Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro mu kiashanti * - Ishakiro ry'ibisobanuro

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Ibisobanuro by'amagambo Isura: Dukhanu (Umwotsi)   Umurongo:

Ad-Dukhaan

حمٓ
Haa – Miim.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُبِينِ
Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε:
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ فِي لَيۡلَةٖ مُّبَٰرَكَةٍۚ إِنَّا كُنَّا مُنذِرِينَ
Nokorε, Yɛsanee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Yεbͻ (nnipa) kͻkͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فِيهَا يُفۡرَقُ كُلُّ أَمۡرٍ حَكِيمٍ
(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mu biara ho ntotoeε-
Ibisobanuro by'icyarabu:
أَمۡرٗا مِّنۡ عِندِنَآۚ إِنَّا كُنَّا مُرۡسِلِينَ
Ahyεdeε a ɛfiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yεsoma Asomafoͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
رَحۡمَةٗ مِّن رَّبِّكَۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَآۖ إِن كُنتُم مُّوقِنِينَ
Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfini Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a.
Ibisobanuro by'icyarabu:
لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ رَبُّكُمۡ وَرَبُّ ءَابَآئِكُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Ɔkum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
بَلۡ هُمۡ فِي شَكّٖ يَلۡعَبُونَ
Aane, wͻn adwen nsi wͻn pi, εna wͻredi agorͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَٱرۡتَقِبۡ يَوۡمَ تَأۡتِي ٱلسَّمَآءُ بِدُخَانٖ مُّبِينٖ
Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no,
Ibisobanuro by'icyarabu:
يَغۡشَى ٱلنَّاسَۖ هَٰذَا عَذَابٌ أَلِيمٞ
Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Wei yε asotwee a εyε ya paa.
Ibisobanuro by'icyarabu:
رَّبَّنَا ٱكۡشِفۡ عَنَّا ٱلۡعَذَابَ إِنَّا مُؤۡمِنُونَ
YɛWura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yεyε agyediefoͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
أَنَّىٰ لَهُمُ ٱلذِّكۡرَىٰ وَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٞ مُّبِينٞ
Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee,
Ibisobanuro by'icyarabu:
ثُمَّ تَوَلَّوۡاْ عَنۡهُ وَقَالُواْ مُعَلَّمٞ مَّجۡنُونٌ
Nanso wͻdane wͻn ho firi ne ho, na wͻka sε: obi na ɛkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ?
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّا كَاشِفُواْ ٱلۡعَذَابِ قَلِيلًاۚ إِنَّكُمۡ عَآئِدُونَ
Nokorε sε, Yɛbɛyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
يَوۡمَ نَبۡطِشُ ٱلۡبَطۡشَةَ ٱلۡكُبۡرَىٰٓ إِنَّا مُنتَقِمُونَ
Ɛda a Yεbεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yεbɛtua wͻn bͻne no so ka
Ibisobanuro by'icyarabu:
۞ وَلَقَدۡ فَتَنَّا قَبۡلَهُمۡ قَوۡمَ فِرۡعَوۡنَ وَجَآءَهُمۡ رَسُولٞ كَرِيمٌ
Nokorε sε Yεsͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hwεɛe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ-
Ibisobanuro by'icyarabu:
أَنۡ أَدُّوٓاْ إِلَيَّ عِبَادَ ٱللَّهِۖ إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ
(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no ma me“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَأَن لَّا تَعۡلُواْ عَلَى ٱللَّهِۖ إِنِّيٓ ءَاتِيكُم بِسُلۡطَٰنٖ مُّبِينٖ
Na monhwε na moamma mo ho so wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَإِنِّي عُذۡتُ بِرَبِّي وَرَبِّكُمۡ أَن تَرۡجُمُونِ
Mehwehwε ntwitwagyeε firi me Wura ne mo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monsi me aboͻ nku me.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَإِن لَّمۡ تُؤۡمِنُواْ لِي فَٱعۡتَزِلُونِ
Sε monnye me nni a monyae me komm.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَدَعَا رَبَّهُۥٓ أَنَّ هَٰٓؤُلَآءِ قَوۡمٞ مُّجۡرِمُونَ
Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَأَسۡرِ بِعِبَادِي لَيۡلًا إِنَّكُم مُّتَّبَعُونَ
(Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَٱتۡرُكِ ٱلۡبَحۡرَ رَهۡوًاۖ إِنَّهُمۡ جُندٞ مُّغۡرَقُونَ
(Sε wo ne wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no, Nokorε sε, (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn.
Ibisobanuro by'icyarabu:
كَمۡ تَرَكُواْ مِن جَنَّٰتٖ وَعُيُونٖ
Turo ne asutire dodoͻ sεn na wͻgyaaε?
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَزُرُوعٖ وَمَقَامٖ كَرِيمٖ
Ne mfuo ne adan pa,
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَنَعۡمَةٖ كَانُواْ فِيهَا فَٰكِهِينَ
Ne nnepa a na wͻn anigye ho no;
Ibisobanuro by'icyarabu:
كَذَٰلِكَۖ وَأَوۡرَثۡنَٰهَا قَوۡمًا ءَاخَرِينَ
Saa na εteε. Yεmaa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَمَا بَكَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلسَّمَآءُ وَٱلۡأَرۡضُ وَمَا كَانُواْ مُنظَرِينَ
Enti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yɛamma wͻn berε.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَلَقَدۡ نَجَّيۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ مِنَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡمُهِينِ
Ampa sε Yεgyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
مِن فِرۡعَوۡنَۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَالِيٗا مِّنَ ٱلۡمُسۡرِفِينَ
(Yεgyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَلَقَدِ ٱخۡتَرۡنَٰهُمۡ عَلَىٰ عِلۡمٍ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻkyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَءَاتَيۡنَٰهُم مِّنَ ٱلۡأٓيَٰتِ مَا فِيهِ بَلَٰٓؤٞاْ مُّبِينٌ
Yεmaa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ لَيَقُولُونَ
Nokorε sε saa nkorͻfoͻ (Quraishfoͻ) yi ka sε:
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنۡ هِيَ إِلَّا مَوۡتَتُنَا ٱلۡأُولَىٰ وَمَا نَحۡنُ بِمُنشَرِينَ
“Ɛno ara ne yɛwuo a edi kan no, na yɛnnyane yεn mfiri owuo mu bio.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَأۡتُواْ بِـَٔابَآئِنَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afiri owuo mu bio a) εneε momfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra”.
Ibisobanuro by'icyarabu:
أَهُمۡ خَيۡرٌ أَمۡ قَوۡمُ تُبَّعٖ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ أَهۡلَكۡنَٰهُمۡۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ مُجۡرِمِينَ
Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻdii wͻn anim kan noa? Yεsεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻyε abͻneεfoͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
وَمَا خَلَقۡنَا ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا لَٰعِبِينَ
Ɛnnyε agodie nti na Yεbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
مَا خَلَقۡنَٰهُمَآ إِلَّا بِٱلۡحَقِّ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Yɛammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّ يَوۡمَ ٱلۡفَصۡلِ مِيقَٰتُهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Nokorε sε Aseni Da no yε εberε a yɛahyε ama wͻn nyinaa,
Ibisobanuro by'icyarabu:
يَوۡمَ لَا يُغۡنِي مَوۡلًى عَن مَّوۡلٗى شَيۡـٔٗا وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ
(Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻnnya mmoa nso.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِلَّا مَن رَّحِمَ ٱللَّهُۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّ شَجَرَتَ ٱلزَّقُّومِ
Nokorε sε, dua Zaquum,
Ibisobanuro by'icyarabu:
طَعَامُ ٱلۡأَثِيمِ
Yε abͻneεfoͻ no aduane.
Ibisobanuro by'icyarabu:
كَٱلۡمُهۡلِ يَغۡلِي فِي ٱلۡبُطُونِ
Ɛtesε yaawa a yɛanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu,
Ibisobanuro by'icyarabu:
كَغَلۡيِ ٱلۡحَمِيمِ
Tesε nsuohyeε a εrehuro.
Ibisobanuro by'icyarabu:
خُذُوهُ فَٱعۡتِلُوهُ إِلَىٰ سَوَآءِ ٱلۡجَحِيمِ
(Yεbεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii;
Ibisobanuro by'icyarabu:
ثُمَّ صُبُّواْ فَوۡقَ رَأۡسِهِۦ مِنۡ عَذَابِ ٱلۡحَمِيمِ
Na afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so.
Ibisobanuro by'icyarabu:
ذُقۡ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡكَرِيمُ
“Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّ هَٰذَا مَا كُنتُم بِهِۦ تَمۡتَرُونَ
Nokorε sε wei na na moadwen nsi pi wͻ ho no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
إِنَّ ٱلۡمُتَّقِينَ فِي مَقَامٍ أَمِينٖ
Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فِي جَنَّٰتٖ وَعُيُونٖ
Wͻ Aheman ne nsubͻnten mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
يَلۡبَسُونَ مِن سُندُسٖ وَإِسۡتَبۡرَقٖ مُّتَقَٰبِلِينَ
Wͻfirafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim.
Ibisobanuro by'icyarabu:
كَذَٰلِكَ وَزَوَّجۡنَٰهُم بِحُورٍ عِينٖ
Saa (na εbεyε). Na Yεde mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho.
Ibisobanuro by'icyarabu:
يَدۡعُونَ فِيهَا بِكُلِّ فَٰكِهَةٍ ءَامِنِينَ
Wͻde ahotᴐ bεfrε aduaba biara a (wͻpε).
Ibisobanuro by'icyarabu:
لَا يَذُوقُونَ فِيهَا ٱلۡمَوۡتَ إِلَّا ٱلۡمَوۡتَةَ ٱلۡأُولَىٰۖ وَوَقَىٰهُمۡ عَذَابَ ٱلۡجَحِيمِ
Wͻnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَضۡلٗا مِّن رَّبِّكَۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
(Wei yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَإِنَّمَا يَسَّرۡنَٰهُ بِلِسَانِكَ لَعَلَّهُمۡ يَتَذَكَّرُونَ
Ampa sε Yɛama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻbεkae.
Ibisobanuro by'icyarabu:
فَٱرۡتَقِبۡ إِنَّهُم مُّرۡتَقِبُونَ
Enti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn.
Ibisobanuro by'icyarabu:
 
Ibisobanuro by'amagambo Isura: Dukhanu (Umwotsi)
Urutonde rw'amasura numero y'urupapuro
 
Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro mu kiashanti - Ishakiro ry'ibisobanuro

ibisobanuro bya Qoraani ntagatifu mururimi rw'igishanti byasobanuwe na sheikh Haruuna Ismailu

Gufunga