ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අශාන්ති පරිවර්තනය * - පරිවර්තන පටුන

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

අර්ථ කථනය පරිච්ඡේදය: සූරා මුහම්මද්   වාක්‍යය:

Muhammad

ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ أَضَلَّ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Wͻn a wͻpo nokorԑ no na wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, (Onyankopͻn) bεma wͻnwuma ayε kwa.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَءَامَنُواْ بِمَا نُزِّلَ عَلَىٰ مُحَمَّدٖ وَهُوَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّهِمۡ كَفَّرَ عَنۡهُمۡ سَيِّـَٔاتِهِمۡ وَأَصۡلَحَ بَالَهُمۡ
Wͻn nso a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa, na wͻgye deε yɛasane ama Muhammad no die sε εno ne nokorε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no, Ɔbεpepa wͻn bͻne afiri wͻn so na Wayε wͻn abrabͻ mu yie (ama wͻn).
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱتَّبَعُواْ ٱلۡبَٰطِلَ وَأَنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّبَعُواْ ٱلۡحَقَّ مِن رَّبِّهِمۡۚ كَذَٰلِكَ يَضۡرِبُ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ أَمۡثَٰلَهُمۡ
Efrisε, wͻn a wͻpo nokorԑ no di nkontompo akyi, εna wͻn a wͻagye adie no nso di nokorε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Saa na Nyankopͻn de wͻn yε mfatoho ma adasamma.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
فَإِذَا لَقِيتُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَضَرۡبَ ٱلرِّقَابِ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَثۡخَنتُمُوهُمۡ فَشُدُّواْ ٱلۡوَثَاقَ فَإِمَّا مَنَّۢا بَعۡدُ وَإِمَّا فِدَآءً حَتَّىٰ تَضَعَ ٱلۡحَرۡبُ أَوۡزَارَهَاۚ ذَٰلِكَۖ وَلَوۡ يَشَآءُ ٱللَّهُ لَٱنتَصَرَ مِنۡهُمۡ وَلَٰكِن لِّيَبۡلُوَاْ بَعۡضَكُم بِبَعۡضٖۗ وَٱلَّذِينَ قُتِلُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَلَن يُضِلَّ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Enti sε mo ne aboniayεfoͻ no hyia wͻ ͻkoo mu a, montwitwa wͻn kͻn nkosi sε mobɛdi wͻn so nkonim, na monfa wͻn nnomum, na mongu wͻn mpokyerε mmia mu; na akyire yi a ͻkoo no aguo no, (mobɛtumi} adom (de wͻn ho akyε wͻn), anaasε (mobɛtumi) ama wͻn atua mpata. Saa ara na sε Nyankopͻn pε a, nka Ɔno ara bεtwe wͻn aso, na mmom sεdeε Ɔde mo ho bεyε mo ho mo ho nsͻhwε. Wͻn a yɛaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no nso Ɔmma wͻn nnwuma nnyε kwa.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
سَيَهۡدِيهِمۡ وَيُصۡلِحُ بَالَهُمۡ
Ɔbεtene wͻn na Wayε wͻn asetena mu yie,
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَيُدۡخِلُهُمُ ٱلۡجَنَّةَ عَرَّفَهَا لَهُمۡ
Na Ɔde wͻn awura Soro aheman no a Ɔde akyerε wͻn no mu.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِن تَنصُرُواْ ٱللَّهَ يَنصُرۡكُمۡ وَيُثَبِّتۡ أَقۡدَامَكُمۡ
Mo a moagye adie, sε moboa Nyankopͻn a Ɔno nso bεboa mo, na Wama moagyina moanan so pintin.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَتَعۡسٗا لَّهُمۡ وَأَضَلَّ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Na wͻn a wͻnnye nnie no deε, ͻsεeε na εwͻ wͻn soͻ, na (Nyankopͻn) bεma wͻn nnwuma ayε kwa.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَرِهُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ فَأَحۡبَطَ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Efirisε wͻmpε adeε a Nyankopͻn asane aba no, enti Wama wͻn nnwuma (nyinaa) ayε kwa.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
۞ أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۖ دَمَّرَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمۡۖ وَلِلۡكَٰفِرِينَ أَمۡثَٰلُهَا
Enti wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε boniayεfoͻ no a wͻdii kan no awieeε si wieeε? Onyankopͻn sεee wͻn pasaa. Na boniayεfoͻ no wͻ ne (saa asotwee no) sε so.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ مَوۡلَى ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَأَنَّ ٱلۡكَٰفِرِينَ لَا مَوۡلَىٰ لَهُمۡ
Efirisε Nyankopͻn ne wͻn a wͻagye adie no Kyitaafoͻ, na boniayεfoͻ no deε wͻnni okyitaafoͻ biara.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يَتَمَتَّعُونَ وَيَأۡكُلُونَ كَمَا تَأۡكُلُ ٱلۡأَنۡعَٰمُ وَٱلنَّارُ مَثۡوٗى لَّهُمۡ
Nokorε sε Nyankpͻn de wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Na wͻn a wͻyi boniayε no deε, wͻregye wͻn ani na wͻdidi tesε deε nyεmmoa didie, na boniayεfoͻ no fie ne Amanehunu gyam.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَكَأَيِّن مِّن قَرۡيَةٍ هِيَ أَشَدُّ قُوَّةٗ مِّن قَرۡيَتِكَ ٱلَّتِيٓ أَخۡرَجَتۡكَ أَهۡلَكۡنَٰهُمۡ فَلَا نَاصِرَ لَهُمۡ
Nkuro pii na na wͻyε den kyεn wo kuro (Maka) a yɛatu wo afiri mu no. Yɛsεee wͻn pasaa na wͻanya boafoͻ.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
أَفَمَن كَانَ عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّهِۦ كَمَن زُيِّنَ لَهُۥ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ وَٱتَّبَعُوٓاْ أَهۡوَآءَهُم
Obi a ɔgyina nyinasoͻ anaa nokorε pefee a ɛfiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, (saa nipa no) tesε wͻn a wɔdi dwumadi bͻne na εyε wͻn fε na wͻdi wͻn apεdeε akyire no?
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
مَّثَلُ ٱلۡجَنَّةِ ٱلَّتِي وُعِدَ ٱلۡمُتَّقُونَۖ فِيهَآ أَنۡهَٰرٞ مِّن مَّآءٍ غَيۡرِ ءَاسِنٖ وَأَنۡهَٰرٞ مِّن لَّبَنٖ لَّمۡ يَتَغَيَّرۡ طَعۡمُهُۥ وَأَنۡهَٰرٞ مِّنۡ خَمۡرٖ لَّذَّةٖ لِّلشَّٰرِبِينَ وَأَنۡهَٰرٞ مِّنۡ عَسَلٖ مُّصَفّٗىۖ وَلَهُمۡ فِيهَا مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ وَمَغۡفِرَةٞ مِّن رَّبِّهِمۡۖ كَمَنۡ هُوَ خَٰلِدٞ فِي ٱلنَّارِ وَسُقُواْ مَآءً حَمِيمٗا فَقَطَّعَ أَمۡعَآءَهُمۡ
Ɔsoro aheman a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no sei na ne mfatoho siteε: Nsubͻnten a emu nsuo no dε ne ne pampan no nsesa wͻ hͻ, εne nsubͻnten a emu nsuo no yε nufusuo na ne dε no nsesa (nso wͻ hͻ), ne nsubͻnten a emu nsuo no yε nsa na εyε dε ma wͻn a wͻnom no (nso wͻ hͻ), εne nsubͻnten a εyε εwoͻ a ani korͻgyee (nso wͻ hͻ). Na wͻbenya aduaba biara nso bi wͻ hͻ, na (wasan anya) bͻnefakyε a ɛfiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. (Enti Aheman no mu foͻ no) tesε wͻn a wͻbεtena Amanehunu gya no mu afe bᴐᴐ na nsuohyeε a ahuro na yεbεma wᴐn anom ama atwitwa wͻn nsono mu no?
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَمِنۡهُم مَّن يَسۡتَمِعُ إِلَيۡكَ حَتَّىٰٓ إِذَا خَرَجُواْ مِنۡ عِندِكَ قَالُواْ لِلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ مَاذَا قَالَ ءَانِفًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ طَبَعَ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ وَٱتَّبَعُوٓاْ أَهۡوَآءَهُمۡ
(Nkͻmhyεni), wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻtie wo kͻpem sε, sε wͻfiri wo hͻ kͻ a, wͻka kyerε wͻn a Yɛama wͻn nimdeε (wͻ wͻn nkorͻfoͻ no mu no) sε: “Ɛdeεn na ͻka kyerεε mo sesei no?“ Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn asi wͻn akoma ano, na wͻdi wͻn apεdeε akyire no.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَٱلَّذِينَ ٱهۡتَدَوۡاْ زَادَهُمۡ هُدٗى وَءَاتَىٰهُمۡ تَقۡوَىٰهُمۡ
Wͻn a wɔanya kwankyerε no nso Yεde tenenee bεsan aka wͻn ho na yεde wͻn Nyamesuro nso ama wͻn.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
فَهَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّا ٱلسَّاعَةَ أَن تَأۡتِيَهُم بَغۡتَةٗۖ فَقَدۡ جَآءَ أَشۡرَاطُهَاۚ فَأَنَّىٰ لَهُمۡ إِذَا جَآءَتۡهُمۡ ذِكۡرَىٰهُمۡ
Enti deε wͻrentwεn ara ne sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirim? Nokorε sε εho nsohyεdeε no bi aba. Na sε εba wͻn so a, sεn na wͻbɛsi anya wͻn afutuo no so mfasoͻ?
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
فَٱعۡلَمۡ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا ٱللَّهُ وَٱسۡتَغۡفِرۡ لِذَنۢبِكَ وَلِلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِۗ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مُتَقَلَّبَكُمۡ وَمَثۡوَىٰكُمۡ
Enti hunu sε Nokorε, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Nyankopͻn. Enti srε no bͻnefakyε wͻ wo mfomsoͻ ho, na (srε no bͻnefakyε nso ma) agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no. Onyankopͻn Nim mo nanteε mu ne moatenaseε mu (nyinaa).
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَوۡلَا نُزِّلَتۡ سُورَةٞۖ فَإِذَآ أُنزِلَتۡ سُورَةٞ مُّحۡكَمَةٞ وَذُكِرَ فِيهَا ٱلۡقِتَالُ رَأَيۡتَ ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ يَنظُرُونَ إِلَيۡكَ نَظَرَ ٱلۡمَغۡشِيِّ عَلَيۡهِ مِنَ ٱلۡمَوۡتِۖ فَأَوۡلَىٰ لَهُمۡ
Wͻn a wɔagye adie no ka sε: “Adεn nti na yɛnnyi Suura bi (a εma yεn ͻkoo ho kwan) mma? Sε Suura a εda adi pefee ba na yεbͻ ͻkoo so wͻ mu a, wobɛhunu sε wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no rehwε wo tesε obia owuo asi ne soͻ nhwε. Enti due nka wͻn.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
طَاعَةٞ وَقَوۡلٞ مَّعۡرُوفٞۚ فَإِذَا عَزَمَ ٱلۡأَمۡرُ فَلَوۡ صَدَقُواْ ٱللَّهَ لَكَانَ خَيۡرٗا لَّهُمۡ
Setie ne kasapa (na εyε ma wͻn). Na sε yεde dwuma no si y’ani so, εna nka wͻredi nokorε ama Onyankopͻn a, nka εyε ma wͻn.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
فَهَلۡ عَسَيۡتُمۡ إِن تَوَلَّيۡتُمۡ أَن تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَتُقَطِّعُوٓاْ أَرۡحَامَكُمۡ
Sε monsa ka tumi a, bͻne na ebia mobεyε no wͻ asaase no soͻ, na moatete moabusua ntam.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ لَعَنَهُمُ ٱللَّهُ فَأَصَمَّهُمۡ وَأَعۡمَىٰٓ أَبۡصَٰرَهُمۡ
Saa nkorͻfoͻ no (a wͻdi nsεmͻne, na wͻtete abusua ntam no) na Onyankopͻn abͻ wͻn dua no, Wafira wͻn ani, na Wama wͻn aso nso asi.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
أَفَلَا يَتَدَبَّرُونَ ٱلۡقُرۡءَانَ أَمۡ عَلَىٰ قُلُوبٍ أَقۡفَالُهَآ
Enti wͻnnwen Qur’aan no ho nnkͻ akyiri anaa? Anaasε (yεde) krado ato wͻn akoma mu (a enti εmma nokorε no ntumi nwura mu anaa)?
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱرۡتَدُّواْ عَلَىٰٓ أَدۡبَٰرِهِم مِّنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ ٱلۡهُدَى ٱلشَّيۡطَٰنُ سَوَّلَ لَهُمۡ وَأَمۡلَىٰ لَهُمۡ
Nokorε sε wͻn a wͻsan wͻn akyi firi (Islam som mu) wͻ akyire yi a yɛakyerεkyerε ͻkwan tenenee no mu pefee akyerε wͻn no, ͻbonsam ma (wͻn anidaasoͻ hunu no) yε wͻn fε, na ͻma (wͻn nkwa nna no) yε (wͻn aniso) tenten ma wͻn.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَالُواْ لِلَّذِينَ كَرِهُواْ مَا نَزَّلَ ٱللَّهُ سَنُطِيعُكُمۡ فِي بَعۡضِ ٱلۡأَمۡرِۖ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ إِسۡرَارَهُمۡ
Efirisε wͻka kyerε wͻn a wͻtan deε Onyankopͻn asane aba no sε: “Yεbεyε sotie ama mo wͻ nsεm bi mu”. Nanso Onyankopͻn nim wͻn nsumaeε mu nsεm (nyinaa).
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
فَكَيۡفَ إِذَا تَوَفَّتۡهُمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ يَضۡرِبُونَ وُجُوهَهُمۡ وَأَدۡبَٰرَهُمۡ
Na sεn na εbɛsi ayε, sε Soro abͻfoͻ (agyenkwa) regye wͻn nkwa a? Wɔpaepae wͻn ani so (bobͻ) wͻn akyi nso.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمُ ٱتَّبَعُواْ مَآ أَسۡخَطَ ٱللَّهَ وَكَرِهُواْ رِضۡوَٰنَهُۥ فَأَحۡبَطَ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Efirisε wͻdi deε εhyε Onyankopͻn abufuo no akyi, na wͻtan deε Onyankopͻn pε. Enti Wama wͻn nnwuma ayε kwa.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
أَمۡ حَسِبَ ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٌ أَن لَّن يُخۡرِجَ ٱللَّهُ أَضۡغَٰنَهُمۡ
Enti wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no dwene sε Nyankopͻn nyi wͻn adwen bͻne a asuma no adi anaa?
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَلَوۡ نَشَآءُ لَأَرَيۡنَٰكَهُمۡ فَلَعَرَفۡتَهُم بِسِيمَٰهُمۡۚ وَلَتَعۡرِفَنَّهُمۡ فِي لَحۡنِ ٱلۡقَوۡلِۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ أَعۡمَٰلَكُمۡ
Sε Yεpε a nka Yεde wͻn bεkyerε mo ama mode wͻn nsohyεdeε ahu wͻn. Nokorε sε wode wͻn nne kasa bɛhu wͻn. Onyankopͻn nim mo dwumadie (nyinaa).
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
وَلَنَبۡلُوَنَّكُمۡ حَتَّىٰ نَعۡلَمَ ٱلۡمُجَٰهِدِينَ مِنكُمۡ وَٱلصَّٰبِرِينَ وَنَبۡلُوَاْ أَخۡبَارَكُمۡ
Nokorε sε, Yεbεsͻ mo ahwε kͻpem sε Yεbɛhu mo mu mmͻdemmͻfoͻ no ne aboterεfoͻ no, na Yεbεsͻ mo ahwε wͻ monsεm mu.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَشَآقُّواْ ٱلرَّسُولَ مِنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ ٱلۡهُدَىٰ لَن يَضُرُّواْ ٱللَّهَ شَيۡـٔٗا وَسَيُحۡبِطُ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Wͻn a wͻpo nokorԑ na wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻko tia Ɔsomafoͻ no wͻ akyire yi a ͻkwan tenenee no ada adi ama wͻn no, wͻntumi nnyε Nyankopͻn hwee na Ɔbεma wͻn nnwuma ayε kwa.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
۞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُواْ ٱلرَّسُولَ وَلَا تُبۡطِلُوٓاْ أَعۡمَٰلَكُمۡ
Mo a moagye adie, monyε sotie mma Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no, na monhwε na moansεe mo nnwuma.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ ثُمَّ مَاتُواْ وَهُمۡ كُفَّارٞ فَلَن يَغۡفِرَ ٱللَّهُ لَهُمۡ
Nokorε sε, wͻn a wͻyi boniayε, na wɔsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻwu wͻ aberε a wͻyε (Kaafirifoͻ) boniayεfoͻ no, Onyankopͻn mfa wͻn bͻne nkyε wͻn.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
فَلَا تَهِنُواْ وَتَدۡعُوٓاْ إِلَى ٱلسَّلۡمِ وَأَنتُمُ ٱلۡأَعۡلَوۡنَ وَٱللَّهُ مَعَكُمۡ وَلَن يَتِرَكُمۡ أَعۡمَٰلَكُمۡ
Enti monhwε na moango mo ho anyε sε deε morefrε wͻn akͻ asomdwoeԑ (apam) mu; na mo ne nkonimdifoͻ, Onyankopͻn ka mo ho, na Ɔmma mo nnwuma pa no so akatua so nte.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
إِنَّمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا لَعِبٞ وَلَهۡوٞۚ وَإِن تُؤۡمِنُواْ وَتَتَّقُواْ يُؤۡتِكُمۡ أُجُورَكُمۡ وَلَا يَسۡـَٔلۡكُمۡ أَمۡوَٰلَكُمۡ
Wiase asetena yi yε agorͻ ne ahurusie; na sε mogye di na mosuro Nyame a, Ɔde moakatua bεma mo, na Ɔmmisa mo moagyapadeε.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
إِن يَسۡـَٔلۡكُمُوهَا فَيُحۡفِكُمۡ تَبۡخَلُواْ وَيُخۡرِجۡ أَضۡغَٰنَكُمۡ
Sε nka Ɔrebisa mo (agyapadeε no) εna Ɔrehyε mo mpo a, nka mobεyε ho pεpεε; na Ɔbɛyi moadwen bͻne no adi.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
هَٰٓأَنتُمۡ هَٰٓؤُلَآءِ تُدۡعَوۡنَ لِتُنفِقُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَمِنكُم مَّن يَبۡخَلُۖ وَمَن يَبۡخَلۡ فَإِنَّمَا يَبۡخَلُ عَن نَّفۡسِهِۦۚ وَٱللَّهُ ٱلۡغَنِيُّ وَأَنتُمُ ٱلۡفُقَرَآءُۚ وَإِن تَتَوَلَّوۡاْ يَسۡتَبۡدِلۡ قَوۡمًا غَيۡرَكُمۡ ثُمَّ لَا يَكُونُوٓاْ أَمۡثَٰلَكُم
Hwε, mone nkorͻfoͻ no a yɛafrε mo sε monyi (mosika) wͻ Nyame kwan soͻ no. Nanso mo mu bi wͻ hͻ a wͻyε pεpεε (anaa wͻbͻ ayεmuͻnwono) na obi a ͻyε pεpεε no, ͻyε pεpεε no ma ne ho; na Nyankopͻn deε Wanya ne ho, mo na moyε ahiafoͻ; na sε modane moakyi (ma Islam som no) a, Ɔde amanfoͻ foforͻ bεhyε mo anan mu, na wͻn deε wͻnyε tesε mo.
අල්කුර්ආන් අරාබි අර්ථ විවරණ:
 
අර්ථ කථනය පරිච්ඡේදය: සූරා මුහම්මද්
සූරා පටුන පිටු අංක
 
ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අශාන්ති පරිවර්තනය - පරිවර්තන පටුන

ශුද්ධ වූ අල් කුර්ආනයේ අර්ථයන් හි අශාන්ති පරිවර්තනය. හාරූන් ඉස්මාඊල් විසින් පරිවර්තනය කරන ලදී.

වසන්න