పవిత్ర ఖురాన్ యొక్క భావార్థాల అనువాదం - అసంటే ట్వి అనువాదం * - అనువాదాల విషయసూచిక

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

భావార్ధాల అనువాదం సూరహ్: సూరహ్ యూనుస్   వచనం:

Yunus

الٓرۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡحَكِيمِ
Aliif Laam Raa. Wei yε Nyansa Nwoma no mu nsεm.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أَكَانَ لِلنَّاسِ عَجَبًا أَنۡ أَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ رَجُلٖ مِّنۡهُمۡ أَنۡ أَنذِرِ ٱلنَّاسَ وَبَشِّرِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَنَّ لَهُمۡ قَدَمَ صِدۡقٍ عِندَ رَبِّهِمۡۗ قَالَ ٱلۡكَٰفِرُونَ إِنَّ هَٰذَا لَسَٰحِرٞ مُّبِينٌ
Enti εyε nnipa nwanwa sε, Yɛayi Adiyisεm ama onipa a ɔfiri wͻn mu sε: “Bͻ adasamma kͻkͻ, na bͻ wͻn a wͻagye adie no anohoba sε, wͻwͻ nkͻso pa bi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ?” Deε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no ka ne sε: ”Nokorε sε, wei deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee “.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّ رَبَّكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَۖ مَا مِن شَفِيعٍ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ إِذۡنِهِۦۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ فَٱعۡبُدُوهُۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Nokorε sε, mo Wura Nyankopͻn no na Ɔbͻͻ soro ne asaase wͻ nna nsia mu, εna Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ; Ɔno na Ɔtoto ntotoeε (biara). Ͻgyefoͻ biara nni hͻ, gyesε Ɔma kwan ansa. Mo Wura Nyankopͻn no Ɔne no, enti monsom no. Enti momfa (saa asɛm yi) nnyε afutuo?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِلَيۡهِ مَرۡجِعُكُمۡ جَمِيعٗاۖ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقًّاۚ إِنَّهُۥ يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥ لِيَجۡزِيَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ بِٱلۡقِسۡطِۚ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَهُمۡ شَرَابٞ مِّنۡ حَمِيمٖ وَعَذَابٌ أَلِيمُۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ
Monyinaa Nehͻ ne monkyi. Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε. Nokorε sε Ɔno na Ɔfitii abͻdeε no aseε, εna Ɔbεsan de no aba (nkwa mu) bio, sεdeε Ɔbɛtua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka pεpεεpε; na wͻn a wͻyi boniayε no wͻ nsuohyeε a wͻbεnom ne asotwee a εyε ya paa, εnam wͻn boniayε no ho nti.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ ٱلشَّمۡسَ ضِيَآءٗ وَٱلۡقَمَرَ نُورٗا وَقَدَّرَهُۥ مَنَازِلَ لِتَعۡلَمُواْ عَدَدَ ٱلسِّنِينَ وَٱلۡحِسَابَۚ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ ذَٰلِكَ إِلَّا بِٱلۡحَقِّۚ يُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
Onyankopͻn na Wama awia nhyerεnee εna (Wama) bosome nso nhyerεnee, εna Wahyehyε so εbrε ama no, sεdeε mobɛhunu mfeɛ dodoͻ ne nkontabuo no. Onyankopͻn ammͻ wei (kwa), na mmom (Ɔbͻͻ no) nokorε nti, Ɔkyerεkyerε Ne nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻnim.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّ فِي ٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَمَا خَلَقَ ٱللَّهُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَّقُونَ
Nokorε sε abirabͻ a εwͻ adesaeε ne adekyeε mu, ne nneεma a Nyankopͻn abͻ a εwͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema amanfoͻ a wͻsuro Nyame yε ahwεyie.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا وَرَضُواْ بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَٱطۡمَأَنُّواْ بِهَا وَٱلَّذِينَ هُمۡ عَنۡ ءَايَٰتِنَا غَٰفِلُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻnni Yεn nhyiamu (da) no ho anidaasoͻ, na wͻagye wiase asetena no ato mu, na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ ho no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no soͻ no,-
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أُوْلَٰٓئِكَ مَأۡوَىٰهُمُ ٱلنَّارُ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn fie ne Amane hunu gyem no, εnam dwuma a wͻn nsa kaeε no ho nti.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ يَهۡدِيهِمۡ رَبُّهُم بِإِيمَٰنِهِمۡۖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهِمُ ٱلۡأَنۡهَٰرُ فِي جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Nokorε sε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn gyidie no bεkyerε wͻn kwan; nsubͻnten bεtene wͻ wͻn ase wͻ Anigyeε Aheman no mu.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
دَعۡوَىٰهُمۡ فِيهَا سُبۡحَٰنَكَ ٱللَّهُمَّ وَتَحِيَّتُهُمۡ فِيهَا سَلَٰمٞۚ وَءَاخِرُ دَعۡوَىٰهُمۡ أَنِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Wͻn frε a wͻde bεfrε (Nyankopͻn) wͻ (Aheman) no mu ne sε: “Kronkron Hene Tweduampͻn Nyankopͻn!” Na wͻn nkyea wͻ mu hͻ ne sε:” Asomdwoeε.“ Na wͻn frε no nso awieeε ne sε. “Aseda wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
۞ وَلَوۡ يُعَجِّلُ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ ٱلشَّرَّ ٱسۡتِعۡجَالَهُم بِٱلۡخَيۡرِ لَقُضِيَ إِلَيۡهِمۡ أَجَلُهُمۡۖ فَنَذَرُ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
Sε Nyankopͻn pε ntεm yε nnipa bͻne, sεdeε Ɔyε papa ntεm ma wͻn no a, anka wͻn berε no aso. Nanso Yɛgyae wͻn a wͻnni anidaasoͻ no ma Yεn nhyiamu (da) no wͻ wͻn bͻne mu ma wͻkeka (kͻ tesε anifirafoͻ).
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ٱلضُّرُّ دَعَانَا لِجَنۢبِهِۦٓ أَوۡ قَاعِدًا أَوۡ قَآئِمٗا فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُ ضُرَّهُۥ مَرَّ كَأَن لَّمۡ يَدۡعُنَآ إِلَىٰ ضُرّٖ مَّسَّهُۥۚ كَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِلۡمُسۡرِفِينَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Sε ͻhaw bi to onipa a, ͻda ne nkyεn mu anaasε ͻtena hͻ anaasε ɔgyina hͻ su frε Yεn, nasε Yεyi ͻhaw no firi ne so a, ɔtwam tesε deε ɔnsu mfrεε Yεn da wͻ ͻhaw a εtoo no no ho. Saa na Yεma dwuma a nsεmmͻnedifoͻ no die no yε wͻn fε.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَقَدۡ أَهۡلَكۡنَا ٱلۡقُرُونَ مِن قَبۡلِكُمۡ لَمَّا ظَلَمُواْ وَجَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Ampa sε, Yɛasεe awoͻ ntoatoasoͻ (pii) a wͻdii mo anim kan no, εberε a wͻyεε bͻne; wͻn asomafoͻ de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn, nanso wͻn annye anni. Saa na Yɛtua nnipa bͻnefoͻ no ka.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ثُمَّ جَعَلۡنَٰكُمۡ خَلَٰٓئِفَ فِي ٱلۡأَرۡضِ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ لِنَنظُرَ كَيۡفَ تَعۡمَلُونَ
Afei Yεyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so wͻ wͻn akyi, sεdeε Yεbɛhunu dwuma a monso mobɛdie.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَاتُنَا بَيِّنَٰتٖ قَالَ ٱلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ لِقَآءَنَا ٱئۡتِ بِقُرۡءَانٍ غَيۡرِ هَٰذَآ أَوۡ بَدِّلۡهُۚ قُلۡ مَا يَكُونُ لِيٓ أَنۡ أُبَدِّلَهُۥ مِن تِلۡقَآيِٕ نَفۡسِيٓۖ إِنۡ أَتَّبِعُ إِلَّا مَا يُوحَىٰٓ إِلَيَّۖ إِنِّيٓ أَخَافُ إِنۡ عَصَيۡتُ رَبِّي عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Sε Yεrekenkan Yεn Nsεnkyerεnee pefee no kyerε wͻn a, deε wͻn a wͻnni anidaasoͻ de ma Yεn nhyiamu (Da) no ka ne sε: “Fa Qur’aan foforͻ a εnyε wei bra, anaasε sesa no’’. (Nkͻmhyεni), ka sε :” Menni ho kwan sε mede me ara mepε bεsesa no. Medeε deε yɛayi ama me no na medi akyire. Medeε mesuro sε mεyε me Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden εnam Da kεseε no asotwee no ho nti”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُل لَّوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا تَلَوۡتُهُۥ عَلَيۡكُمۡ وَلَآ أَدۡرَىٰكُم بِهِۦۖ فَقَدۡ لَبِثۡتُ فِيكُمۡ عُمُرٗا مِّن قَبۡلِهِۦٓۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε a, anka mankenkan (Qur’aan yi) ankyerε mo, anaasε anka Wamma mo anhu. Ampa sε madikan atena mo mu mfeɛ (pii a monim me yie) ansa (na Nyankopͻn de saa dwumadi kεseε yi rema me). Adεn na monte aseε ?”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Enti (nipa) bͻneni bεn paa na ͻkyεn obi a ͻbͻ ne tiri mu twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε ɔtwa Ne nsεm ho nkontompo? Nokorε sε abͻneεfoͻ no nni nkonim da.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَضُرُّهُمۡ وَلَا يَنفَعُهُمۡ وَيَقُولُونَ هَٰٓؤُلَآءِ شُفَعَٰٓؤُنَا عِندَ ٱللَّهِۚ قُلۡ أَتُنَبِّـُٔونَ ٱللَّهَ بِمَا لَا يَعۡلَمُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَلَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Wͻfiri Nyankopͻn akyi som deε ɛntumi mma wͻn ͻhaw anaasε εmma wͻn mfasoͻ (biara), na wͻkasε: “(Y’abosom) weinom ne yεn gyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moreka deε Onyankopͻn nnim wͻ ͻsoro anaasε asaase so akyerε no? “ Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Neho no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمَا كَانَ ٱلنَّاسُ إِلَّآ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ فَٱخۡتَلَفُواْۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَقُضِيَ بَيۡنَهُمۡ فِيمَا فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Na anka nnipa (nyinaa) yε ͻman baako, εna (akyire yi) wͻn ntam teteeε. Na εnyε sε asεm no adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (sε Atemmuda na Ɔbɛbu nnipa ntam atεn) a, nokorε sε anka Wabu wͻn ntam atεn (dadaada) wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَيَقُولُونَ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَةٞ مِّن رَّبِّهِۦۖ فَقُلۡ إِنَّمَا ٱلۡغَيۡبُ لِلَّهِ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Wͻka sε: “Adεn nti na nsεnkyerε-nee bi mfiri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma ne hͻ? Ka sε: “Ahuntasεm no deε, εwͻ Nyankopͻn“. Enti montwεn, na nokorε sε me nso meka mo ho ka wͻn a wͻretwεn no ho “
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَإِذَآ أَذَقۡنَا ٱلنَّاسَ رَحۡمَةٗ مِّنۢ بَعۡدِ ضَرَّآءَ مَسَّتۡهُمۡ إِذَا لَهُم مَّكۡرٞ فِيٓ ءَايَاتِنَاۚ قُلِ ٱللَّهُ أَسۡرَعُ مَكۡرًاۚ إِنَّ رُسُلَنَا يَكۡتُبُونَ مَا تَمۡكُرُونَ
Sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε wͻ ͻhaw bi a εtoo wͻn no akyi a, wobɛhunu sε, wͻrebͻ Yεn Nsεm no ho pͻ. Kasε: ”Onyankopͻn ho yε hare wͻ pͻbͻ ho paa. Nokorε sε Y’abͻfoͻ no retwerε εpͻ (biara a) morebͻ no “.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
هُوَ ٱلَّذِي يُسَيِّرُكُمۡ فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا كُنتُمۡ فِي ٱلۡفُلۡكِ وَجَرَيۡنَ بِهِم بِرِيحٖ طَيِّبَةٖ وَفَرِحُواْ بِهَا جَآءَتۡهَا رِيحٌ عَاصِفٞ وَجَآءَهُمُ ٱلۡمَوۡجُ مِن كُلِّ مَكَانٖ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُمۡ أُحِيطَ بِهِمۡ دَعَوُاْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ لَئِنۡ أَنجَيۡتَنَا مِنۡ هَٰذِهِۦ لَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلشَّٰكِرِينَ
Ɔno na Ɔma mo tumi tu kwan wͻ asaase so ne ͻpo so, kͻpem sε mobεtena nsuom-hyεn mu, na εde mo atu wͻ mframa pa mu ama wͻn ani agye ho, na afei mframa den ne asorͻkye firi bea biara bͻ ba, na wͻn adwene ayε wͻn sε (owuo) atwa wͻn ho ahyia. (Saa berε no) wͻsufrε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu sε: “(Awurade), sε wogye yεn firi wei mu a yεbεka wͻn a wͻyi (wo) ayε no ho “.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَلَمَّآ أَنجَىٰهُمۡ إِذَا هُمۡ يَبۡغُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۗ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّمَا بَغۡيُكُمۡ عَلَىٰٓ أَنفُسِكُمۖ مَّتَٰعَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُكُمۡ فَنُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Nanso sε Ɔgye wͻn (firi mmusuo no mu) a, wobɛhunu sε wͻredi bͻne, te atua a enni ho kwan sε wͻyε no wͻ asaase no soͻ. Adasamma, mo bͻne (ho asεm) tia mo ara, wiase asetena mu anigyeε (yε berε tiaa bi) na Yεhͻ ne monkyi, na Yεbεbͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّمَا مَثَلُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا كَمَآءٍ أَنزَلۡنَٰهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ فَٱخۡتَلَطَ بِهِۦ نَبَاتُ ٱلۡأَرۡضِ مِمَّا يَأۡكُلُ ٱلنَّاسُ وَٱلۡأَنۡعَٰمُ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَخَذَتِ ٱلۡأَرۡضُ زُخۡرُفَهَا وَٱزَّيَّنَتۡ وَظَنَّ أَهۡلُهَآ أَنَّهُمۡ قَٰدِرُونَ عَلَيۡهَآ أَتَىٰهَآ أَمۡرُنَا لَيۡلًا أَوۡ نَهَارٗا فَجَعَلۡنَٰهَا حَصِيدٗا كَأَن لَّمۡ تَغۡنَ بِٱلۡأَمۡسِۚ كَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Nokorε sε, wiase asetena yi mfatoho tesε nsuo a Yɛsane firi soro dema asaase so nnuaba a nnipa ne mmoadoma die no (fifiri) di afra, kͻpem sε asaase no bεfa n’ahosiesie deε na ayε fε; (sε εba saa a) na ne wuranom no adwen yε wͻn sε wͻn na wͻwͻ tumi wͻ soͻ. (Ɛde saa ara) kosi sε, Y’ahyεdeε bεba so anadwo anaasε adekyeε, na Yɛayε ama no (ayε sε afuo a) yɛatwa na ayε sεdeε nnora na enni hͻ koraa no. Saa ara na Yεkyerεkyerε Yεn nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻdwen.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَٱللَّهُ يَدۡعُوٓاْ إِلَىٰ دَارِ ٱلسَّلَٰمِ وَيَهۡدِي مَن يَشَآءُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Nyankopͻn refrε (mo) akͻ Asomdwoeε fie, na Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kͻ kwan tenenee no so.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
۞ لِّلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ ٱلۡحُسۡنَىٰ وَزِيَادَةٞۖ وَلَا يَرۡهَقُ وُجُوهَهُمۡ قَتَرٞ وَلَا ذِلَّةٌۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻdi dwuma pa no wͻ akatua pa ne (akatua pa no ho) ntosoͻ. Esum anaa animguaseε biara nkata wͻn anim (wͻ Daakye Atemmuda). Wͻne Ɔsoro Aheman no mu foͻ no, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَٱلَّذِينَ كَسَبُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ جَزَآءُ سَيِّئَةِۭ بِمِثۡلِهَا وَتَرۡهَقُهُمۡ ذِلَّةٞۖ مَّا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِنۡ عَاصِمٖۖ كَأَنَّمَآ أُغۡشِيَتۡ وُجُوهُهُمۡ قِطَعٗا مِّنَ ٱلَّيۡلِ مُظۡلِمًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻnsa kaa bͻne no nso, bͻne so akatua no ara pεpεεpε (na yεde bɛtua wͻn ka); na animguaseε bεmene wͻn; na wͻnnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Wͻbεyε tesε deε yεde anadwo sum tumm sini bi akata wͻn anim. Saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَيَوۡمَ نَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا ثُمَّ نَقُولُ لِلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ مَكَانَكُمۡ أَنتُمۡ وَشُرَكَآؤُكُمۡۚ فَزَيَّلۡنَا بَيۡنَهُمۡۖ وَقَالَ شُرَكَآؤُهُم مَّا كُنتُمۡ إِيَّانَا تَعۡبُدُونَ
Ɛda a Yεbεboa wͻn nyinaa ano no, Yεbεka akyerε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no sε: “Mo ne wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no, monnyina faako a mogyina no ara. Na Yεbεpaepae wͻn ntam. Wͻn a wͻde wͻn bataa Nyankopͻn ho no bεka akyerε (abosomsomfoͻ no) sε: “Yεn deε εnyε yεn na na mosom yεn no”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَكَفَىٰ بِٱللَّهِ شَهِيدَۢا بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمۡ إِن كُنَّا عَنۡ عِبَادَتِكُمۡ لَغَٰفِلِينَ
Onyankopͻn som bo sε Ɔdanseni wͻ yεn ne montam sε, yεn deε yɛnnim som a na mosom (yεn) no ho hwee.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
هُنَالِكَ تَبۡلُواْ كُلُّ نَفۡسٖ مَّآ أَسۡلَفَتۡۚ وَرُدُّوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ مَوۡلَىٰهُمُ ٱلۡحَقِّۖ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Ɛhͻ na ͻkra biara bɛhunu dwuma a (ɔdi) detoo n’anim, na yεde wͻn bεsan akͻ wͻn Wura paa no hͻ, na nkontompo a wͻbͻͻ wͻn tirim twaeε no bεyera afiri wͻn ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ مَن يَرۡزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ أَمَّن يَمۡلِكُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَمَن يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَيُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتَ مِنَ ٱلۡحَيِّ وَمَن يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَۚ فَسَيَقُولُونَ ٱللَّهُۚ فَقُلۡ أَفَلَا تَتَّقُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Anaasε hwan na ͻwͻ aso a εte asεm ne ani a ehunu adeε no ho tumi? Na hwan na ͻma ateasefoͻ pue firi awufoͻ mu, na ͻma awufoͻ nso pue firi ateasefoͻ mu? Na hwan na ͻtoto ntotoeε (nyinaa)?” Deε wͻbεka nesε, “Onyankopͻn.“ Ɛneε ka sε: “Enti monsuro Nyankopͻn?”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمُ ٱلۡحَقُّۖ فَمَاذَا بَعۡدَ ٱلۡحَقِّ إِلَّا ٱلضَّلَٰلُۖ فَأَنَّىٰ تُصۡرَفُونَ
Mo Wura Nyankopͻn paa no ne no. Na εdeεn na εwͻ nokorε akyi bio, gyesε ͻyera (anaasε nkontompo)? Na adεn na modane mo ho (firi nokorε no ho)?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
كَذَٰلِكَ حَقَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ عَلَى ٱلَّذِينَ فَسَقُوٓاْ أَنَّهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Saa na wo Wura Nyankopͻn asεm ayε nokorε atia abͻneεfoͻ no, nokorε sε wͻnnye nni.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ هَلۡ مِن شُرَكَآئِكُم مَّن يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥۚ قُلِ ٱللَّهُ يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ
Kasε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻhyε abͻdeε aseε na afei (ɔtumi) san (owufoͻ) no (ba nkwa mu bio)? Afei adεn na modane mu ho (firi Nokorε no ho)?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ هَلۡ مِن شُرَكَآئِكُم مَّن يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلۡحَقِّۚ قُلِ ٱللَّهُ يَهۡدِي لِلۡحَقِّۗ أَفَمَن يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلۡحَقِّ أَحَقُّ أَن يُتَّبَعَ أَمَّن لَّا يَهِدِّيٓ إِلَّآ أَن يُهۡدَىٰۖ فَمَا لَكُمۡ كَيۡفَ تَحۡكُمُونَ
Ka sε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻkyerε kwan kͻ Nokorε no mu?” Ka sε: “Onyankopͻn na Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu. Ɛneε na Obi a Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu no Ɔno na εsεsε yɛdi n’akyi, anaasε obi a ɔntumi nkyerε (ne ho mpo) kwan gyesε yεkyerε no kwan ansa no?” Na deεn na εha mo wͻ sεdeε mosi bu atεn yi?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمَا يَتَّبِعُ أَكۡثَرُهُمۡ إِلَّا ظَنًّاۚ إِنَّ ٱلظَّنَّ لَا يُغۡنِي مِنَ ٱلۡحَقِّ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِمَا يَفۡعَلُونَ
Deε wͻn mu dodoᴐ no adwen kyerε wͻn no na wͻdi akyire. Nokorε sε, deε wͻn adwen kyerε wͻn no ho mma mfasoͻ biara wͻ Nokorε no ho. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Nimdefoͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمَا كَانَ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانُ أَن يُفۡتَرَىٰ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَٰكِن تَصۡدِيقَ ٱلَّذِي بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَتَفۡصِيلَ ٱلۡكِتَٰبِ لَا رَيۡبَ فِيهِ مِن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Saa Qur’aan yi nyε (Nwoma) a Onyankopͻn akyi (obi bɛtumi) abͻ (ne) tirimu ayε bie, na mmom (εyε Nyankopͻn Nwoma a) εfoa (Tora ne Injeel) a edi n’anim kan (baeε) no so, ne Nwoma no nkyerεkyerεmu; akyinnyeε biara nni mu, ɛfiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰهُۖ قُلۡ فَأۡتُواْ بِسُورَةٖ مِّثۡلِهِۦ وَٱدۡعُواْ مَنِ ٱسۡتَطَعۡتُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Anaasε wͻka sε: “(Muhammad) abͻ ne tirim (na atwerε)? “Ka sε: “Ɛneε monfa Suura a, εte saa mmra, na momfiri Nyankopͻn akyi mfrε obi a mobɛtumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
بَلۡ كَذَّبُواْ بِمَا لَمۡ يُحِيطُواْ بِعِلۡمِهِۦ وَلَمَّا يَأۡتِهِمۡ تَأۡوِيلُهُۥۚ كَذَٰلِكَ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلظَّٰلِمِينَ
Daabi, wͻbu deε wͻn nimdeε nnuruu ho no sε nkontompo, aberε a nenkyeraseε nnuruu wͻn hͻ. Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no buu no atorͻsεm; na hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieeε si wieeε.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمِنۡهُم مَّن يُؤۡمِنُ بِهِۦ وَمِنۡهُم مَّن لَّا يُؤۡمِنُ بِهِۦۚ وَرَبُّكَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُفۡسِدِينَ
Wͻn mu bi nom gye di, na wͻn mu bi nso nnye nni; na wo Wura Nyankopͻn Nim nsεmͻnedifoͻ no paa.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَإِن كَذَّبُوكَ فَقُل لِّي عَمَلِي وَلَكُمۡ عَمَلُكُمۡۖ أَنتُم بَرِيٓـُٔونَ مِمَّآ أَعۡمَلُ وَأَنَا۠ بَرِيٓءٞ مِّمَّا تَعۡمَلُونَ
Sε wͻbu wo nkontomponi a, kasε: “M’adwuma wͻ me, εna monso mo adwuma wͻ mo, na medeε matwe me ho afiri dwuma a modie no ho.”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمِنۡهُم مَّن يَسۡتَمِعُونَ إِلَيۡكَۚ أَفَأَنتَ تُسۡمِعُ ٱلصُّمَّ وَلَوۡ كَانُواْ لَا يَعۡقِلُونَ
Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻtie woͻ. Enti wobɛtumi ama asosifoͻ ate asεm, sε wͻnte asεm ase mpo a?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمِنۡهُم مَّن يَنظُرُ إِلَيۡكَۚ أَفَأَنتَ تَهۡدِي ٱلۡعُمۡيَ وَلَوۡ كَانُواْ لَا يُبۡصِرُونَ
Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻhwε woͻ. Enti wobɛtumi akyerε onifrani kwan, sε wͻnhunu adeε mpo a?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَظۡلِمُ ٱلنَّاسَ شَيۡـٔٗا وَلَٰكِنَّ ٱلنَّاسَ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Nokorε sε, Nyankopͻn nsisi nnipa wͻ hwee ho, na mmom nnipa no ara na wͻsisi wͻn ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ كَأَن لَّمۡ يَلۡبَثُوٓاْ إِلَّا سَاعَةٗ مِّنَ ٱلنَّهَارِ يَتَعَارَفُونَ بَيۡنَهُمۡۚ قَدۡ خَسِرَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِلِقَآءِ ٱللَّهِ وَمَا كَانُواْ مُهۡتَدِينَ
Ɛda a Ɔbεboa wͻn ano no εbεyε wͻn sε wͻntenaa (wiase anaa adakamena mu) da, na mmom (sε watena mu mpo a εyε) adekyeε mu dͻnhwere (tiaa) bi; na wͻbɛhu wͻn ho wͻn ho. Nokorε wͻn a wͻbuu Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no sε atorͻsεm no aberε agu, na wͻnyε atenenefoͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَإِمَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ ٱللَّهُ شَهِيدٌ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ
Sε Yεbɛyi deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no mu bi akyerε wo (wͻ wo nkwa nna mu), anaasε Yεbεma wo awuo (ansa), Yεn hͻ ne wͻn nyinaa nkyi, na Onyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Danseni.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلِكُلِّ أُمَّةٖ رَّسُولٞۖ فَإِذَا جَآءَ رَسُولُهُمۡ قُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Ɔman biara wͻ ͻsomafoͻ. Enti sε wͻn somafoͻ no ba (wͻ Atemmuda) a, yεbɛbu wͻn ntam atεn pεpεεpε na yɛnsisi wͻn.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Deԑ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no (bɛsie), sε moyε nokwafoͻ ampa a?”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُل لَّآ أَمۡلِكُ لِنَفۡسِي ضَرّٗا وَلَا نَفۡعًا إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۗ لِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٌۚ إِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ فَلَا يَسۡتَـٔۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ
Ka sε: “Menni deε εma me ͻhaw anaasε mfasoͻ ho tumi, gyesε deε Onyankopͻn pε. Ɔman biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama no), sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere baako, εna εnkͻ n’anim nso (dͻnhwere baako)
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِنۡ أَتَىٰكُمۡ عَذَابُهُۥ بَيَٰتًا أَوۡ نَهَارٗا مَّاذَا يَسۡتَعۡجِلُ مِنۡهُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Ka sε: “Moahunu, sε N’asotwee no ba mo so adekyeε (berɛ mu) anaasε anadwo (berɛ mu) a, emu deε εwͻ hen na abͻneεfoͻ no repre ho no?”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أَثُمَّ إِذَا مَا وَقَعَ ءَامَنتُم بِهِۦٓۚ ءَآلۡـَٰٔنَ وَقَدۡ كُنتُم بِهِۦ تَسۡتَعۡجِلُونَ
Anaasε esi wie a na mobεgye adie? Seesei; (afei na moagye adie?) Ampa sε na morepε no ntεm.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ثُمَّ قِيلَ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡخُلۡدِ هَلۡ تُجۡزَوۡنَ إِلَّا بِمَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ
Afei yεbεka akyerε wͻn a wͻyεε bͻne no sε: “Monka afe bͻͻ asotwee no nhwε; dwuma a modiiε no so akatua na yεde atua moka.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
۞ وَيَسۡتَنۢبِـُٔونَكَ أَحَقٌّ هُوَۖ قُلۡ إِي وَرَبِّيٓ إِنَّهُۥ لَحَقّٞۖ وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ
(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo sε: “Ɛno yε nokorε?“ Ka sε: Aane; Mede me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε paa; na montumi nsi ho kwan”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَوۡ أَنَّ لِكُلِّ نَفۡسٖ ظَلَمَتۡ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ لَٱفۡتَدَتۡ بِهِۦۗ وَأَسَرُّواْ ٱلنَّدَامَةَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَۖ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡقِسۡطِ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Nokorԑ sε ͻkra bi a wayε bͻne wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa mpo sε ͻde bεyε mpata (anya afa neho adi a, yεnnye saa mpata no). Wͻbɛnu wͻn ho wͻ wɔn akoma mu wɔ berε a wͻbɛhunu asotwee no; na yɛbɛbu wͻn ntam atεn tenenee, na yɛnsisi wͻn.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ أَلَآ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Hwε, nokorε sε, deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Hwε, nokorε sε, Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, nanso nnipa pii nnim.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔkum, na Nehͻ na mobεsan akͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَتۡكُم مَّوۡعِظَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَشِفَآءٞ لِّمَا فِي ٱلصُّدُورِ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Adasamma, ampa sε Afutusεm ne akoma mu (yadeε ho) ayaresa ne kwankyerε, ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no, firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ بِفَضۡلِ ٱللَّهِ وَبِرَحۡمَتِهِۦ فَبِذَٰلِكَ فَلۡيَفۡرَحُواْ هُوَ خَيۡرٞ مِّمَّا يَجۡمَعُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ, εno na εsεsε wͻn ani gye ho; εno mmom na εyε kyεn deε wͻreboaboa ano no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ أَرَءَيۡتُم مَّآ أَنزَلَ ٱللَّهُ لَكُم مِّن رِّزۡقٖ فَجَعَلۡتُم مِّنۡهُ حَرَامٗا وَحَلَٰلٗا قُلۡ ءَآللَّهُ أَذِنَ لَكُمۡۖ أَمۡ عَلَى ٱللَّهِ تَفۡتَرُونَ
Ka sε: “Moahunu akͻnhoma a Onyankopͻn asane ama mo no a moayε emu bi akyiwadeε εna moama emu bi nso ho kwan no”. Ka sε: “Onyankopͻn na ama mo ho kwan, anaasε mobͻ mo tirim twa nkontompo to Onyankopͻn so?”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمَا ظَنُّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَشۡكُرُونَ
Wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no adwen ne sεn wͻ Wusͻreε da no ho? Nokorε sε, Onyankopͻn yε Adom Hene ma adasamma, nanso wͻn mu pii nyi (Onyankopͻn) ayε.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمَا تَكُونُ فِي شَأۡنٖ وَمَا تَتۡلُواْ مِنۡهُ مِن قُرۡءَانٖ وَلَا تَعۡمَلُونَ مِنۡ عَمَلٍ إِلَّا كُنَّا عَلَيۡكُمۡ شُهُودًا إِذۡ تُفِيضُونَ فِيهِۚ وَمَا يَعۡزُبُ عَن رَّبِّكَ مِن مِّثۡقَالِ ذَرَّةٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِ وَلَآ أَصۡغَرَ مِن ذَٰلِكَ وَلَآ أَكۡبَرَ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٍ
(Nkͻmhyεni), dwuma die biara a wowͻ mu, anaa deε wobεkenkan afiri Qur’aan mu, anaa dwuma die a mobɛdie no, Yɛdi mo ho adanseε εberε a mo wͻ mu no. Na (deε) emu duro ketekete tesε aboboaa (a ani ntumi nhunu) wͻ asaase so, anaa ͻsoro anaa deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa, (emu biara) nsuma wo Wura Nyankopͻn, na mmom (ne nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أَلَآ إِنَّ أَوۡلِيَآءَ ٱللَّهِ لَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Nokorε sε wͻn a Nyankopͻn taa wͻn akyi no ehu biara mmͻ wͻn, na wͻn werε nso nho (wͻ Atemmuda).
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ
Wͻn a wͻgye diiε na wͻsuroo Nyankopͻn no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
لَهُمُ ٱلۡبُشۡرَىٰ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِۚ لَا تَبۡدِيلَ لِكَلِمَٰتِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
(Saa nkorͻfoͻ no) wͻ anigyesεm wͻ wiase asetena yi mu ne Daakye no nso. Nsakraeε nni Nyankopͻn Nsεm mu. Wei ne nkonimdie kεseε no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَا يَحۡزُنكَ قَوۡلُهُمۡۘ إِنَّ ٱلۡعِزَّةَ لِلَّهِ جَمِيعًاۚ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
(Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεm (a wͻkeka) no nyε wo awerεho; efirisε tumi ne animuonyam nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِۗ وَمَا يَتَّبِعُ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُرَكَآءَۚ إِن يَتَّبِعُونَ إِلَّا ٱلظَّنَّ وَإِنۡ هُمۡ إِلَّا يَخۡرُصُونَ
Hwε, nokorε sε obiara a ᴐwͻ soro ne obiara a ᴐwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻfiri Nyankopͻn akyi sufrε (anyame ahodoͻ no) nni (Onyankopͻn) mmataho bi a wͻdi akyire, na mmom deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻdi akyire, na atorͻsεm na wͻdie.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَسۡمَعُونَ
Ͻno Nyankopͻn na Wayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (Wayε) adekyeε nso (sεdeε mode) bɛhunu (biribiara pefee). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu ma nnipa a wͻtie (Nyankopͻn asεm no kͻ adwendwen mu).
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱللَّهُ وَلَدٗاۗ سُبۡحَٰنَهُۥۖ هُوَ ٱلۡغَنِيُّۖ لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ إِنۡ عِندَكُم مِّن سُلۡطَٰنِۭ بِهَٰذَآۚ أَتَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Wͻka sε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Ɔne Otumfoͻ a( W’anya neho a ɔnhia obiara biribiara. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Monni (saa asεm) wei ho nyinasoͻ biara (a εkyerε sε Nyankopͻn awo ba). Anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ لَا يُفۡلِحُونَ
(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim da.”
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
مَتَٰعٞ فِي ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ نُذِيقُهُمُ ٱلۡعَذَابَ ٱلشَّدِيدَ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ
Wiase mu anigyeε (yε kakraabi); afei Yεhͻ ne wͻn nkyi, na Yεbεma wͻn aka asotwee denden no ahwε, εnam (nokorε a) wͻpoeε no ho nti.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
۞ وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ نُوحٍ إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦ يَٰقَوۡمِ إِن كَانَ كَبُرَ عَلَيۡكُم مَّقَامِي وَتَذۡكِيرِي بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ فَعَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡتُ فَأَجۡمِعُوٓاْ أَمۡرَكُمۡ وَشُرَكَآءَكُمۡ ثُمَّ لَا يَكُنۡ أَمۡرُكُمۡ عَلَيۡكُمۡ غُمَّةٗ ثُمَّ ٱقۡضُوٓاْ إِلَيَّ وَلَا تُنظِرُونِ
Ka Noa ho asεm no kyerε wͻn, εberε a ͻka kyerεԑ ne nkrorͻfoͻ sε: ”Menkorͻfoͻ, sε εha a mewͻ yi, ne m’afutuo a mede Nyankopͻn asεm no retu mo foͻ no ayε mo adesoa a, εneε Nyankopͻn na mede me ho twere no. Enti mone mo anyame no mommͻ pͻ a mobεbͻ. Na monhwε na moamma moadwen anhinhim wͻ mo dwumadie no ho, na monyε deε mobεyε (biara ntia) me, na monhwε na moamma me ahomegye berε.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَمَا سَأَلۡتُكُم مِّنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَى ٱللَّهِۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Na sε modane moakyi dema a, εneε memmisaa mo akatua bi; m’akatua deε Onyankopͻn hͻ na εwͻ. Yɛahyε me sε menka Muslimifoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَكَذَّبُوهُ فَنَجَّيۡنَٰهُ وَمَن مَّعَهُۥ فِي ٱلۡفُلۡكِ وَجَعَلۡنَٰهُمۡ خَلَٰٓئِفَ وَأَغۡرَقۡنَا ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Nanso wͻbuu Noa torofo, enti Yεgyee no ne wͻn a εka ne ho no nkwa wͻ nhyεmma no mu; na Yεyεε wͻn anaamusifoͻ, na Yεmaa nsuo faa wͻn a wͻbuu Yε nsεm no atorͻsεm no. Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no awieeε si wieeε.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِۦ رُسُلًا إِلَىٰ قَوۡمِهِمۡ فَجَآءُوهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْ بِمَا كَذَّبُواْ بِهِۦ مِن قَبۡلُۚ كَذَٰلِكَ نَطۡبَعُ عَلَىٰ قُلُوبِ ٱلۡمُعۡتَدِينَ
Afei n’akyi no, Yεsomaa asomafoͻ (pii) maa wͻkͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso wɔannye deε wͻbuu no nkontomposεm kane no anni. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no a wͻto mmra no akoma ano.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِم مُّوسَىٰ وَهَٰرُونَ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِۦ بِـَٔايَٰتِنَا فَٱسۡتَكۡبَرُواْ وَكَانُواْ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ
Afei wͻn akyi no Yεde Yεn nsεnkyerεnee somaaa Mose ne Aaron maa wͻkͻͻ Farao ne ne nhemfo no hͻ, nanso wͻyεε ahomasoͻ. Na wͻyε nnipa nsεmͻnedifoͻ paa.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَلَمَّا جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ مِنۡ عِندِنَا قَالُوٓاْ إِنَّ هَٰذَا لَسِحۡرٞ مُّبِينٞ
Ɛberε a Nokorε no firi Yεn hͻ baa wͻn hͻ no, wͻkaa sε: “Nokorε sε, wei deε εyε nkonyaa pefee“.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قَالَ مُوسَىٰٓ أَتَقُولُونَ لِلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَكُمۡۖ أَسِحۡرٌ هَٰذَا وَلَا يُفۡلِحُ ٱلسَّٰحِرُونَ
Mose kaa sε: “Deε moreka fa Nokorε no a aba mo hͻ no ho nie? Wei yε nkonyaa?” Nkonyaayifoͻ deε wͻnni nkonim da.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قَالُوٓاْ أَجِئۡتَنَا لِتَلۡفِتَنَا عَمَّا وَجَدۡنَا عَلَيۡهِ ءَابَآءَنَا وَتَكُونَ لَكُمَا ٱلۡكِبۡرِيَآءُ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا نَحۡنُ لَكُمَا بِمُؤۡمِنِينَ
Wͻkaa sε: “(Mose), waba yεn hɔ rebεdane y’ani afiri deε yεbεtoo y’agyanom sε wͻresom no so, sεdeε mo mmienu mobεma mo ho so wͻ asaase yi soͻ? Yεn deε yεnnye mo mmienu nni.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ ٱئۡتُونِي بِكُلِّ سَٰحِرٍ عَلِيمٖ
Farao ka kyerεε (ne nhemfo no) sε: “Momfa nkonyaayini biara a w’aben anaa ɔnim de mmrε me”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَلَمَّا جَآءَ ٱلسَّحَرَةُ قَالَ لَهُم مُّوسَىٰٓ أَلۡقُواْ مَآ أَنتُم مُّلۡقُونَ
Enti εberε a nkonyaayifoͻ no baeε no, Mose ka kyerε wͻn sε: Monto deε mowͻ toͻ (biara).
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَلَمَّآ أَلۡقَوۡاْ قَالَ مُوسَىٰ مَا جِئۡتُم بِهِ ٱلسِّحۡرُۖ إِنَّ ٱللَّهَ سَيُبۡطِلُهُۥٓ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُصۡلِحُ عَمَلَ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Enti εberε a wͻtoeε no, Mose kaa sε: “Deε mode aba no yε ntafowa. Nokorε sε Nyankopͻn bεsεe no”. Nokorε sε Nyankopͻn mma nsεmͻnedifoͻ adwuma nyε yie da”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَيُحِقُّ ٱللَّهُ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Onyankopͻn nam N’asεm so bεma Nokorε no atim, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَمَآ ءَامَنَ لِمُوسَىٰٓ إِلَّا ذُرِّيَّةٞ مِّن قَوۡمِهِۦ عَلَىٰ خَوۡفٖ مِّن فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِمۡ أَن يَفۡتِنَهُمۡۚ وَإِنَّ فِرۡعَوۡنَ لَعَالٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَإِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلۡمُسۡرِفِينَ
Ɛnam Farao ho huu ne wͻn nhemfo no aniεyaa a wͻbεhyε wͻn no ho nti, wͻannye Mose anni gyesε ne nkorͻfoͻ no mu (nnipa) kakraa bi. Nokorε sε na Farao yε ahomasoͻ paa wͻ asaase no so; nokorε nso sε, na ͻka nsεmͻnedifoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَقَالَ مُوسَىٰ يَٰقَوۡمِ إِن كُنتُمۡ ءَامَنتُم بِٱللَّهِ فَعَلَيۡهِ تَوَكَّلُوٓاْ إِن كُنتُم مُّسۡلِمِينَ
Mose kaa sε: “Me nkorͻfoͻ, sε moagye Nyankopͻn adi ampa a, εneε Ɔno na momfa mo ho nto ne soͻ, sε moyε Muslimifoͻ ampa a.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَقَالُواْ عَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡنَا رَبَّنَا لَا تَجۡعَلۡنَا فِتۡنَةٗ لِّلۡقَوۡمِ ٱلظَّٰلِمِينَ
(Israel mma no) kaa sε: “Onyankopͻn so na yεde yεn ho atoͻ, Yɛ Wura Nyankopͻn, εmfa yεn nyε nsͻhwε mma nnipa bͻnefoͻ no;
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَنَجِّنَا بِرَحۡمَتِكَ مِنَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Na fa W’ahummͻborͻ gye yεn firi nnipa a wͻnnye (Wo) nnie no nsam”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰ وَأَخِيهِ أَن تَبَوَّءَا لِقَوۡمِكُمَا بِمِصۡرَ بُيُوتٗا وَٱجۡعَلُواْ بُيُوتَكُمۡ قِبۡلَةٗ وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Yɛyi kyerεε Mose ne nenua (Aaron) sε: “Monya afie wͻ Misrim ma monkorͻfoͻ no, na monyε moafie no Nyamedan, na momfrε Nyame. Na fa anigyesεm no ho bᴐhyԑ no ma agyidiefoͻ no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَقَالَ مُوسَىٰ رَبَّنَآ إِنَّكَ ءَاتَيۡتَ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَأَهُۥ زِينَةٗ وَأَمۡوَٰلٗا فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا رَبَّنَا لِيُضِلُّواْ عَن سَبِيلِكَۖ رَبَّنَا ٱطۡمِسۡ عَلَىٰٓ أَمۡوَٰلِهِمۡ وَٱشۡدُدۡ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ فَلَا يُؤۡمِنُواْ حَتَّىٰ يَرَوُاْ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَلِيمَ
Mose kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, ampa sε, Wama Farao ne ne nhemfo wiase yi mu afεεfεdeε ne ahonya deɛ. Yɛ Wura Nyankopͻn, wͻnam so de yera (amanfoͻ) firi Wo kwan no so. Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεserε Wo sε,) sεe wͻn ahonyadeε no, na ma wͻn akoma nyε den, sεdeε wͻnnye (Nokorε no) nnie, kosi sε wͻbɛhunu asotwee yaaya no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قَالَ قَدۡ أُجِيبَت دَّعۡوَتُكُمَا فَٱسۡتَقِيمَا وَلَا تَتَّبِعَآنِّ سَبِيلَ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ
Onyankopͻn kaa sε: “Matie mo mmienu sufrε no, enti monnyina pintinn, na monhwε na moamfa wͻn a wͻnnim no kwan no so”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
۞ وَجَٰوَزۡنَا بِبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱلۡبَحۡرَ فَأَتۡبَعَهُمۡ فِرۡعَوۡنُ وَجُنُودُهُۥ بَغۡيٗا وَعَدۡوًاۖ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَدۡرَكَهُ ٱلۡغَرَقُ قَالَ ءَامَنتُ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا ٱلَّذِيٓ ءَامَنَتۡ بِهِۦ بَنُوٓاْ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَأَنَا۠ مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Yεde Israel mma no bɛtwaa ͻpo no, na Farao ne n’asraafoͻ de atirimuͻden ne ͻtan dii wͻn akyi, kͻpem εberε a nsuo refa no, ͻkaa sε: “Magye adi sε nokorε, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Nea Israel mma no agye no adie no, na meka Muslimifoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ءَآلۡـَٰٔنَ وَقَدۡ عَصَيۡتَ قَبۡلُ وَكُنتَ مِنَ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
(Onyankopͻn kaa sε): “Seesei (na woregye adie!) Ampa sε wadikan ayε asoͻden, na woka nsεmͻnedifoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَٱلۡيَوۡمَ نُنَجِّيكَ بِبَدَنِكَ لِتَكُونَ لِمَنۡ خَلۡفَكَ ءَايَةٗۚ وَإِنَّ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلنَّاسِ عَنۡ ءَايَٰتِنَا لَغَٰفِلُونَ
Enti εnnε Yεbεgye wo honam no (anaasε Yεmma wo honam no mporͻ wͻ nsuo no mu) sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama wͻn a wͻwͻ w’akyire no. Nokorε sε, nnipa no mu pii abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no so.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَقَدۡ بَوَّأۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ مُبَوَّأَ صِدۡقٖ وَرَزَقۡنَٰهُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ فَمَا ٱخۡتَلَفُواْ حَتَّىٰ جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُۚ إِنَّ رَبَّكَ يَقۡضِي بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Nokorε sε, Yεde Israel mma no tenaa asetena pa mu, εna Yεde nnepa nso bͻͻ wͻn akͻnhoma; na akyinyeε biara nni wͻn ntam kͻpem sε nimdeε no baa wͻn hͻ. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bɛbu wͻn ntam atεn wͻ deε wͻnte wᴐn ho ase wᴐ ho no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَإِن كُنتَ فِي شَكّٖ مِّمَّآ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ فَسۡـَٔلِ ٱلَّذِينَ يَقۡرَءُونَ ٱلۡكِتَٰبَ مِن قَبۡلِكَۚ لَقَدۡ جَآءَكَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ فَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُمۡتَرِينَ
Enti sε w’adwen nsi wo pi wͻ deε Yɛasane ama woͻ no ho a, εneε bisa wͻn a wͻdii w’anim kan kenkan Nwoma no. Ampa sε, Nokorε no na ɛfiri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wo hͻ no, enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nsi wͻn pie no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ فَتَكُونَ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Monhwε na moankͻka wͻn a wͻbu Nyankopͻn nsεm no atorͻsεm no ho, na moankͻka berεguofoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
إِنَّ ٱلَّذِينَ حَقَّتۡ عَلَيۡهِمۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ لَا يُؤۡمِنُونَ
Nokorε sε, wͻn a wo Wura Nyankopͻn asεm no nokorε atia wͻn no nnye nni--,
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَوۡ جَآءَتۡهُمۡ كُلُّ ءَايَةٍ حَتَّىٰ يَرَوُاْ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَلِيمَ
Sε (yεde) nsεnkyerεnee nyinaa mpo berε wͻn a, kͻpem sε wͻbɛhunu asotwee yaaya no ansa.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَلَوۡلَا كَانَتۡ قَرۡيَةٌ ءَامَنَتۡ فَنَفَعَهَآ إِيمَٰنُهَآ إِلَّا قَوۡمَ يُونُسَ لَمَّآ ءَامَنُواْ كَشَفۡنَا عَنۡهُمۡ عَذَابَ ٱلۡخِزۡيِ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَمَتَّعۡنَٰهُمۡ إِلَىٰ حِينٖ
Adεn na kuro biara annye annie amma ne gyidie no ho amma mfasoͻ amma no? Gyesε Yona nkorͻfoͻ no (nko ara). Ɛberε a wͻgye diiε no Yɛyii animguaseε asotwee no firii wͻn so wͻ wiase asetena yi mu, na Yεmaa wͻtenaa ase gyee wͻn ani kͻpem εberε bi.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَوۡ شَآءَ رَبُّكَ لَأٓمَنَ مَن فِي ٱلۡأَرۡضِ كُلُّهُمۡ جَمِيعًاۚ أَفَأَنتَ تُكۡرِهُ ٱلنَّاسَ حَتَّىٰ يَكُونُواْ مُؤۡمِنِينَ
Sε wo Wura Nyankopͻn pε a, anka wͻn a εwͻ asaase soͻ no nyinaa bεgye adi. Na wobεhyε nnipa akͻpem sε wͻbεyε agyidiefoͻ anaa?
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَمَا كَانَ لِنَفۡسٍ أَن تُؤۡمِنَ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ وَيَجۡعَلُ ٱلرِّجۡسَ عَلَى ٱلَّذِينَ لَا يَعۡقِلُونَ
Ԑmma sε ͻkra bi bεgye adi, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan ansa. Na Ɔde asotwee anaasε efii to wͻn a wͻnte asεm aseε anaa wͻnnwen no so.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلِ ٱنظُرُواْ مَاذَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَا تُغۡنِي ٱلۡأٓيَٰتُ وَٱلنُّذُرُ عَن قَوۡمٖ لَّا يُؤۡمِنُونَ
(Nkͻmhyεni), kasε: “Monhwε deε εwͻ soro ne asaase soͻ no”. Nanso nsεnkyerεnee ne kͻkͻbͻfoͻ no ho amma mfasoͻ amma nnipa a wͻnnye nnie no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
فَهَلۡ يَنتَظِرُونَ إِلَّا مِثۡلَ أَيَّامِ ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلِهِمۡۚ قُلۡ فَٱنتَظِرُوٓاْ إِنِّي مَعَكُم مِّنَ ٱلۡمُنتَظِرِينَ
Enti deε wͻretwεn ara ne, wͻn a wͻdii wͻn anim kan kͻeε no nna no sεso? (Nkͻmhyεni), kasε: “Ɛneε montwεn, me nso meka mo ne wͻn a wͻretwεn no ho”.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
ثُمَّ نُنَجِّي رُسُلَنَا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ كَذَٰلِكَ حَقًّا عَلَيۡنَا نُنجِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Afei Yεgyee Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻgye diiε no nkwa. Saa ara na εyε Yɛn asεde sε Yεgye agyidiefoͻ no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِن كُنتُمۡ فِي شَكّٖ مِّن دِينِي فَلَآ أَعۡبُدُ ٱلَّذِينَ تَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَٰكِنۡ أَعۡبُدُ ٱللَّهَ ٱلَّذِي يَتَوَفَّىٰكُمۡۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Kasε: “Adasamma, sε moadwen nsi mo pi wͻ me som no ho a, εneε monhwε na moansom wͻn a mofiri Nyankopͻn akyi som no, na mmom monsom Nyankopͻn a Ɔma mo wuo no; na medeε yɛahyε me sε menka agyidiefoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَأَنۡ أَقِمۡ وَجۡهَكَ لِلدِّينِ حَنِيفٗا وَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Na gyina pintinn, na fa w’anim kyerε ͻsom a εtene no; na hwε na wankͻka abosomsomfoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَلَا تَدۡعُ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُكَ وَلَا يَضُرُّكَۖ فَإِن فَعَلۡتَ فَإِنَّكَ إِذٗا مِّنَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Hwε na wamfri Nyankopͻn akyi amfrε adeε a ɛnni mfasoͻ mma woͻ, anaasε ɛntumi mma wo ͻhaw, na sε woyε (saa) a εneε na woka abͻneεfoͻ no ho.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَإِن يَمۡسَسۡكَ ٱللَّهُ بِضُرّٖ فَلَا كَاشِفَ لَهُۥٓ إِلَّا هُوَۖ وَإِن يُرِدۡكَ بِخَيۡرٖ فَلَا رَآدَّ لِفَضۡلِهِۦۚ يُصِيبُ بِهِۦ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to wo so a, enni obi a ɔbɛtumu ayi afiri hͻ, gyesε Ɔno ara; na sε Ɔpε wo papa bi nso a, obiara nni hͻ a ͻbɛtumi adane N’adom no ani. Ɔma Nenkoa mu nea Ɔpε nsa ka (N’adom no), na Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
قُلۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَكُمُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَإِنَّمَا يَهۡتَدِي لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِوَكِيلٖ
Ka sε: “Adasamma, ampa sε Nokorε no firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Enti obi a ͻbεtene (afa kwan pa no soͻ) no, εneε ͻtene ma ͻno ara ne ho, na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne ho, na me deε mennyε mo so hwεfoͻ.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
وَٱتَّبِعۡ مَا يُوحَىٰٓ إِلَيۡكَ وَٱصۡبِرۡ حَتَّىٰ يَحۡكُمَ ٱللَّهُۚ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡحَٰكِمِينَ
(Nkͻmhyεni), di deε yɛayi ama woͻ no akyi, na si aboterε kosi sε Nyankopͻn bɛbu atεn, na Ɔne Atemmufoͻ no mu Ɔtemmufo papa no.
అరబీ భాషలోని ఖుర్ఆన్ వ్యాఖ్యానాలు:
 
భావార్ధాల అనువాదం సూరహ్: సూరహ్ యూనుస్
సూరాల విషయసూచిక పేజీ నెంబరు
 
పవిత్ర ఖురాన్ యొక్క భావార్థాల అనువాదం - అసంటే ట్వి అనువాదం - అనువాదాల విషయసూచిక

అసంటే ట్వి భాషలో ఖుర్ఆన్ భావానువాదం - అనువాదం షేఖ్ హారూన్ ఇస్మాయీల్

మూసివేయటం