Check out the new design

Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail * - Mealler fihristi

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Anlam tercümesi Sure: Sûratu Âl-i İmrân   Ayet:
ٱلَّذِينَ يَقُولُونَ رَبَّنَآ إِنَّنَآ ءَامَنَّا فَٱغۡفِرۡ لَنَا ذُنُوبَنَا وَقِنَا عَذَابَ ٱلنَّارِ
Wͻn na wͻ’ka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yε’deε nokorε sε y’agye adi, enti fa yεn bͻne kyε yεn, na bͻ yεn ho ban firi Amanehunu gya asotwee no mu;
Arapça tefsirler:
ٱلصَّٰبِرِينَ وَٱلصَّٰدِقِينَ وَٱلۡقَٰنِتِينَ وَٱلۡمُنفِقِينَ وَٱلۡمُسۡتَغۡفِرِينَ بِٱلۡأَسۡحَارِ
(Wͻ’ne) Aboterεfoͻ no, ne nokorεfoͻ no, ne ahobraseεfoͻ no, ne wͻn a wͻ'wͻ tema, ne wͻn a wͻ’srε (Nyankopͻn hͻ) bͻnefakyε wͻ ahomakye.
Arapça tefsirler:
شَهِدَ ٱللَّهُ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ وَأُوْلُواْ ٱلۡعِلۡمِ قَآئِمَۢا بِٱلۡقِسۡطِۚ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Nyankopͻn di ho adanseε sε: Nokorε, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Soro abͻfoͻ ne Nwomanimfoͻ no a wͻ’gyina nokorε so pintinn no (nso di ho adanseε sε), awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno Tumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε no, Onyansafoͻ no.
Arapça tefsirler:
إِنَّ ٱلدِّينَ عِندَ ٱللَّهِ ٱلۡإِسۡلَٰمُۗ وَمَا ٱخۡتَلَفَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُ بَغۡيَۢا بَيۡنَهُمۡۗ وَمَن يَكۡفُرۡ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ فَإِنَّ ٱللَّهَ سَرِيعُ ٱلۡحِسَابِ
Nokorε sε, εsom a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε εne Islam. Wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no, na anka akyinnyeε biara nni wͻn ntεm kͻpem akyire yi a wͻ’nyaa nimdeε, εnam ahoͻyaa a εda wͻn ntεm no nti. Obi a ͻbεpo Nyankopͻn nsεm no deε nokorε sε, Nyankopͻn ho yε hare wͻ akontabuo mu paa.
Arapça tefsirler:
فَإِنۡ حَآجُّوكَ فَقُلۡ أَسۡلَمۡتُ وَجۡهِيَ لِلَّهِ وَمَنِ ٱتَّبَعَنِۗ وَقُل لِّلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡأُمِّيِّـۧنَ ءَأَسۡلَمۡتُمۡۚ فَإِنۡ أَسۡلَمُواْ فَقَدِ ٱهۡتَدَواْۖ وَّإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّمَا عَلَيۡكَ ٱلۡبَلَٰغُۗ وَٱللَّهُ بَصِيرُۢ بِٱلۡعِبَادِ
Enti sε wͻ’gye wo akyinnye a, ka sε: “Medeε mene wͻn a wͻ’ka me ho no ayε (Muslim) aberε yεn ho ase ama Nyankopͻn”. Na ka kyerε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no ne firatamfoͻ no nso sε: ‘’Monso moayε Muslim?” Sε wͻ’ayε Muslim a, εneε na wͻn wͻ kwan tenenee so; nasε wͻ’dane wͻn akyi ma (Nokorε) no a, εneε (Nkͻmhyεni) w’adwuma ara ne sε wobεbͻ (asεm no) ho dawuro. Onyankopͻn deε N’ani tua Nenkoa no.
Arapça tefsirler:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَكۡفُرُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَيَقۡتُلُونَ ٱلنَّبِيِّـۧنَ بِغَيۡرِ حَقّٖ وَيَقۡتُلُونَ ٱلَّذِينَ يَأۡمُرُونَ بِٱلۡقِسۡطِ مِنَ ٱلنَّاسِ فَبَشِّرۡهُم بِعَذَابٍ أَلِيمٍ
Nokorε sε wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, na wͻ’nam kwan bͻne so kunkum Nkͻmhyεfoͻ, na wͻ’kunkum nnipa no mu wͻn a wͻ’hyε amanfoͻ ma wͻ’yε ntotoeε pa no, fa asotwee a εyε ya paa hyε wͻn bͻ.
Arapça tefsirler:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ حَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ وَمَا لَهُم مِّن نَّٰصِرِينَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn dwumadie (ho mfasoͻ no) ayε kwa wͻ wiase ne Da a etwa toͻ no, na wͻ’nnya boafoͻ.
Arapça tefsirler:
 
Anlam tercümesi Sure: Sûratu Âl-i İmrân
Surelerin fihristi Sayfa numarası
 
Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail - Mealler fihristi

Eş-Şeyh Harun İsmail Tarafından Tercüme Edilmiştir.

Kapat