Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ዩኑስ   አንቀጽ:
أَلَآ إِنَّ أَوۡلِيَآءَ ٱللَّهِ لَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Nokorε sε wͻn a Nyankopͻn taa wͻn akyi no ehu biara mmͻ wͻn, na wͻn werε nso nho (wͻ Atemmuda).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ
Wͻn a wͻgye diiε na wͻsuroo Nyankopͻn no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لَهُمُ ٱلۡبُشۡرَىٰ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِۚ لَا تَبۡدِيلَ لِكَلِمَٰتِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
(Saa nkorͻfoͻ no) wͻ anigyesεm wͻ wiase asetena yi mu ne Daakye no nso. Nsakraeε nni Nyankopͻn Nsεm mu. Wei ne nkonimdie kεseε no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا يَحۡزُنكَ قَوۡلُهُمۡۘ إِنَّ ٱلۡعِزَّةَ لِلَّهِ جَمِيعًاۚ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
(Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεm (a wͻkeka) no nyε wo awerεho; efirisε tumi ne animuonyam nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَآ إِنَّ لِلَّهِ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِۗ وَمَا يَتَّبِعُ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُرَكَآءَۚ إِن يَتَّبِعُونَ إِلَّا ٱلظَّنَّ وَإِنۡ هُمۡ إِلَّا يَخۡرُصُونَ
Hwε, nokorε sε obiara a ᴐwͻ soro ne obiara a ᴐwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻfiri Nyankopͻn akyi sufrε (anyame ahodoͻ no) nni (Onyankopͻn) mmataho bi a wͻdi akyire, na mmom deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻdi akyire, na atorͻsεm na wͻdie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَسۡمَعُونَ
Ͻno Nyankopͻn na Wayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (Wayε) adekyeε nso (sεdeε mode) bɛhunu (biribiara pefee). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu ma nnipa a wͻtie (Nyankopͻn asεm no kͻ adwendwen mu).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱللَّهُ وَلَدٗاۗ سُبۡحَٰنَهُۥۖ هُوَ ٱلۡغَنِيُّۖ لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ إِنۡ عِندَكُم مِّن سُلۡطَٰنِۭ بِهَٰذَآۚ أَتَقُولُونَ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Wͻka sε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Ɔne Otumfoͻ a( W’anya neho a ɔnhia obiara biribiara. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Monni (saa asεm) wei ho nyinasoͻ biara (a εkyerε sε Nyankopͻn awo ba). Anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ لَا يُفۡلِحُونَ
(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim da.”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَتَٰعٞ فِي ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ ثُمَّ نُذِيقُهُمُ ٱلۡعَذَابَ ٱلشَّدِيدَ بِمَا كَانُواْ يَكۡفُرُونَ
Wiase mu anigyeε (yε kakraabi); afei Yεhͻ ne wͻn nkyi, na Yεbεma wͻn aka asotwee denden no ahwε, εnam (nokorε a) wͻpoeε no ho nti.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ዩኑስ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት