Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-ক্বাচাচ   আয়াত:
وَمَآ أُوتِيتُم مِّن شَيۡءٖ فَمَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَزِينَتُهَاۚ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰٓۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Adeε biara a yεde ama mo no yε wiase yi mu akͻnhoma ne emu afεεfεdeε. Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no εno mmom na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa. Adεn, monte asεm ase anaa?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَفَمَن وَعَدۡنَٰهُ وَعۡدًا حَسَنٗا فَهُوَ لَٰقِيهِ كَمَن مَّتَّعۡنَٰهُ مَتَٰعَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ هُوَ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ مِنَ ٱلۡمُحۡضَرِينَ
Enti obi a Yεde (ͻsoro Aheman no mu) bͻhyε pa no ahyε no bͻ, na ͻbɛhyia (saa bͻhyε no wͻ Onyame hͻ) no, ͻtesε obi a Yεde wiase mu anigye deε ama no na Wusͻreε da no ͻbεka wͻn a yεde wͻn bεba (asotwee mu abεtwe n’aso)?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَوۡمَ يُنَادِيهِمۡ فَيَقُولُ أَيۡنَ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ
Saa Da no Nyankopͻn bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻyε M’ahokafoͻ no wͻ hen?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالَ ٱلَّذِينَ حَقَّ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلُ رَبَّنَا هَٰٓؤُلَآءِ ٱلَّذِينَ أَغۡوَيۡنَآ أَغۡوَيۡنَٰهُمۡ كَمَا غَوَيۡنَاۖ تَبَرَّأۡنَآ إِلَيۡكَۖ مَا كَانُوٓاْ إِيَّانَا يَعۡبُدُونَ
Wͻn a asεm no nokorε atia wͻn no bεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, woi nom a yεyeraa wͻn no, yεyeraa wͻn efrisε na yεn nso yɛayera. Yεresan yεn ho wͻ W’anim. Ɛnyε yεn na na wͻsom yεn”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقِيلَ ٱدۡعُواْ شُرَكَآءَكُمۡ فَدَعَوۡهُمۡ فَلَمۡ يَسۡتَجِيبُواْ لَهُمۡ وَرَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَۚ لَوۡ أَنَّهُمۡ كَانُواْ يَهۡتَدُونَ
Yεbεka akyerε wͻn sε: “Monfrε wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no. Enti wͻbɛsu afrε wͻn, nanso wͻnnye wͻn so; na wͻbɛhunu asotwee no. (Saa Da no wͻbεpε) sε anka wͻfaa kwan tenenee no so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَوۡمَ يُنَادِيهِمۡ فَيَقُولُ مَاذَآ أَجَبۡتُمُ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Kae Ɛda no a (Nyankopͻn) bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: ”Mmuaeε bεn na mode maa Asomafoͻ no?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَعَمِيَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلۡأَنۢبَآءُ يَوۡمَئِذٖ فَهُمۡ لَا يَتَسَآءَلُونَ
Saa Da no asεm no mu nnahͻ mma wͻn yie (anaasε wͻntumi mma muaeε pa biara), na wͻntumi mmisa wͻn ho wͻn ho nso.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَمَّا مَن تَابَ وَءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَعَسَىٰٓ أَن يَكُونَ مِنَ ٱلۡمُفۡلِحِينَ
Na mmom obia ͻbεsakra n’adwen, na wagye adie, na wadi dwuma pa no, ebia ͻbεka nkonimdifoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَرَبُّكَ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُ وَيَخۡتَارُۗ مَا كَانَ لَهُمُ ٱلۡخِيَرَةُۚ سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Wo Wura Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε, εna Oyi (nea Ɔpε). Ɛnyε wͻn asεdeε sε wͻn na wͻyi (nea wͻpε). Kronkron ne animuonyam Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَرَبُّكَ يَعۡلَمُ مَا تُكِنُّ صُدُورُهُمۡ وَمَا يُعۡلِنُونَ
Wo Wura Nyankopͻn Nim deε asuma wͻ wͻn akoma mu, ne deε wͻda no adie.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَهُوَ ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ لَهُ ٱلۡحَمۡدُ فِي ٱلۡأُولَىٰ وَٱلۡأٓخِرَةِۖ وَلَهُ ٱلۡحُكۡمُ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Ɔne Nyankopᴐn, awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho. Ɔno na ayeyie no wͻ no wͻ wiase yi mu ne Daakye no nso; na Ɔno na atemmuo no yε Ne dea, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-ক্বাচাচ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ