قۇرئان كەرىم مەنىلىرىنىڭ تەرجىمىسى - الترجمة الأكانية - الأشانتية * - تەرجىمىلەر مۇندەرىجىسى

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

مەنالار تەرجىمىسى سۈرە: سۈرە ھەدىد   ئايەت:

Al-Hadiid

سَبَّحَ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Adeε a εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin tontom no. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Ne dea. Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔma (obi) wuo, na Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
هُوَ ٱلۡأَوَّلُ وَٱلۡأٓخِرُ وَٱلظَّٰهِرُ وَٱلۡبَاطِنُۖ وَهُوَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٌ
Ɔne Odikanfoͻ no, ne Okyidifoͻ no, Ɔno na Ɔda adi pefee, εna Osuma, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ فِي سِتَّةِ أَيَّامٖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ يَعۡلَمُ مَا يَلِجُ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا يَخۡرُجُ مِنۡهَا وَمَا يَنزِلُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ وَمَا يَعۡرُجُ فِيهَاۖ وَهُوَ مَعَكُمۡ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ
Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Ne ho sii Tumi Ahenwa no soͻ. Onim deε εkͻ asaase mu, ne deε efri mu nso pue, ne deε esiane fri soro (ba asaase soͻ) ne deε (efri asaase so) fro kͻ hͻ. Faako a mowͻ biara no Ɔka mo ho. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a modie nyinaa.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
لَّهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ
Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Ne dea. Nyankopͻn hͻ na nsԑm nyinaa kɔwie.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
يُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِۚ وَهُوَ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Ɔma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu. Ɔno na Onim deε εwͻ akoma mu.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
ءَامِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَأَنفِقُواْ مِمَّا جَعَلَكُم مُّسۡتَخۡلَفِينَ فِيهِۖ فَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡ وَأَنفَقُواْ لَهُمۡ أَجۡرٞ كَبِيرٞ
Monye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ni, na monyi deε Wama mo abɛdi ho adeε no mu bi ma. Enti wͻn a wͻagye adie wͻ mo mu na wͻyi (wͻn agyapadeε mu bi) de ma no, wͻn wͻ akatua kεseε paa.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
وَمَا لَكُمۡ لَا تُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلرَّسُولُ يَدۡعُوكُمۡ لِتُؤۡمِنُواْ بِرَبِّكُمۡ وَقَدۡ أَخَذَ مِيثَٰقَكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ
Deεn na εha mo a enti monnye Nyankopͻn nnie? Abrε a Ɔsomafoͻ no refrε mo sε monye mo Wura Nyankopͻn ni, aberε a moasuae akyerε no; sε moyε agyidiefoͻ ampa a.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
هُوَ ٱلَّذِي يُنَزِّلُ عَلَىٰ عَبۡدِهِۦٓ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖ لِّيُخۡرِجَكُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ بِكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Ɔno na Ɔsiane nsεnkyerεnee pefee ma N’akoa sεdeε ɔbɛyi mo afiri esum no mu akͻ εhyεn no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn yε ayεmyε hene ma mo, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
وَمَا لَكُمۡ أَلَّا تُنفِقُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلِلَّهِ مِيرَٰثُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ لَا يَسۡتَوِي مِنكُم مَّنۡ أَنفَقَ مِن قَبۡلِ ٱلۡفَتۡحِ وَقَٰتَلَۚ أُوْلَٰٓئِكَ أَعۡظَمُ دَرَجَةٗ مِّنَ ٱلَّذِينَ أَنفَقُواْ مِنۢ بَعۡدُ وَقَٰتَلُواْۚ وَكُلّٗا وَعَدَ ٱللَّهُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ
Deεn na εha mo a enti monnyi (mo agyapadeε) wͻ Nyankopͻn kwan soͻ? Aberε nso a Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so akoradeε wͻ no? Mo mu wͻn a wͻyii (wͻn agyapadeε) na wͻkoeε ansa na nkonimdie no (reba no, ne wͻn a aka no) nnsε. Woi nom na wͻn wͻ gyinaberε a εsoo paa mu kyεn wͻn a (nkonimdie no) akyi na wͻyii wͻn (agyapadeε) na wͻkoeε no. Na mmom Nyankopͻn (de ade) papa ahyε wͻn nyinaa bͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho Amanebͻfoͻ.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
مَّن ذَا ٱلَّذِي يُقۡرِضُ ٱللَّهَ قَرۡضًا حَسَنٗا فَيُضَٰعِفَهُۥ لَهُۥ وَلَهُۥٓ أَجۡرٞ كَرِيمٞ
Hwan na ͻbεbͻ Nyankopͻn bosea pa ama Ͻde abͻ ho ama no? Ɔno na Ɔwͻ akatua a animuonyam wͻ mu paa.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
يَوۡمَ تَرَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ يَسۡعَىٰ نُورُهُم بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَبِأَيۡمَٰنِهِمۖ بُشۡرَىٰكُمُ ٱلۡيَوۡمَ جَنَّٰتٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
Ɛda no na wobɛhunu agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no sε wͻnhyerεnee ahyerεn di wͻn anim ne wͻn nifa so. (Yεbεka akyerε wͻn sε): “Mowͻ anigyesεm nnε! Aheman a nsubͻnten nenam aseε no, emu na (mo) bεtena. Ԑno ne nkonimdie kεseε no.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
يَوۡمَ يَقُولُ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتُ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱنظُرُونَا نَقۡتَبِسۡ مِن نُّورِكُمۡ قِيلَ ٱرۡجِعُواْ وَرَآءَكُمۡ فَٱلۡتَمِسُواْ نُورٗاۖ فَضُرِبَ بَيۡنَهُم بِسُورٖ لَّهُۥ بَابُۢ بَاطِنُهُۥ فِيهِ ٱلرَّحۡمَةُ وَظَٰهِرُهُۥ مِن قِبَلِهِ ٱلۡعَذَابُ
Ɛda no na nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa no bεka akyerε wͻn a wͻagye adie no sε: “Montwεn yεn na yεnfa mo nhyerεnee no (nante bi)”. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Monsan nkͻ mo akyi (wͻ wiase) nkͻpε nhyerεnee”. Na fasuo bi a εpono wͻ mu bεba abɛtware wͻntεm. Na emu no ahummͻborͻ na εwͻ hͻ, na akyire no nso yε asotwee.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
يُنَادُونَهُمۡ أَلَمۡ نَكُن مَّعَكُمۡۖ قَالُواْ بَلَىٰ وَلَٰكِنَّكُمۡ فَتَنتُمۡ أَنفُسَكُمۡ وَتَرَبَّصۡتُمۡ وَٱرۡتَبۡتُمۡ وَغَرَّتۡكُمُ ٱلۡأَمَانِيُّ حَتَّىٰ جَآءَ أَمۡرُ ٱللَّهِ وَغَرَّكُم بِٱللَّهِ ٱلۡغَرُورُ
(Nkͻnkͻnsafoͻ no) bεfrε (agyidiefoͻ no) sε: “Na yεnka mo ho (wͻ wiase)?“ (Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aane, nanso modaadaa mo ho, εna motwεnee (sε ebia agyidiefoͻ no bɛdi nkoguo), na mo adwen ansi mo pi, na apεdeε hunu daadaa mo kͻpem sε Nyankopͻn ahyεdeε no baeε, na (ͻbonsam) daadaafoͻ no daadaa mo wͻ Nyankopͻn ho “.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
فَٱلۡيَوۡمَ لَا يُؤۡخَذُ مِنكُمۡ فِدۡيَةٞ وَلَا مِنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۚ مَأۡوَىٰكُمُ ٱلنَّارُۖ هِيَ مَوۡلَىٰكُمۡۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Enti εnnε da yi, yεnnye mpata biara mfiri mo hͻ, anaasε wͻn a wͻannye annie no hͻ. Mo fie ne egya no mu, εno ne mokyitaafoͻ, na εhͻ yε nkyi bͻne paa.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
۞ أَلَمۡ يَأۡنِ لِلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَن تَخۡشَعَ قُلُوبُهُمۡ لِذِكۡرِ ٱللَّهِ وَمَا نَزَلَ مِنَ ٱلۡحَقِّ وَلَا يَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ مِن قَبۡلُ فَطَالَ عَلَيۡهِمُ ٱلۡأَمَدُ فَقَسَتۡ قُلُوبُهُمۡۖ وَكَثِيرٞ مِّنۡهُمۡ فَٰسِقُونَ
Enti εberε no nnso maa agyidiefoͻ no sε wͻbεbrε wͻn akoma ase ama Nyankopͻn nkaekaeε ne deε yɛasiane a εyε nokorε no, na wͻn ankͻyε sε wͻn a yɛdii kan maa wͻn Nyamesom Nwoma no? Ɛberε yεε tenten maa wͻn, enti wͻn akoma yεε den. Na na wͻn mu dodoͻ no ara yε nsԑmɔnefoͻ.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
ٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ يُحۡيِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَاۚ قَدۡ بَيَّنَّا لَكُمُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ
Monhunu sε, Nyankopͻn nyane asaase wͻ ne wuo akyi. Ampa sε Yɛakyerεkyerε nsεm no mu pefee sεdeε mobεte aseε.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
إِنَّ ٱلۡمُصَّدِّقِينَ وَٱلۡمُصَّدِّقَٰتِ وَأَقۡرَضُواْ ٱللَّهَ قَرۡضًا حَسَنٗا يُضَٰعَفُ لَهُمۡ وَلَهُمۡ أَجۡرٞ كَرِيمٞ
Nokorε sε mmarima a wͻyε adͻeε ne mmaa a wɔyε adͻeε na wͻbͻ Nyankopͻn bosea pa no, yεde bεbͻ ho ama wͻn, na wͻn wͻ animuonyam akatua (da hͻ Daakye).
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَرُسُلِهِۦٓ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلصِّدِّيقُونَۖ وَٱلشُّهَدَآءُ عِندَ رَبِّهِمۡ لَهُمۡ أَجۡرُهُمۡ وَنُورُهُمۡۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَآ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَحِيمِ
Wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no adie no, wͻn ne nokwafoͻ no, ne mogya ho adansefoͻ no wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Wͻbɛnya wͻn akatua ne wͻn nhyerεnee. Wͻn a wͻnnye nnie na wͻfa Yεn Nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
ٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا لَعِبٞ وَلَهۡوٞ وَزِينَةٞ وَتَفَاخُرُۢ بَيۡنَكُمۡ وَتَكَاثُرٞ فِي ٱلۡأَمۡوَٰلِ وَٱلۡأَوۡلَٰدِۖ كَمَثَلِ غَيۡثٍ أَعۡجَبَ ٱلۡكُفَّارَ نَبَاتُهُۥ ثُمَّ يَهِيجُ فَتَرَىٰهُ مُصۡفَرّٗا ثُمَّ يَكُونُ حُطَٰمٗاۖ وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِ عَذَابٞ شَدِيدٞ وَمَغۡفِرَةٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَرِضۡوَٰنٞۚ وَمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَآ إِلَّا مَتَٰعُ ٱلۡغُرُورِ
Monhunu sε, wiase asetena yi yε agodie ne ahurusie ne afεεfεdeε ne ahotuo a εda montεm, ne agyapadeε ne mma ho apere-apereε. Ne mfatoho te sε mfudeε a nsutͻ akyi no akuafoͻ anigye ne nnuaba no ho, afei wobɛhunu sε ahoa afei na adwan. Daakye no asotwee a ano yε den paa wͻ hͻ, ne bͻnefakyε a efri Nyankopͻn hͻ ne nyetumu. Wiase asetena deε εyε anigyesεm a εyε nnaadaa.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
سَابِقُوٓاْ إِلَىٰ مَغۡفِرَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ وَجَنَّةٍ عَرۡضُهَا كَعَرۡضِ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ أُعِدَّتۡ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَرُسُلِهِۦۚ ذَٰلِكَ فَضۡلُ ٱللَّهِ يُؤۡتِيهِ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ ذُو ٱلۡفَضۡلِ ٱلۡعَظِيمِ
Monsi akan nkͻ mo Wura Nyankopͻn bͻnefakyε no mu, nhwehwԑ Aheman a ne tεtrεtε bεyε sε ͻsoro ne asaase tεtrεtε a yɛasiesie ama wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no die no. Woi yε Nyankopͻn adom, Ɔde ma obi a Ɔpε. Na Nyankopͻn ne Adom Kεseε no Wura no.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
مَآ أَصَابَ مِن مُّصِيبَةٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِيٓ أَنفُسِكُمۡ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مِّن قَبۡلِ أَن نَّبۡرَأَهَآۚ إِنَّ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٞ
Mmusuo biara a εbesi wͻ asaase soͻ, anaasε εbεto mo nnipa dua no, na εwͻ Nwoma mu ansa na Yɛama no asi. Nokorε sε εno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
لِّكَيۡلَا تَأۡسَوۡاْ عَلَىٰ مَا فَاتَكُمۡ وَلَا تَفۡرَحُواْ بِمَآ ءَاتَىٰكُمۡۗ وَٱللَّهُ لَا يُحِبُّ كُلَّ مُخۡتَالٖ فَخُورٍ
Sεdeε mo werε nho (pii) wͻ deε moahwereε no ho, na monfa deε yεde ama mo no nso ntu mo ho. Nyankopͻn deε Ɔmpε obi a ͻyε ahomasoͻ na otu ne ho no asεm;
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
ٱلَّذِينَ يَبۡخَلُونَ وَيَأۡمُرُونَ ٱلنَّاسَ بِٱلۡبُخۡلِۗ وَمَن يَتَوَلَّ فَإِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ
(Saa ara nso na Ɔmpε) wͻn a wͻyε pεpεε na wͻhyε amanfoͻ ma wͻyε pεpεε no (asεm). Na obi a ͻbεdane n’akyi ama (nokorε no), nokorε sε Nyankopͻn ne Ɔdefo, Ɔne Ayeyie Wura no.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
لَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا رُسُلَنَا بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَأَنزَلۡنَا مَعَهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡمِيزَانَ لِيَقُومَ ٱلنَّاسُ بِٱلۡقِسۡطِۖ وَأَنزَلۡنَا ٱلۡحَدِيدَ فِيهِ بَأۡسٞ شَدِيدٞ وَمَنَٰفِعُ لِلنَّاسِ وَلِيَعۡلَمَ ٱللَّهُ مَن يَنصُرُهُۥ وَرُسُلَهُۥ بِٱلۡغَيۡبِۚ إِنَّ ٱللَّهَ قَوِيٌّ عَزِيزٞ
Ampa sε Yεde nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee somaa Y’asomafoͻ no, de Nwoma no ne nsania kaa wͻn ho sεdeε adasamma bɛgyina so ayε biribiara pεpεεpε, εna Yɛasiane dadeε a ano yε den papaapa na mfasoͻ pii nso wͻ so ama nnipa, sεdeε Nyankopͻn de bɛhunu obia ͻboa no ne N’asomafoͻ no wͻ kokoa mu. Nokorε sε Onyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا نُوحٗا وَإِبۡرَٰهِيمَ وَجَعَلۡنَا فِي ذُرِّيَّتِهِمَا ٱلنُّبُوَّةَ وَٱلۡكِتَٰبَۖ فَمِنۡهُم مُّهۡتَدٖۖ وَكَثِيرٞ مِّنۡهُمۡ فَٰسِقُونَ
Ampa sε Yεsomaa Noa ne Abraham, na Yεmaa wͻn asefoͻ no nkͻmhyε (adwuma) ne Nwoma. Wͻn mu bi faa kwantenenee no, na wͻn mu dodoͻ no ara na wͻbuu akohwi bra.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
ثُمَّ قَفَّيۡنَا عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِم بِرُسُلِنَا وَقَفَّيۡنَا بِعِيسَى ٱبۡنِ مَرۡيَمَ وَءَاتَيۡنَٰهُ ٱلۡإِنجِيلَۖ وَجَعَلۡنَا فِي قُلُوبِ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُوهُ رَأۡفَةٗ وَرَحۡمَةٗۚ وَرَهۡبَانِيَّةً ٱبۡتَدَعُوهَا مَا كَتَبۡنَٰهَا عَلَيۡهِمۡ إِلَّا ٱبۡتِغَآءَ رِضۡوَٰنِ ٱللَّهِ فَمَا رَعَوۡهَا حَقَّ رِعَايَتِهَاۖ فَـَٔاتَيۡنَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنۡهُمۡ أَجۡرَهُمۡۖ وَكَثِيرٞ مِّنۡهُمۡ فَٰسِقُونَ
Afei Yεmaa Y’asomafoͻ no bεfaa wͻn anamͻn so, na Yεmaa Mar’yam ba Yesu bɛdii so, na Yεmaa no Injeel, na Yεmaa wͻn a wͻdii n’akyi no ayεmyε ne ahummͻborͻ akoma. Na ‘Rah’baaniyya’ no deε, εyε sakratom a wͻn ara na wͻyͻeε, εnyε Yεn na Yεhyehyε maa wͻn , (na mmom wͻyεε no) sε wͻde hwehwε Nyankopͻn nyetumu; nanso wɔanhwε so yie sεdeε anka εsεsε wͻhwε soͻ no. Enti Yεde wͻn a wͻgye dii wͻ wͻn mu no akatua maa wͻn, na mmom na wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻnefoͻ.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَءَامِنُواْ بِرَسُولِهِۦ يُؤۡتِكُمۡ كِفۡلَيۡنِ مِن رَّحۡمَتِهِۦ وَيَجۡعَل لَّكُمۡ نُورٗا تَمۡشُونَ بِهِۦ وَيَغۡفِرۡ لَكُمۡۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na monye Ne somafoͻ no nni, na Ɔbεma mo N’ahummͻborͻ no mu kyεfa mmienu, na Wama mo nhyerεnee a mode bεnante, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
لِّئَلَّا يَعۡلَمَ أَهۡلُ ٱلۡكِتَٰبِ أَلَّا يَقۡدِرُونَ عَلَىٰ شَيۡءٖ مِّن فَضۡلِ ٱللَّهِ وَأَنَّ ٱلۡفَضۡلَ بِيَدِ ٱللَّهِ يُؤۡتِيهِ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ ذُو ٱلۡفَضۡلِ ٱلۡعَظِيمِ
Sεdeε wͻn a yɛama wͻn Nyamesom ho Nwoma no bɛhunu sε wͻnni tumi biara wͻ Nyankopͻn adom no so; na adom no deε Nyankopͻn nsam na εwͻ, na Ɔde ma obi a Ɔpε. Onyankopͻn ne Adom Kεseε no Wura no
ئەرەپچە تەپسىرلەر:
 
مەنالار تەرجىمىسى سۈرە: سۈرە ھەدىد
سۈرە مۇندەرىجىسى بەت نومۇرى
 
قۇرئان كەرىم مەنىلىرىنىڭ تەرجىمىسى - الترجمة الأكانية - الأشانتية - تەرجىمىلەر مۇندەرىجىسى

ترجمة معاني القرآن الكريم الى اللغة الأشانتية، ترجمها الشيخ هارون إسماعيل.

تاقاش