Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኢብራሂም   አንቀጽ:
وَإِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِقَوۡمِهِ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ إِذۡ أَنجَىٰكُم مِّنۡ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ يَسُومُونَكُمۡ سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِ وَيُذَبِّحُونَ أَبۡنَآءَكُمۡ وَيَسۡتَحۡيُونَ نِسَآءَكُمۡۚ وَفِي ذَٰلِكُم بَلَآءٞ مِّن رَّبِّكُمۡ عَظِيمٞ
Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monkae Nyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ, εberε a Ɔgyee mo frii Farao nkorͻfoͻ no a na wͻde asotwee bͻne retwe moaso, na wͻkunkum mo mma mmarima, ma mo mmaa no tena aseε no nsam. Nokorε sε na εyε nsͻhwε kεse a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ تَأَذَّنَ رَبُّكُمۡ لَئِن شَكَرۡتُمۡ لَأَزِيدَنَّكُمۡۖ وَلَئِن كَفَرۡتُمۡ إِنَّ عَذَابِي لَشَدِيدٞ
Kae εberε a mo Wura Nyankopͻn de too dwa sε: “Sε moyi (Me) ayε a Mede bi bεka mo ho; na mmom sε moyi (Me) boniayε a, εneε nokorε sε, M’asotwee ano yε den papaapa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ مُوسَىٰٓ إِن تَكۡفُرُوٓاْ أَنتُمۡ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا فَإِنَّ ٱللَّهَ لَغَنِيٌّ حَمِيدٌ
Mose kaa sε: “Sε mone wͻn a εwͻ asaase so nyinaa mpo anye anni a, εneε nokorε sε, Onyankopͻn deε Wanya Neho. Ɔne Ayeyie Wura no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ نَبَؤُاْ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكُمۡ قَوۡمِ نُوحٖ وَعَادٖ وَثَمُودَ وَٱلَّذِينَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ لَا يَعۡلَمُهُمۡ إِلَّا ٱللَّهُۚ جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَرَدُّوٓاْ أَيۡدِيَهُمۡ فِيٓ أَفۡوَٰهِهِمۡ وَقَالُوٓاْ إِنَّا كَفَرۡنَا بِمَآ أُرۡسِلۡتُم بِهِۦ وَإِنَّا لَفِي شَكّٖ مِّمَّا تَدۡعُونَنَآ إِلَيۡهِ مُرِيبٖ
Wͻn a wͻdii moanim kan no ho asεm no meduruu mo hͻ anaa? Noa nkorͻfoͻ no ne Aad ne Samuud ne wͻn a wͻbaa wͻn akyi no? Obiara nni wͻn, gyesε Nyankopͻn (nko ara). Wͻn asomafoͻ no de nyina-soͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn; nanso wͻde wͻnsa hyehyεε wͻn anum (de abufuo) kaa sε: “Yε deε nokorε sε, yεnnye deε yεde asoma mo no nni; nokorε nso sε y’adwen nnsi yεn pi koraa wͻ deε morefrε yεn akͻ no ho”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ قَالَتۡ رُسُلُهُمۡ أَفِي ٱللَّهِ شَكّٞ فَاطِرِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ يَدۡعُوكُمۡ لِيَغۡفِرَ لَكُم مِّن ذُنُوبِكُمۡ وَيُؤَخِّرَكُمۡ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗىۚ قَالُوٓاْ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا بَشَرٞ مِّثۡلُنَا تُرِيدُونَ أَن تَصُدُّونَا عَمَّا كَانَ يَعۡبُدُ ءَابَآؤُنَا فَأۡتُونَا بِسُلۡطَٰنٖ مُّبِينٖ
Wͻn asomafoͻ no kaa sε: “Enti Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no ho na moadwen nnsi mo pie? Ɔrefrε mo sεdeε Ɔde mo bͻne bεkyε mo, na Wama mo εberε (kakra) akosi εberε a yahyε ato hͻ no. Wͻkaa sε: “Sε monso moyε nnipa tesε yεn ara. Mopε sε mosi yεn deε na y’agyanom som no ho kwan. Ɛneε monfa tumi anaasε nyinasoͻ pefee bi mmra (ansa).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኢብራሂም
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት