याहरू:
لَّن تُغۡنِيَ عَنۡهُمۡ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُهُم مِّنَ ٱللَّهِ شَيۡـًٔاۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn agyapadeε ne wͻn mma no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn ntia Nyankopͻn . Saa nkrͻfoͻ no ne Egya no mu foͻ no; emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
अरबी व्याख्याहरू:
يَوۡمَ يَبۡعَثُهُمُ ٱللَّهُ جَمِيعٗا فَيَحۡلِفُونَ لَهُۥ كَمَا يَحۡلِفُونَ لَكُمۡ وَيَحۡسَبُونَ أَنَّهُمۡ عَلَىٰ شَيۡءٍۚ أَلَآ إِنَّهُمۡ هُمُ ٱلۡكَٰذِبُونَ
Ɛda a Nyankopɔn bɛnyane wͻn nyinaa no, wͻbɛdi nse akyerε no sεdeε wͻredi nse akyerε mo yi, na wͻn adwen yε wͻn sε wͻn wͻ nyinasoͻ bi. Nokorε sε wͻn ne nkontompofoͻ no.
अरबी व्याख्याहरू:
ٱسۡتَحۡوَذَ عَلَيۡهِمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ فَأَنسَىٰهُمۡ ذِكۡرَ ٱللَّهِۚ أُوْلَٰٓئِكَ حِزۡبُ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ أَلَآ إِنَّ حِزۡبَ ٱلشَّيۡطَٰنِ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Ɔbonsam adi wͻn so nkonim, enti wama wͻn werε afri Nyankopͻn ho nkakaeε. Saa nkorͻfoͻ no ne ͻbonsam fekuo no. Nokorε sε ͻbonsam fekuo no ne brεguofoͻ no.
अरबी व्याख्याहरू:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُحَآدُّونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓ أُوْلَٰٓئِكَ فِي ٱلۡأَذَلِّينَ
Nokorε sε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, saa nkorͻfoͻ no bεka animguaseεfoͻ no ho.
अरबी व्याख्याहरू:
كَتَبَ ٱللَّهُ لَأَغۡلِبَنَّ أَنَا۠ وَرُسُلِيٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ قَوِيٌّ عَزِيزٞ
Nyankopͻn ahyehyε sε: “Ampa sε Me ne M’asomafoͻ no bɛdi nkonim”. Nokorε sε Nyankopͻn Ne Ɔhoͻdenfoͻ, na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
अरबी व्याख्याहरू:
لَّا تَجِدُ قَوۡمٗا يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ يُوَآدُّونَ مَنۡ حَآدَّ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ وَلَوۡ كَانُوٓاْ ءَابَآءَهُمۡ أَوۡ أَبۡنَآءَهُمۡ أَوۡ إِخۡوَٰنَهُمۡ أَوۡ عَشِيرَتَهُمۡۚ أُوْلَٰٓئِكَ كَتَبَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلۡإِيمَٰنَ وَأَيَّدَهُم بِرُوحٖ مِّنۡهُۖ وَيُدۡخِلُهُمۡ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ رَضِيَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ وَرَضُواْ عَنۡهُۚ أُوْلَٰٓئِكَ حِزۡبُ ٱللَّهِۚ أَلَآ إِنَّ حِزۡبَ ٱللَّهِ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Wonnya amanfoͻ bi a wͻgye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no die, na wͻpε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no asεm; sε (saa nnipa no) yε wͻn agyanom anaasε wͻn mma anaasε wͻyε wͻn nnuanom anaasε wͻn abusuafoͻ mpo a. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atwerε gyidie ahyε wͻn akoma mu, de Honhom a efri Ne hͻ ahyε wͻn den, na Ɔde wͻn bεkͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻbεtena. Nyankopͻn agye wͻn atum, εna wͻn nso agye no atum. Saa nkorͻfoͻ no ne Nyankopͻn Fekuo no. Nokorε sε, Onyankopͻn Fekuo no ne nkonimdifoͻ no.
अरबी व्याख्याहरू:
 
अर्थको अनुवाद सूरः: सूरतुल् मुजादिलह
अध्यायहरूको (सूरःहरूको) सूची رقم الصفحة
 
पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अशान्ती अनुवाद - अनुवादहरूको सूची

पवित्र कुर्आनको अर्थको अशान्ति भाषामा अनुवाद, अनुवादक : शैख हारून इस्माईल ।

बन्द गर्नुस्