Check out the new design

Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail * - Mealler fihristi

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Anlam tercümesi Sure: Sûratu'l-En'âm   Ayet:
قُلۡ أَيُّ شَيۡءٍ أَكۡبَرُ شَهَٰدَةٗۖ قُلِ ٱللَّهُۖ شَهِيدُۢ بَيۡنِي وَبَيۡنَكُمۡۚ وَأُوحِيَ إِلَيَّ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانُ لِأُنذِرَكُم بِهِۦ وَمَنۢ بَلَغَۚ أَئِنَّكُمۡ لَتَشۡهَدُونَ أَنَّ مَعَ ٱللَّهِ ءَالِهَةً أُخۡرَىٰۚ قُل لَّآ أَشۡهَدُۚ قُلۡ إِنَّمَا هُوَ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ وَإِنَّنِي بَرِيٓءٞ مِّمَّا تُشۡرِكُونَ
(Nkͻmhyεni), kasε: “Adansedie bεn na εsoo paa? “Kasε: “Nyankopͻn ne mene montεm Ɔdanseni. Y’ayi saa Qur’aan yi ama me sε menfa mmͻ mo, ne obiara a (saa Qur’aan yi) bεto no no kͻkͻ. Enti mobetumi adi adanseε paa sε anyame foforͻ bi wͻ hͻ ka Nyankopͻn ho?’’ Kasε: “Medeε menni (saa asεm no ho) adanseε”. Kasε: “Nokorε mu deε Nyankopͻn baako pε na Ɔwͻ hͻ; na medeε m’atwe meho afri deε mode bata Neho no ho”.
Arapça tefsirler:
ٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ يَعۡرِفُونَهُۥ كَمَا يَعۡرِفُونَ أَبۡنَآءَهُمُۘ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ فَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
(Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a Yε’maa wͻn Nyamesom ho Nwoma no nim (Muhammad paa) tesε deε wͻ’nim wͻn mma. Wͻn a w’ayera wͻn kraa no na wͻ’nnye nnie.
Arapça tefsirler:
وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلظَّٰلِمُونَ
(Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻpo Nensεm? Nokorε sε abͻnefoͻ no deε wͻ’nni nkonim da.
Arapça tefsirler:
وَيَوۡمَ نَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا ثُمَّ نَقُولُ لِلَّذِينَ أَشۡرَكُوٓاْ أَيۡنَ شُرَكَآؤُكُمُ ٱلَّذِينَ كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ
Ɛda a Yε’bεboa wͻn nyinaa ano no, ɛhɔ na Yε’bεka akyerε wͻn a wͻ’de biribi bataa (Nyankopͻn) ho no sε: “Wͻn a mode wͻn bataa (Nyankopͻn) ho a na modwen sε (wͻ’yε mo anyame no) wͻ hen?
Arapça tefsirler:
ثُمَّ لَمۡ تَكُن فِتۡنَتُهُمۡ إِلَّآ أَن قَالُواْ وَٱللَّهِ رَبِّنَا مَا كُنَّا مُشۡرِكِينَ
Wͻ’nnya nyinasoͻ anaa anoyie biara, na mmom deε wͻ’bεka nesε: “Yεdͻ Nyame, Yεn Awurade no sε, na yεnnka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho “.
Arapça tefsirler:
ٱنظُرۡ كَيۡفَ كَذَبُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡۚ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ
Hwε sεdeε wͻ’resi twa nkontompo to wͻn ho soͻ! Atorͻ a wͻ’twaeε no bεyera afri wͻn ho (saa Da no).
Arapça tefsirler:
وَمِنۡهُم مَّن يَسۡتَمِعُ إِلَيۡكَۖ وَجَعَلۡنَا عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ أَكِنَّةً أَن يَفۡقَهُوهُ وَفِيٓ ءَاذَانِهِمۡ وَقۡرٗاۚ وَإِن يَرَوۡاْ كُلَّ ءَايَةٖ لَّا يُؤۡمِنُواْ بِهَاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُوكَ يُجَٰدِلُونَكَ يَقُولُ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّآ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’retie woͻ, nanso yε’de akatasoͻ akata wͻn akoma ho sεdeε wͻ’nnte aseε, na wͻn aso mu nso akraa wͻ mu, sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee nyinaa mpo a wͻ’nnye nni kͻpem sε wͻ’bεba wohͻ ne wo abεgye akyinnyeε, na deε boniayεfoͻ no ka ne sε: ‘’Nokorε sε woi deε εyε tetefoͻ no anansesεm.”
Arapça tefsirler:
وَهُمۡ يَنۡهَوۡنَ عَنۡهُ وَيَنۡـَٔوۡنَ عَنۡهُۖ وَإِن يُهۡلِكُونَ إِلَّآ أَنفُسَهُمۡ وَمَا يَشۡعُرُونَ
Wͻ’si (amanfoͻ) kwan wͻ (Nkͻm-hyεni) ho, εna wͻ’si wͻn ara nso ho kwan wͻ neho. Sε (wͻ’yε saa a), wͻn ara na wͻ’redi wͻn ho awuo nanso wͻ’nhunu saa.
Arapça tefsirler:
وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذۡ وُقِفُواْ عَلَى ٱلنَّارِ فَقَالُواْ يَٰلَيۡتَنَا نُرَدُّ وَلَا نُكَذِّبَ بِـَٔايَٰتِ رَبِّنَا وَنَكُونَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Sε anka worehunu (sεdeε wͻ’bεyε) wͻ εberε a yεde wͻn begyina Ogya no mu no a, (saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Na anka yasan kͻ wiase bio, anka yεn mfa Ye’Wura Nyankopͻn asεm no atorͻsεm, na anka yε’bεka agyidiefoͻ no ho“.
Arapça tefsirler:
 
Anlam tercümesi Sure: Sûratu'l-En'âm
Surelerin fihristi Sayfa numarası
 
Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail - Mealler fihristi

Eş-Şeyh Harun İsmail Tarafından Tercüme Edilmiştir.

Kapat