Check out the new design

Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail * - Mealler fihristi

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Anlam tercümesi Sure: Sûratu'l-Mâide   Ayet:
وَمِنَ ٱلَّذِينَ قَالُوٓاْ إِنَّا نَصَٰرَىٰٓ أَخَذۡنَا مِيثَٰقَهُمۡ فَنَسُواْ حَظّٗا مِّمَّا ذُكِّرُواْ بِهِۦ فَأَغۡرَيۡنَا بَيۡنَهُمُ ٱلۡعَدَاوَةَ وَٱلۡبَغۡضَآءَ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَسَوۡفَ يُنَبِّئُهُمُ ٱللَّهُ بِمَا كَانُواْ يَصۡنَعُونَ
Wͻn a wͻ’ka sε: “Yԑyԑ Kristofoͻ” no nso Yε’gyeee apam fri wͻn hͻ, nanso wͻn werε frii nsεm a yεde tuu wͻn foͻ no mu fa (kεseε no). Enti Yε’duaa ͻtan ne ahii wͻ wͻn ntεm dekosi Wusͻreε da. Onyankopͻn bεbͻ dwuma a wͻ’diiε no nyinaa ho amaneε akyerε wͻn (wͻ Atemmuda).
Arapça tefsirler:
يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ قَدۡ جَآءَكُمۡ رَسُولُنَا يُبَيِّنُ لَكُمۡ كَثِيرٗا مِّمَّا كُنتُمۡ تُخۡفُونَ مِنَ ٱلۡكِتَٰبِ وَيَعۡفُواْ عَن كَثِيرٖۚ قَدۡ جَآءَكُم مِّنَ ٱللَّهِ نُورٞ وَكِتَٰبٞ مُّبِينٞ
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, ampa sε Yε’somafoͻ no aba mohͻ a ͻreda nsεm pii a mode asie afiri Nwoma no mu no adi kyerε mo, na ͻbͻfa pii mpo so. Ampa sε nhyerεnee ne Nwoma pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ,
Arapça tefsirler:
يَهۡدِي بِهِ ٱللَّهُ مَنِ ٱتَّبَعَ رِضۡوَٰنَهُۥ سُبُلَ ٱلسَّلَٰمِ وَيُخۡرِجُهُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِ بِإِذۡنِهِۦ وَيَهۡدِيهِمۡ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Nyankopͻn dekyerε obi a odi N’apεdeε a εkͻ Asomdweε kwan no soͻ no akyi no kwan, na Oyi wͻn firi esum no mu de wͻn kͻ εhyεn no mu wͻ Nepε mu, na Ɔkyerε wͻn kwan kͻ ͻkwan tenenee no so.
Arapça tefsirler:
لَّقَدۡ كَفَرَ ٱلَّذِينَ قَالُوٓاْ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡمَسِيحُ ٱبۡنُ مَرۡيَمَۚ قُلۡ فَمَن يَمۡلِكُ مِنَ ٱللَّهِ شَيۡـًٔا إِنۡ أَرَادَ أَن يُهۡلِكَ ٱلۡمَسِيحَ ٱبۡنَ مَرۡيَمَ وَأُمَّهُۥ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗاۗ وَلِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَاۚ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’ka sε Mar’yam ba Kristo no ne Nyankopͻn no nyinaa yε (Kaafir) boniayεfoͻ. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε anka Nyankopͻn pεsε Ɔsεe Mar’yam ba Kristo ne ne maame, ne deε εwͻ asaase so nyinaa a, anka hwan na ͻwͻ tumi bi a ͻde betia Nyankopͻn? Ɔsoro ne asaase so ahennie ne deε εwͻ mfinfii nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔbͻ deε Ɔpε. Nyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.
Arapça tefsirler:
 
Anlam tercümesi Sure: Sûratu'l-Mâide
Surelerin fihristi Sayfa numarası
 
Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail - Mealler fihristi

Eş-Şeyh Harun İsmail Tarafından Tercüme Edilmiştir.

Kapat