Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አት-ተውባህ   አንቀጽ:
قَٰتِلُوهُمۡ يُعَذِّبۡهُمُ ٱللَّهُ بِأَيۡدِيكُمۡ وَيُخۡزِهِمۡ وَيَنصُرۡكُمۡ عَلَيۡهِمۡ وَيَشۡفِ صُدُورَ قَوۡمٖ مُّؤۡمِنِينَ
Enti mone wͻn nko, na Nyankopͻn nam mo nsa so bεtwe wͻn aso, na Wagu wͻn anim ase, na Wama mo wͻn so nkonimdie, na Wadwodwo amanfoͻ no a wͻgyidie no akoma;
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيُذۡهِبۡ غَيۡظَ قُلُوبِهِمۡۗ وَيَتُوبُ ٱللَّهُ عَلَىٰ مَن يَشَآءُۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٌ
Na Wayi wͻn akoma mu abufuo afiri hͻ. Nyankopͻn de nea Ɔpε bͻne bεkyε no; na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَمۡ حَسِبۡتُمۡ أَن تُتۡرَكُواْ وَلَمَّا يَعۡلَمِ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ جَٰهَدُواْ مِنكُمۡ وَلَمۡ يَتَّخِذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَلَا رَسُولِهِۦ وَلَا ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَلِيجَةٗۚ وَٱللَّهُ خَبِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Anaa modwen sε yεbɛgyae mo (saa ara) aberε a Nyankopͻn (nyεε mo nsͻhwε) nhunuu mo mu wͻn a wͻbͻ mmͻden na wͻmfiri Nyankopͻn ne Ne somafoͻ ne agyidiefoͻ no akyi mfa yͻnkoͻ?. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho Amane bͻfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَا كَانَ لِلۡمُشۡرِكِينَ أَن يَعۡمُرُواْ مَسَٰجِدَ ٱللَّهِ شَٰهِدِينَ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِم بِٱلۡكُفۡرِۚ أُوْلَٰٓئِكَ حَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡ وَفِي ٱلنَّارِ هُمۡ خَٰلِدُونَ
Abosomsomfoͻ no nni ho kwan sε wͻsra anaasε wͻyε Nyankopͻn Nyame-dan (Ka’aba) no ho adwuma aberε a wͻdi wͻn ara wͻn ho adanseε sε wͻwͻ boniayε mu. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn nnwuma ayε kwa, na Ogya no mu na wͻbεtena.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّمَا يَعۡمُرُ مَسَٰجِدَ ٱللَّهِ مَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَأَقَامَ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَى ٱلزَّكَوٰةَ وَلَمۡ يَخۡشَ إِلَّا ٱللَّهَۖ فَعَسَىٰٓ أُوْلَٰٓئِكَ أَن يَكُونُواْ مِنَ ٱلۡمُهۡتَدِينَ
Obi a εsεsε ͻsra anaa ͻyε Nyankopͻn Nyamedan (Ka’aba) no ho adwuma ne obi a wagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻfrε Nyame wͻ neberε mu, na oyi Zaka no, na ͻnsuro (obiara) gyesε Nyankopͻn. Enti ebia saa nkorͻfoͻ no na wͻbεka ateneneefoͻ no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ أَجَعَلۡتُمۡ سِقَايَةَ ٱلۡحَآجِّ وَعِمَارَةَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ كَمَنۡ ءَامَنَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ وَجَٰهَدَ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۚ لَا يَسۡتَوُۥنَ عِندَ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Mode obi a ͻma Hajifoͻ no nsuo, na ɔsiesie anaa ͻyε Nyamedan kronkron no ho adwuma no toto obia wagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻko wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε wͻyε pεpεεpε? Wͻnyε pε wͻ Nyankopͻn anim. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَهَاجَرُواْ وَجَٰهَدُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ أَعۡظَمُ دَرَجَةً عِندَ ٱللَّهِۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ
Wͻn a wͻagye die na wͻtuu amantuo na wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo Nyankopͻn kwan soͻ no wͻ gyinaberε a εsom bo wͻ Nyankopͻn hͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አት-ተውባህ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት