Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ኒሳዕ   አንቀጽ:
لِّلرِّجَالِ نَصِيبٞ مِّمَّا تَرَكَ ٱلۡوَٰلِدَانِ وَٱلۡأَقۡرَبُونَ وَلِلنِّسَآءِ نَصِيبٞ مِّمَّا تَرَكَ ٱلۡوَٰلِدَانِ وَٱلۡأَقۡرَبُونَ مِمَّا قَلَّ مِنۡهُ أَوۡ كَثُرَۚ نَصِيبٗا مَّفۡرُوضٗا
Mmarima wͻ deε awofoͻ ne abusuafoͻ (awu) agya no mu kyεfa. Mmaa nso wͻ deε awofoͻ ne abusuafoͻ (awu) agya no mu kyεfa, sε (adeε a wͻn wugyaeε no) esua anaasε εdͻͻso. (wͻn wͻ) kyεfa a (Nyankopͻn) ahyehyε {ama wͻn}.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذَا حَضَرَ ٱلۡقِسۡمَةَ أُوْلُواْ ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينُ فَٱرۡزُقُوهُم مِّنۡهُ وَقُولُواْ لَهُمۡ قَوۡلٗا مَّعۡرُوفٗا
Sε abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ba faako a yεrekyε agyapadeε no a monkyε wͻn bi, na monka kasapa (a abodweε wͻ mu) nkyerε wͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلۡيَخۡشَ ٱلَّذِينَ لَوۡ تَرَكُواْ مِنۡ خَلۡفِهِمۡ ذُرِّيَّةٗ ضِعَٰفًا خَافُواْ عَلَيۡهِمۡ فَلۡيَتَّقُواْ ٱللَّهَ وَلۡيَقُولُواْ قَوۡلٗا سَدِيدًا
Wͻn a anka (wͻn na wͻ’rewu) agya (wͻn) mma nketewa wᴐ wᴐn akyi a anka wͻn yεm bεhyehye wͻn wͻ wͻn ho no, wͻ’ma wͻn yεm nhyehye wͻn nso (ma obi nyanka nso), na wͻ’nsuro Nyankopͻn, na wͻ’nka asεm a εtene (ma obi nyanka no).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَأۡكُلُونَ أَمۡوَٰلَ ٱلۡيَتَٰمَىٰ ظُلۡمًا إِنَّمَا يَأۡكُلُونَ فِي بُطُونِهِمۡ نَارٗاۖ وَسَيَصۡلَوۡنَ سَعِيرٗا
Nokorε sε, wͻn a wͻ’nam kwan bͻne so di nyanka sika (anaa agyapadeε) no, ogya mmom na wͻ’di gu wͻn yafunu mu. Yεbεhye wͻn wͻ Ogyatanaa no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يُوصِيكُمُ ٱللَّهُ فِيٓ أَوۡلَٰدِكُمۡۖ لِلذَّكَرِ مِثۡلُ حَظِّ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۚ فَإِن كُنَّ نِسَآءٗ فَوۡقَ ٱثۡنَتَيۡنِ فَلَهُنَّ ثُلُثَا مَا تَرَكَۖ وَإِن كَانَتۡ وَٰحِدَةٗ فَلَهَا ٱلنِّصۡفُۚ وَلِأَبَوَيۡهِ لِكُلِّ وَٰحِدٖ مِّنۡهُمَا ٱلسُّدُسُ مِمَّا تَرَكَ إِن كَانَ لَهُۥ وَلَدٞۚ فَإِن لَّمۡ يَكُن لَّهُۥ وَلَدٞ وَوَرِثَهُۥٓ أَبَوَاهُ فَلِأُمِّهِ ٱلثُّلُثُۚ فَإِن كَانَ لَهُۥٓ إِخۡوَةٞ فَلِأُمِّهِ ٱلسُّدُسُۚ مِنۢ بَعۡدِ وَصِيَّةٖ يُوصِي بِهَآ أَوۡ دَيۡنٍۗ ءَابَآؤُكُمۡ وَأَبۡنَآؤُكُمۡ لَا تَدۡرُونَ أَيُّهُمۡ أَقۡرَبُ لَكُمۡ نَفۡعٗاۚ فَرِيضَةٗ مِّنَ ٱللَّهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Nyankopͻn retu mofo fa mo mma ho: Ɔbarima (baako) kyεfa (wͻ awugyadeε mu) tesε mmaa mmienu kyεfa. Sε mmaa no boro mmienu a, wͻn kyεfa yε nkyεmu mmiεnsa mu mmienu wͻ deε (owufoͻ no awu) agya no mu. Nasε ͻbaa no yε baako pε a, εneε ͻbenya (emu) fa. Sε (owufoͻ no) wͻ ba a, n’awofoͻ no mu biara kyεfa wͻ deε (owufoͻ no awu agya no mu) yε nkyεmu nsia mu baako. Nasε onni ba εna n’awofoͻ na εredi n’adeε a, εneε ͻmaame kyεfa yε nkyεmu mmiεnsa mu baako. Sε (owufoͻ) no wͻ nuanom a, εneε ͻmaame kyεfa yε nkyεmu nsia mu baako, wͻ akyire yi a yayi nsamanseε a ͻyͻeε afiri mu, anaasε yatua εka biara awie. Moawofoͻ ne mo mma, monnim nea neho mfasoͻ bεn mo paa. (Woi yε) ahyεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አን-ኒሳዕ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት