Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-বাক্বাৰাহ   আয়াত:
۞ سَيَقُولُ ٱلسُّفَهَآءُ مِنَ ٱلنَّاسِ مَا وَلَّىٰهُمۡ عَن قِبۡلَتِهِمُ ٱلَّتِي كَانُواْ عَلَيۡهَاۚ قُل لِّلَّهِ ٱلۡمَشۡرِقُ وَٱلۡمَغۡرِبُۚ يَهۡدِي مَن يَشَآءُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Nnipa mu agyimifoͻ no bεka sε: “Ɛdeεn na ama (Muslimifoͻ) no adane wͻn anim afri Qibla a, na wͻn ani kyerε no soͻ no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: “Apueε ne Atͻeε nyinaa wͻ Nyankopͻn; Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kͻ kwan tenenee no so”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَكَذَٰلِكَ جَعَلۡنَٰكُمۡ أُمَّةٗ وَسَطٗا لِّتَكُونُواْ شُهَدَآءَ عَلَى ٱلنَّاسِ وَيَكُونَ ٱلرَّسُولُ عَلَيۡكُمۡ شَهِيدٗاۗ وَمَا جَعَلۡنَا ٱلۡقِبۡلَةَ ٱلَّتِي كُنتَ عَلَيۡهَآ إِلَّا لِنَعۡلَمَ مَن يَتَّبِعُ ٱلرَّسُولَ مِمَّن يَنقَلِبُ عَلَىٰ عَقِبَيۡهِۚ وَإِن كَانَتۡ لَكَبِيرَةً إِلَّا عَلَى ٱلَّذِينَ هَدَى ٱللَّهُۗ وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُضِيعَ إِيمَٰنَكُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِٱلنَّاسِ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Saa ara na Y’ayε mo (Muslimifoͻ no) ɔman adantamu (anaa ͻman a mosom bo, anaa modi mmu yie), sεdeε mobedi adasamma ho adanseε, na Ɔsomafoͻ no nso bedi moho adanseε. Y’annyε Qibla no a na w’ani kyerε no (wͻ biribiara ho nti, na mmom) sεdeε Yε’de behunu obi a odi Ɔsomafoͻ no akyi ne obia ͻdane ne ho wͻ nenantin soͻ (anaa ͻtwe ne ho firi Islam som no mu). Ԑyε nsakraeε a εyε den (ma wͻn a wͻn gyidie sua), na mmom (εnyε den mma) wͻn a Nyankopͻn akyerε wͻn kwan no. Nyankopͻn mma mogyidie no nnyε kwa. Nokorε sε, Onyankopͻn yε Ayεmyε Hene, ne Mmͻborͻhunufoͻ ma adasamma.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَدۡ نَرَىٰ تَقَلُّبَ وَجۡهِكَ فِي ٱلسَّمَآءِۖ فَلَنُوَلِّيَنَّكَ قِبۡلَةٗ تَرۡضَىٰهَاۚ فَوَلِّ وَجۡهَكَ شَطۡرَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِۚ وَحَيۡثُ مَا كُنتُمۡ فَوَلُّواْ وُجُوهَكُمۡ شَطۡرَهُۥۗ وَإِنَّ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ لَيَعۡلَمُونَ أَنَّهُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّهِمۡۗ وَمَا ٱللَّهُ بِغَٰفِلٍ عَمَّا يَعۡمَلُونَ
Ampa sε Ye’hunuu sε woretoto w’ani kyerε ewiem (sεdeε Nyankopͻn bεkyerε wo Qibla), enti nokorε sε, Yε’bεkyerε wo Qibla a wopε. “Dane w’ani kyerε (Maka) Nyamedan Kronkron no. Baabiara a mowͻ no monfa moanim nkyerε hͻ. Wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no nim yie sε, εno mmom ne nokorε a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn deε Omuu n’ani nguu dwuma a wͻ’die no so.“
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَئِنۡ أَتَيۡتَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ بِكُلِّ ءَايَةٖ مَّا تَبِعُواْ قِبۡلَتَكَۚ وَمَآ أَنتَ بِتَابِعٖ قِبۡلَتَهُمۡۚ وَمَا بَعۡضُهُم بِتَابِعٖ قِبۡلَةَ بَعۡضٖۚ وَلَئِنِ ٱتَّبَعۡتَ أَهۡوَآءَهُم مِّنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَكَ مِنَ ٱلۡعِلۡمِ إِنَّكَ إِذٗا لَّمِنَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Sε wode nsεnkyerεnee nyinaa mpo brε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no a, wͻ’nni wo Qibla no akyi da; na wonso wonni wͻn Qibla no akyi, na monni moho-moho nso Qibla akyi. Nokorε sε, sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a wonsa aka nimdeε yi a, εneε na nokorε sε woka abͻneεfoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-বাক্বাৰাহ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ