Check out the new design

Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Eggo e haala Akaana - Asanti - Haaruun Isma'iil * - Tippudi firooji ɗii

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Firo maanaaji Simoore: Simoore nagge   Aaya:
وَإِذۡ قَالَ رَبُّكَ لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ إِنِّي جَاعِلٞ فِي ٱلۡأَرۡضِ خَلِيفَةٗۖ قَالُوٓاْ أَتَجۡعَلُ فِيهَا مَن يُفۡسِدُ فِيهَا وَيَسۡفِكُ ٱلدِّمَآءَ وَنَحۡنُ نُسَبِّحُ بِحَمۡدِكَ وَنُقَدِّسُ لَكَۖ قَالَ إِنِّيٓ أَعۡلَمُ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Na kae εberε a wo Wura Nyankopͻn kakyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Merebεbͻ obi a, obedi asaase no soͻ, (anaasε anaanmusini). (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Worebεbͻ obi a obedi nsεmmͻne wͻ (asaase no) so asan ahwie mogya aguo wͻ aberε a, yεtontom Woͻ san bͻ Wo abodin? (Nyankopͻn) kaa sε: “Menim adeε a monnim”.
Faccirooji aarabeeji:
وَعَلَّمَ ءَادَمَ ٱلۡأَسۡمَآءَ كُلَّهَا ثُمَّ عَرَضَهُمۡ عَلَى ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ فَقَالَ أَنۢبِـُٔونِي بِأَسۡمَآءِ هَٰٓؤُلَآءِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Nyankopɔn kyerεε Adam biribiara din; Afei Ɔde baa Soro abɔfoɔ no anim, Ɔkaa sε: “Monkyerε Me saa nneεma yi din, sε moyε nokwafoɔ ampa a”.
Faccirooji aarabeeji:
قَالُواْ سُبۡحَٰنَكَ لَا عِلۡمَ لَنَآ إِلَّا مَا عَلَّمۡتَنَآۖ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَلِيمُ ٱلۡحَكِيمُ
(Soro abͻfoͻ no) kaa sε: ”Kronkron Hene ne Wo. Y’enni nimdeε biara, gyesε deε W’akyerε yεn. Nokorε ampa sε, Wone Onimdefoͻ, Onyansafoͻ no.
Faccirooji aarabeeji:
قَالَ يَٰٓـَٔادَمُ أَنۢبِئۡهُم بِأَسۡمَآئِهِمۡۖ فَلَمَّآ أَنۢبَأَهُم بِأَسۡمَآئِهِمۡ قَالَ أَلَمۡ أَقُل لَّكُمۡ إِنِّيٓ أَعۡلَمُ غَيۡبَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَأَعۡلَمُ مَا تُبۡدُونَ وَمَا كُنتُمۡ تَكۡتُمُونَ
Nyankopɔn kaa sε: “Adam, bobɔ din kyerε wͻn. Ԑberε a ɔbobɔɔ din kyerεε wͻn no, (Nyankopɔn) kaa sε: “Menka nkyerεε mo sε, Menim ɔsoro ne asaase so ahuntasεm (nyinaa), εna Menim deε moda no adie ne deε mode suma (nyinaa)?”
Faccirooji aarabeeji:
وَإِذۡ قُلۡنَا لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ أَبَىٰ وَٱسۡتَكۡبَرَ وَكَانَ مِنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Kae εberε a Yε’ka kyerεε soro abͻfoͻ no sε: “Monfa moanim mutu fͻm (nyε Sujud) ma Adam (Wͻn nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm yεε Sujud no, gyesε Iblis, w’annyε, na ͻyεε ahomasoͻ, na ͻbεkaa boniayεfoͻ no ho.
Faccirooji aarabeeji:
وَقُلۡنَا يَٰٓـَٔادَمُ ٱسۡكُنۡ أَنتَ وَزَوۡجُكَ ٱلۡجَنَّةَ وَكُلَا مِنۡهَا رَغَدًا حَيۡثُ شِئۡتُمَا وَلَا تَقۡرَبَا هَٰذِهِ ٱلشَّجَرَةَ فَتَكُونَا مِنَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Y’εkaa sε: “Adam, wo ne woyere montena Turo no mu, na moni emu nneεma a, abusoͻ no nkͻpem faako a mopε biara, na monhwε yie na moammεn saa dua yi, anyε saa a mobεka abͻneεfoͻ no ho.
Faccirooji aarabeeji:
فَأَزَلَّهُمَا ٱلشَّيۡطَٰنُ عَنۡهَا فَأَخۡرَجَهُمَا مِمَّا كَانَا فِيهِۖ وَقُلۡنَا ٱهۡبِطُواْ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٍ عَدُوّٞۖ وَلَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُسۡتَقَرّٞ وَمَتَٰعٌ إِلَىٰ حِينٖ
Nanso ͻbonsam maa wͻn watrii wͻ hͻ, maa wͻ’frii (tebea pa) a, na wͻn wͻ mu no mu. Yε’kaa sε: ”Monfa moho moho tan nsiane nkͻ; asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so ma mo kͻpem εberε awieε.
Faccirooji aarabeeji:
فَتَلَقَّىٰٓ ءَادَمُ مِن رَّبِّهِۦ كَلِمَٰتٖ فَتَابَ عَلَيۡهِۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ
Enti Adam nyaa nsεm bi fri ne Wura Nyankopͻn hͻ (desrεε bͻnefakyε). Enti (Nyankopͻn) tiee (Adam) adwen sakra no, εna Ɔde ne bͻne kyεε no. Nokorε sε, Ɔno na Otie adwen sakra, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
Faccirooji aarabeeji:
 
Firo maanaaji Simoore: Simoore nagge
Tippudi cimooje Tonngoode hello ngoo
 
Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Eggo e haala Akaana - Asanti - Haaruun Isma'iil - Tippudi firooji ɗii

Eggi nde ko Seek Haaruun Isma'iil.

Uddude