Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኣሊ-ኢምራን   አንቀጽ:
إِنَّ هَٰذَا لَهُوَ ٱلۡقَصَصُ ٱلۡحَقُّۚ وَمَا مِنۡ إِلَٰهٍ إِلَّا ٱللَّهُۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Ampa sε, woi ne abakͻsεm no mu nokorε (fa Yesu ho); Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho. Nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِٱلۡمُفۡسِدِينَ
Sε wͻ’dane wͻn ho a, nokorε sε Nyankopͻn Nim nsεmmͻnedifoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ تَعَالَوۡاْ إِلَىٰ كَلِمَةٖ سَوَآءِۭ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمۡ أَلَّا نَعۡبُدَ إِلَّا ٱللَّهَ وَلَا نُشۡرِكَ بِهِۦ شَيۡـٔٗا وَلَا يَتَّخِذَ بَعۡضُنَا بَعۡضًا أَرۡبَابٗا مِّن دُونِ ٱللَّهِۚ فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَقُولُواْ ٱشۡهَدُواْ بِأَنَّا مُسۡلِمُونَ
Ka sε: Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, momra (ma yenyina) asεm baako pε a εda yεn ne mo ntεm no so: (Ɛnesε), εmma y’εnnsom (obiara) gyesε Nyankopͻn nko ara, na εmma yεnnnfa biribiara nso mmata Neho, na εmma yennnfiri Nyankopͻn akyi mmfa yεn ho-yεn-ho nnyε awuranom (nnsom wͻn). Na sε wͻ’dane wͻn akyi dema (Nokorε no) a, εneε monka nkyerε wͻn sε: “Moni ho adanseε sε, yε’deε yε’yε Muslimifoͻ”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ لِمَ تُحَآجُّونَ فِيٓ إِبۡرَٰهِيمَ وَمَآ أُنزِلَتِ ٱلتَّوۡرَىٰةُ وَٱلۡإِنجِيلُ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِهِۦٓۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, adεn nti na mogye Abraham ho nkyinnyeε wͻ aberε a n’akyi ansa na yεresiane Tora ne Injeel? Adεn, monni nteaseε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هَٰٓأَنتُمۡ هَٰٓؤُلَآءِ حَٰجَجۡتُمۡ فِيمَا لَكُم بِهِۦ عِلۡمٞ فَلِمَ تُحَآجُّونَ فِيمَا لَيۡسَ لَكُم بِهِۦ عِلۡمٞۚ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ
Hwε, mo na mogye adeε a mowͻ ho nimdeε ho akyinnyeε; adεn na mogye adeε a monni ho nimdeε ho akyinnyeε? Nyankopͻn na Onim na modeε monnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَا كَانَ إِبۡرَٰهِيمُ يَهُودِيّٗا وَلَا نَصۡرَانِيّٗا وَلَٰكِن كَانَ حَنِيفٗا مُّسۡلِمٗا وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Na Abraham nyε Yudani anaa Kristoni, na mmom na ͻyε Muslimini a ͻtenee; na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ أَوۡلَى ٱلنَّاسِ بِإِبۡرَٰهِيمَ لَلَّذِينَ ٱتَّبَعُوهُ وَهَٰذَا ٱلنَّبِيُّ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۗ وَٱللَّهُ وَلِيُّ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε onipa paa a ͻbεn Abraham deε, ͻne wͻn a wͻ’di Abraham ne saa Nkͻmhyεni yi (Muhammad), ne wͻn a wͻ’agye adie no akyi. Onyankopͻn ne agyidiefoͻ no Kyitafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَدَّت طَّآئِفَةٞ مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ لَوۡ يُضِلُّونَكُمۡ وَمَا يُضِلُّونَ إِلَّآ أَنفُسَهُمۡ وَمَا يَشۡعُرُونَ
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no mu fekuo bi wͻ hͻ a wͻ’pε sε anka wͻ’yera mo, nanso wͻ’nnyera obiara na mmom (wͻ’yera) wͻn ara wͻn ho, nanso wͻ’nnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ لِمَ تَكۡفُرُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَأَنتُمۡ تَشۡهَدُونَ
Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, adεn nti na mopo Nyankopͻn nsεm no aberε nso a mo na modi ho adanseε?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ኣሊ-ኢምራን
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት