የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - አሻንቲኛ ትርጉም * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሱረቱ አን ነምል   አንቀጽ:

An-Naml

طسٓۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡقُرۡءَانِ وَكِتَابٖ مُّبِينٍ
Toaa – Siin . Woi yε Qur’aan mu nsɛm, ԑyԑ Nwoma a ɛda (biribiara) adi pefee.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُدٗى وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُؤۡمِنِينَ
(Ɛyε) kwankyerε ne anigyesεm ma agyidiefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ يُقِيمُونَ ٱلصَّلَوٰةَ وَيُؤۡتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ هُمۡ يُوقِنُونَ
Wͻn a wͻfrε Nyame wͻ ne brε mu na wͻyi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ زَيَّنَّا لَهُمۡ أَعۡمَٰلَهُمۡ فَهُمۡ يَعۡمَهُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no Yɛama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn (aniso) fε, enti wͻredi akͻneaba sε anifirafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ لَهُمۡ سُوٓءُ ٱلۡعَذَابِ وَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ هُمُ ٱلۡأَخۡسَرُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee bͻne no. Wͻn na Daakye no mu no wͻn ne berεguofoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنَّكَ لَتُلَقَّى ٱلۡقُرۡءَانَ مِن لَّدُنۡ حَكِيمٍ عَلِيمٍ
(Nkͻmhyεni), nokorε sε wo nsa ka Qur’aan yi fri Onyansafoͻ, Nimdefoͻ no hͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِأَهۡلِهِۦٓ إِنِّيٓ ءَانَسۡتُ نَارٗا سَـَٔاتِيكُم مِّنۡهَا بِخَبَرٍ أَوۡ ءَاتِيكُم بِشِهَابٖ قَبَسٖ لَّعَلَّكُمۡ تَصۡطَلُونَ
Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abusuafoͻ sε: “Nokorε sε mahunu egya; mede ho amaneε bεba abεbͻ mo anaasε mede nsramma bi bεba ama moaka mo ho hye “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا جَآءَهَا نُودِيَ أَنۢ بُورِكَ مَن فِي ٱلنَّارِ وَمَنۡ حَوۡلَهَا وَسُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɛberε a ͻbaa hoo no, yεfrεε no sε: ”Nhyira ne nea ͻwͻ egya no mu no, ne obiara a ͻwͻ ho. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no“
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰمُوسَىٰٓ إِنَّهُۥٓ أَنَا ٱللَّهُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Mose, nokorε sε εyε Me, Onyankopͻn Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَلۡقِ عَصَاكَۚ فَلَمَّا رَءَاهَا تَهۡتَزُّ كَأَنَّهَا جَآنّٞ وَلَّىٰ مُدۡبِرٗا وَلَمۡ يُعَقِّبۡۚ يَٰمُوسَىٰ لَا تَخَفۡ إِنِّي لَا يَخَافُ لَدَيَّ ٱلۡمُرۡسَلُونَ
To wopoma no to fͻm. Ԑberε a ohunuu sε εrekeka ne ho tesε ͻwͻ no, ͻdanee ne ho dwanee a wanhwε n’akyi. (Yεkaa sε): “Mose, ensuro nokorε sε asomafoͻ no nsuro wͻ M’anim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِلَّا مَن ظَلَمَ ثُمَّ بَدَّلَ حُسۡنَۢا بَعۡدَ سُوٓءٖ فَإِنِّي غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Na mmom obi a wayε bͻne na εno akyiri no ͻde papa ahyε bͻne no anan mu no, nokorε sε, Mene Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَدۡخِلۡ يَدَكَ فِي جَيۡبِكَ تَخۡرُجۡ بَيۡضَآءَ مِنۡ غَيۡرِ سُوٓءٖۖ فِي تِسۡعِ ءَايَٰتٍ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَقَوۡمِهِۦٓۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ قَوۡمٗا فَٰسِقِينَ
Enti fa wonsa hyε wo koko mu, εbεba fitaa a εni nkekaawa biara. (Woi nom ka) nsεnkyerεnee nkron a wode rekͻ Farao ne ne nkorͻfoͻ hͻ no ho. Nokorε sε wͻyε amanfoͻ a wͻyε abͻneεfoͻ paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا جَآءَتۡهُمۡ ءَايَٰتُنَا مُبۡصِرَةٗ قَالُواْ هَٰذَا سِحۡرٞ مُّبِينٞ
Ɛberε a Yεn nsεnkyerεnee pefee a wͻtumi hunu baa wͻn hͻ no, deε wͻkaeε ne sε: ”Woi deε εyε nkoyaa pefee”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَجَحَدُواْ بِهَا وَٱسۡتَيۡقَنَتۡهَآ أَنفُسُهُمۡ ظُلۡمٗا وَعُلُوّٗاۚ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُفۡسِدِينَ
Wͻko tiae aberε nso a wͻn akoma gye tom (sε εyε nokorε a efri Nyame hͻ), εnam bͻne ne ahomasoͻ nti. Enti hwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieε si wieε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا دَاوُۥدَ وَسُلَيۡمَٰنَ عِلۡمٗاۖ وَقَالَا ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي فَضَّلَنَا عَلَىٰ كَثِيرٖ مِّنۡ عِبَادِهِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Ampa nso sε Yεmaa Dawid ne Solomon nimdeε. Wͻn mmienu kaa sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wahyε yεn animuonyam kyεn Ne nkoa agyidiefoͻ no mu bebree “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَوَرِثَ سُلَيۡمَٰنُ دَاوُۥدَۖ وَقَالَ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ عُلِّمۡنَا مَنطِقَ ٱلطَّيۡرِ وَأُوتِينَا مِن كُلِّ شَيۡءٍۖ إِنَّ هَٰذَا لَهُوَ ٱلۡفَضۡلُ ٱلۡمُبِينُ
Solomon bɛdii Dawid adeε, na ͻkaa sε: “Amanfoᴐ, yɛakyerε yεn nnomaa kasaa εna yɛama yεn biribiara. Nokorε sε, woi yε adom a εda adi pefee”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَحُشِرَ لِسُلَيۡمَٰنَ جُنُودُهُۥ مِنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ وَٱلطَّيۡرِ فَهُمۡ يُوزَعُونَ
Na Jinn ne nnipa ne nnomaa, na ԑboa wᴐn ho ano ma Solomon sԑ asraafoᴐ dͻm, na wᴐhyehyε wͻn ho paa (wͻ amia mu) akuo-akuo (deε odi hͻ deε odi hͻ).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
حَتَّىٰٓ إِذَآ أَتَوۡاْ عَلَىٰ وَادِ ٱلنَّمۡلِ قَالَتۡ نَمۡلَةٞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّمۡلُ ٱدۡخُلُواْ مَسَٰكِنَكُمۡ لَا يَحۡطِمَنَّكُمۡ سُلَيۡمَٰنُ وَجُنُودُهُۥ وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
(Wͻsii mu) kͻpem sε wͻduruu Ntεteaa bonhwa no mu. Ntεteaa no baako kaa sε: “Ntεteaa, (monka mo ho) nkɔ wura mo atenaeε, na anyε a Solomon ne ne dͻm bɛtwi afa mo so atiatia mo so (akunkum mo) wͻ aberε a wͻnnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَتَبَسَّمَ ضَاحِكٗا مِّن قَوۡلِهَا وَقَالَ رَبِّ أَوۡزِعۡنِيٓ أَنۡ أَشۡكُرَ نِعۡمَتَكَ ٱلَّتِيٓ أَنۡعَمۡتَ عَلَيَّ وَعَلَىٰ وَٰلِدَيَّ وَأَنۡ أَعۡمَلَ صَٰلِحٗا تَرۡضَىٰهُ وَأَدۡخِلۡنِي بِرَحۡمَتِكَ فِي عِبَادِكَ ٱلصَّٰلِحِينَ
(Solomon) wewene seree wͻ tεteaa no asεm no ho. Ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn (mesrε sε) dom me na mentumi nyi W’adom a wode adom me ne m’agya no so ayε, na (boa me) ma mentumi nni dwuma pa a W’ani bεgye ho, na fa W’ahummͻborͻ so fa me wura Wonkoa pa no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَتَفَقَّدَ ٱلطَّيۡرَ فَقَالَ مَالِيَ لَآ أَرَى ٱلۡهُدۡهُدَ أَمۡ كَانَ مِنَ ٱلۡغَآئِبِينَ
Solomon hwehwεε nnomaa no mu, na ͻkaa sε: “Adεn nti na menhunu Hudhud? Anaa ͻka wͻn a wͻamma no ho?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لَأُعَذِّبَنَّهُۥ عَذَابٗا شَدِيدًا أَوۡ لَأَاْذۡبَحَنَّهُۥٓ أَوۡ لَيَأۡتِيَنِّي بِسُلۡطَٰنٖ مُّبِينٖ
Nokorε sε, mede asotwee a ano yε den paa bεtwe n’aso anaasε mɛku no, anaasε gyesε ͻde nyinasoͻ pefee bi berε me “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَمَكَثَ غَيۡرَ بَعِيدٖ فَقَالَ أَحَطتُ بِمَا لَمۡ تُحِطۡ بِهِۦ وَجِئۡتُكَ مِن سَبَإِۭ بِنَبَإٖ يَقِينٍ
Hudhud ankyεre pii (na ͻbaeε), na ͻbεkaa sε: “Mahunu adeε bi a wonhunuiε. Mede amaneε pefee bi fri Saba’a na aberε woͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنِّي وَجَدتُّ ٱمۡرَأَةٗ تَمۡلِكُهُمۡ وَأُوتِيَتۡ مِن كُلِّ شَيۡءٖ وَلَهَا عَرۡشٌ عَظِيمٞ
Mehunuu ͻbaa bi sε ͻno na ͻdi wͻn so hemaa; yɛama no biribiara, na ͻwͻ ahennie a εsoo paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَجَدتُّهَا وَقَوۡمَهَا يَسۡجُدُونَ لِلشَّمۡسِ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَزَيَّنَ لَهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ أَعۡمَٰلَهُمۡ فَصَدَّهُمۡ عَنِ ٱلسَّبِيلِ فَهُمۡ لَا يَهۡتَدُونَ
Mekͻtoo no sε ͻne ne nkorͻfoͻ no afri Nyankopͻn akyi som awia; na ͻbonsam ama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, ama wasi wͻn (kwan pa no ho) kwan, enti wͻnni kwankyerε --
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَّاۤ يَسۡجُدُواْۤ لِلَّهِ ٱلَّذِي يُخۡرِجُ ٱلۡخَبۡءَ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَيَعۡلَمُ مَا تُخۡفُونَ وَمَا تُعۡلِنُونَ
(Ɛnam saa) nti wͻnnsom Nyankopͻn a ͻda deε asuma wͻ soro ne asaase so adie, na Onim deε mode suma ne deε moda no adie no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ رَبُّ ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡعَظِيمِ۩
Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Ahennwa kεseε no Wura no “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ قَالَ سَنَنظُرُ أَصَدَقۡتَ أَمۡ كُنتَ مِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
Solomon kaa sε: “Yεbεhwε sε, deε woreka no yε nokorε anaasε woka nkontompofoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱذۡهَب بِّكِتَٰبِي هَٰذَا فَأَلۡقِهۡ إِلَيۡهِمۡ ثُمَّ تَوَلَّ عَنۡهُمۡ فَٱنظُرۡ مَاذَا يَرۡجِعُونَ
Fa me nwoma yi kͻ na fa kͻma wͻn, na afei dane wo ho fri wͻn ho (bra), na yεnhwε (mmuaeε) a wͻde bεba“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَتۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمَلَؤُاْ إِنِّيٓ أُلۡقِيَ إِلَيَّ كِتَٰبٞ كَرِيمٌ
(Ɔhemaa no) kaa sε: ”Nhemfo, nokorε sε yεde animuonyam nwoma bi aberε me.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّهُۥ مِن سُلَيۡمَٰنَ وَإِنَّهُۥ بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
Nokorε sε efri Solomon hͻ, na nokorε sε (mehyɛ ase wɔ) Nyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene. (Bismi Laahir-Rah’maanir-Rahiim):
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَّا تَعۡلُواْ عَلَيَّ وَأۡتُونِي مُسۡلِمِينَ
(Emu nsεm ne sε): “Monhwε na moanyε ahomasoͻ antia me, na mmom momra me hͻ sε Muslimifoͻ wͻ ahobraseε mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَتۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمَلَؤُاْ أَفۡتُونِي فِيٓ أَمۡرِي مَا كُنتُ قَاطِعَةً أَمۡرًا حَتَّىٰ تَشۡهَدُونِ
(Ɔhemaa no) kaa sε: Nhemfo, mo mame adwen wͻ m’asεm yi ho. Menfa adwen wͻ asεm bi ho gyesε moka me ho (ne me dwene ho) ansa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ نَحۡنُ أُوْلُواْ قُوَّةٖ وَأُوْلُواْ بَأۡسٖ شَدِيدٖ وَٱلۡأَمۡرُ إِلَيۡكِ فَٱنظُرِي مَاذَا تَأۡمُرِينَ
(Nhemfo no) kaa sε: “Yεn ho yε den paa, na yεwͻ ͻkoo mu nso ahoͻden papaapa; na wohɔ na tumi no wͻ, enti hwε deε wobεhyε sε yεnyε”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَتۡ إِنَّ ٱلۡمُلُوكَ إِذَا دَخَلُواْ قَرۡيَةً أَفۡسَدُوهَا وَجَعَلُوٓاْ أَعِزَّةَ أَهۡلِهَآ أَذِلَّةٗۚ وَكَذَٰلِكَ يَفۡعَلُونَ
(Ɔhemaa no) kaa sε: “Nokorε sε, (Solomon) nhemfo no, sε wͻwura kuro bi mu a wͻsεe no pasaa, na wͻbrε kuro no mu atitiriwfoͻ ne adehyeε no ase korakora. Na saa na wͻyε”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنِّي مُرۡسِلَةٌ إِلَيۡهِم بِهَدِيَّةٖ فَنَاظِرَةُۢ بِمَ يَرۡجِعُ ٱلۡمُرۡسَلُونَ
Nokorԑ sԑ mede akyεdeε bԑsoma ama yεde akͻma wͻn na yɛahwε (mmuaε) a asomafoͻ no bεsan de aba “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا جَآءَ سُلَيۡمَٰنَ قَالَ أَتُمِدُّونَنِ بِمَالٖ فَمَآ ءَاتَىٰنِۦَ ٱللَّهُ خَيۡرٞ مِّمَّآ ءَاتَىٰكُمۚ بَلۡ أَنتُم بِهَدِيَّتِكُمۡ تَفۡرَحُونَ
Ɛberε a (asomafoͻ no) baa Solomon hͻ no, ͻkaa sε: “Ahonya deε na mode rema no abu me soͻ? Deε Nyankopͻn de ama me no kyεn deε Ɔde ama mo. Daabi, mona moanigye mo akyεdeε no ho “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱرۡجِعۡ إِلَيۡهِمۡ فَلَنَأۡتِيَنَّهُم بِجُنُودٖ لَّا قِبَلَ لَهُم بِهَا وَلَنُخۡرِجَنَّهُم مِّنۡهَآ أَذِلَّةٗ وَهُمۡ صَٰغِرُونَ
(Solomon ka kyerεε Ɔhemaa no bͻfo panin no sε): “San w'akyi kͻ wͻn hͻ, na yεde dͻm a wͻntumi nyina ano bεba wͻn so, na yɛbɛtu wͻn mu atitiriwfoͻ no afri kuro no mu, na yɛagu wͻn anim ase “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمَلَؤُاْ أَيُّكُمۡ يَأۡتِينِي بِعَرۡشِهَا قَبۡلَ أَن يَأۡتُونِي مُسۡلِمِينَ
(Solomon) kaa sε: ”Mpanimfoͻ, momu hwan na ͻde n’ahennwa no bεbrε me ansa na wͻde ahobraseε aba me hᴐ?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ عِفۡرِيتٞ مِّنَ ٱلۡجِنِّ أَنَا۠ ءَاتِيكَ بِهِۦ قَبۡلَ أَن تَقُومَ مِن مَّقَامِكَۖ وَإِنِّي عَلَيۡهِ لَقَوِيٌّ أَمِينٞ
Jinn no mu ͻhodenfoͻ (Ifriit) kaa sε: “Mede bεbrε wo ansa na wasͻre afri faako a woteε yi. Nokorε sε mewͻ ahoͻden afei medi nokorε wͻ adwuma a εte saa no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ ٱلَّذِي عِندَهُۥ عِلۡمٞ مِّنَ ٱلۡكِتَٰبِ أَنَا۠ ءَاتِيكَ بِهِۦ قَبۡلَ أَن يَرۡتَدَّ إِلَيۡكَ طَرۡفُكَۚ فَلَمَّا رَءَاهُ مُسۡتَقِرًّا عِندَهُۥ قَالَ هَٰذَا مِن فَضۡلِ رَبِّي لِيَبۡلُوَنِيٓ ءَأَشۡكُرُ أَمۡ أَكۡفُرُۖ وَمَن شَكَرَ فَإِنَّمَا يَشۡكُرُ لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن كَفَرَ فَإِنَّ رَبِّي غَنِيّٞ كَرِيمٞ
Nea ͻwͻ Nyamesεm Nwoma no ho nimdeε no kaa sε: “Mede bεbrε wo ntεmso (tesε obi abͻ n’ani ateε). Ԑberε a Solomon hunuu sε (Ɔhemaa no ahennwa) no si n’anim no, ͻkaa sε: “Woi yε adom a efri me Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε Ɔde bεsͻ me ahwε sε mɛyi (No ayε) anaa mɛyi (no) boniayε. Obi a ɔbɛyi (Nyankopͻn) ayε no, oyi ayε dema ͻno ara ne ho, na obia ɔbɛyi boniayε no nso nokorε sε, me Wura Nyankopͻn deε Wanya Ne ho, Ɔne Adom ne Animuonyam Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ نَكِّرُواْ لَهَا عَرۡشَهَا نَنظُرۡ أَتَهۡتَدِيٓ أَمۡ تَكُونُ مِنَ ٱلَّذِينَ لَا يَهۡتَدُونَ
(Solomon) kaa sε: “Monyε nsakraeε wͻ n’ahennwa no ho ma no na yεnhwε sε wanya kwankyerε, anaasε ͻka wͻn a wͻnyaa kwan kyerε no ho.“
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا جَآءَتۡ قِيلَ أَهَٰكَذَا عَرۡشُكِۖ قَالَتۡ كَأَنَّهُۥ هُوَۚ وَأُوتِينَا ٱلۡعِلۡمَ مِن قَبۡلِهَا وَكُنَّا مُسۡلِمِينَ
Ɛberε a ͻbaeε no yεkakyerεε no sε: “Enti w’ahennwa no sei na εteε?” Ɔkaa sε: “Ɛbεka sε εyε noa “.(Solomon kaa sε): Yɛadi kan anya ɛho nimdeε ansa na ͻreba. Na yεdeε yεyε Muslimifoͻ dada”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَصَدَّهَا مَا كَانَت تَّعۡبُدُ مِن دُونِ ٱللَّهِۖ إِنَّهَا كَانَتۡ مِن قَوۡمٖ كَٰفِرِينَ
Deε na (Ɔhemaa Bilqiis) fri Nyankopͻn akyi somoeε no sii no (Nyamesom ho) kwan efrisε na ͻka amanfoͻ boniyεfoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قِيلَ لَهَا ٱدۡخُلِي ٱلصَّرۡحَۖ فَلَمَّا رَأَتۡهُ حَسِبَتۡهُ لُجَّةٗ وَكَشَفَتۡ عَن سَاقَيۡهَاۚ قَالَ إِنَّهُۥ صَرۡحٞ مُّمَرَّدٞ مِّن قَوَارِيرَۗ قَالَتۡ رَبِّ إِنِّي ظَلَمۡتُ نَفۡسِي وَأَسۡلَمۡتُ مَعَ سُلَيۡمَٰنَ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Yεka kyerεε (Ɔhemaa) no sε: “Wura ahemfie kεseε no mu”. Ɛberε a ohunuuiε no n’adwen yεε no sε εyε asu tadeε bi, enti (ͻpagya n’ataadeε) yii ne nan ho. Solomon kaa sε: “Ɛyε ahemfie a yεde nhwehwε na ayε no kokwakokwa“. Ɔhemmaa Bilqiis kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε mayε bͻne atia me ho, na maka Solomon ho abrε me ho ase (sε Muslim) de ama Abͻdeε nyinaa Wura no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَآ إِلَىٰ ثَمُودَ أَخَاهُمۡ صَٰلِحًا أَنِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ فَإِذَا هُمۡ فَرِيقَانِ يَخۡتَصِمُونَ
Nokorε nso sε Yεsomaa Samuudfoͻ nua Soalhu maa no kͻͻ wͻn hͻ sε (ͻnkͻka nkyerε wͻn) sε: “Monsom mo Wura Nyankopͻn“. Na hwε, wͻbεyεε akuo mmienu a wͻreko tia wͻn ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ يَٰقَوۡمِ لِمَ تَسۡتَعۡجِلُونَ بِٱلسَّيِّئَةِ قَبۡلَ ٱلۡحَسَنَةِۖ لَوۡلَا تَسۡتَغۡفِرُونَ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ
(Soalhu) kaa sε: ”Me nkorͻfoͻ, adεn nti na morepere mo ho de bͻne adi papa anim kan? Adεn nti na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε sεdeε ebia yεbɛhu mo mmͻbͻ?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ ٱطَّيَّرۡنَا بِكَ وَبِمَن مَّعَكَۚ قَالَ طَٰٓئِرُكُمۡ عِندَ ٱللَّهِۖ بَلۡ أَنتُمۡ قَوۡمٞ تُفۡتَنُونَ
Wͻkaa sε: “Wo ne wͻn a wͻka wo ho no yε mmusuo ma yεn“. Soalhu kaa sε: ”Mo mmusuo no fri Nyankopͻn hͻ; daabi, moyε nnipa a mowͻ nsͻhwε mu “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكَانَ فِي ٱلۡمَدِينَةِ تِسۡعَةُ رَهۡطٖ يُفۡسِدُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا يُصۡلِحُونَ
Na mmarima nkron bi wͻ kuro no mu a wͻdi nsεmmͻne wͻ asaase no so a wͻnyε ntotoeε pa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ تَقَاسَمُواْ بِٱللَّهِ لَنُبَيِّتَنَّهُۥ وَأَهۡلَهُۥ ثُمَّ لَنَقُولَنَّ لِوَلِيِّهِۦ مَا شَهِدۡنَا مَهۡلِكَ أَهۡلِهِۦ وَإِنَّا لَصَٰدِقُونَ
Wͻnkaa sε: “Monfa Nyankopͻn nni nse nkyerε moho-moho sε, yεbεkͻ akͻto ahyε Soalhu ne n’abusuafoͻ so anadwo, na yɛaka akyerε ne nkorͻfoͻ sε: “Yɛnnim ͻne n’abusuafoͻ wuo no ho hwee, na nokorε na yεreka no“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَكَرُواْ مَكۡرٗا وَمَكَرۡنَا مَكۡرٗا وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
Enti wͻbͻͻ pͻ paa, na Yεn nso Yεbͻͻ pͻ paa wͻ aberε a na wͻnnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ مَكۡرِهِمۡ أَنَّا دَمَّرۡنَٰهُمۡ وَقَوۡمَهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Enti hwε sεdeε wͻn pͻbͻͻ no awieε si wieε! Nokorε, Yεsεee wͻn ne wͻn nkorͻfoͻ no nyinaa pasaa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَتِلۡكَ بُيُوتُهُمۡ خَاوِيَةَۢ بِمَا ظَلَمُوٓاْۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
Sεdeε wͻn afie si yͻeε no-, adane amanfoo, εnam wͻn bͻne nti. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنجَيۡنَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ
Yεgyee wͻn a wͻgye diiε no a na wͻsuro Nyame no nkwa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلُوطًا إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦٓ أَتَأۡتُونَ ٱلۡفَٰحِشَةَ وَأَنتُمۡ تُبۡصِرُونَ
Lut nso, εberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Adεn, morebɔ bra bͻne wͻ aberε a mo ani tua?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَئِنَّكُمۡ لَتَأۡتُونَ ٱلرِّجَالَ شَهۡوَةٗ مِّن دُونِ ٱلنِّسَآءِۚ بَلۡ أَنتُمۡ قَوۡمٞ تَجۡهَلُونَ
Mofri mmaa no akyi de akͻnnͻ kͻ mmarima so? Daabi, moyε amanfoͻ bi a mo adwen awuo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ فَمَا كَانَ جَوَابَ قَوۡمِهِۦٓ إِلَّآ أَن قَالُوٓاْ أَخۡرِجُوٓاْ ءَالَ لُوطٖ مِّن قَرۡيَتِكُمۡۖ إِنَّهُمۡ أُنَاسٞ يَتَطَهَّرُونَ
Nanso mmuaeε a ne nkorͻfoͻ no de maeε ara ne sε, wͻkaa sε: “Montu Lut ne ne nkorͻfoͻ no mfri mo kuro no mu. Nokorε sε wͻyε nnipa a wɔdi wͻn ho ni (anaa wͻrepε akyerε sε wͻn na wͻdi wͻn ho ni).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأَنجَيۡنَٰهُ وَأَهۡلَهُۥٓ إِلَّا ٱمۡرَأَتَهُۥ قَدَّرۡنَٰهَا مِنَ ٱلۡغَٰبِرِينَ
Enti Yεgyee no ne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε neyere. Yεhyehyε maa no sε ͻbεka wͻn a wͻbεka akyire no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَمۡطَرۡنَا عَلَيۡهِم مَّطَرٗاۖ فَسَآءَ مَطَرُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Yεtͻͻ nsuo bi paa guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa de ma amanfoͻ a yɛabͻ wͻn kͻkͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ وَسَلَٰمٌ عَلَىٰ عِبَادِهِ ٱلَّذِينَ ٱصۡطَفَىٰٓۗ ءَآللَّهُ خَيۡرٌ أَمَّا يُشۡرِكُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn, na Asomdwoeε nka Ne nkoa no a Wayi wͻn no. Nyankopͻn na Ͻyε, anaasε deε wͻde bata Ne ho no (na εyε)?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمَّنۡ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَأَنزَلَ لَكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَنۢبَتۡنَا بِهِۦ حَدَآئِقَ ذَاتَ بَهۡجَةٖ مَّا كَانَ لَكُمۡ أَن تُنۢبِتُواْ شَجَرَهَآۗ أَءِلَٰهٞ مَّعَ ٱللَّهِۚ بَلۡ هُمۡ قَوۡمٞ يَعۡدِلُونَ
Anaasε hwan ne Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase, na Osiane nsuo fri soro de ma mo na Yεde ma mfuo yε fεfεεfε? Ɛnyε motumi mu na εma emu nnua no nyini. Enti awurade bi wͻ hͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻyε nnipa a wͻde biribi toto (Nyankopͻn ho).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمَّن جَعَلَ ٱلۡأَرۡضَ قَرَارٗا وَجَعَلَ خِلَٰلَهَآ أَنۡهَٰرٗا وَجَعَلَ لَهَا رَوَٰسِيَ وَجَعَلَ بَيۡنَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ حَاجِزًاۗ أَءِلَٰهٞ مَّعَ ٱللَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Anaasε hwan na wayε asaase so asetena, εna Ɔde nsuo ahyehyε mfimfii, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn, εna Ɔde εhyeε ato ͻpo mmienu (nsupa a εyε dε ne nkyenenkyene nsuo) no ntεm. Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻn mu pii nnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمَّن يُجِيبُ ٱلۡمُضۡطَرَّ إِذَا دَعَاهُ وَيَكۡشِفُ ٱلسُّوٓءَ وَيَجۡعَلُكُمۡ خُلَفَآءَ ٱلۡأَرۡضِۗ أَءِلَٰهٞ مَّعَ ٱللَّهِۚ قَلِيلٗا مَّا تَذَكَّرُونَ
Anaasε hwan na Otie ͻwerεhoni sufrε, sε osu frε Nyankopͻn a, na Oyi ͻhaw no (fri ne soͻ), εna Wayε mo adedifoͻ anaasε anaamusifoͻ wͻ asaase no soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nanso kakraabi na mokaeε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمَّن يَهۡدِيكُمۡ فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِ وَمَن يُرۡسِلُ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦٓۗ أَءِلَٰهٞ مَّعَ ٱللَّهِۚ تَعَٰلَى ٱللَّهُ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Anaasε hwan na Ɔkyerε mo kwan wͻ asaase so, ne ͻpo so sum mu, na hwan na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ no) anim kan? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nyankopͻn yε Kokroko kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمَّن يَبۡدَؤُاْ ٱلۡخَلۡقَ ثُمَّ يُعِيدُهُۥ وَمَن يَرۡزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِۗ أَءِلَٰهٞ مَّعَ ٱللَّهِۚ قُلۡ هَاتُواْ بُرۡهَٰنَكُمۡ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Anaasε hwan na Ɔhyεε abͻdeε aseε, na Ɔsan bͻ bio, anaasε hwan na Ɔbͻ mo akͻnhoma fri soro ne asaase soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Ka sε: ”Monfa mo nyinasoͻ mmra, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُل لَّا يَعۡلَمُ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ ٱلۡغَيۡبَ إِلَّا ٱللَّهُۚ وَمَا يَشۡعُرُونَ أَيَّانَ يُبۡعَثُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Obiara nni soro ne asaase so a onim asumasεm no, gyesε Nyankopͻn; na wͻnim ɛberε korͻ a wͻbεsͻre afri owuo mu “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
بَلِ ٱدَّٰرَكَ عِلۡمُهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِۚ بَلۡ هُمۡ فِي شَكّٖ مِّنۡهَاۖ بَلۡ هُم مِّنۡهَا عَمُونَ
Daabi, wͻnni Daakye no ho nimdeε. Daabi, wͻn adwen nnsi pi wͻ ho. Daabi, wͻn ani afira koraa wͻ ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَءِذَا كُنَّا تُرَٰبٗا وَءَابَآؤُنَآ أَئِنَّا لَمُخۡرَجُونَ
Deε wͻn a wͻnnye nnie no keka ne sε: “Enti sε yεn, ne y’agyanom (wu) dane mfuturo a, ampa sε yεbεsan apue (aba nkwa mu bio)?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لَقَدۡ وُعِدۡنَا هَٰذَا نَحۡنُ وَءَابَآؤُنَا مِن قَبۡلُ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّآ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Ampa sε yεde woi ahyε yεn ne y’agyanom a wͻdii kan no bͻ. Nokorε sε woi deε tetefoͻ no anansesεm “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ سِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَا تَحۡزَنۡ عَلَيۡهِمۡ وَلَا تَكُن فِي ضَيۡقٖ مِّمَّا يَمۡكُرُونَ
Ԑmma wo werε nho wͻ wͻn ho, na εmma w’akoma nha wo fa pͻ a wͻrebͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Deε wͻka ne sε: ”Dabεn na saa bͻhyε yi (bεba), sε moyε nokwafoͻ ampa a “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ عَسَىٰٓ أَن يَكُونَ رَدِفَ لَكُم بَعۡضُ ٱلَّذِي تَسۡتَعۡجِلُونَ
Ka sε: “Ebia deε morepre ho no bi mpo abεn mo “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَشۡكُرُونَ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn adom a εwͻ adasamma soͻ no so paa. Nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻnnyi (Onyankopͻn) ayε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَيَعۡلَمُ مَا تُكِنُّ صُدُورُهُمۡ وَمَا يُعۡلِنُونَ
Nokorε nso sε, wo Wura Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn akoma mu ne deε wͻda no adie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَا مِنۡ غَآئِبَةٖ فِي ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٍ
Biribiara a asuma wͻ ͻsoro ne asaase soͻ no nyinaa wͻ Nwoma pefee no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ يَقُصُّ عَلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ أَكۡثَرَ ٱلَّذِي هُمۡ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Nokorε sε, saa Qur’aan yi kasa fa nneεma pii a Israel mma no nnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِنَّهُۥ لَهُدٗى وَرَحۡمَةٞ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε nso sε, (Qur’aan) yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ de ma agyidiefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ رَبَّكَ يَقۡضِي بَيۡنَهُم بِحُكۡمِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡعَلِيمُ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn de N’atemmuo no bebu wͻn ntεm atεn. Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onimdefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۖ إِنَّكَ عَلَى ٱلۡحَقِّ ٱلۡمُبِينِ
Enti fa wo ho to Nyankopͻn so; nokorε sε, wogyina nokorε pefee no so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّكَ لَا تُسۡمِعُ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَلَا تُسۡمِعُ ٱلصُّمَّ ٱلدُّعَآءَ إِذَا وَلَّوۡاْ مُدۡبِرِينَ
Nokorε sε, wontumi mma owufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma ͻsosifoͻ nnte frε wͻ εberε a wadane ne ho redwane kͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَآ أَنتَ بِهَٰدِي ٱلۡعُمۡيِ عَن ضَلَٰلَتِهِمۡۖ إِن تُسۡمِعُ إِلَّا مَن يُؤۡمِنُ بِـَٔايَٰتِنَا فَهُم مُّسۡلِمُونَ
Wontumi nso nkyerε anifirafoͻ kwan mfri wͻn yeraa mu. Nea wobetumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn Nsεm no die, na wͻyε Muslimifoͻ, (brε wͻn ho ase de ma Nyame).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَإِذَا وَقَعَ ٱلۡقَوۡلُ عَلَيۡهِمۡ أَخۡرَجۡنَا لَهُمۡ دَآبَّةٗ مِّنَ ٱلۡأَرۡضِ تُكَلِّمُهُمۡ أَنَّ ٱلنَّاسَ كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا لَا يُوقِنُونَ
Sε asεm no berε no so tia wͻn a, Yεbɛyi Aboa afri asaase mu ama ͻne wͻn abεkasa, efrisε adasamma nnye Yεn Nsεm no nni.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَوۡمَ نَحۡشُرُ مِن كُلِّ أُمَّةٖ فَوۡجٗا مِّمَّن يُكَذِّبُ بِـَٔايَٰتِنَا فَهُمۡ يُوزَعُونَ
Ɛda a Yεbεboa ͻman biara mu fekuo no a wͻannye Yεn Nsεm no annie no ano no, yεbεhyehyε wͻn akuo akuo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُو قَالَ أَكَذَّبۡتُم بِـَٔايَٰتِي وَلَمۡ تُحِيطُواْ بِهَا عِلۡمًا أَمَّاذَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Kͻpem sε, wͻbεba (aseni bea hͻ); Nyankopͻn bεka sε: ”Enti moanye Me nsεm no anni wͻ aberε a monni ho nimdeε? Enti dwuma bεn na modii no (wͻ wiase)?”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَوَقَعَ ٱلۡقَوۡلُ عَلَيۡهِم بِمَا ظَلَمُواْ فَهُمۡ لَا يَنطِقُونَ
Asεm no bεtͻ wͻn so, εnam wͻn bͻne a wͻdiiε ho nti, enti wͻnkasa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا جَعَلۡنَا ٱلَّيۡلَ لِيَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Enti wͻnhunuu sε Yɛayε anadwo ama wͻn a wͻde gye wͻn ahome, εna adekyeε nso wͻde hunu adeε (de hwehwε akͻnhoma)? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma amanfoͻ a wͻgye die.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِ فَفَزِعَ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا مَن شَآءَ ٱللَّهُۚ وَكُلٌّ أَتَوۡهُ دَٰخِرِينَ
Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, ehuu kεseε paa bεbͻ wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so nyinaa, gyesε obia Nyankopͻn pε. Na obiara bεba Ne hͻ wͻ ahobraseε mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَتَرَى ٱلۡجِبَالَ تَحۡسَبُهَا جَامِدَةٗ وَهِيَ تَمُرُّ مَرَّ ٱلسَّحَابِۚ صُنۡعَ ٱللَّهِ ٱلَّذِيٓ أَتۡقَنَ كُلَّ شَيۡءٍۚ إِنَّهُۥ خَبِيرُۢ بِمَا تَفۡعَلُونَ
Na mmepͻ no a wohunu na w’adwen yε wo sε esisi hͻ pintinn a εnkeka ne ho no, εbetwa mu sεdeε mununkum si twa mu no. Saa ara na Nyankopͻn a Wabͻ biribiara yie no nsa ano adwuma teε. Nokorε sε Ɔne dwuma a modie no {nyinaa} ho Amane bͻfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَن جَآءَ بِٱلۡحَسَنَةِ فَلَهُۥ خَيۡرٞ مِّنۡهَا وَهُم مِّن فَزَعٖ يَوۡمَئِذٍ ءَامِنُونَ
Obi a ͻde papa bi bεba no ͻwͻ ho nhyira a εkyεn saa, na wͻn na saa Da no hubͻ no mu no wͻbɛnya ahotᴐ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَن جَآءَ بِٱلسَّيِّئَةِ فَكُبَّتۡ وُجُوهُهُمۡ فِي ٱلنَّارِ هَلۡ تُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Na obi a ͻde bͻne bεba no, wͻn anim so na yεbεto wͻn atwene wͻ Ogya no mu. Enti εnyε dwuma a modiiε no so na yεbɛtua mo so ka?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّمَآ أُمِرۡتُ أَنۡ أَعۡبُدَ رَبَّ هَٰذِهِ ٱلۡبَلۡدَةِ ٱلَّذِي حَرَّمَهَا وَلَهُۥ كُلُّ شَيۡءٖۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Medeε deε yɛahyε me ne sε mensom saa Kuro (Maka) yi Wura Nyankopͻn no a Wayε (kuro yi) kronkron na biribiara yε Ne dea no. Yɛahyε me nso sε menka Muslimifoͻ no ho,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنۡ أَتۡلُوَاْ ٱلۡقُرۡءَانَۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَإِنَّمَا يَهۡتَدِي لِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَقُلۡ إِنَّمَآ أَنَا۠ مِنَ ٱلۡمُنذِرِينَ
Na menkenkan Qur’aan. Enti obi a ͻbεtenee no, ͻtene ma ͻno ara ne ho; na obi a ͻbεyera no nso, ka sε: “Medeε meka kͻkͻbͻfoͻ no ho“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقُلِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ سَيُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ فَتَعۡرِفُونَهَاۚ وَمَا رَبُّكَ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔbεkyerε mo Ne nsεnkyerεnee ama mo ahunu. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu N’ani nguu dwuma a modie no so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሱረቱ አን ነምል
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - አሻንቲኛ ትርጉም - የትርጉሞች ማዉጫ

የተከበረው ቁርአን አሻንቲኛ መልዕክተ ትርጉም - በሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት