Check out the new design

ߞߎ߬ߙߣߊ߬ ߞߟߊߒߞߋ ߞߘߐ ߟߎ߬ ߘߟߊߡߌߘߊ - ߊߞߊߣߌߞߊ߲ ߘߟߊߡߌߘߊ - ߊߛ߭ߊ߲ߕߌߞߊ߲ ߘߟߊߡߌߘߊ - ߤߊ߯ߙߎߣߊ߫ ߌߛߑߡߊ߯ߊ߳ߺߌ߯ߟߎ߫ ߟߊ߫ * - ߘߟߊߡߌߘߊ ߟߎ߫ ߦߌ߬ߘߊ߬ߥߟߊ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ߞߘߐ ߟߎ߬ ߘߟߊߡߌ߬ߘߊ߬ߟߌ ߝߐߘߊ ߘߏ߫: ߡߏ߬ߛߏ ߟߎ߬   ߟߝߊߙߌ ߘߏ߫:
يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ لَا تَغۡلُواْ فِي دِينِكُمۡ وَلَا تَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡحَقَّۚ إِنَّمَا ٱلۡمَسِيحُ عِيسَى ٱبۡنُ مَرۡيَمَ رَسُولُ ٱللَّهِ وَكَلِمَتُهُۥٓ أَلۡقَىٰهَآ إِلَىٰ مَرۡيَمَ وَرُوحٞ مِّنۡهُۖ فَـَٔامِنُواْ بِٱللَّهِ وَرُسُلِهِۦۖ وَلَا تَقُولُواْ ثَلَٰثَةٌۚ ٱنتَهُواْ خَيۡرٗا لَّكُمۡۚ إِنَّمَا ٱللَّهُ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۖ سُبۡحَٰنَهُۥٓ أَن يَكُونَ لَهُۥ وَلَدٞۘ لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا
Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, monhwε yie na moanyε (nneεma bi) amma no antra so wͻ mo Nyamesom no mu; na monhwε na moanka biribi anto Nyakopͻn so, na mmom (monka) deε εyε nokorε. Yesu Kristo, Mar’yam ba no, ͻyε Onyankopͻn Somafoͻ ne N’asεm a Ɔto maa Mar’yam, ne honhom a efiri Nehͻ. Enti monye Nyankopͻn ne N’asomafoͻ no ni. Monhwε na moanka sε: (Anyame) Mmiεnsa. Sε motwe moho (firi saa asԑm no ho a), εyε ma mo. Nyankopͻn deε Ɔyε Awurade baako, Kronkron Hene ne no sε Ɔbεwo ba. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ no. Onyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo paa.
ߊߙߊߓߎߞߊ߲ߡߊ ߞߘߐߦߌߘߊ ߟߎ߬:
لَّن يَسۡتَنكِفَ ٱلۡمَسِيحُ أَن يَكُونَ عَبۡدٗا لِّلَّهِ وَلَا ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ ٱلۡمُقَرَّبُونَۚ وَمَن يَسۡتَنكِفۡ عَنۡ عِبَادَتِهِۦ وَيَسۡتَكۡبِرۡ فَسَيَحۡشُرُهُمۡ إِلَيۡهِ جَمِيعٗا
Ɛnyε Kristo no aniwu sε ͻyε Nyankopͻn akoa, (saa ara nso na) εnyε Soro abͻfoͻ a wͻ’bεn (Nyame no nso aniwuo). Obi a n’ani wu wͻ Nesom ho na ͻyε ahomasoͻ no, Ɔbεboa wͻn nyinaa ano wͻ N’anim.
ߊߙߊߓߎߞߊ߲ߡߊ ߞߘߐߦߌߘߊ ߟߎ߬:
فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَيُوَفِّيهِمۡ أُجُورَهُمۡ وَيَزِيدُهُم مِّن فَضۡلِهِۦۖ وَأَمَّا ٱلَّذِينَ ٱسۡتَنكَفُواْ وَٱسۡتَكۡبَرُواْ فَيُعَذِّبُهُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا وَلَا يَجِدُونَ لَهُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا
Wɔn a wɔ’gye die na wɔ’di dwuma pa no, Ɔbεhyε wɔn akatua no mma ama wɔn, na Ɔde N’adom no bebree ama wɔn. Na wɔn a (Nesom) yε wɔn aniwuo na wɔ’yε ahomasoͻ no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe wɔn aso. Onyankopɔn akyi no wɔ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wᴐn ho.
ߊߙߊߓߎߞߊ߲ߡߊ ߞߘߐߦߌߘߊ ߟߎ߬:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ قَدۡ جَآءَكُم بُرۡهَٰنٞ مِّن رَّبِّكُمۡ وَأَنزَلۡنَآ إِلَيۡكُمۡ نُورٗا مُّبِينٗا
Adasamma, nokorε sε, nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopɔn nkyεn aba mo hͻ, εna Y’asiane nhyerεnee pefee ama mo.
ߊߙߊߓߎߞߊ߲ߡߊ ߞߘߐߦߌߘߊ ߟߎ߬:
فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَٱعۡتَصَمُواْ بِهِۦ فَسَيُدۡخِلُهُمۡ فِي رَحۡمَةٖ مِّنۡهُ وَفَضۡلٖ وَيَهۡدِيهِمۡ إِلَيۡهِ صِرَٰطٗا مُّسۡتَقِيمٗا
Enti wɔn a wɔ’bεgye Nyankopɔn adie na wɔ’bεsͻ Nemu yie no, Ɔde wɔn bεkͻ N’ahummͻborɔ ne adom a efiri Nehɔ no mu, na W’akyerε wɔn kwan akͻ ͻkwan tenenee no so.
ߊߙߊߓߎߞߊ߲ߡߊ ߞߘߐߦߌߘߊ ߟߎ߬:
 
ߞߘߐ ߟߎ߬ ߘߟߊߡߌ߬ߘߊ߬ߟߌ ߝߐߘߊ ߘߏ߫: ߡߏ߬ߛߏ ߟߎ߬
ߝߐߘߊ ߟߎ߫ ߦߌ߬ߘߊ߬ߥߟߊ ߞߐߜߍ ߝߙߍߕߍ
 
ߞߎ߬ߙߣߊ߬ ߞߟߊߒߞߋ ߞߘߐ ߟߎ߬ ߘߟߊߡߌߘߊ - ߊߞߊߣߌߞߊ߲ ߘߟߊߡߌߘߊ - ߊߛ߭ߊ߲ߕߌߞߊ߲ ߘߟߊߡߌߘߊ - ߤߊ߯ߙߎߣߊ߫ ߌߛߑߡߊ߯ߊ߳ߺߌ߯ߟߎ߫ ߟߊ߫ - ߘߟߊߡߌߘߊ ߟߎ߫ ߦߌ߬ߘߊ߬ߥߟߊ

ߗߍ߬ߡߐ߯ ߤߊ߯ߙߎߣߊ߫ ߌߛߑߡߊ߯ߊ߳ߺߌ߯ߟߎ߫ ߟߊ߫ ߘߟߊߡߌߘߊߟߌ ߟߋ߬.

ߘߊߕߎ߲߯ߠߌ߲