Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሷድ   አንቀጽ:
ٱصۡبِرۡ عَلَىٰ مَا يَقُولُونَ وَٱذۡكُرۡ عَبۡدَنَا دَاوُۥدَ ذَا ٱلۡأَيۡدِۖ إِنَّهُۥٓ أَوَّابٌ
(Nkͻmhyεni), si aboterε wͻ deε wͻrekeka no ho, na kae Y’akoa Dawud a na ͻwͻ tumi no. Nokorε sε ͻdanee ne ho (nyinaa) de maa (Me).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّا سَخَّرۡنَا ٱلۡجِبَالَ مَعَهُۥ يُسَبِّحۡنَ بِٱلۡعَشِيِّ وَٱلۡإِشۡرَاقِ
Nokorε sε, Yεbrεε mmepͻ ase kaa ne ho maa wͻtontom (Me) anwummerε ne anͻpa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلطَّيۡرَ مَحۡشُورَةٗۖ كُلّٞ لَّهُۥٓ أَوَّابٞ
Nnomaa nso boa wͻn ho ano (ne no tontom Me). Obiara yεε sotie maa no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَشَدَدۡنَا مُلۡكَهُۥ وَءَاتَيۡنَٰهُ ٱلۡحِكۡمَةَ وَفَصۡلَ ٱلۡخِطَابِ
Yεhyεε n’ahennie no den, na Yεmaa no adwen ne kasa nkyerεkyerεmu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَهَلۡ أَتَىٰكَ نَبَؤُاْ ٱلۡخَصۡمِ إِذۡ تَسَوَّرُواْ ٱلۡمِحۡرَابَ
(Nkͻmhyεni), wate mansotwefoͻ no asεm no? Ɛberε a wͻforo fasuo no baa (Dawud) pie mu hͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ دَخَلُواْ عَلَىٰ دَاوُۥدَ فَفَزِعَ مِنۡهُمۡۖ قَالُواْ لَا تَخَفۡۖ خَصۡمَانِ بَغَىٰ بَعۡضُنَا عَلَىٰ بَعۡضٖ فَٱحۡكُم بَيۡنَنَا بِٱلۡحَقِّ وَلَا تُشۡطِطۡ وَٱهۡدِنَآ إِلَىٰ سَوَآءِ ٱلصِّرَٰطِ
Ɛberε a wͻbɛpuee Dawud soͻ no ͻbͻͻ hu wͻ wͻn ho. Wͻkaa sε: “Ensuro, (yεyε) mansotwefoͻ mmienu a ͻbaako resisi ͻbaako. Enti fa nokorε bu yεn ntεm atεn, na emmu ntεnkyea, na kyerε yεn kwan pa no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ هَٰذَآ أَخِي لَهُۥ تِسۡعٞ وَتِسۡعُونَ نَعۡجَةٗ وَلِيَ نَعۡجَةٞ وَٰحِدَةٞ فَقَالَ أَكۡفِلۡنِيهَا وَعَزَّنِي فِي ٱلۡخِطَابِ
Nokorε sε me nua woi, ͻwͻ nnwan bedeε aduͻkron-nkoron, εna menso me wͻ odwan bedeε baako. Ͻse menfa (medeε baako no nso) mma no, na n’ano yε den wͻ kasa mu kyεn me”.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ لَقَدۡ ظَلَمَكَ بِسُؤَالِ نَعۡجَتِكَ إِلَىٰ نِعَاجِهِۦۖ وَإِنَّ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلۡخُلَطَآءِ لَيَبۡغِي بَعۡضُهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٍ إِلَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَقَلِيلٞ مَّا هُمۡۗ وَظَنَّ دَاوُۥدُ أَنَّمَا فَتَنَّٰهُ فَٱسۡتَغۡفَرَ رَبَّهُۥ وَخَرَّۤ رَاكِعٗاۤ وَأَنَابَ۩
(Dawud) kaa sε: “Wayε wo bͻne sε obisaa wo dwan bedeε sε wonfa (nka) ne nnwan bedeε ho. Nokorε sε wͻn a wͻka wͻn ho bom (yε adwuma no mu) pii taa sisi wͻn ho-wͻn ho, gyesε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, na (saa nnipa no mpo) wͻyε kakraabi. Dawud hunuu sε Yɛasͻ no ahwε, enti ͻsrεε ne Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na ͻde ne ho kͻͻ fͻm de n’anim butuu fͻm, na ͻdanee ne ho maa (Nyankopͻn).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَغَفَرۡنَا لَهُۥ ذَٰلِكَۖ وَإِنَّ لَهُۥ عِندَنَا لَزُلۡفَىٰ وَحُسۡنَ مَـَٔابٖ
Enti Yεde kyεε no, na Yεn hͻ no (Dawud) bεn, na (ͻwͻ) nkyi pa (Daakye).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰدَاوُۥدُ إِنَّا جَعَلۡنَٰكَ خَلِيفَةٗ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَٱحۡكُم بَيۡنَ ٱلنَّاسِ بِٱلۡحَقِّ وَلَا تَتَّبِعِ ٱلۡهَوَىٰ فَيُضِلَّكَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَضِلُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدُۢ بِمَا نَسُواْ يَوۡمَ ٱلۡحِسَابِ
Dawud, nokorε sε Yɛayε wo Ananmusini wͻ asaase so. Enti fa nokorε no bu nnipa ntεm atεn, na enni apεdeε akyi, anyε saa a εbεyera wo afiri Nyankopͻn kwan no so. Nokorε sε wͻn a wͻayera afiri Nyankopͻn kwan soͻ no wͻ asotwee a emu yε den εnam awerεfire a wͻn werε firii Akontabuo da no nti.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሷድ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት