የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - አሻንቲኛ ትርጉም * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሱረቱ ጋፊር   አንቀጽ:

Gaafir

حمٓ
Haa Miim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ مِنَ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ
Nwoma yi mu Adiyisεm no firi Onyankopͻn Tumfoͻ Nimdefoͻ no hͻ,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
غَافِرِ ٱلذَّنۢبِ وَقَابِلِ ٱلتَّوۡبِ شَدِيدِ ٱلۡعِقَابِ ذِي ٱلطَّوۡلِۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ إِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ
(Otumfoͻ) Bͻnefakyε Hene no, (Otumfoͻ a) Ɔtie Adwensakra, (Otumfoͻ a) N’asotwee ano yε den, (Otumfoͻ a) Ɔwͻ Adom ma no borosoͻ. Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Nehͻ na (biribiara) bεsan akͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَا يُجَٰدِلُ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ إِلَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَلَا يَغۡرُرۡكَ تَقَلُّبُهُمۡ فِي ٱلۡبِلَٰدِ
Obiara nnye Onyankopͻn Nsεm no ho akyinnye gyesε wͻn a wͻyi boniayε no, enti (Nkͻmhyεni) εmma wͻn akͻneaba (anaa tumi) a wͻdi no wͻ asaase soͻ no nnaadaa wo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
كَذَّبَتۡ قَبۡلَهُمۡ قَوۡمُ نُوحٖ وَٱلۡأَحۡزَابُ مِنۢ بَعۡدِهِمۡۖ وَهَمَّتۡ كُلُّ أُمَّةِۭ بِرَسُولِهِمۡ لِيَأۡخُذُوهُۖ وَجَٰدَلُواْ بِٱلۡبَٰطِلِ لِيُدۡحِضُواْ بِهِ ٱلۡحَقَّ فَأَخَذۡتُهُمۡۖ فَكَيۡفَ كَانَ عِقَابِ
Noa nkorͻfoͻ a wͻdii (Quraishfoͻ) anim kan, ne mmusua-kuo a wͻbaa (Noa) nom akyire no faa (wͻn asomafoͻ nsεm no) atorͻsεm. Amanfoͻ no mu biara bͻͻ wͻn somafoͻ no ho pͻ sεdeε wͻbεsͻ ne mu; wͻde nkontompo gyee akyinnye sεdeε wͻde bɛgu nokorε no. Enti Yεsͻͻ wͻn mu. Sεdeε M’awerεtͻ (huu) siteε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكَذَٰلِكَ حَقَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ عَلَى ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَنَّهُمۡ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ
Saa ara na wo Wura Nyankopͻn asεm no yεε nokorε tiaa wͻn a wͻyii boniayε no, nokorε sԑ wͻyε amanehunu gya no mu nnipa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ يَحۡمِلُونَ ٱلۡعَرۡشَ وَمَنۡ حَوۡلَهُۥ يُسَبِّحُونَ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَيُؤۡمِنُونَ بِهِۦ وَيَسۡتَغۡفِرُونَ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْۖ رَبَّنَا وَسِعۡتَ كُلَّ شَيۡءٖ رَّحۡمَةٗ وَعِلۡمٗا فَٱغۡفِرۡ لِلَّذِينَ تَابُواْ وَٱتَّبَعُواْ سَبِيلَكَ وَقِهِمۡ عَذَابَ ٱلۡجَحِيمِ
(Abᴐfoᴐ) a wͻso Tumi Ahennwa no, ne wͻn a wͻwͻ ho no de wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Nenkamfoͻ yi no ayε, na wͻgye no di; na wͻsrε bͻnefakyε ma wͻn a wͻagye adie no, sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn a W’ahummͻborͻ ne Wo nimdeε duru biribiara soͻ, fa wͻn a wͻsakra wͻn adwen na wͻnam Wo kwan no soͻ no bͻne kyε wͻn, na bͻ wͻn ho ban firi gya frama asotwee no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
رَبَّنَا وَأَدۡخِلۡهُمۡ جَنَّٰتِ عَدۡنٍ ٱلَّتِي وَعَدتَّهُمۡ وَمَن صَلَحَ مِنۡ ءَابَآئِهِمۡ وَأَزۡوَٰجِهِمۡ وَذُرِّيَّٰتِهِمۡۚ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Yɛn Wura Nyankopͻn, ma wͻn ne wͻn agyanom mu wͻn a wͻyεε papa no, ne wͻn yerenom, ne wͻn asefoͻ nwura daadaa Aheman a Wahyε wͻn ho bͻ no mu. Nokorε sε Wo ne Otumfoͻ no a Wotumi ade nyinaa yԑ, Onyansafoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقِهِمُ ٱلسَّيِّـَٔاتِۚ وَمَن تَقِ ٱلسَّيِّـَٔاتِ يَوۡمَئِذٖ فَقَدۡ رَحِمۡتَهُۥۚ وَذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
Na bͻ wͻn ho ban firi bͻne (biara) ho, na obia Wobεbͻ neho ban afiri bͻne ho wͻ saa Da no deε, nokorε sε na Wahu no mmͻbͻ. Na εno nso ne nkonimdie kεseε no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يُنَادَوۡنَ لَمَقۡتُ ٱللَّهِ أَكۡبَرُ مِن مَّقۡتِكُمۡ أَنفُسَكُمۡ إِذۡ تُدۡعَوۡنَ إِلَى ٱلۡإِيمَٰنِ فَتَكۡفُرُونَ
Nokorε sε (soro abͻfoͻ) bεfrε wͻn a wͻyii boniayε no (aka akyerε wͻn sε): “Ɛberε a na yεrefrε mo akͻ gyidie mu na moampε no, na Onyankopͻn abufuo kyεn moabufuo a mobo afu moho no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ رَبَّنَآ أَمَتَّنَا ٱثۡنَتَيۡنِ وَأَحۡيَيۡتَنَا ٱثۡنَتَيۡنِ فَٱعۡتَرَفۡنَا بِذُنُوبِنَا فَهَلۡ إِلَىٰ خُرُوجٖ مِّن سَبِيلٖ
Wͻbεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, Wama yɛawu awu prenu, εna Wama yɛaba nkwa mu nso mprenu. Afei yɛaka yεn bͻne, enti εkwan bi wͻ hͻ a yεde bepue (afiri saa amanehunu yi mu)?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ذَٰلِكُم بِأَنَّهُۥٓ إِذَا دُعِيَ ٱللَّهُ وَحۡدَهُۥ كَفَرۡتُمۡ وَإِن يُشۡرَكۡ بِهِۦ تُؤۡمِنُواْۚ فَٱلۡحُكۡمُ لِلَّهِ ٱلۡعَلِيِّ ٱلۡكَبِيرِ
(Mo asotwee no ase) ne sε: Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a monnye nni, nasε yεde biribi bata Neho a, εno deε mogye di. Enti atemmuo no deε εwͻ Nyankopͻn Kokroko, Ͻkεseε no (nko ara).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُوَ ٱلَّذِي يُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ وَيُنَزِّلُ لَكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ رِزۡقٗاۚ وَمَا يَتَذَكَّرُ إِلَّا مَن يُنِيبُ
Ɔno na Ɔda Nensεnkyerεnee no adi dekyerε mo, εna Osane akͻnhoma firi soro ma mo. Obi a ͻdwen (saa nsεnkyerεnee yi ho na) ͻdetu neho foͻ ne obi a ͻdane ne ho kͻ (Nyankopͻn hͻ).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱدۡعُواْ ٱللَّهَ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡكَٰفِرُونَ
Enti monsu mfrε Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, mfa moho nyinaa ma no, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
رَفِيعُ ٱلدَّرَجَٰتِ ذُو ٱلۡعَرۡشِ يُلۡقِي ٱلرُّوحَ مِنۡ أَمۡرِهِۦ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦ لِيُنذِرَ يَوۡمَ ٱلتَّلَاقِ
Ɔkorͻn wͻ gyina berε, abodin ne suban biara mu, (Otumfoͻ) a Tumi Ahennwa no yε Nedea. Ɔma Honhom no (anaasε Adiyisεm no) ba N’akoa a Ɔpε so wͻ Netumi mu, sεdeε ͻbεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ fa Nhyiamu Da no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ هُم بَٰرِزُونَۖ لَا يَخۡفَىٰ عَلَى ٱللَّهِ مِنۡهُمۡ شَيۡءٞۚ لِّمَنِ ٱلۡمُلۡكُ ٱلۡيَوۡمَۖ لِلَّهِ ٱلۡوَٰحِدِ ٱلۡقَهَّارِ
Ɛda no a wͻbɛpuepue (afiri adaka-mena mu) no, deε εfa wͻn ho no mu biara nni hͻ a ɛsuma Nyankopͻn. Saa Da no tumi ne ahennie no yε hwan dea? Ɛwͻ Nyankopͻn Baako no, Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَىٰ كُلُّ نَفۡسِۭ بِمَا كَسَبَتۡۚ لَا ظُلۡمَ ٱلۡيَوۡمَۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَرِيعُ ٱلۡحِسَابِ
Saa Da no yεbɛtua deε ͻkra biara nyaeε so ka (pεpεɛpε). Asisie biara nnihͻ wͻ saa Da no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Neho yε hare paa wͻ akontabuo no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنذِرۡهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡأٓزِفَةِ إِذِ ٱلۡقُلُوبُ لَدَى ٱلۡحَنَاجِرِ كَٰظِمِينَۚ مَا لِلظَّٰلِمِينَ مِنۡ حَمِيمٖ وَلَا شَفِيعٖ يُطَاعُ
Bͻ wͻn kͻkͻ fa Ɛda a εrebεn no ho; εberε a akoma a awerԑhoᴐ ahyԑ no ma bεba abɛduru onipa mene mu ama ahini wͻn. Abͻneεfoͻ no nnya yͻnkoͻ anaa otwitwagyefoͻ a ͻbɛtie (wͻn asεm no bi ama wͻn).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَعۡلَمُ خَآئِنَةَ ٱلۡأَعۡيُنِ وَمَا تُخۡفِي ٱلصُّدُورُ
Nyankopͻn Nim hwammͻ a (onipa) ani die, ne deε (onipa) akoma desie (nyinaa).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱللَّهُ يَقۡضِي بِٱلۡحَقِّۖ وَٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ لَا يَقۡضُونَ بِشَيۡءٍۗ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ
Nyankopͻn na Ɔde nokorε bu atεn, aberε a wͻn (anyame) a wͻfiri N’akyi sufrε wͻn no ntumi mmu atεn biara. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔno na Ɔhu biribiara.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ أَوَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ كَانُواْ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَانُواْ هُمۡ أَشَدَّ مِنۡهُمۡ قُوَّةٗ وَءَاثَارٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ فَأَخَذَهُمُ ٱللَّهُ بِذُنُوبِهِمۡ وَمَا كَانَ لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِن وَاقٖ
Anaasε wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wiener ε? Na wͻn ho yε den kyεn (Quraishfoͻ) yi (wͻ tumi ne ahoͻden ne nkwa tenten mu), wͻyεε nsεnkyerεnee (sisii aban tenten) wͻ asaase no so. Nanso Nyankopͻn de wͻn bͻne sͻͻ wͻn mu. Wͻannya obiara amma wammͻ wͻn ho ban wͻ Nyankopͻn nsam.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَانَت تَّأۡتِيهِمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَكَفَرُواْ فَأَخَذَهُمُ ٱللَّهُۚ إِنَّهُۥ قَوِيّٞ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
(Wͻn asotwee no ase ne sε): Wͻn Asomafoͻ no de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso wᴐpoe. Enti Nyankopͻn sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ, N’awerԑtᴐ nso ano yε den papaapa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا مُوسَىٰ بِـَٔايَٰتِنَا وَسُلۡطَٰنٖ مُّبِينٍ
Ampa nso sε: “Yεde Yεn nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose –
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَهَٰمَٰنَ وَقَٰرُونَ فَقَالُواْ سَٰحِرٞ كَذَّابٞ
Maa no kͻͻ Farao ne Haamaan ne Qaarun (Kora) hͻ. Nanso asεm a wͻkaeε nesε: “Nkonyaayini, Nkontomponi “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا جَآءَهُم بِٱلۡحَقِّ مِنۡ عِندِنَا قَالُواْ ٱقۡتُلُوٓاْ أَبۡنَآءَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥ وَٱسۡتَحۡيُواْ نِسَآءَهُمۡۚ وَمَا كَيۡدُ ٱلۡكَٰفِرِينَ إِلَّا فِي ضَلَٰلٖ
Ɛberε a ͻde Nokorε no a ɛfiri Yεn nkyεn brεε wͻn no wͻkaa sε: “Monkunkum wͻn a wͻagye adie aka neho no mma mmarima, na moma wͻn mmaa no ntena ase.” Nanso boniayεfoͻ no pͻ a wɔbͻ deε εyε kwa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ ذَرُونِيٓ أَقۡتُلۡ مُوسَىٰ وَلۡيَدۡعُ رَبَّهُۥٓۖ إِنِّيٓ أَخَافُ أَن يُبَدِّلَ دِينَكُمۡ أَوۡ أَن يُظۡهِرَ فِي ٱلۡأَرۡضِ ٱلۡفَسَادَ
Farao kaa sε: “Monnyae me ma menkum Mose na ͻnfrε ne Wura no (ma no mεgye no), efirisε mesuro sε anhwε a na wabεsesa mosom no, anaasε ɔbɛyi nsεmmͻne adi wͻ asaase no so“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ مُوسَىٰٓ إِنِّي عُذۡتُ بِرَبِّي وَرَبِّكُم مِّن كُلِّ مُتَكَبِّرٖ لَّا يُؤۡمِنُ بِيَوۡمِ ٱلۡحِسَابِ
Mose kaa sε: “Nokorε sε mehwehwε ntwitwagyeε wͻ me Wura Nyankopͻn ne wo Wura Nyankopͻn no hͻ afiri onipa biara a ͻyε ahomasoͻ na ͻnnye Akontabuo Da no nnie no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ رَجُلٞ مُّؤۡمِنٞ مِّنۡ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ يَكۡتُمُ إِيمَٰنَهُۥٓ أَتَقۡتُلُونَ رَجُلًا أَن يَقُولَ رَبِّيَ ٱللَّهُ وَقَدۡ جَآءَكُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ مِن رَّبِّكُمۡۖ وَإِن يَكُ كَٰذِبٗا فَعَلَيۡهِ كَذِبُهُۥۖ وَإِن يَكُ صَادِقٗا يُصِبۡكُم بَعۡضُ ٱلَّذِي يَعِدُكُمۡۖ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي مَنۡ هُوَ مُسۡرِفٞ كَذَّابٞ
Ɔbarima gyidieni bi a ɔfiri Farao nkorͻfoͻ no mu a ͻde ne gyidie no asuma kaa sε: “Mobɛkum onipa sε waka sε: “Me Wura ne Nyankopͻn nti, na ampa nso sε ͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo?” Sε ͻyԑ nkontomponi a, ne nkontompo no da ͻno ara neso, nasε ͻyε nokwafoͻ nso a, deε ͻrebͻ mo ho kͻkͻ no ho (asotwee) bi bεka mo. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ɔnkyerε obi a ͻyε nsεmͻnedifoͻ, nkontomponi no kwan.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰقَوۡمِ لَكُمُ ٱلۡمُلۡكُ ٱلۡيَوۡمَ ظَٰهِرِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَمَن يَنصُرُنَا مِنۢ بَأۡسِ ٱللَّهِ إِن جَآءَنَاۚ قَالَ فِرۡعَوۡنُ مَآ أُرِيكُمۡ إِلَّا مَآ أَرَىٰ وَمَآ أَهۡدِيكُمۡ إِلَّا سَبِيلَ ٱلرَّشَادِ
Menkorͻfoͻ, εnnε deε ahennie no wͻ mo, mona modi asaase no soͻ. Enti sε Onyankopͻn asotwee no ba yεn so a hwan na ͻbεboa yεn? Farao kaa sε: “Deε mehunu (sε εyε no) na merekyerε mo, na ͻkwan a εtene no na merekyerε mo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ ٱلَّذِيٓ ءَامَنَ يَٰقَوۡمِ إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُم مِّثۡلَ يَوۡمِ ٱلۡأَحۡزَابِ
Nea wagye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε, mesuro mamo sε, (asotwee a εtoo) mmusua kuo no bi saa da no sεso (bεto mo) –
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مِثۡلَ دَأۡبِ قَوۡمِ نُوحٖ وَعَادٖ وَثَمُودَ وَٱلَّذِينَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡۚ وَمَا ٱللَّهُ يُرِيدُ ظُلۡمٗا لِّلۡعِبَادِ
Tesε deε εtoo Noa nkorͻfoͻ no ne Aad, ne Samuud, ne wͻn a wͻbaa wͻ wͻn akyi no. Onyankopͻn deε Ɔmpε bͻne mma Nenkoa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَٰقَوۡمِ إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ يَوۡمَ ٱلتَّنَادِ
Enti menkorͻfoͻ, medeε mesuro Afrεfrε (ne osuu) Da no ma mo.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ تُوَلُّونَ مُدۡبِرِينَ مَا لَكُم مِّنَ ٱللَّهِ مِنۡ عَاصِمٖۗ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٖ
Ɛda no a mobεdane moakyi adwanee no, monnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Na obi a Onyankopͻn ayera no no, ɔnnya kwankyerεfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ جَآءَكُمۡ يُوسُفُ مِن قَبۡلُ بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا زِلۡتُمۡ فِي شَكّٖ مِّمَّا جَآءَكُم بِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَا هَلَكَ قُلۡتُمۡ لَن يَبۡعَثَ ٱللَّهُ مِنۢ بَعۡدِهِۦ رَسُولٗاۚ كَذَٰلِكَ يُضِلُّ ٱللَّهُ مَنۡ هُوَ مُسۡرِفٞ مُّرۡتَابٌ
Ampa sε, Yosef dii kan de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε mo, na moadwen ansi mo pi da wͻ deε ͻde brεε mo no ho kͻpem sε owuiε; mokaa sε: ‘’Onyankopͻn nsoma ͻsomafoͻ biara bio wͻ n’akyi’’. Saa ara na Nyankopͻn ma obia ͻyε nsεmmͻneni na n’adwen nsi no pi (wͻ Onyankopͻn asεm ho no) yera.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ بِغَيۡرِ سُلۡطَٰنٍ أَتَىٰهُمۡۖ كَبُرَ مَقۡتًا عِندَ ٱللَّهِ وَعِندَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ كَذَٰلِكَ يَطۡبَعُ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ قَلۡبِ مُتَكَبِّرٖ جَبَّارٖ
Wͻn a wͻgye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε wͻ berε a wͻnni nyinasoͻ bi a yεde ama wͻn no, εyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn ne wͻn a wͻagye adie no hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua obia ͻyε ahomasoͻ tu neho no akoma ano.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ يَٰهَٰمَٰنُ ٱبۡنِ لِي صَرۡحٗا لَّعَلِّيٓ أَبۡلُغُ ٱلۡأَسۡبَٰبَ
Farao kaa sε: ”Haamaan, si aban tenten mame sεdeε mɛnya akwan, -
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَسۡبَٰبَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ فَأَطَّلِعَ إِلَىٰٓ إِلَٰهِ مُوسَىٰ وَإِنِّي لَأَظُنُّهُۥ كَٰذِبٗاۚ وَكَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِفِرۡعَوۡنَ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ وَصُدَّ عَنِ ٱلسَّبِيلِۚ وَمَا كَيۡدُ فِرۡعَوۡنَ إِلَّا فِي تَبَابٖ
Akwan a εkͻ soro, na menkͻhwε Mose Nyankopͻn no, medeε medwen sε ͻyε ͻtorofo“. Saa ara na yεmaa Farao dwumadi bͻne yεε n’ani so fε na yεsii no kwan (firii ͻkwan pa no ho). Farao adwen bͻne no amfa mfasoͻ biara amma sε ͻsεeε (na εbaa nesoͻ).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ ٱلَّذِيٓ ءَامَنَ يَٰقَوۡمِ ٱتَّبِعُونِ أَهۡدِكُمۡ سَبِيلَ ٱلرَّشَادِ
Nea wagye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, monni m’akyi na mεkyerε mo kwan akͻ kwan tenenee no so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا مَتَٰعٞ وَإِنَّ ٱلۡأٓخِرَةَ هِيَ دَارُ ٱلۡقَرَارِ
Menkorͻfoͻ, nokorε sε, wiase asetena yi deε εyε anigyesεm bi kwa, na nokorε sε Daakye no ne asetena a εwͻ hͻ daa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَنۡ عَمِلَ سَيِّئَةٗ فَلَا يُجۡزَىٰٓ إِلَّا مِثۡلَهَاۖ وَمَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَأُوْلَٰٓئِكَ يَدۡخُلُونَ ٱلۡجَنَّةَ يُرۡزَقُونَ فِيهَا بِغَيۡرِ حِسَابٖ
Obia ɔbɛdi dwuma bͻne bi no, nesεso so akatua pεpεεpε na yεde bɛtua no ka; na obi a ɔbɛdi dwuma pa no nso, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, saa nkorͻfoͻ no na wͻbεkͻ Soro aheman no mu no, yεbεbͻ wͻn akͻnhoma a ɛnni ano.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَيَٰقَوۡمِ مَا لِيٓ أَدۡعُوكُمۡ إِلَى ٱلنَّجَوٰةِ وَتَدۡعُونَنِيٓ إِلَى ٱلنَّارِ
Menkorͻfoͻ, adεn na merefrε mo akͻ nkwagyeε mu na morefrε me akͻ egya mu?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
تَدۡعُونَنِي لِأَكۡفُرَ بِٱللَّهِ وَأُشۡرِكَ بِهِۦ مَا لَيۡسَ لِي بِهِۦ عِلۡمٞ وَأَنَا۠ أَدۡعُوكُمۡ إِلَى ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡغَفَّٰرِ
Morefrε me sε mempo me Wura Nyankopͻn na menfa adeε a menni ho nimdeε mmata Neho, abrε nso a merefrε mo akͻ Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no hͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لَا جَرَمَ أَنَّمَا تَدۡعُونَنِيٓ إِلَيۡهِ لَيۡسَ لَهُۥ دَعۡوَةٞ فِي ٱلدُّنۡيَا وَلَا فِي ٱلۡأٓخِرَةِ وَأَنَّ مَرَدَّنَآ إِلَى ٱللَّهِ وَأَنَّ ٱلۡمُسۡرِفِينَ هُمۡ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ
Akyinyeε biara nni ho sε, deε morefrε me akͻ nehͻ no nni ho kwan sε yesu frε no wͻ wiase ha anaasε Daakye. Yεn nkyi ne Onyankopͻn hͻ. Nokorε sε, nsεmͻnedifoͻ no wᴐne egya no mu nnipa no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَسَتَذۡكُرُونَ مَآ أَقُولُ لَكُمۡۚ وَأُفَوِّضُ أَمۡرِيٓ إِلَى ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ بَصِيرُۢ بِٱلۡعِبَادِ
Mobεkae deε mereka kyerε mo yi, na medeε mede mensεm ama Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn na Ohunu Nenkoa nom“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَوَقَىٰهُ ٱللَّهُ سَيِّـَٔاتِ مَا مَكَرُواْۖ وَحَاقَ بِـَٔالِ فِرۡعَوۡنَ سُوٓءُ ٱلۡعَذَابِ
Enti Nyankopͻn gyee no firii εpͻ a wͻbͻ (tiaa no no) bͻne mu, na asotwee bͻne no twaa Farao nkorͻfoͻ no ho hyiae.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلنَّارُ يُعۡرَضُونَ عَلَيۡهَا غُدُوّٗا وَعَشِيّٗاۚ وَيَوۡمَ تَقُومُ ٱلسَّاعَةُ أَدۡخِلُوٓاْ ءَالَ فِرۡعَوۡنَ أَشَدَّ ٱلۡعَذَابِ
Yɛde wͻn ba egya no anim anͻpa ne anwummerε (biara), na Da a dͻnhwere no bɛsie no deε (yεbεka akyerε abͻfoͻ no sε): ” Monfa Farao nkorͻfoͻ no nkͻ asotwee a εyε den paa no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ يَتَحَآجُّونَ فِي ٱلنَّارِ فَيَقُولُ ٱلضُّعَفَٰٓؤُاْ لِلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُوٓاْ إِنَّا كُنَّا لَكُمۡ تَبَعٗا فَهَلۡ أَنتُم مُّغۡنُونَ عَنَّا نَصِيبٗا مِّنَ ٱلنَّارِ
Sε wͻregye wͻn ho akyinnye wͻ egya no mu a, wͻn a na wͻnni ahoͻden (wͻ wiase) no bεka akyerε wͻn a wͻyεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε moakyi na yediiε. Enti montumi nyi egya no mu bi mfiri yεn so? “
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ ٱلَّذِينَ ٱسۡتَكۡبَرُوٓاْ إِنَّا كُلّٞ فِيهَآ إِنَّ ٱللَّهَ قَدۡ حَكَمَ بَيۡنَ ٱلۡعِبَادِ
Wͻn a wͻyεε ahomasoͻ no bεka sε: “Nokorε sε yεn nyinaa wͻ (asotwee no) mu. Nokorε sε Onyankopͻn abu Nenkoa ntam atεn (tenenee).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ فِي ٱلنَّارِ لِخَزَنَةِ جَهَنَّمَ ٱدۡعُواْ رَبَّكُمۡ يُخَفِّفۡ عَنَّا يَوۡمٗا مِّنَ ٱلۡعَذَابِ
Wͻn a wͻn wͻ egya no mu no bεka akyerε egya no so hwεfoͻ no sε: “Monfrε mo Wura Nyankopͻn na ͻngo asotwee no mu kakra mma yεn nnε “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُوٓاْ أَوَلَمۡ تَكُ تَأۡتِيكُمۡ رُسُلُكُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِۖ قَالُواْ بَلَىٰۚ قَالُواْ فَٱدۡعُواْۗ وَمَا دُعَٰٓؤُاْ ٱلۡكَٰفِرِينَ إِلَّا فِي ضَلَٰلٍ
Wͻbεka sε: ”Moasomafoͻ no amfa nkyerεkyerεmu pefee no ammrε mo?“ Wͻbεka sε: “Aane!” Wͻbεka sε, εneε monsu mfrε (obi a mopε). Boniayεfoͻ no sufrε deε εyε kwa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّا لَنَنصُرُ رُسُلَنَا وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَيَوۡمَ يَقُومُ ٱلۡأَشۡهَٰدُ
Nokorε sε, Yεbεboa Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻagye adie no ama wͻn adi nkonim wͻ wiase asetena yi mu, εne Ɛda a Adansefoͻ no bɛgyina hͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَوۡمَ لَا يَنفَعُ ٱلظَّٰلِمِينَ مَعۡذِرَتُهُمۡۖ وَلَهُمُ ٱللَّعۡنَةُ وَلَهُمۡ سُوٓءُ ٱلدَّارِ
Ɛda no a abͻneεfoͻ no kyεw pa ho mma mfasoͻ mma wͻn no; wͻn so na nnomee no wͻ, na wͻn wͻ asetena bͻne paa mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡهُدَىٰ وَأَوۡرَثۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱلۡكِتَٰبَ
Ampa sε Yεde kwan kyerε no maa Mose, na Yεmaa Israel mma no dii Nwoma no akonnwa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُدٗى وَذِكۡرَىٰ لِأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ
(Na Nwoma no) yε kwankyerε ne afutusεm dema nnipa mu mmadwemmafoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱصۡبِرۡ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَٱسۡتَغۡفِرۡ لِذَنۢبِكَ وَسَبِّحۡ بِحَمۡدِ رَبِّكَ بِٱلۡعَشِيِّ وَٱلۡإِبۡكَٰرِ
Enti si aboterε, nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na srε wo mfomsoͻ ho bͻnefakyε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin na yi N’ayε wͻ anwummerε ne anͻpa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ بِغَيۡرِ سُلۡطَٰنٍ أَتَىٰهُمۡ إِن فِي صُدُورِهِمۡ إِلَّا كِبۡرٞ مَّا هُم بِبَٰلِغِيهِۚ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ
Nokorε sε, wͻn a wͻgye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε aberε a yεnfaa nyinasoͻ biara mmaa wͻn no, hwee nni wͻn akoma mu sε akεsesεm, nanso wͻnnya (deε wͻrehwehwε no). Enti hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε. Nokorε sε, Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لَخَلۡقُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ أَكۡبَرُ مِنۡ خَلۡقِ ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε no so kyεn nnipa mmͻeε nanso nnipa pii nnim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَا يَسۡتَوِي ٱلۡأَعۡمَىٰ وَٱلۡبَصِيرُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَلَا ٱلۡمُسِيٓءُۚ قَلِيلٗا مَّا تَتَذَكَّرُونَ
Onifirani ne obia ohunu adeε nyε pε, εna wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ne abͻneεfoͻ no (nso nyε pε). (Nnipa mu) kakraabi na wͻdwen.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلسَّاعَةَ لَأٓتِيَةٞ لَّا رَيۡبَ فِيهَا وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يُؤۡمِنُونَ
Nokorε sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε biara nni ho, nanso nnipa pii nnye nni.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالَ رَبُّكُمُ ٱدۡعُونِيٓ أَسۡتَجِبۡ لَكُمۡۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَسۡتَكۡبِرُونَ عَنۡ عِبَادَتِي سَيَدۡخُلُونَ جَهَنَّمَ دَاخِرِينَ
Mo Wura Nyankopͻn kaa sε: ”Monsu mfrε Me na Mεgye mo so“. Nokorε sε wͻn a wͻyε ahomasoͻ wͻ Mesom ho no deε wͻbɛwura bonsam gyem wͻ animguaseε mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَشۡكُرُونَ
Nyankopͻn na Wayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (Wayε) adekyeε nso (ama mo sεdeε mode) bɛhunu adeε. Nokorε sε Onyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ
Wei ne mo Wura Nyankopͻn no, Adeε nyinaa Bͻfo no, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Na εhen na moredane moho korͻ yi?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
كَذَٰلِكَ يُؤۡفَكُ ٱلَّذِينَ كَانُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ يَجۡحَدُونَ
Saa ara na wͻn a wͻko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee no dane wͻn ho (firi Nyankopͻn Nsεm no ho).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ قَرَارٗا وَٱلسَّمَآءَ بِنَآءٗ وَصَوَّرَكُمۡ فَأَحۡسَنَ صُوَرَكُمۡ وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡۖ فَتَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nyankopͻn na Wayε asaase so asetena ama mo, εna (Wayε) ͻsoro no nso (tesε εdan) nkurusoͻ, εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo fεfεεfε (anaasε ͻnwenee mo yie), εna Ɔde nnepa bͻ mo akͻnhoma. Wei ne mo Wura Nyankopͻn no. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُوَ ٱلۡحَيُّ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ فَٱدۡعُوهُ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَۗ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɔne Ɔteasefoͻ no, awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Enti monfa nokorε ne ahobraseε nsu mfrε no mfa ͻsom ma no. Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ قُلۡ إِنِّي نُهِيتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَمَّا جَآءَنِيَ ٱلۡبَيِّنَٰتُ مِن رَّبِّي وَأُمِرۡتُ أَنۡ أُسۡلِمَ لِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
(Nkͻmhyεni) ka sε: ”Medeε yɛabra me sε mεsom adeε a mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ abrε a nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee firi me Wura Nyankopͻn hͻ aba me hͻ; na yɛahyε me sε memmrε me ho ase mma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُوَ ٱلَّذِي خَلَقَكُم مِّن تُرَابٖ ثُمَّ مِن نُّطۡفَةٖ ثُمَّ مِنۡ عَلَقَةٖ ثُمَّ يُخۡرِجُكُمۡ طِفۡلٗا ثُمَّ لِتَبۡلُغُوٓاْ أَشُدَّكُمۡ ثُمَّ لِتَكُونُواْ شُيُوخٗاۚ وَمِنكُم مَّن يُتَوَفَّىٰ مِن قَبۡلُۖ وَلِتَبۡلُغُوٓاْ أَجَلٗا مُّسَمّٗى وَلَعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ
Ɔno na Ɔbͻͻ mo firi mfuturo mu ansa na (Ɔreyi mo) afiri ahobaeε nkwa boa mu, ansa na (Ɔreyi mo) afiri mogya a abͻ toa mu, εna afei Ɔmaa mo pue (firii mo maame nom yafunu mu a na moyε) nkwadaa, ansa na morenyin aduru mompanin berε mu, na afei moabͻ nkͻkora (ne mmerewa) na momu bi nso dikan wu (wͻ aberε a wͻmmͻͻ nkͻkora anaa mmerewa) sεdeε mobɛduru εberε a yɛahyε no, na mobεte aseε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
هُوَ ٱلَّذِي يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ فَإِذَا قَضَىٰٓ أَمۡرٗا فَإِنَّمَا يَقُولُ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ
Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔma (abͻdeε a εwͻ nkwa) wuo. Enti sε Ɔhyehyε biribi a, deε Ɔka kyerε (adeε) no ne sε: Yε! na ayε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ أَنَّىٰ يُصۡرَفُونَ
Wonhunuu wͻn a wͻko tia Nyankopͻn Nsεm no? Sεdeε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho)?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِٱلۡكِتَٰبِ وَبِمَآ أَرۡسَلۡنَا بِهِۦ رُسُلَنَاۖ فَسَوۡفَ يَعۡلَمُونَ
Wͻn a wͻnnye Nwoma no ne deε Yɛsane demaa Y’asomafoͻ no nnie no, sε εteε biara no wͻbɛhunu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذِ ٱلۡأَغۡلَٰلُ فِيٓ أَعۡنَٰقِهِمۡ وَٱلسَّلَٰسِلُ يُسۡحَبُونَ
Ɛberε a dadewεnfoͻ ne dadeε nkͻnsͻnkͻnsͻn begu wͻn kͻn mu no, yεbεtwe wͻn ase akͻ -
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فِي ٱلۡحَمِيمِ ثُمَّ فِي ٱلنَّارِ يُسۡجَرُونَ
Nsuo hyeε mu, na afei yɛakͻhye wͻn wͻ egya no mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ قِيلَ لَهُمۡ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡ تُشۡرِكُونَ
Afei yεbɛbisa wͻn sε: ”Deε mode bataa (Nyankopͻn) ho no wͻ hen-
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مِن دُونِ ٱللَّهِۖ قَالُواْ ضَلُّواْ عَنَّا بَل لَّمۡ نَكُن نَّدۡعُواْ مِن قَبۡلُ شَيۡـٔٗاۚ كَذَٰلِكَ يُضِلُّ ٱللَّهُ ٱلۡكَٰفِرِينَ
(Deε) mofiri Nyankopͻn akyi no?” Wͻbεka sε wͻn ayera afiri yεn ho kͻ; daabi, kane no na yɛnsu mfrε biribiara. Saa ara na Nyankopͻn yera boniayεfoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ذَٰلِكُم بِمَا كُنتُمۡ تَفۡرَحُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَبِمَا كُنتُمۡ تَمۡرَحُونَ
Ɛne sε, modii ahurusie wͻ asaase no so a εnyε ne kwan soͻ, na afei momaa moho so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱدۡخُلُوٓاْ أَبۡوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ فَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلۡمُتَكَبِّرِينَ
Monwura Amanehunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ. Efie bͻne paa ne wͻn a wͻyε ahomasoͻ no fie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱصۡبِرۡ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞۚ فَإِمَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِلَيۡنَا يُرۡجَعُونَ
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε. Enti sε Yεde deε yεde ahyε wͻn bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yεbεma wo awuo, Yεn hͻ na wͻbεsan aba.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا رُسُلٗا مِّن قَبۡلِكَ مِنۡهُم مَّن قَصَصۡنَا عَلَيۡكَ وَمِنۡهُم مَّن لَّمۡ نَقۡصُصۡ عَلَيۡكَۗ وَمَا كَانَ لِرَسُولٍ أَن يَأۡتِيَ بِـَٔايَةٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ فَإِذَا جَآءَ أَمۡرُ ٱللَّهِ قُضِيَ بِٱلۡحَقِّ وَخَسِرَ هُنَالِكَ ٱلۡمُبۡطِلُونَ
Ampa sε Yεsomaa asomafoͻ dii w’anim kan; wͻn mu bi wͻhͻ a Yɛaka wͻn ho abakᴐsεm akyerε woͻ, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a Yεnkaa wͻn ho abakᴐsεm nkyerεε wo. Na εmma sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan. Enti sε Nyankopͻn ahyεdeε no ba a, nokorε no na yεde bɛbu atεn, na εhͻ no wͻn a wͻdii atorͻsεm akyi no abrε agu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَنۡعَٰمَ لِتَرۡكَبُواْ مِنۡهَا وَمِنۡهَا تَأۡكُلُونَ
Onyankopͻn na Wayε nyεmmoa ama mo sεdeε mobεtena wͻn mu bi soᴐ, na wͻn mu bi nso moawe wͻn (nnam).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَكُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ وَلِتَبۡلُغُواْ عَلَيۡهَا حَاجَةٗ فِي صُدُورِكُمۡ وَعَلَيۡهَا وَعَلَى ٱلۡفُلۡكِ تُحۡمَلُونَ
Monya mfasoͻ (pii) nso firi wͻn so, sεdeε mobεtena wͻn so afa wͻn so aduru mobotaeε a εwͻ moakoma mu, εna nsuo mu hyεn nso a motena mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ فَأَيَّ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ تُنكِرُونَ
Ɔrekyerε mo Nensεkyerεnee. Enti Onyankopͻn nsεnkyerεnee no mu deε εwͻ hen na mompε?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَانُوٓاْ أَكۡثَرَ مِنۡهُمۡ وَأَشَدَّ قُوَّةٗ وَءَاثَارٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ فَمَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Anaasε wͻntuu kwan wͻ asaase no so nhwεε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeε? Na wͻdͻͻso kyεn wͻn, na wͻn ho nso yε den kyεn wͻn, (wͻyεε) nsεnkyerεne-deε (pii) wͻ asaase no so. Nanso deε wͻn nsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَرِحُواْ بِمَا عِندَهُم مِّنَ ٱلۡعِلۡمِ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Ԑberε a wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn no, wͻn ani gyee nimdeε a na wͻn wͻ no ho, na deε wͻdii ho fεw no twaa wͻn ho hyiae.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّا رَأَوۡاْ بَأۡسَنَا قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَحۡدَهُۥ وَكَفَرۡنَا بِمَا كُنَّا بِهِۦ مُشۡرِكِينَ
Ɛberε a wͻhunuu Y’asotwee no, wͻkaa sε: “Yɛagye Onyankopͻn nko ara adi, na yɛapo deε yεde bata Neho no “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمۡ يَكُ يَنفَعُهُمۡ إِيمَٰنُهُمۡ لَمَّا رَأَوۡاْ بَأۡسَنَاۖ سُنَّتَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي قَدۡ خَلَتۡ فِي عِبَادِهِۦۖ وَخَسِرَ هُنَالِكَ ٱلۡكَٰفِرُونَ
Nanso wͻn gyidie no ho amma mfasoͻ amma wͻn wͻ εberε a wͻhunuu Y’asotwee no. (Saa na) Nyankopͻn kwan a watwa ato hͻ ama nenkoa no (siteε), na εhͻ deԑ na boniayεfoͻ no abrε agu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሱረቱ ጋፊር
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - አሻንቲኛ ትርጉም - የትርጉሞች ማዉጫ

የተከበረው ቁርአን አሻንቲኛ መልዕክተ ትርጉም - በሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት