Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሙሀመድ   አንቀጽ:
إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يَتَمَتَّعُونَ وَيَأۡكُلُونَ كَمَا تَأۡكُلُ ٱلۡأَنۡعَٰمُ وَٱلنَّارُ مَثۡوٗى لَّهُمۡ
Nokorε sε Nyankpͻn de wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Na wͻn a wͻyi boniayε no deε, wͻregye wͻn ani na wͻdidi tesε deε nyεmmoa didie, na boniayεfoͻ no fie ne Amanehunu gyam.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَكَأَيِّن مِّن قَرۡيَةٍ هِيَ أَشَدُّ قُوَّةٗ مِّن قَرۡيَتِكَ ٱلَّتِيٓ أَخۡرَجَتۡكَ أَهۡلَكۡنَٰهُمۡ فَلَا نَاصِرَ لَهُمۡ
Nkuro pii na na wͻyε den kyεn wo kuro (Maka) a yɛatu wo afiri mu no. Yɛsεee wͻn pasaa na wͻanya boafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَفَمَن كَانَ عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّهِۦ كَمَن زُيِّنَ لَهُۥ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ وَٱتَّبَعُوٓاْ أَهۡوَآءَهُم
Obi a ɔgyina nyinasoͻ anaa nokorε pefee a ɛfiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, (saa nipa no) tesε wͻn a wɔdi dwumadi bͻne na εyε wͻn fε na wͻdi wͻn apεdeε akyire no?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَّثَلُ ٱلۡجَنَّةِ ٱلَّتِي وُعِدَ ٱلۡمُتَّقُونَۖ فِيهَآ أَنۡهَٰرٞ مِّن مَّآءٍ غَيۡرِ ءَاسِنٖ وَأَنۡهَٰرٞ مِّن لَّبَنٖ لَّمۡ يَتَغَيَّرۡ طَعۡمُهُۥ وَأَنۡهَٰرٞ مِّنۡ خَمۡرٖ لَّذَّةٖ لِّلشَّٰرِبِينَ وَأَنۡهَٰرٞ مِّنۡ عَسَلٖ مُّصَفّٗىۖ وَلَهُمۡ فِيهَا مِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ وَمَغۡفِرَةٞ مِّن رَّبِّهِمۡۖ كَمَنۡ هُوَ خَٰلِدٞ فِي ٱلنَّارِ وَسُقُواْ مَآءً حَمِيمٗا فَقَطَّعَ أَمۡعَآءَهُمۡ
Ɔsoro aheman a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no sei na ne mfatoho siteε: Nsubͻnten a emu nsuo no dε ne ne pampan no nsesa wͻ hͻ, εne nsubͻnten a emu nsuo no yε nufusuo na ne dε no nsesa (nso wͻ hͻ), ne nsubͻnten a emu nsuo no yε nsa na εyε dε ma wͻn a wͻnom no (nso wͻ hͻ), εne nsubͻnten a εyε εwoͻ a ani korͻgyee (nso wͻ hͻ). Na wͻbenya aduaba biara nso bi wͻ hͻ, na (wasan anya) bͻnefakyε a ɛfiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. (Enti Aheman no mu foͻ no) tesε wͻn a wͻbεtena Amanehunu gya no mu afe bᴐᴐ na nsuohyeε a ahuro na yεbεma wᴐn anom ama atwitwa wͻn nsono mu no?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنۡهُم مَّن يَسۡتَمِعُ إِلَيۡكَ حَتَّىٰٓ إِذَا خَرَجُواْ مِنۡ عِندِكَ قَالُواْ لِلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ مَاذَا قَالَ ءَانِفًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ طَبَعَ ٱللَّهُ عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ وَٱتَّبَعُوٓاْ أَهۡوَآءَهُمۡ
(Nkͻmhyεni), wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻtie wo kͻpem sε, sε wͻfiri wo hͻ kͻ a, wͻka kyerε wͻn a Yɛama wͻn nimdeε (wͻ wͻn nkorͻfoͻ no mu no) sε: “Ɛdeεn na ͻka kyerεε mo sesei no?“ Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn asi wͻn akoma ano, na wͻdi wͻn apεdeε akyire no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَٱلَّذِينَ ٱهۡتَدَوۡاْ زَادَهُمۡ هُدٗى وَءَاتَىٰهُمۡ تَقۡوَىٰهُمۡ
Wͻn a wɔanya kwankyerε no nso Yεde tenenee bεsan aka wͻn ho na yεde wͻn Nyamesuro nso ama wͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَهَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّا ٱلسَّاعَةَ أَن تَأۡتِيَهُم بَغۡتَةٗۖ فَقَدۡ جَآءَ أَشۡرَاطُهَاۚ فَأَنَّىٰ لَهُمۡ إِذَا جَآءَتۡهُمۡ ذِكۡرَىٰهُمۡ
Enti deε wͻrentwεn ara ne sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirim? Nokorε sε εho nsohyεdeε no bi aba. Na sε εba wͻn so a, sεn na wͻbɛsi anya wͻn afutuo no so mfasoͻ?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱعۡلَمۡ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا ٱللَّهُ وَٱسۡتَغۡفِرۡ لِذَنۢبِكَ وَلِلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِۗ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مُتَقَلَّبَكُمۡ وَمَثۡوَىٰكُمۡ
Enti hunu sε Nokorε, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Nyankopͻn. Enti srε no bͻnefakyε wͻ wo mfomsoͻ ho, na (srε no bͻnefakyε nso ma) agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no. Onyankopͻn Nim mo nanteε mu ne moatenaseε mu (nyinaa).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: ሙሀመድ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት