Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አት ተህሪም   አንቀጽ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ تُوبُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ تَوۡبَةٗ نَّصُوحًا عَسَىٰ رَبُّكُمۡ أَن يُكَفِّرَ عَنكُمۡ سَيِّـَٔاتِكُمۡ وَيُدۡخِلَكُمۡ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ يَوۡمَ لَا يُخۡزِي ٱللَّهُ ٱلنَّبِيَّ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥۖ نُورُهُمۡ يَسۡعَىٰ بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَبِأَيۡمَٰنِهِمۡ يَقُولُونَ رَبَّنَآ أَتۡمِمۡ لَنَا نُورَنَا وَٱغۡفِرۡ لَنَآۖ إِنَّكَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Mo a moagye adie, monsakra mo adwen nkͻ Nyankopͻn hͻ wͻ nokorε adwen sakra mu. Ebia na Nyankopͻn apepa mobͻne afri mo so, na Ɔde mo kͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻ Ɛda no a Nyankopͻn ngu Nkͻmhyεni no ne wͻn a wͻagye adi aka ne ho no anim aseε no. Wͻn nhyerεnee bεhyerεn adi wͻn anim ne wͻn nifa so; wͻbεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, ma yεn nhyerεnee no nyina mma yεn, na fa yεn bͻne kyε yεn. Nokorε sε, Wo na wowͻ biribiara so tumi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ جَٰهِدِ ٱلۡكُفَّارَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱغۡلُظۡ عَلَيۡهِمۡۚ وَمَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Nkͻmhyεni, ko tia boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na yε den wͻ wͻn so. Wͻn asetena mu ne Amane hunu gyam, na nnkyi bͻne paa ne hͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا لِّلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱمۡرَأَتَ نُوحٖ وَٱمۡرَأَتَ لُوطٖۖ كَانَتَا تَحۡتَ عَبۡدَيۡنِ مِنۡ عِبَادِنَا صَٰلِحَيۡنِ فَخَانَتَاهُمَا فَلَمۡ يُغۡنِيَا عَنۡهُمَا مِنَ ٱللَّهِ شَيۡـٔٗا وَقِيلَ ٱدۡخُلَا ٱلنَّارَ مَعَ ٱلدَّٰخِلِينَ
Nyankopͻn reyε mfatoho bi ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no fa Noa yere ne Lut yere ho. Na saa mmaa mmienu yi ware nkoa a wͻyε Yεnkoa apapafoͻ mmienu. Nanso (mmaa mmienu yi) dii wͻn kununom hwammͻ, enti wͻn mmienu ho amma mfasoͻ wͻ hwee ho amma wͻn antia Nyankopͻn, na yεkaa sε: “Mo mmienu monkͻka wͻn a wͻrekͻ egya no mu no ho na mone wͻn nkͻ mu.”
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱمۡرَأَتَ فِرۡعَوۡنَ إِذۡ قَالَتۡ رَبِّ ٱبۡنِ لِي عِندَكَ بَيۡتٗا فِي ٱلۡجَنَّةِ وَنَجِّنِي مِن فِرۡعَوۡنَ وَعَمَلِهِۦ وَنَجِّنِي مِنَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّٰلِمِينَ
Nyankopͻn resan ayε mfatoho bi ama wͻn a wͻagye adie no, fa Farao yere (Aasiya) ho, εberε a ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, si fie wͻ Wohͻ wͻ Aheman no mu ma me, na gye me fri Farao nneyεε no mu, na gye me fri nnipa bͻnefoͻ no nsam.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمَرۡيَمَ ٱبۡنَتَ عِمۡرَٰنَ ٱلَّتِيٓ أَحۡصَنَتۡ فَرۡجَهَا فَنَفَخۡنَا فِيهِ مِن رُّوحِنَا وَصَدَّقَتۡ بِكَلِمَٰتِ رَبِّهَا وَكُتُبِهِۦ وَكَانَتۡ مِنَ ٱلۡقَٰنِتِينَ
Ɛna Imran ba baa Mar’yam a ͻhwεε ne ho so yie no, Yεhomee Yε honhom guu ne mu, na ͻgyee ne Wura Nyankopͻn nsεm no ne Ne Nwoma no dii, na ͻka ahobraseεfoͻ mmaa no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አት ተህሪም
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት