আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আশ্বান্তি অনুবাদ * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: ছুৰা আশ্ব-শ্বুআৰা   আয়াত:

Ash-Shu’araa

طسٓمٓ
Toaa – Siin -- Miim.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُبِينِ
Woi yε Nsεm a efri Nwoma pefee no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَعَلَّكَ بَٰخِعٞ نَّفۡسَكَ أَلَّا يَكُونُواْ مُؤۡمِنِينَ
Ebia wo (de awerεhoͻ) bɛkum wo ho sε wͻnnyε agyidiefoͻ nti.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِن نَّشَأۡ نُنَزِّلۡ عَلَيۡهِم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ ءَايَةٗ فَظَلَّتۡ أَعۡنَٰقُهُمۡ لَهَا خَٰضِعِينَ
Sε Yεpε a anka Yεbɛsiane nsεnkyerεnee bi fri soro aba wͻn so a εbεma wͻn kͻn aberε ase wͻ ahobraseε mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا يَأۡتِيهِم مِّن ذِكۡرٖ مِّنَ ٱلرَّحۡمَٰنِ مُحۡدَثٍ إِلَّا كَانُواْ عَنۡهُ مُعۡرِضِينَ
Afutusεm foforͻ biara a ɛbɛfiri Ahummͻborͻ Hene no hͻ aba wͻn hͻ no gyesε wͻtwi fa so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَقَدۡ كَذَّبُواْ فَسَيَأۡتِيهِمۡ أَنۢبَٰٓؤُاْ مَا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Ampa sε wͻn apo (Asεm no); deε wͻdii ho fεw no ho asεm bεba wͻn so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ كَمۡ أَنۢبَتۡنَا فِيهَا مِن كُلِّ زَوۡجٖ كَرِيمٍ
Anaasε wͻnhunuu nneεma papa ahodoͻ a Yεma no fifiri wͻ asaase no soͻ?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wͻn mu pii nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذۡ نَادَىٰ رَبُّكَ مُوسَىٰٓ أَنِ ٱئۡتِ ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn frεε Mose (ka kyerεε no) sε: “Kͻ amanfoͻ abͻneεfoͻ no hͻ, --
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَوۡمَ فِرۡعَوۡنَۚ أَلَا يَتَّقُونَ
Farao nkorͻfoͻ no. Enti wͻnsuro Nyame?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ رَبِّ إِنِّيٓ أَخَافُ أَن يُكَذِّبُونِ
Mose kaa sε: ”Me Wura, mesuro sε wͻbεbu me ͻtorofo “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَضِيقُ صَدۡرِي وَلَا يَنطَلِقُ لِسَانِي فَأَرۡسِلۡ إِلَىٰ هَٰرُونَ
M’akoma nso sua, na me kεtrεma nso ntumi nkasa yie, enti soma Aaron (ma no ne me nkͻ),
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَهُمۡ عَلَيَّ ذَنۢبٞ فَأَخَافُ أَن يَقۡتُلُونِ
Na (Farao ne nenkorͻfoͻ) wͻ (awudisεm ho) bͻne bi tia me, enti mesuro sε wͻbɛku me” .
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ كَلَّاۖ فَٱذۡهَبَا بِـَٔايَٰتِنَآۖ إِنَّا مَعَكُم مُّسۡتَمِعُونَ
(Nyankopͻn) kaa sε: ”Ɛmma saa da. Mo mmienu monfa Yε nsεnkyerεnee nkͻ. Nokorε sε, Yε ka mo ho, Yεte“.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأۡتِيَا فِرۡعَوۡنَ فَقُولَآ إِنَّا رَسُولُ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Enti mo mmienu monkͻ Farao hͻ na monka sε: “Nokorε, yεyε Abͻdeε nyinaa Wura no asomafoͻ;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَنۡ أَرۡسِلۡ مَعَنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
Na ma Israel mma no ne yεn nkͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ أَلَمۡ نُرَبِّكَ فِينَا وَلِيدٗا وَلَبِثۡتَ فِينَا مِنۡ عُمُرِكَ سِنِينَ
Farao kaa sε: “Ɛnyε yεn mu ha ara na yεtetee wo ԑberԑ a woyԑ akͻdaa? Ɛna wode wo mfeɛ pii tenaa yεn mu ha?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَفَعَلۡتَ فَعۡلَتَكَ ٱلَّتِي فَعَلۡتَ وَأَنتَ مِنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Ɛna woyεε wo neyεε a woyͻeε, εna wo kͻkaa boniayεfoͻ no ho “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ فَعَلۡتُهَآ إِذٗا وَأَنَا۠ مِنَ ٱلضَّآلِّينَ
(Mose) kaa sε: “Meyεε no wͻ εberε a na meka wͻn a wayera no ho “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَفَرَرۡتُ مِنكُمۡ لَمَّا خِفۡتُكُمۡ فَوَهَبَ لِي رَبِّي حُكۡمٗا وَجَعَلَنِي مِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
“Enti medwane firii mo hͻ wͻ aberε a na mesuro mo; enti me Wura Nyankopͻn adom ama me adwen, εna Ɔde me aka asomafoͻ no ho “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتِلۡكَ نِعۡمَةٞ تَمُنُّهَا عَلَيَّ أَنۡ عَبَّدتَّ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
“Woi ne adom a wode adom me a wodeka m’anim sε wode Israel mma ayε nkoa? “
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ فِرۡعَوۡنُ وَمَا رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Farao kaa sε: ”Hwan ne Abͻdeε nyinaa Wura no?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ رَبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَآۖ إِن كُنتُم مُّوقِنِينَ
Mose kaa sε: (Ɔne) ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu ntεm no Wura no, sε mo adwen si mopi a.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ لِمَنۡ حَوۡلَهُۥٓ أَلَا تَسۡتَمِعُونَ
Farao ka kyerεε wͻn a wͻatwa ne ho ahyia no sε: “Moante? “
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ رَبُّكُمۡ وَرَبُّ ءَابَآئِكُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Mose kaa sε: (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn, ne moagyanom tetefoͻ no Wura Nyankopͻn no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ إِنَّ رَسُولَكُمُ ٱلَّذِيٓ أُرۡسِلَ إِلَيۡكُمۡ لَمَجۡنُونٞ
Farao kaa sε: “Nokorε sε mo somafoͻ no a yεsomaa no mo hͻ no abͻ dam paa “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ رَبُّ ٱلۡمَشۡرِقِ وَٱلۡمَغۡرِبِ وَمَا بَيۡنَهُمَآۖ إِن كُنتُمۡ تَعۡقِلُونَ
Mose kaa sε: “Apueε ne atͻeε ne deε εwͻ ne mmienu no ntεm no Wura Nyankopͻn no, sε mowͻ adwen ampa a”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ لَئِنِ ٱتَّخَذۡتَ إِلَٰهًا غَيۡرِي لَأَجۡعَلَنَّكَ مِنَ ٱلۡمَسۡجُونِينَ
(Farao) kaa sε: ”(Mose), sε wofa nyame foforͻ bi ka me ho a, ampa sε mede wo bεka wͻn a wͻda afiaseε no ho “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ أَوَلَوۡ جِئۡتُكَ بِشَيۡءٖ مُّبِينٖ
Mose kaa sε: ”Na sε mede biribi pefee bi berε wo mpo a?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ فَأۡتِ بِهِۦٓ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Farao kaa sε: “Ɛneε fa bra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَلۡقَىٰ عَصَاهُ فَإِذَا هِيَ ثُعۡبَانٞ مُّبِينٞ
Enti Mose too ne poma no (too fᴐm) na hwε, ͻwͻ pefee bi nie.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَنَزَعَ يَدَهُۥ فَإِذَا هِيَ بَيۡضَآءُ لِلنَّٰظِرِينَ
Oyii ne nsa na hwε, na ayε fitaa dema obi a ohunu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ لِلۡمَلَإِ حَوۡلَهُۥٓ إِنَّ هَٰذَا لَسَٰحِرٌ عَلِيمٞ
Farao ka kyerεε nhemfo a atwa ne ho ahyia no sε :”Nokorε sε, woi yε nkoyaayini a onim de.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يُرِيدُ أَن يُخۡرِجَكُم مِّنۡ أَرۡضِكُم بِسِحۡرِهِۦ فَمَاذَا تَأۡمُرُونَ
Ɔpε sε ͻde ne konyaa no bɛyi mo fri mo asaase no soͻ, enti deεn na morehyε, (anaasε modwen sεn)?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُوٓاْ أَرۡجِهۡ وَأَخَاهُ وَٱبۡعَثۡ فِي ٱلۡمَدَآئِنِ حَٰشِرِينَ
Wͻkaa sε: “Ma ͻne ne nua no ntwεn, na soma dawubͻfoͻ ma wͻnkכ nkuro so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَأۡتُوكَ بِكُلِّ سَحَّارٍ عَلِيمٖ
Wᴐde nkoyaayifoͻ a wͻn aben paa na wͻnim de nyinaa bԑbrε wo”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَجُمِعَ ٱلسَّحَرَةُ لِمِيقَٰتِ يَوۡمٖ مَّعۡلُومٖ
Enti nkoyaayifoͻ no bɛhyiaa wͻ εda a wahyε a wͻnim no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقِيلَ لِلنَّاسِ هَلۡ أَنتُم مُّجۡتَمِعُونَ
Wͻka kyerεε amanfoͻ no sε: “Mo (nyinaa) moahyia?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَعَلَّنَا نَتَّبِعُ ٱلسَّحَرَةَ إِن كَانُواْ هُمُ ٱلۡغَٰلِبِينَ
”Sεdeε yεbɛdi (Farao) nkoyaayifoͻ no akyi sε εkͻba sε wͻdi nkonim a”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَمَّا جَآءَ ٱلسَّحَرَةُ قَالُواْ لِفِرۡعَوۡنَ أَئِنَّ لَنَا لَأَجۡرًا إِن كُنَّا نَحۡنُ ٱلۡغَٰلِبِينَ
Enti εberε a nkoyaayifoͻ no baeε no, wͻka kyerεε Farao sε: “Sε εkͻba sε yɛdi nkonim a yεbenya akatua bi anaa?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ نَعَمۡ وَإِنَّكُمۡ إِذٗا لَّمِنَ ٱلۡمُقَرَّبِينَ
Farao kaa sε: “Aane, εno deε na εyε nokorε sε mobεka wͻn a wͻbεn (me) no ho”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ لَهُم مُّوسَىٰٓ أَلۡقُواْ مَآ أَنتُم مُّلۡقُونَ
Mose ka kyerεε wͻn sε: “Monto deε mobεtoͻ”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَلۡقَوۡاْ حِبَالَهُمۡ وَعِصِيَّهُمۡ وَقَالُواْ بِعِزَّةِ فِرۡعَوۡنَ إِنَّا لَنَحۡنُ ٱلۡغَٰلِبُونَ
Enti wͻtoo wͻn nhoma ne wͻn mpoma too fᴐm, na wͻkaa sε: “Farao tumi mu nti yεn na yεbɛdi nkonim!”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَلۡقَىٰ مُوسَىٰ عَصَاهُ فَإِذَا هِيَ تَلۡقَفُ مَا يَأۡفِكُونَ
Enti Mose nso too ne poma no na hwε, εmemeneee wͻn atorͻsεm a wabͻ wͻn trim ayε no (nyinaa).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأُلۡقِيَ ٱلسَّحَرَةُ سَٰجِدِينَ
Enti nkoyaayifoͻ no kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm (maa Nyankopͻn);
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Wͻkaa sε: “Yɛagye abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
رَبِّ مُوسَىٰ وَهَٰرُونَ
Mose ne Aaron Wura Nyankopͻn no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ ءَامَنتُمۡ لَهُۥ قَبۡلَ أَنۡ ءَاذَنَ لَكُمۡۖ إِنَّهُۥ لَكَبِيرُكُمُ ٱلَّذِي عَلَّمَكُمُ ٱلسِّحۡرَ فَلَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَۚ لَأُقَطِّعَنَّ أَيۡدِيَكُمۡ وَأَرۡجُلَكُم مِّنۡ خِلَٰفٖ وَلَأُصَلِّبَنَّكُمۡ أَجۡمَعِينَ
(Farao) kaa sε: “Moadikan agye no adi aberε a menya maa mo ho kwan? Nokorε sε, (Mose) ne mo panin a ͻkyerεε mo nkoyaa yie! Mobɛhunu. Mɛtwitwa mo nsa ne mo nan abͻ no abira, na mabͻ mo nyinaa asennua mu“.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ لَا ضَيۡرَۖ إِنَّآ إِلَىٰ رَبِّنَا مُنقَلِبُونَ
Nkoyaayifoͻ no kaa sε: “Ɛnsεe hwee! Nokorε sε yɛ Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّا نَطۡمَعُ أَن يَغۡفِرَ لَنَا رَبُّنَا خَطَٰيَٰنَآ أَن كُنَّآ أَوَّلَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε, yεwͻ awerεhyem sε, yɛ Wura Nyankopͻn de yεn mfomsoͻ bεkyε yεn sε yεn ne nnipa a wͻn adikan agye adie “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ أَنۡ أَسۡرِ بِعِبَادِيٓ إِنَّكُم مُّتَّبَعُونَ
Yɛyi kyerεε Mose sε: ”Fa Me nkoa no tu kwan no anadwo, na nokorε sε (Farao ne ne nkorͻfoͻ) bɛtaa mo”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَرۡسَلَ فِرۡعَوۡنُ فِي ٱلۡمَدَآئِنِ حَٰشِرِينَ
Enti Farao somaa dawubͻfoͻ kͻͻ nkuro no so-
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ لَشِرۡذِمَةٞ قَلِيلُونَ
Sε: ”Nokorε sε saa nkorͻfoͻ yi yε dͻm kakraa bi,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّهُمۡ لَنَا لَغَآئِظُونَ
Nanso nokorε sε, wͻhyε yεn abufuo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّا لَجَمِيعٌ حَٰذِرُونَ
Nokorε sε yɛyε ɛdͻm a yεdͻͻso na yɛada yεn ho so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَخۡرَجۡنَٰهُم مِّن جَنَّٰتٖ وَعُيُونٖ
Enti Yɛyii wͻn firii turo ne nsuo aniwa ho,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَكُنُوزٖ وَمَقَامٖ كَرِيمٖ
Ne ahonyadeε ne animuonyam gyina berε (biara) mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَٰلِكَۖ وَأَوۡرَثۡنَٰهَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
Saa ara, na Yεmaa Israel mma no bɛdii wͻn adeε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَتۡبَعُوهُم مُّشۡرِقِينَ
Enti wͻtaa wͻn wͻ εberε a na awia apue.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَمَّا تَرَٰٓءَا ٱلۡجَمۡعَانِ قَالَ أَصۡحَٰبُ مُوسَىٰٓ إِنَّا لَمُدۡرَكُونَ
Ԑberε a εdͻm mmienu no hunuu wͻn ho no, Mose nkorͻfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, (Farao ne ne dͻm yi) bεto yεn “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ كَلَّآۖ إِنَّ مَعِيَ رَبِّي سَيَهۡدِينِ
Mose kaa sε: “Ɛmma saa da! Nokorε sε, Me Wura Nyankopͻn ka me ho, Ɔbεkyerε me kwan “
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَوۡحَيۡنَآ إِلَىٰ مُوسَىٰٓ أَنِ ٱضۡرِب بِّعَصَاكَ ٱلۡبَحۡرَۖ فَٱنفَلَقَ فَكَانَ كُلُّ فِرۡقٖ كَٱلطَّوۡدِ ٱلۡعَظِيمِ
Enti Yeyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no bͻ ͻpo no mu “. Na emu kyekyεe, na ne nkyekyεmu no mu biara bεyεε sε bepͻ kεseε bi.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَزۡلَفۡنَا ثَمَّ ٱلۡأٓخَرِينَ
Enti Yεde ekuo baako no (Farao nkorͻfoͻ) no bεn saa bea hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَنجَيۡنَا مُوسَىٰ وَمَن مَّعَهُۥٓ أَجۡمَعِينَ
Na Yεgyee Mose ne wͻn a wͻka ne ho no nyinaa nkwa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ثُمَّ أَغۡرَقۡنَا ٱلۡأٓخَرِينَ
Afei Yεmaa nsuo faa (ekuo) baako no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻnnye nnie.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn no Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ إِبۡرَٰهِيمَ
Kenkan Abraham nso ho asεm no kyerε wͻn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ قَالَ لِأَبِيهِ وَقَوۡمِهِۦ مَا تَعۡبُدُونَ
Ɛberε a ͻka kyerεε ne papa ne ne nkorͻfoͻ no sε: “Ԑdeεn na moresom yi?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ نَعۡبُدُ أَصۡنَامٗا فَنَظَلُّ لَهَا عَٰكِفِينَ
Wͻkaa sε: “Yεsom abosom, na yεbεkͻso de yεn ho ama wͻn”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ هَلۡ يَسۡمَعُونَكُمۡ إِذۡ تَدۡعُونَ
(Abraham) kaa sε: ”Enti sε mosufrε wͻn a wͻtie mo?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوۡ يَنفَعُونَكُمۡ أَوۡ يَضُرُّونَ
Anaasε monya wͻn ho mfasoͻ anaasε ͻhaw bi?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ بَلۡ وَجَدۡنَآ ءَابَآءَنَا كَذَٰلِكَ يَفۡعَلُونَ
Wͻkaa sε: “Daabi, nanso yεbεtoo y’agyanom sε saa ara na na wͻreyε”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ أَفَرَءَيۡتُم مَّا كُنتُمۡ تَعۡبُدُونَ
(Abraham) kaa sε: “ Enti moahunu deε mosom-
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَنتُمۡ وَءَابَآؤُكُمُ ٱلۡأَقۡدَمُونَ
Mo ne mo agyanom tetefoͻ no?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَإِنَّهُمۡ عَدُوّٞ لِّيٓ إِلَّا رَبَّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε, wͻyε m’atamfo, gyesε Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِي خَلَقَنِي فَهُوَ يَهۡدِينِ
(Abͻdeε nyinaa Wura) no a Ɔbͻͻ me, Ɔno na ͻkyerε me kwan.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلَّذِي هُوَ يُطۡعِمُنِي وَيَسۡقِينِ
Ɔno na Ɔma me aduane die, na Ɔma me nsuo nom;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذَا مَرِضۡتُ فَهُوَ يَشۡفِينِ
Sε meyare a Ɔno na Ɔsa me yadeε,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلَّذِي يُمِيتُنِي ثُمَّ يُحۡيِينِ
Ɔno na Ɔbεma me awuo na afei Wasan anyane me (afri owuo mu).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلَّذِيٓ أَطۡمَعُ أَن يَغۡفِرَ لِي خَطِيٓـَٔتِي يَوۡمَ ٱلدِّينِ
Ɔno na me wͻ anidaasoͻ sε Ɔde me mfomsoͻ bεkyε me wͻ Akatua da no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
رَبِّ هَبۡ لِي حُكۡمٗا وَأَلۡحِقۡنِي بِٱلصَّٰلِحِينَ
Me Wura Nyankopͻn, ma me nyansa, adwen ne nteaseε, na fa me ka apapafoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱجۡعَل لِّي لِسَانَ صِدۡقٖ فِي ٱلۡأٓخِرِينَ
Na ma nkyirimma no mmͻ me din pa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱجۡعَلۡنِي مِن وَرَثَةِ جَنَّةِ ٱلنَّعِيمِ
Na fa me ka wͻn a wͻbɛdi adeε wͻ anigyeε Aheman no mu no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱغۡفِرۡ لِأَبِيٓ إِنَّهُۥ كَانَ مِنَ ٱلضَّآلِّينَ
Na fa m’agya bͻne kyε no, nokorε sε ͻka ayerafoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَا تُخۡزِنِي يَوۡمَ يُبۡعَثُونَ
Na engu m’anim ase wͻ Wusͻreε da,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَوۡمَ لَا يَنفَعُ مَالٞ وَلَا بَنُونَ
Ɛda no a sika anaa ahonyadeԑ ne mma ho mma mfasoͻ no,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِلَّا مَنۡ أَتَى ٱللَّهَ بِقَلۡبٖ سَلِيمٖ
Gyesε obia ͻde akoma pa, anaa akoma a emu teε bεba Nyankopͻn hͻ no,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأُزۡلِفَتِ ٱلۡجَنَّةُ لِلۡمُتَّقِينَ
Na yεde Aheman no bεbεn Nyamesurofoͻ no,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَبُرِّزَتِ ٱلۡجَحِيمُ لِلۡغَاوِينَ
Na yεbɛyi Amanehunu gya no adi akyerε ayerafoͻ no -;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقِيلَ لَهُمۡ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡ تَعۡبُدُونَ
Yԑbԑka akyerε wͻn sε: “Deε na mosom no wͻ hen?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مِن دُونِ ٱللَّهِ هَلۡ يَنصُرُونَكُمۡ أَوۡ يَنتَصِرُونَ
(Deε na mo) fri Nyankopͻn akyi (som wͻn no)? Wͻbetumi aboa mo, anaasε wͻbetumi aboa wͻn ara wͻn ho?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَكُبۡكِبُواْ فِيهَا هُمۡ وَٱلۡغَاوُۥنَ
Na yεbεto wͻn (abosom) no ne ayerafoͻ no ama wͻde wͻn ti adikan akͻ (Ogya no) mu-
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَجُنُودُ إِبۡلِيسَ أَجۡمَعُونَ
Ne ͻbonsam asafo no nyinaa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ وَهُمۡ فِيهَا يَخۡتَصِمُونَ
Ɛberε a wͻbεko wͻ (Ogya no) mu no wͻbεka sε:
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
تَٱللَّهِ إِن كُنَّا لَفِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٍ
“Yεdͻ Nyame sε, na yεwͻ ͻyera pefee mu;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ نُسَوِّيكُم بِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɛberε a yεde mo totoo Abͻdeε nyinaa Wura no ho no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَضَلَّنَآ إِلَّا ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Ɛnyε obi na ɔyeraa yɛn, na mmom abͻneεfoͻ no ara na wͻmaa yεyeraeε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَمَا لَنَا مِن شَٰفِعِينَ
Enti seesei yɛnni otwitwagyefoͻ biara,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَا صَدِيقٍ حَمِيمٖ
Anaa yͻnkoͻ brεboͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَوۡ أَنَّ لَنَا كَرَّةٗ فَنَكُونَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Sε yεrenya kwan asan akͻ y’akyi (wͻ wiase) bio a, anka yεbεka agyidiefoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَّبَتۡ قَوۡمُ نُوحٍ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Noa nkorͻfoɔ no annye asomafoͻ no anni
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ قَالَ لَهُمۡ أَخُوهُمۡ نُوحٌ أَلَا تَتَّقُونَ
Ɛberε a wͻn nua Noa ka kyerεε wͻn sε: “Enti monnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ
Nokorε sε meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ ma mo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَىٰ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Memmisa (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ قَالُوٓاْ أَنُؤۡمِنُ لَكَ وَٱتَّبَعَكَ ٱلۡأَرۡذَلُونَ
Wͻkaa sε: “Yεnye wo nni wͻ aberε a (nnipa mu) mpapahwekwa a wͻnni mmu na wͻdi w’akyire?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ وَمَا عِلۡمِي بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Noa kaa sε: “Ɛdeεn nimdeε na mewͻ wͻ deε wͻyε ho?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنۡ حِسَابُهُمۡ إِلَّا عَلَىٰ رَبِّيۖ لَوۡ تَشۡعُرُونَ
Wͻn akontabuo deε me Wura Nyankopͻn hͻ na εwͻ, sε monim ampa a.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَنَا۠ بِطَارِدِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Medeε (Menni ho tumi sε) mεpamo agyidiefoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنۡ أَنَا۠ إِلَّا نَذِيرٞ مُّبِينٞ
Medeε nokorε (m’adwuma) ne sε, meyε kͻkͻbͻni pefee”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ لَئِن لَّمۡ تَنتَهِ يَٰنُوحُ لَتَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمَرۡجُومِينَ
Wͻkaa sε: “Noa, sε woanyae (wofrε no a) nokorε sε wobεka wͻn a yɛsi wͻn aboͻ (ku wͻn) no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ رَبِّ إِنَّ قَوۡمِي كَذَّبُونِ
(Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, me nkorͻfoͻ no abu me ͻtorofoᴐ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱفۡتَحۡ بَيۡنِي وَبَيۡنَهُمۡ فَتۡحٗا وَنَجِّنِي وَمَن مَّعِيَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Enti bu me ne wͻn ntεm atεn, na gye me ne agyidiefoͻ no a wͻka me ho no (fri abͻneεfoͻ no nsam.)”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَنجَيۡنَٰهُ وَمَن مَّعَهُۥ فِي ٱلۡفُلۡكِ ٱلۡمَشۡحُونِ
Enti Yεgyee no ne wͻn a wͻka ne ho no nkwa wͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ثُمَّ أَغۡرَقۡنَا بَعۡدُ ٱلۡبَاقِينَ
Afei Yεmaa nsuo faa nkaeε no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Nokorε sε nsεnkyerεnee wɔ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَّبَتۡ عَادٌ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Aadfoͻ no annye asomafoͻ no anni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ قَالَ لَهُمۡ أَخُوهُمۡ هُودٌ أَلَا تَتَّقُونَ
Ɛberε a wͻn nua Huud ka kyerεε wͻn sε: “Adεn monnsuro Nyame?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ
Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyame na monyε sotie ma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَىٰ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَتَبۡنُونَ بِكُلِّ رِيعٍ ءَايَةٗ تَعۡبَثُونَ
Mosisi adan akεseε wͻ mea mea a εhͻ korͻn wͻ akwan ho de gye mo ani kwa (wͻ aberε a montena mu)?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتَتَّخِذُونَ مَصَانِعَ لَعَلَّكُمۡ تَخۡلُدُونَ
Mosisi aban soroͻ a εyε fε nso ma mo ho tesε deε mobεtena mu afe bͻͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذَا بَطَشۡتُم بَطَشۡتُمۡ جَبَّارِينَ
Sε mosͻ (obi mu anaasε mo nsa ka obi a), mosͻ ne mu anaasε mo ne no di no wͻ atrimuͻden so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱتَّقُواْ ٱلَّذِيٓ أَمَدَّكُم بِمَا تَعۡلَمُونَ
Monsuro Nea Ɔde deε monim no adom mo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَمَدَّكُم بِأَنۡعَٰمٖ وَبَنِينَ
Ɔde ayεmmoa ne mma adom mo,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَجَنَّٰتٖ وَعُيُونٍ
Ne mfuo ne nsuo aniwa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّيٓ أَخَافُ عَلَيۡكُمۡ عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Nokorε sε, medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ho asεm ma mo”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ سَوَآءٌ عَلَيۡنَآ أَوَعَظۡتَ أَمۡ لَمۡ تَكُن مِّنَ ٱلۡوَٰعِظِينَ
Wͻkaa sε: “Sε wotu yεn fo o, anaasε woanka afutufoͻ no ho o, εyε asεm korͻ ma yεn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا خُلُقُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Woi deε εyε tetefoͻ no suban no bia,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا نَحۡنُ بِمُعَذَّبِينَ
Yεntwe yεn aso biara “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَكَذَّبُوهُ فَأَهۡلَكۡنَٰهُمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Wͻbuu no ͻtorofo, enti Yεsεee wͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَّبَتۡ ثَمُودُ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Samuudfoͻ buu Asomafoͻ no atorofo;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ قَالَ لَهُمۡ أَخُوهُمۡ صَٰلِحٌ أَلَا تَتَّقُونَ
Ɛberε a wͻn nua Soalhu ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ
Nokorε sε, meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ de ma mo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَىٰ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَتُتۡرَكُونَ فِي مَا هَٰهُنَآ ءَامِنِينَ
Enti (modwen sε) yɛbɛgyae mo wͻ abodwoɔ mu wͻ deε mo wͻ mu wͻ εha yi ho?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فِي جَنَّٰتٖ وَعُيُونٖ
Wͻ turo ne nsutire mu,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَزُرُوعٖ وَنَخۡلٖ طَلۡعُهَا هَضِيمٞ
Ne mfudeε ne akyiresua a εso aba a agu nhyerεnee na abͻ esa-sa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتَنۡحِتُونَ مِنَ ٱلۡجِبَالِ بُيُوتٗا فَٰرِهِينَ
Modwa mmepͻ mu deyε afie a moadare mu (anaa mode tu mo ho).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَا تُطِيعُوٓاْ أَمۡرَ ٱلۡمُسۡرِفِينَ
Na monhwε na moanni nsεmmͻnedifoͻ no ahyεdeε so,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِينَ يُفۡسِدُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا يُصۡلِحُونَ
Wͻn a wͻdi nsεmmͻne wͻ asaase no soͻ na wͻntoto ntotoeε pa no “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُوٓاْ إِنَّمَآ أَنتَ مِنَ ٱلۡمُسَحَّرِينَ
Wͻkaa sε: “Woka wͻn a konya anya wͻn no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مَآ أَنتَ إِلَّا بَشَرٞ مِّثۡلُنَا فَأۡتِ بِـَٔايَةٍ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Woyε nipa tesε yεn ara, enti fa nsεnkyerεnee bi bra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a.”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ هَٰذِهِۦ نَاقَةٞ لَّهَا شِرۡبٞ وَلَكُمۡ شِرۡبُ يَوۡمٖ مَّعۡلُومٖ
(Soalhu) kaa sε: “Yoma bedeε bi nie, ͻwͻ ho kwan sε ͻnom (nsuo), ɛna monso mo wɔ ho kwan sε monom (nsuo) wͻ εda a yɛahyε (ama mo ne yoma no).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَا تَمَسُّوهَا بِسُوٓءٖ فَيَأۡخُذَكُمۡ عَذَابُ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Monhwε yie na moanyε no bͻne biara, amma asotwee ammεsͻ mo mu da kεseε bi “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَعَقَرُوهَا فَأَصۡبَحُواْ نَٰدِمِينَ
Nanso wͻkum no, enti wͻbɛnuu wͻn ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَخَذَهُمُ ٱلۡعَذَابُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Enti asotwee no sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَّبَتۡ قَوۡمُ لُوطٍ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Lut nkorͻfoͻ no buu asomafoͻ no atorofoᴐ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ قَالَ لَهُمۡ أَخُوهُمۡ لُوطٌ أَلَا تَتَّقُونَ
Ɛberε a wͻn nua Lut ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ
Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَىٰ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Memmisa mo akatua (wͻ nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho; mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَتَأۡتُونَ ٱلذُّكۡرَانَ مِنَ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Abͻdeε no mu no mmarima ho na mokͻ?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتَذَرُونَ مَا خَلَقَ لَكُمۡ رَبُّكُم مِّنۡ أَزۡوَٰجِكُمۚ بَلۡ أَنتُمۡ قَوۡمٌ عَادُونَ
Ɛna mogyae deε mo Wura Nyankopͻn abͻ ama mo a εyε mo ayerenom? Daabi, moyε amanfoͻ mmaratofoͻ paa“.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ لَئِن لَّمۡ تَنتَهِ يَٰلُوطُ لَتَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُخۡرَجِينَ
Wͻkaa sε: “Lut, sε wanyae (wonsεm no ka a) wobεka wͻn a yɛapamo wͻn anaa yɛatu wͻn (afiri y’asaase soͻ) no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ إِنِّي لِعَمَلِكُم مِّنَ ٱلۡقَالِينَ
Ɔkaa sε: “Nokorε sε, mekyiri metan mo neyεε no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
رَبِّ نَجِّنِي وَأَهۡلِي مِمَّا يَعۡمَلُونَ
Me Wura Nyankopͻn, gye me ne m’abusuafoͻ fri deε wͻreyε no mu “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَنَجَّيۡنَٰهُ وَأَهۡلَهُۥٓ أَجۡمَعِينَ
Enti Yεgyee no ne n’abusuafoͻ nyinaa-
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِلَّا عَجُوزٗا فِي ٱلۡغَٰبِرِينَ
Gyesε (ne yere) aberewa no, ͻkaa wͻn a wͻkaa akyire no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ثُمَّ دَمَّرۡنَا ٱلۡأٓخَرِينَ
Afei Yεsεee wͻn a aka no pasaa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَمۡطَرۡنَا عَلَيۡهِم مَّطَرٗاۖ فَسَآءَ مَطَرُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Yεtͻͻ nsuo (a ԑyԑ asotwee) paa de guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa ma wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَّبَ أَصۡحَٰبُ لۡـَٔيۡكَةِ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Na Aikatfoͻ no buu asomafoͻ no atorofoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ قَالَ لَهُمۡ شُعَيۡبٌ أَلَا تَتَّقُونَ
Ɛberε a Shu’aib ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ
Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ
Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَىٰ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no ho) akatua, mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ أَوۡفُواْ ٱلۡكَيۡلَ وَلَا تَكُونُواْ مِنَ ٱلۡمُخۡسِرِينَ
Monhyε (biribiara) ma no nyε mma, na monhwε yie na moammͻ (amanfoͻ) nyansa korͻno.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَزِنُواْ بِٱلۡقِسۡطَاسِ ٱلۡمُسۡتَقِيمِ
Monfa nsanea a εtenee na ensusu (adeε ma amanfoͻ).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَا تَبۡخَسُواْ ٱلنَّاسَ أَشۡيَآءَهُمۡ وَلَا تَعۡثَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ مُفۡسِدِينَ
Monhwε na moanfa nyansa (korͻno kwan so) ante amanfoͻ nneεma so (ansisi wͻn) amma nsεmmͻnee annkͻso wͻ asaase no so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱتَّقُواْ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ وَٱلۡجِبِلَّةَ ٱلۡأَوَّلِينَ
Na monsuro Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo ne awoͻ ntotoasoͻ a edii kan no “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُوٓاْ إِنَّمَآ أَنتَ مِنَ ٱلۡمُسَحَّرِينَ
Wͻkaa sε: ”Wodeε woka wͻn a konya anya wͻn no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَنتَ إِلَّا بَشَرٞ مِّثۡلُنَا وَإِن نَّظُنُّكَ لَمِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
Woyε onipa tesε yεn ara, na yεn deε yεdwene sε woka nkontompofoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَسۡقِطۡ عَلَيۡنَا كِسَفٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ إِن كُنتَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Enti sε woyε nokwafoͻ ampa a εneε ma ͻsoro no mu sini bi mmu mɛgu yεn so“.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ رَبِّيٓ أَعۡلَمُ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn nim dwuma a modie no (nyinaa) “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَكَذَّبُوهُ فَأَخَذَهُمۡ عَذَابُ يَوۡمِ ٱلظُّلَّةِۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٍ
Wͻbuu no ᴐtorofoᴐ, enti asotwee sͻͻ wͻn mu wͻ nwunu da anaa esum da bi mu. Nokorε sε na εyε asotwee kεseε Da.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗۖ وَمَا كَانَ أَكۡثَرُهُم مُّؤۡمِنِينَ
Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّ رَبَّكَ لَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّهُۥ لَتَنزِيلُ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε (Qur’aan yi) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
نَزَلَ بِهِ ٱلرُّوحُ ٱلۡأَمِينُ
Honhom Nokwafoͻ no (Gabriel) na ͻdesiane
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
عَلَىٰ قَلۡبِكَ لِتَكُونَ مِنَ ٱلۡمُنذِرِينَ
baa w’akoma mu, sεdeε wobεka akͻkͻbͻfoͻ no ho,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
بِلِسَانٍ عَرَبِيّٖ مُّبِينٖ
Wͻ Arab kasa pefee no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِنَّهُۥ لَفِي زُبُرِ ٱلۡأَوَّلِينَ
Nokorε sε, (Qur’aan yi, ne Nkͻmhyεni Muhammad ho asεm) wͻ Nyamesεm Nwoma a edii kan (Tawra ne Injeel) no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوَلَمۡ يَكُن لَّهُمۡ ءَايَةً أَن يَعۡلَمَهُۥ عُلَمَٰٓؤُاْ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
Enti εnyε nsεnkyerεnee mma Quraishfoᴐ no sε Israel mu nwomanimfoͻ no nim yie (sε Qur’aan ho nkͻmhyε wͻ Tawra ne Injeel no mu)?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَوۡ نَزَّلۡنَٰهُ عَلَىٰ بَعۡضِ ٱلۡأَعۡجَمِينَ
Sε Yɛsianee (Qur’aan yi) maa obi a ͻnyε Arabni mpo–
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَقَرَأَهُۥ عَلَيۡهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ مُؤۡمِنِينَ
Ɛna ͻrekenkan kyerε wͻn a, anka wͻnnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
كَذَٰلِكَ سَلَكۡنَٰهُ فِي قُلُوبِ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Saa ara na Yεma (gye a wͻnnye Qur’aan nnie) no wura abͻneεfoͻ no akoma mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَا يُؤۡمِنُونَ بِهِۦ حَتَّىٰ يَرَوُاْ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَلِيمَ
Wͻnnye nni kͻpem sε wͻbɛhunu asotwee yaaya no ansa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَيَأۡتِيَهُم بَغۡتَةٗ وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
Ɛbεba wͻn so mpofirem a wͻnnim ho hwee koraa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَيَقُولُواْ هَلۡ نَحۡنُ مُنظَرُونَ
Ԑhͻ na wͻbεka sε: ”Enti yεmma yεn ahomegye berε?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَفَبِعَذَابِنَا يَسۡتَعۡجِلُونَ
Enti Y’asotwee na wͻrepε no ntεm no?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَفَرَءَيۡتَ إِن مَّتَّعۡنَٰهُمۡ سِنِينَ
(Nkͻmhyεni), enti wahunu? Sε Yεma wͻn mfeɛ tenten mpo a,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ثُمَّ جَآءَهُم مَّا كَانُواْ يُوعَدُونَ
Deε yɛahyε wͻn ho bͻ no ba wͻn so a,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يُمَتَّعُونَ
(Mfe tenten a wͻdiiε) de gyee wͻn ani no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَآ أَهۡلَكۡنَا مِن قَرۡيَةٍ إِلَّا لَهَا مُنذِرُونَ
Yɛansεe kuro bi gyesε (Yɛdi kan ma) wͻnya kͻkͻbͻfoͻ -
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ذِكۡرَىٰ وَمَا كُنَّا ظَٰلِمِينَ
De afutusεm (brԑ wᴐn); na Yεn nyεε bͻne da.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا تَنَزَّلَتۡ بِهِ ٱلشَّيَٰطِينُ
Ԑnyε abonsamfoͻ na wͻsianee (Qur’aan) yi,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا يَنۢبَغِي لَهُمۡ وَمَا يَسۡتَطِيعُونَ
Na εmfata wͻn, na wͻntumi mpo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّهُمۡ عَنِ ٱلسَّمۡعِ لَمَعۡزُولُونَ
Nokorε sε yɛatwe wͻn afri (Qur’aan yi) ho kͻ akyirikyiri sε wͻbεtie mpo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَا تَدۡعُ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَ فَتَكُونَ مِنَ ٱلۡمُعَذَّبِينَ
Enti hwε na wansu amfrε nyame foforͻ biara anka Nyankopͻn ho na wo ankͻka wͻn a yεbεtwe wͻn aso no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَنذِرۡ عَشِيرَتَكَ ٱلۡأَقۡرَبِينَ
Na bͻ w’abusuafoͻ no a wͻbεn (woͻ) no nso kͻkͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱخۡفِضۡ جَنَاحَكَ لِمَنِ ٱتَّبَعَكَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Na berε w’ataban ase fa ma agyidiefoͻ no a wͻdi w'akyire no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَإِنۡ عَصَوۡكَ فَقُلۡ إِنِّي بَرِيٓءٞ مِّمَّا تَعۡمَلُونَ
Na sε wͻantie wo a, ka sε: “Medeε matwe me ho afri dwuma a modie no ho “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱلۡعَزِيزِ ٱلرَّحِيمِ
Na fa wo ho to Otumfoͻ no a otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻhunufoͻ Hene no so;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِي يَرَىٰكَ حِينَ تَقُومُ
(Otumfoͻ) no a Ohu wo wͻ εberε a wasͻre agyina hͻ (rebͻ mpaeε anadwo),
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتَقَلُّبَكَ فِي ٱلسَّٰجِدِينَ
Ne w’ahokeka wͻ wͻn a wͻde wͻn anim abutu fͻm (frε Nyame) no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هَلۡ أُنَبِّئُكُمۡ عَلَىٰ مَن تَنَزَّلُ ٱلشَّيَٰطِينُ
Enti Menkyerε mo obia abonsamfoͻ siane ba ne soͻ?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
تَنَزَّلُ عَلَىٰ كُلِّ أَفَّاكٍ أَثِيمٖ
Wͻsiane ba onipa biara a ͻyε nkontomponi, bͻnefoͻ no so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يُلۡقُونَ ٱلسَّمۡعَ وَأَكۡثَرُهُمۡ كَٰذِبُونَ
(Nipa bͻneni no a) ͻyε aso de ma (ͻbonsam), na wͻn mu dodoͻ no ara yε nkontompofoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلشُّعَرَآءُ يَتَّبِعُهُمُ ٱلۡغَاوُۥنَ
Na wᴐn a wᴐka anwensԑm no deε ayerafoͻ no na wͻdi wͻn akyi.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّهُمۡ فِي كُلِّ وَادٖ يَهِيمُونَ
Wonhunuu sε wͻdi akͻneaba wͻ bonhwa biara mu, (ka biribiara ho asεm, kamfo deε εyε ne deε εnyε nyinaa wͻ anwensԑm mu?)
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَنَّهُمۡ يَقُولُونَ مَا لَا يَفۡعَلُونَ
Nokorԑ sԑ wͻka deε wͻnyε ho asεm.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِلَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَذَكَرُواْ ٱللَّهَ كَثِيرٗا وَٱنتَصَرُواْ مِنۢ بَعۡدِ مَا ظُلِمُواْۗ وَسَيَعۡلَمُ ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ أَيَّ مُنقَلَبٖ يَنقَلِبُونَ
Gyesε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa, na wͻkaekae Nyankopͻn (wͻ εberε) biara (mu), na wͻbͻ wͻn ho ban wͻ akyire yi a yɛasisi wͻn. Na wͻn a wͻyε bͻne no bɛhunu bea korͻ a wͻbεdane wͻn ho akͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: ছুৰা আশ্ব-শ্বুআৰা
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আশ্বান্তি অনুবাদ - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

আশ্বান্তি ভাষাত কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ- অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল

বন্ধ