Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-জাছিয়াহ   আয়াত:
أَفَرَءَيۡتَ مَنِ ٱتَّخَذَ إِلَٰهَهُۥ هَوَىٰهُ وَأَضَلَّهُ ٱللَّهُ عَلَىٰ عِلۡمٖ وَخَتَمَ عَلَىٰ سَمۡعِهِۦ وَقَلۡبِهِۦ وَجَعَلَ عَلَىٰ بَصَرِهِۦ غِشَٰوَةٗ فَمَن يَهۡدِيهِ مِنۢ بَعۡدِ ٱللَّهِۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Wonhunuu nea wafa n’apεdeε ayε ne nyame no? Onyankopͻn Nim (saa nipa no), na ɔgyae no ma no yera, na Ɔsi n’aso ne n’akoma na Ɔde akatasoͻ kata n’ani. Na hwan na ɔbɛfiri Nyankopͻn akyi atene (saa nipa) no? Adεn monnwen anaa?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقَالُواْ مَا هِيَ إِلَّا حَيَاتُنَا ٱلدُّنۡيَا نَمُوتُ وَنَحۡيَا وَمَا يُهۡلِكُنَآ إِلَّا ٱلدَّهۡرُۚ وَمَا لَهُم بِذَٰلِكَ مِنۡ عِلۡمٍۖ إِنۡ هُمۡ إِلَّا يَظُنُّونَ
Deε wͻka ne sε: ”Hwee nni hͻ bio ka yεn wiase asetena yi ho. Yεrewu na yεsan te nkwa mu, na hwee nsεe yεn sε εberε“. (Nkͻmhyεni, saa nkorͻfoͻ yi) nni εno ho nimdeε; deε wͻn adwen yε wͻn (na wͻrekeka no).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا بَيِّنَٰتٖ مَّا كَانَ حُجَّتَهُمۡ إِلَّآ أَن قَالُواْ ٱئۡتُواْ بِـَٔابَآئِنَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn nyinasoͻ ara ne sε: “Sε moyε nokwafoͻ ampa a εneε monfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra (nkwa mu bio ma yεnhwε)“.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلِ ٱللَّهُ يُحۡيِيكُمۡ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يَجۡمَعُكُمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ لَا رَيۡبَ فِيهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn na Ɔma mo nkwa, na afei Wama mo awu, ansa na Waboaboa mo ano wͻ Wusͻreε da a akyingyeε biara nni ho no mu; nanso nnipa pii nnim.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَيَوۡمَ تَقُومُ ٱلسَّاعَةُ يَوۡمَئِذٖ يَخۡسَرُ ٱلۡمُبۡطِلُونَ
Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɛda a Dᴐnhwere no bεso no, saa Da no wͻn a wͻdii nkontompo akyire no bεbrε agu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَتَرَىٰ كُلَّ أُمَّةٖ جَاثِيَةٗۚ كُلُّ أُمَّةٖ تُدۡعَىٰٓ إِلَىٰ كِتَٰبِهَا ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
(Saa Da no) wobɛhu ͻman biara sε wabu nkotodwe. Yεbεfrε ͻman biara akͻ ne (dwumadie) Nwoma no mu. Saa Da no dwuma a modiiε no so na (yɛbɛgyina) atua mo ka.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هَٰذَا كِتَٰبُنَا يَنطِقُ عَلَيۡكُم بِٱلۡحَقِّۚ إِنَّا كُنَّا نَسۡتَنسِخُ مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Yεn Nwoma woi, asεm nokorε a εfa mo ho na εka. Nokorε sε na Yεtwerε dwuma a na modie biara.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَيُدۡخِلُهُمۡ رَبُّهُمۡ فِي رَحۡمَتِهِۦۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡمُبِينُ
Wͻn a wͻgye diiε na wͻdii dwuma pa no deε, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bɛwura N’ahummͻborͻ no mu, na εno ne nkonimdie pefee no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَمَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَفَلَمۡ تَكُنۡ ءَايَٰتِي تُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡ فَٱسۡتَكۡبَرۡتُمۡ وَكُنتُمۡ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ
(Yεbεka akyerε) wͻn a wͻyii boniayε no sε: “Enti yɛankenkan Me nsεm no ankyerε mo?” Nanso moyεε ahomasoͻ, na moyε amanfoͻ nnebͻneεfoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذَا قِيلَ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَٱلسَّاعَةُ لَا رَيۡبَ فِيهَا قُلۡتُم مَّا نَدۡرِي مَا ٱلسَّاعَةُ إِن نَّظُنُّ إِلَّا ظَنّٗا وَمَا نَحۡنُ بِمُسۡتَيۡقِنِينَ
Sε yεka kyerε mo sε: ‘’Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε ampa, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho a“, deε na moka ne sε: ”Yεdeε yɛnnim deε yεfrε no Dͻnhwere no. Yεdwen sε εyε adwen kyerε bi kwa, na yεdeε y’adwen nsi yεn pi wͻ ho.“
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-জাছিয়াহ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ