Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ሙልክ   አንቀጽ:

Al-Mulk

تَبَٰرَكَ ٱلَّذِي بِيَدِهِ ٱلۡمُلۡكُ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Nhyira (Wura no) ne Nea Ahennie no wͻ Nensa mu no, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumii.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلۡمَوۡتَ وَٱلۡحَيَوٰةَ لِيَبۡلُوَكُمۡ أَيُّكُمۡ أَحۡسَنُ عَمَلٗاۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡغَفُورُ
Ɔno na Ɔbͻͻ owuo ne nkwa sε Ɔde bεsͻ mo ahwε (de akyerε) mo mu nea odi dwuma pa. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِي خَلَقَ سَبۡعَ سَمَٰوَٰتٖ طِبَاقٗاۖ مَّا تَرَىٰ فِي خَلۡقِ ٱلرَّحۡمَٰنِ مِن تَفَٰوُتٖۖ فَٱرۡجِعِ ٱلۡبَصَرَ هَلۡ تَرَىٰ مِن فُطُورٖ
Ɔno na W’abͻ soro nson a εtoatoa soͻ. Wonnhunu deε atͻ sin wͻ Ahummͻborͻ Hene no abͻdeε no mu; enti san hwε bio, woahunu baabi a apaepaeε?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثُمَّ ٱرۡجِعِ ٱلۡبَصَرَ كَرَّتَيۡنِ يَنقَلِبۡ إِلَيۡكَ ٱلۡبَصَرُ خَاسِئٗا وَهُوَ حَسِيرٞ
Afei dane w’ani hwε, na san hwε bio, nhwεeε no bedane aba wͻ hͻ ama w’ani so ayε wo basaa abrε kwa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدۡ زَيَّنَّا ٱلسَّمَآءَ ٱلدُّنۡيَا بِمَصَٰبِيحَ وَجَعَلۡنَٰهَا رُجُومٗا لِّلشَّيَٰطِينِۖ وَأَعۡتَدۡنَا لَهُمۡ عَذَابَ ٱلسَّعِيرِ
Nokorε sε, Yεde nkanea (nsoromma) asiesie ͻsoro a, εwͻ wiaseε no, εna Yayε (saa nkanea) no akodeε a yεto bͻ abonsamfoͻ no; Yasiesie Ogya tanaa asotwee ato wͻn hͻ nso.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلِلَّذِينَ كَفَرُواْ بِرَبِّهِمۡ عَذَابُ جَهَنَّمَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Wͻn a wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no (nso wͻ) Amanehunu gya asotwee, na nnkyi bͻne paa ne hͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذَآ أُلۡقُواْ فِيهَا سَمِعُواْ لَهَا شَهِيقٗا وَهِيَ تَفُورُ
Sε yεto wͻn gu (egya no) mu a, wͻbεte sε εrepͻ soͻ na εrehuro.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
تَكَادُ تَمَيَّزُ مِنَ ٱلۡغَيۡظِۖ كُلَّمَآ أُلۡقِيَ فِيهَا فَوۡجٞ سَأَلَهُمۡ خَزَنَتُهَآ أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ نَذِيرٞ
Abufuo reyε ama (egya) no apae. Ԑberε biara a yεbεto (Kaafirfoͻ no mu) nnipa kuo bi agu mu no, (egya no) so Awεnfoͻ no bebisa wͻn sε: “Enti Kͻkͻbͻni biara amma mohͻ (amεbͻ mo kͻkͻ)?
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالُواْ بَلَىٰ قَدۡ جَآءَنَا نَذِيرٞ فَكَذَّبۡنَا وَقُلۡنَا مَا نَزَّلَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٍ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا فِي ضَلَٰلٖ كَبِيرٖ
Wͻbεka sε: ”Aane, nokorε sε Kͻkͻbͻni baa yεn hͻ, nanso yԑfaa (asԑm no) atorosԑm, na yεkaa sε: ”Nyankopͻn nsianee hwee (maa obiara); na nokorε sε modeε mowͻ ͻyera kεseε paa mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَقَالُواْ لَوۡ كُنَّا نَسۡمَعُ أَوۡ نَعۡقِلُ مَا كُنَّا فِيٓ أَصۡحَٰبِ ٱلسَّعِيرِ
Wͻ’bεka sε: ”Sε yetiee (Asomafoͻ no asεm no), anaasε yε’dwenee ho a, anka y’ammεka Amane hunu gya no mu foͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَٱعۡتَرَفُواْ بِذَنۢبِهِمۡ فَسُحۡقٗا لِّأَصۡحَٰبِ ٱلسَّعِيرِ
Na wͻn bεgge wͻn bͻne atum, nanso Amanehunu gya no mu foͻ no (ne Nyame ahummͻborͻ) ntεm kwan ware.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَخۡشَوۡنَ رَبَّهُم بِٱلۡغَيۡبِ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَأَجۡرٞ كَبِيرٞ
Nokorε sε wͻn a wͻ’suro wͻn Wura (Nyankopͻn) wͻ kokoamu no benya bͻnefakyε ne akatua kεseε paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ሙልክ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት