Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ጂን   አንቀጽ:
وَأَنَّا مِنَّا ٱلۡمُسۡلِمُونَ وَمِنَّا ٱلۡقَٰسِطُونَۖ فَمَنۡ أَسۡلَمَ فَأُوْلَٰٓئِكَ تَحَرَّوۡاْ رَشَدٗا
Yεn mu bi yε Muslimifoͻ, εna yεn mu bi nso ayera anaa wͻn amane afri kwan tenenee no soͻ. Enti obi a ͻbεyε Muslim aberε ne ho ase (ama Nyankopͻn) no, saa nkorͻfoͻ no na wᴐn afa tenenee kwan no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَمَّا ٱلۡقَٰسِطُونَ فَكَانُواْ لِجَهَنَّمَ حَطَبٗا
Na mmom ayerafoͻ no deε wͻne Amane-hunu gya no nnyantia no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَلَّوِ ٱسۡتَقَٰمُواْ عَلَى ٱلطَّرِيقَةِ لَأَسۡقَيۡنَٰهُم مَّآءً غَدَقٗا
Sε wͻregyina pintinn wͻ ͻkwan tenenee no so a, anka Yεbεma wͻn nsuo anom ama abu (wͻn) so-
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لِّنَفۡتِنَهُمۡ فِيهِۚ وَمَن يُعۡرِضۡ عَن ذِكۡرِ رَبِّهِۦ يَسۡلُكۡهُ عَذَابٗا صَعَدٗا
Sεdeε Yεde bεyε wͻn nsͻhwε. Na obi a ͻbεtwe ne ho afri ne Wura Nyankopͻn Afutusεm no ho no, Ɔbεma no akͻ asotwee kεseε paa mu.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنَّ ٱلۡمَسَٰجِدَ لِلَّهِ فَلَا تَدۡعُواْ مَعَ ٱللَّهِ أَحَدٗا
Nokorε sε, Nyamefrε bea biara wͻ Nyankopͻn, enti monhwε na moannsu anfrε obiara (wͻ hͻ) ka Nyankopͻn nko ara ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنَّهُۥ لَمَّا قَامَ عَبۡدُ ٱللَّهِ يَدۡعُوهُ كَادُواْ يَكُونُونَ عَلَيۡهِ لِبَدٗا
Nokorε sε, εberε a Nyankopͻn akoa (Muhammad) gyina hͻ rebͻ mpae sufrε no no, εkaa kakraabi sε anka (Jinnfoͻ no) kͻkyere guu no so wͻ akͻnkͻn so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ إِنَّمَآ أَدۡعُواْ رَبِّي وَلَآ أُشۡرِكُ بِهِۦٓ أَحَدٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε me Wura Nyankopͻn na mesu frε no, na menfa biribi mmata ne ho “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ إِنِّي لَآ أَمۡلِكُ لَكُمۡ ضَرّٗا وَلَا رَشَدٗا
Ka sε: “Medeε menni bͻne anaasε papa so tumi bi de ma mo’’.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ إِنِّي لَن يُجِيرَنِي مِنَ ٱللَّهِ أَحَدٞ وَلَنۡ أَجِدَ مِن دُونِهِۦ مُلۡتَحَدًا
Ka sε: “Obiara ntumi nnye me mfiri Nyankopͻn nsam, na mefri n’akyi nso a menya dwanekͻ bea.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِلَّا بَلَٰغٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِسَٰلَٰتِهِۦۚ وَمَن يَعۡصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَإِنَّ لَهُۥ نَارَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدًا
Mmom (m’adwuma ne sε) mεbͻ nsεm a efiri Nyankopͻn hͻ no ho dawuro. Enti obi a ͻbεte Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no so atua no, nokorε sε, ͻwͻ Amanhunu gya a, ͻbεtena mu afe bͻͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
حَتَّىٰٓ إِذَا رَأَوۡاْ مَا يُوعَدُونَ فَسَيَعۡلَمُونَ مَنۡ أَضۡعَفُ نَاصِرٗا وَأَقَلُّ عَدَدٗا
(Abosomsomfoͻ no de asoͻden saa ara) kͻpem εberε a, wͻbɛhunu deε yɛahyε wͻn ho bͻ no, εhͻ na wͻbɛhunu obi a n’aboafoͻ nni ahoͻden na (wͻn) dodoͻ nso yε kakraabi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ إِنۡ أَدۡرِيٓ أَقَرِيبٞ مَّا تُوعَدُونَ أَمۡ يَجۡعَلُ لَهُۥ رَبِّيٓ أَمَدًا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε mennim sε deε yɛahyε mo ho bͻ no abεn, anaasε me Wura Nyankopͻn de bεhyε εberε tenten bi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ فَلَا يُظۡهِرُ عَلَىٰ غَيۡبِهِۦٓ أَحَدًا
Ahuntasεm mu Nimdefoͻ (Nyame), Ɔnna N’ahuntasεm adi nkyerε obiara,
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِلَّا مَنِ ٱرۡتَضَىٰ مِن رَّسُولٖ فَإِنَّهُۥ يَسۡلُكُ مِنۢ بَيۡنِ يَدَيۡهِ وَمِنۡ خَلۡفِهِۦ رَصَدٗا
Gyesε Ɔsomani a Wayi no. Nokorε sε, Ɔma Awεnfoͻ di n’anim ne n’akyi-
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لِّيَعۡلَمَ أَن قَدۡ أَبۡلَغُواْ رِسَٰلَٰتِ رَبِّهِمۡ وَأَحَاطَ بِمَا لَدَيۡهِمۡ وَأَحۡصَىٰ كُلَّ شَيۡءٍ عَدَدَۢا
Sεdeε Ɔbεhunu sε ampa, wabͻ wͻn Wura Nyankopͻn asεm no ho dawuro. (Ne nimdeε) atwa deε εwͻ wͻn hͻ no (nyinaa) ho ahyia, na Wakan biribiara nso dodoͻ, (anaasε Onim biribiara dodoͻ).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ጂን
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት