Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আহযাব   আয়াত:
وَمَا كَانَ لِمُؤۡمِنٖ وَلَا مُؤۡمِنَةٍ إِذَا قَضَى ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ أَمۡرًا أَن يَكُونَ لَهُمُ ٱلۡخِيَرَةُ مِنۡ أَمۡرِهِمۡۗ وَمَن يَعۡصِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَقَدۡ ضَلَّ ضَلَٰلٗا مُّبِينٗا
Ɛnfata mma gyidini barima anaasε gyidini baa bi sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ bεyε nhyehyεeε bi na εbεyε wͻn sε, deε wͻpε no na εyε kyεn (Nyankopͻn ne Ne somafoͻ deε) no. Obia ͻbεyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ (asɛm ho) asoͻden no, nokorε sε (saa nipa no) ayera yera pefee paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذۡ تَقُولُ لِلَّذِيٓ أَنۡعَمَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ وَأَنۡعَمۡتَ عَلَيۡهِ أَمۡسِكۡ عَلَيۡكَ زَوۡجَكَ وَٱتَّقِ ٱللَّهَ وَتُخۡفِي فِي نَفۡسِكَ مَا ٱللَّهُ مُبۡدِيهِ وَتَخۡشَى ٱلنَّاسَ وَٱللَّهُ أَحَقُّ أَن تَخۡشَىٰهُۖ فَلَمَّا قَضَىٰ زَيۡدٞ مِّنۡهَا وَطَرٗا زَوَّجۡنَٰكَهَا لِكَيۡ لَا يَكُونَ عَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ حَرَجٞ فِيٓ أَزۡوَٰجِ أَدۡعِيَآئِهِمۡ إِذَا قَضَوۡاْ مِنۡهُنَّ وَطَرٗاۚ وَكَانَ أَمۡرُ ٱللَّهِ مَفۡعُولٗا
(Nkͻmhyεni), kae εberε nso a woka kyerεε obi a Nyankopͻn adom no, na wonso w’adom no no sε: “Ka wo yere no bata wo ho, na suro Nyankopͻn.” Nanso wode deε Nyankopͻn bεda no adie no ahyε w’akoma mu, na wosuro nnipa, na Nyankopͻn na εwͻ ho kwan sε wosuro no. Enti εberε a Zaid guu ͻne (Zainab) awadeε no, Yεde (ͻbaa) no maa wo (Nkͻmhyεni) awadeε sεdeε (daakye bi no) εnkͻ yε asεm mma agyidiefoͻ no fa wͻn nkͻdaa a wͻte wͻn nkyεn yerenom awadeε ho wͻ εberε a wͻn agu awadeε no. Nyankopͻn ahyεdeε na εbεyε hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مَّا كَانَ عَلَى ٱلنَّبِيِّ مِنۡ حَرَجٖ فِيمَا فَرَضَ ٱللَّهُ لَهُۥۖ سُنَّةَ ٱللَّهِ فِي ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلُۚ وَكَانَ أَمۡرُ ٱللَّهِ قَدَرٗا مَّقۡدُورًا
Soboͻ biara nni Nkͻmhyεni no so wͻ deε Nyankopͻn ayε no nhyε ama no, anaasε Wama no ho kwan ho; (εyε) Nyankopͻn sa a Watwa ato hͻ ama wͻn a watwa mu korͻ no. Nyankopͻn ahyεdeε ne nhyehyεε a εbεyε hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِينَ يُبَلِّغُونَ رِسَٰلَٰتِ ٱللَّهِ وَيَخۡشَوۡنَهُۥ وَلَا يَخۡشَوۡنَ أَحَدًا إِلَّا ٱللَّهَۗ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ حَسِيبٗا
Wͻn a wͻbͻ Nyankopͻn Nsεm no ho dawuro na wͻsuro no no, wͻnsuro obiara ka Nyankopͻn ho. Na Nyankopͻn som bo wͻ nkontabuo mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مَّا كَانَ مُحَمَّدٌ أَبَآ أَحَدٖ مِّن رِّجَالِكُمۡ وَلَٰكِن رَّسُولَ ٱللَّهِ وَخَاتَمَ ٱلنَّبِيِّـۧنَۗ وَكَانَ ٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا
Ɛnyε mo mmarima no mu biara agya ne Muhammad, na mmom (ͻyε) Nyankopͻn Somafoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ no (nyinaa) nea otwa toͻ. Nyankopͻn na Onim biribiara.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱذۡكُرُواْ ٱللَّهَ ذِكۡرٗا كَثِيرٗا
Mo a moagye adie, monkaekae Nyankopͻn, na moma (ne ho) nkaekaeε no nnͻͻso bebree,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَسَبِّحُوهُ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلًا
Na montontom no anͻpa ne anwummerε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هُوَ ٱلَّذِي يُصَلِّي عَلَيۡكُمۡ وَمَلَٰٓئِكَتُهُۥ لِيُخۡرِجَكُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۚ وَكَانَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ رَحِيمٗا
Ɔno na Ɔne N’asoro abͻfoͻ hyira mo, sεdeε Obeyi mo afri esum mu akͻ εhyεn no mu. Ɔyε Mmͻborͻhunufoͻ ma agyidiefoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আহযাব
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ