Check out the new design

Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Eggo e haala Akaana - Asanti - Haaruun Isma'iil * - Tippudi firooji ɗii

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Firo maanaaji Simoore: Simoore ceergal (talaak)   Aaya:

At-Taoalaaq

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِذَا طَلَّقۡتُمُ ٱلنِّسَآءَ فَطَلِّقُوهُنَّ لِعِدَّتِهِنَّ وَأَحۡصُواْ ٱلۡعِدَّةَۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ رَبَّكُمۡۖ لَا تُخۡرِجُوهُنَّ مِنۢ بُيُوتِهِنَّ وَلَا يَخۡرُجۡنَ إِلَّآ أَن يَأۡتِينَ بِفَٰحِشَةٖ مُّبَيِّنَةٖۚ وَتِلۡكَ حُدُودُ ٱللَّهِۚ وَمَن يَتَعَدَّ حُدُودَ ٱللَّهِ فَقَدۡ ظَلَمَ نَفۡسَهُۥۚ لَا تَدۡرِي لَعَلَّ ٱللَّهَ يُحۡدِثُ بَعۡدَ ذَٰلِكَ أَمۡرٗا
Nkͻmhyεni, sε mogyae mmaa no a, monnyae wͻn wͻ wͻn berε (a yɛahyehyε) no mu; monsese εberε no na monsuro Nyankopͻn, mo Wura no. Monhwε na moantu wͻn amfri wͻn afie mu, na εmma wͻn ara nso ntu; gyesε ebia wͻbɔ akohwi bra bi a εda adie. Woi ne Nyankopͻn mmra. Obia ɔbɛbu Nyankopͻn mmra soͻ no, nokorε sε wadi ne kraa amim. Wonnim sε ebia εno akyi no Nyankopͻn bεma asεm foforͻ bi aba.
Faccirooji aarabeeji:
فَإِذَا بَلَغۡنَ أَجَلَهُنَّ فَأَمۡسِكُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٍ أَوۡ فَارِقُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٖ وَأَشۡهِدُواْ ذَوَيۡ عَدۡلٖ مِّنكُمۡ وَأَقِيمُواْ ٱلشَّهَٰدَةَ لِلَّهِۚ ذَٰلِكُمۡ يُوعَظُ بِهِۦ مَن كَانَ يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّهُۥ مَخۡرَجٗا
Enti sε wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, momfa ayεmyε nsͻ wͻn mu, anaasε mo ne wͻn ni mpaepaemu wͻ kwan pa so; na momma mo mu nnipa mmienu a wͻdi nokorε ni ho adanseε, na moni adanseε no mma Nyankopͻn. Woi na yεde tu obia osuro Nyame ne Da a etwa toͻ no foͻ. Obia ɔbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbɛbue kwan ama no-
Faccirooji aarabeeji:
وَيَرۡزُقۡهُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَحۡتَسِبُۚ وَمَن يَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِ فَهُوَ حَسۡبُهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ بَٰلِغُ أَمۡرِهِۦۚ قَدۡ جَعَلَ ٱللَّهُ لِكُلِّ شَيۡءٖ قَدۡرٗا
Na Wabᴐ no akᴐnhoma afri faako a onni ho anidaasoͻ koraa. Obia ͻde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, Ɔsombo ma no. Nokorε sε Nyankopͻn deε N’ahyεdeε (biara) yε hͻ. Ampa sε Nyankopͻn de nhyehyεε ato biribiara ho.
Faccirooji aarabeeji:
وَٱلَّٰٓـِٔي يَئِسۡنَ مِنَ ٱلۡمَحِيضِ مِن نِّسَآئِكُمۡ إِنِ ٱرۡتَبۡتُمۡ فَعِدَّتُهُنَّ ثَلَٰثَةُ أَشۡهُرٖ وَٱلَّٰٓـِٔي لَمۡ يَحِضۡنَۚ وَأُوْلَٰتُ ٱلۡأَحۡمَالِ أَجَلُهُنَّ أَن يَضَعۡنَ حَمۡلَهُنَّۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّهُۥ مِنۡ أَمۡرِهِۦ يُسۡرٗا
Mo mmaa no mu bi nso a wͻn atwa bra no, sε mo adwen nnsi mo pi wͻ wͻn ho a, wͻn (Idda) berε no yε bosome mmiεnsa; na wͻn nso a wͻnyεε bra da no nso (bosome mmiεnsa saa ara). Apemfoͻ no nso wͻn berε ne εberε a wͻbεsoε wͻn adesoa no (anaasε εberε a wͻbεwoͻ). Obi a ͻbɛsuro Nyankopͻn no, Ɔbεma n’asεm ayε bͻkͻͻ ama no.
Faccirooji aarabeeji:
ذَٰلِكَ أَمۡرُ ٱللَّهِ أَنزَلَهُۥٓ إِلَيۡكُمۡۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يُكَفِّرۡ عَنۡهُ سَيِّـَٔاتِهِۦ وَيُعۡظِمۡ لَهُۥٓ أَجۡرًا
Woi ne Nyankopͻn ahyεdeε a Wasiane ama mo. Na obia ͻbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbεpepa ne bͻne afiri ne so, na Wama n’akatua ayε kεse ama no.
Faccirooji aarabeeji:
 
Firo maanaaji Simoore: Simoore ceergal (talaak)
Tippudi cimooje Tonngoode hello ngoo
 
Firo maanaaji al-quraan tedduɗo oo - Eggo e haala Akaana - Asanti - Haaruun Isma'iil - Tippudi firooji ɗii

Eggi nde ko Seek Haaruun Isma'iil.

Uddude