Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አንፋል   አንቀጽ:
۞ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّمَا غَنِمۡتُم مِّن شَيۡءٖ فَأَنَّ لِلَّهِ خُمُسَهُۥ وَلِلرَّسُولِ وَلِذِي ٱلۡقُرۡبَىٰ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِ إِن كُنتُمۡ ءَامَنتُم بِٱللَّهِ وَمَآ أَنزَلۡنَا عَلَىٰ عَبۡدِنَا يَوۡمَ ٱلۡفُرۡقَانِ يَوۡمَ ٱلۡتَقَى ٱلۡجَمۡعَانِۗ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Monhunu sε, asadeε biara a monyaa no wͻ da no a nokorԑ ne nkontompo daa adie, εda a akuo mmienu no hyiaeε no, emu nkyεmu num mu baako wͻ Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no ne abusua (Banu Haashim ne Banu Mutalib) ne nwisiaa ne ahiafoͻ ne ͻkwantuni; sε mogye Nyankopͻn ne deε Yɛasane ama Yɛn akoa no di ampa a. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ أَنتُم بِٱلۡعُدۡوَةِ ٱلدُّنۡيَا وَهُم بِٱلۡعُدۡوَةِ ٱلۡقُصۡوَىٰ وَٱلرَّكۡبُ أَسۡفَلَ مِنكُمۡۚ وَلَوۡ تَوَاعَدتُّمۡ لَٱخۡتَلَفۡتُمۡ فِي ٱلۡمِيعَٰدِ وَلَٰكِن لِّيَقۡضِيَ ٱللَّهُ أَمۡرٗا كَانَ مَفۡعُولٗا لِّيَهۡلِكَ مَنۡ هَلَكَ عَنۢ بَيِّنَةٖ وَيَحۡيَىٰ مَنۡ حَيَّ عَنۢ بَيِّنَةٖۗ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَسَمِيعٌ عَلِيمٌ
Monkae εberε a na mobεn (ekuu no ho), na (atamfoͻ) no nso wͻ εfa akyirikyiri, na akwantufoͻ no wͻ moaseε. Sε mohyεε bͻ bi (sε mone atamfoͻ no) bɛhyia a anka mobɛbu εberε a mode hyεeε no so; na mmom sεdeε Nyankopͻn bεma dwumadie no asi sεdeε Wahyehyε no no nti; na ama obi a ͻbεsopa no asopa wͻ nyinasoͻ pefee mu, na obi a ɔbɛnya nkwa nso anya nkwa wᴐ nyinasoᴐ pefee mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِذۡ يُرِيكَهُمُ ٱللَّهُ فِي مَنَامِكَ قَلِيلٗاۖ وَلَوۡ أَرَىٰكَهُمۡ كَثِيرٗا لَّفَشِلۡتُمۡ وَلَتَنَٰزَعۡتُمۡ فِي ٱلۡأَمۡرِ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ سَلَّمَۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
(Nkͻmhyεni), kae εberε a Nyankopͻn de atamfoͻ no kyerεε wo wͻ wo daeε mu sε wͻyε kakraabi; sε Ɔde wͻn dodoↄ no na εkyerεε woͻ a, nokorε sε anka moabamu bɛbu, ama moagye asεm (anaa ᴐkoo) no ho akyinnye, nanso Nyankopͻn bͻͻ moho ban, efirisε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذۡ يُرِيكُمُوهُمۡ إِذِ ٱلۡتَقَيۡتُمۡ فِيٓ أَعۡيُنِكُمۡ قَلِيلٗا وَيُقَلِّلُكُمۡ فِيٓ أَعۡيُنِهِمۡ لِيَقۡضِيَ ٱللَّهُ أَمۡرٗا كَانَ مَفۡعُولٗاۗ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ
Kae εberε a Ɔde atamfoͻ no kyerεε mo wͻ εberε a mohyiaeε no (Ɔyεε wͻn) kakraa bi wͻ moani so, εna Ɔmaa monso moyεε kakraabi wͻ wͻn anisoͻ, sεdeε Nyankopͻn nhyehyεε a Wahyehyε no bɛwie pεyε. Onyankopͻn hͻ na dwumadie no nyinaa san kɔwie.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا لَقِيتُمۡ فِئَةٗ فَٱثۡبُتُواْ وَٱذۡكُرُواْ ٱللَّهَ كَثِيرٗا لَّعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ
Mo a moagye adie, sε mohyia (atamfoͻ) no dͻm no a, monnyina pintinn, na monkae Nyankopͻn papaapa, sεdeε mobɛdi nkonim.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አንፋል
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት