Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আৰ-ৰাআদ   আয়াত:
وَيَسۡتَعۡجِلُونَكَ بِٱلسَّيِّئَةِ قَبۡلَ ٱلۡحَسَنَةِ وَقَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِهِمُ ٱلۡمَثُلَٰتُۗ وَإِنَّ رَبَّكَ لَذُو مَغۡفِرَةٖ لِّلنَّاسِ عَلَىٰ ظُلۡمِهِمۡۖ وَإِنَّ رَبَّكَ لَشَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
(Nkͻmhyεni, boniayεfoͻ no) repε ntεm sε ma bͻne no (anaa asotwee no) ni papa no anim kan; aberε nso a asotwee no sεso adi wͻn anim kan asi pεn. Nokorε sε wͻn bͻne (nyinaa akyiri no) wo Wura Nyankopͻn wͻ Bͻnefakyε dema adasamma. Nokorε nso sε wo Wura Nyankopͻn asotwee ano yε den papaapa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَةٞ مِّن رَّبِّهِۦٓۗ إِنَّمَآ أَنتَ مُنذِرٞۖ وَلِكُلِّ قَوۡمٍ هَادٍ
Deε wͻn a wͻ nnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmrε no? (Nkͻmhyεni), wodeε ne sε woyε kͻkͻbͻni; na ͻman biara nso wͻ ͻkwankyerεfoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا تَحۡمِلُ كُلُّ أُنثَىٰ وَمَا تَغِيضُ ٱلۡأَرۡحَامُ وَمَا تَزۡدَادُۚ وَكُلُّ شَيۡءٍ عِندَهُۥ بِمِقۡدَارٍ
Onyankopͻn Nim (yafunudeε a) εso ͻbaa biara, εne deε εpͻn fri awodeε no mu, ne (abosome dodoͻ a) εbεka (nyinsεn no) ho. Deε εwͻ Nehͻ biara wͻ nhyehyεε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡكَبِيرُ ٱلۡمُتَعَالِ
(Ɔne) deε εwͻ Kokoamu ne deε εwͻ Badwamu nyinaa ho Nimdefoͻ no. Ɔno ara ne Ɔkεseε no, na Ɔno ara nso ne Okokroko a Ɔkorͻn no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
سَوَآءٞ مِّنكُم مَّنۡ أَسَرَّ ٱلۡقَوۡلَ وَمَن جَهَرَ بِهِۦ وَمَنۡ هُوَ مُسۡتَخۡفِۭ بِٱلَّيۡلِ وَسَارِبُۢ بِٱلنَّهَارِ
Sε momu bi de n’asεm suma o, anaasε ͻda no adi o, anaasε osie anadwo o, anaa opie awia o, εyε asεm korͻ (ma Nyankopͻn sε Onim biribiara).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَهُۥ مُعَقِّبَٰتٞ مِّنۢ بَيۡنِ يَدَيۡهِ وَمِنۡ خَلۡفِهِۦ يَحۡفَظُونَهُۥ مِنۡ أَمۡرِ ٱللَّهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُغَيِّرُ مَا بِقَوۡمٍ حَتَّىٰ يُغَيِّرُواْ مَا بِأَنفُسِهِمۡۗ وَإِذَآ أَرَادَ ٱللَّهُ بِقَوۡمٖ سُوٓءٗا فَلَا مَرَدَّ لَهُۥۚ وَمَا لَهُم مِّن دُونِهِۦ مِن وَالٍ
Onipa wͻ awεnfoͻ (a wodi neso akͻneaba) a wͻdi n’anim ne n’akyi. Wͻ’wεn no wͻ Onyankopͻn ahyεdeε so. Nokorε sε, Onyankopͻn nsesa (tebea bi) a amanfoͻ bi wͻ mu, gyesε wͻn ara sesa (tebea) no. Sε Onyankopͻn pε amanfoͻ bi bͻne a, obiara nnihͻ a ͻbetumi adane ani, na N’akyiri no wͻ’nnya okyitaafoͻ biara.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هُوَ ٱلَّذِي يُرِيكُمُ ٱلۡبَرۡقَ خَوۡفٗا وَطَمَعٗا وَيُنشِئُ ٱلسَّحَابَ ٱلثِّقَالَ
Ɔno na Ɔde ayerεmo kyerε mo debͻ (mo) hu, san (dema mo nya) akomatͻyεmu (sε nsuo rebεtͻ). Ɔno na Ɔbͻ mununkum a emu yε duro.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيُسَبِّحُ ٱلرَّعۡدُ بِحَمۡدِهِۦ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ مِنۡ خِيفَتِهِۦ وَيُرۡسِلُ ٱلصَّوَٰعِقَ فَيُصِيبُ بِهَا مَن يَشَآءُ وَهُمۡ يُجَٰدِلُونَ فِي ٱللَّهِ وَهُوَ شَدِيدُ ٱلۡمِحَالِ
Agradaa nso bͻ no abodin kamfo no, na Soro abͻfoͻ bͻ hu wͻ Neho. Ɔsoma agradaa mmobͻmuu no kͻbͻ obia Ɔpε, nanso wͻgye Nyankopͻn ho akynnye. Ɔne Ɔhodenfoͻ paa a N’asotwee ano yε den paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আৰ-ৰাআদ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ