Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আঝ-ঝুখৰূফ   আয়াত:
وَمَا نُرِيهِم مِّنۡ ءَايَةٍ إِلَّا هِيَ أَكۡبَرُ مِنۡ أُخۡتِهَاۖ وَأَخَذۡنَٰهُم بِٱلۡعَذَابِ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Nsεnkyerεnee a Yɛyi kyerεε wͻn (akyire yi) biara no, na εso kyεn ne nua (nsεnkyerεnee dada a edii kan no); na Yεde asotwee sͻͻ wͻn mu sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri kwan bͻne so aba kwan pa no soͻ).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقَالُواْ يَٰٓأَيُّهَ ٱلسَّاحِرُ ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ بِمَا عَهِدَ عِندَكَ إِنَّنَا لَمُهۡتَدُونَ
Asεm a wͻka kyerεε (Mose) ne sε: “Nkonyaayini, frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn sεdeε Ɔne wo bͻhyε kyerε no. Nokorε sε yεbεfa tenenee (kwan no) so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابَ إِذَا هُمۡ يَنكُثُونَ
Nanso εberε a Yɛyii asotwee no firii wͻn soͻ no, hwε! wͻbuu bͻhyε no so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَنَادَىٰ فِرۡعَوۡنُ فِي قَوۡمِهِۦ قَالَ يَٰقَوۡمِ أَلَيۡسَ لِي مُلۡكُ مِصۡرَ وَهَٰذِهِ ٱلۡأَنۡهَٰرُ تَجۡرِي مِن تَحۡتِيٓۚ أَفَلَا تُبۡصِرُونَ
Farao bͻͻ no dawuro wͻ nenkorͻfoͻ no mu, ͻkaa sε: “Ɛnyε me na Misirim ahennie no ne saa nsubͻnten a εnenam m’ase yi wͻ me? Enti monhunu anaa?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَمۡ أَنَا۠ خَيۡرٞ مِّنۡ هَٰذَا ٱلَّذِي هُوَ مَهِينٞ وَلَا يَكَادُ يُبِينُ
Menyε nkyεn (Mose) wei, animguaseε (nipa) yi a ɔntumi nkasa pefee yi?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَوۡلَآ أُلۡقِيَ عَلَيۡهِ أَسۡوِرَةٞ مِّن ذَهَبٍ أَوۡ جَآءَ مَعَهُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ مُقۡتَرِنِينَ
Adεn na yεmma no sika kͻkͻͻ nkapo, anaasε Soro abͻfoͻ mma mmεka ne ho ne no nto santen?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱسۡتَخَفَّ قَوۡمَهُۥ فَأَطَاعُوهُۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ قَوۡمٗا فَٰسِقِينَ
(Farao) yε maa ne nkorͻfoͻ no faa (asεm kεseε) no agodisεm, enti wͻyεε sotie maa no. Nokorε sε na wͻyε nkorͻfoͻ a wͻyε nsεmͻnedifoͻ paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَمَّآ ءَاسَفُونَا ٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡ فَأَغۡرَقۡنَٰهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Ɛberε a wͻhyεε Yεn abufuo no Yɛtuaa wͻn bͻne no so ka, na Yεmaa nsuo faa wͻn nyinaa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَجَعَلۡنَٰهُمۡ سَلَفٗا وَمَثَلٗا لِّلۡأٓخِرِينَ
Na Yεyεε wͻn nsεnnahͻ ne mfatoho de maa nkyiri mma no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ وَلَمَّا ضُرِبَ ٱبۡنُ مَرۡيَمَ مَثَلًا إِذَا قَوۡمُكَ مِنۡهُ يَصِدُّونَ
Ɛberε a yεbͻͻ Mar’yam ba (Yesu) din yεε mfatoho no, hwε sε na wo nkorͻfoͻ no de anigyeε reyε dede.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقَالُوٓاْ ءَأَٰلِهَتُنَا خَيۡرٌ أَمۡ هُوَۚ مَا ضَرَبُوهُ لَكَ إِلَّا جَدَلَۢاۚ بَلۡ هُمۡ قَوۡمٌ خَصِمُونَ
Wͻkaa sε: “Y’abosom no mmom na εyε anaa sε ͻno (Yesu)? Ɛnyε hwee ho nti na wͻyԑԑ saa mfatoho yi kyerԑԑ woᴐ, na mmom akyinnyeε nti. Aane, wͻyε nkorͻfoͻ bi a wͻyε akyinnyegyefoͻ paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنۡ هُوَ إِلَّا عَبۡدٌ أَنۡعَمۡنَا عَلَيۡهِ وَجَعَلۡنَٰهُ مَثَلٗا لِّبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ
(Yesu) gyinaberε ara ne sε ͻyε (Onyankopͻn) akoa a Yεde Y’adom dom no na Yεde no yεε mfatoho maa Israel mma.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَوۡ نَشَآءُ لَجَعَلۡنَا مِنكُم مَّلَٰٓئِكَةٗ فِي ٱلۡأَرۡضِ يَخۡلُفُونَ
Sε Yεpε a nka Yεbεma mo mu bi ayԑ Soro abͻfoͻ asi moanan mu wͻ asaase so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আঝ-ঝুখৰূফ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ