Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আহক্বাফ   আয়াত:
وَوَصَّيۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ بِوَٰلِدَيۡهِ إِحۡسَٰنًاۖ حَمَلَتۡهُ أُمُّهُۥ كُرۡهٗا وَوَضَعَتۡهُ كُرۡهٗاۖ وَحَمۡلُهُۥ وَفِصَٰلُهُۥ ثَلَٰثُونَ شَهۡرًاۚ حَتَّىٰٓ إِذَا بَلَغَ أَشُدَّهُۥ وَبَلَغَ أَرۡبَعِينَ سَنَةٗ قَالَ رَبِّ أَوۡزِعۡنِيٓ أَنۡ أَشۡكُرَ نِعۡمَتَكَ ٱلَّتِيٓ أَنۡعَمۡتَ عَلَيَّ وَعَلَىٰ وَٰلِدَيَّ وَأَنۡ أَعۡمَلَ صَٰلِحٗا تَرۡضَىٰهُ وَأَصۡلِحۡ لِي فِي ذُرِّيَّتِيٓۖ إِنِّي تُبۡتُ إِلَيۡكَ وَإِنِّي مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Yɛahyɛ onipa sε ͻnyε ayamyε mma na’wofoͻ. Ɔmaame nyinsεn no wͻ ͻberε ne ahometeε so, εna ͻwoo no wͻ ͻberε ne ahometeε mu. Ne nyinsɛn ne ne nufu ma yε abosome aduasa; kͻpem sε ɔbɛnyin na ɔbɛduru mfeɛ aduanan no ͻka sε: “Me wura Nyankopͻn, boa me na menfa W’adom a Wode adom me ne m’awofoͻ ho aseda mma Wo, na (boa me) ma menyε papa a εbεyε W’anisͻ, na yε m’asefoͻ yie ma me. Nokorε sε me sakra m’adwen dema Wo; na nokorε sε meka Muslimifoͻ (anaasε) wͻn a wͻbrε wͻn ho ase no ho”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ نَتَقَبَّلُ عَنۡهُمۡ أَحۡسَنَ مَا عَمِلُواْ وَنَتَجَاوَزُ عَن سَيِّـَٔاتِهِمۡ فِيٓ أَصۡحَٰبِ ٱلۡجَنَّةِۖ وَعۡدَ ٱلصِّدۡقِ ٱلَّذِي كَانُواْ يُوعَدُونَ
Saa nkorͻfoͻ yi na Yεbεgye wͻn dwumadi pa a wͻdiiε no, na yɛabͻ wͻn mfomsoͻ atra wͻ Soro ahemanmufoͻ no mu. (Wei yε) nokorε bͻhyε na yɛahyε wͻn no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلَّذِي قَالَ لِوَٰلِدَيۡهِ أُفّٖ لَّكُمَآ أَتَعِدَانِنِيٓ أَنۡ أُخۡرَجَ وَقَدۡ خَلَتِ ٱلۡقُرُونُ مِن قَبۡلِي وَهُمَا يَسۡتَغِيثَانِ ٱللَّهَ وَيۡلَكَ ءَامِنۡ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ فَيَقُولُ مَا هَٰذَآ إِلَّآ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Na mmom obi a ͻbεka akyerε n’awofoͻ (wͻ εberε a wͻrefrε no akͻ gyidie mu no) sε: “Medeε kyerε! Morehyε me bͻ sε (mewuo akyi no) mεsan apue (aba nkwa mu bio), aberε a awoͻ ntoatoasoͻ (pii) atwam wͻ m’anim (a wͻn mu biara nsͻreeε)? Na wͻn mmienu (agya ne εna no) srε Nyankopͻn mmoa (dema wͻn ba no, ka kyerε no sε): “Due nka wo, Gye di; nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε “Nanso deε ͻka ne sε: “Wei deε εyε tetefoͻ no anansesεm “
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ حَقَّ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلُ فِيٓ أُمَمٖ قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِهِم مِّنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِۖ إِنَّهُمۡ كَانُواْ خَٰسِرِينَ
Saa nkorͻfoͻ no na asεm no nokorε atia wͻn wͻ amanfoͻ a wͻatwa mu kͻ no wͻ Jinni ne adasamma no mu no. Nokorε sε wͻn aberε agu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلِكُلّٖ دَرَجَٰتٞ مِّمَّا عَمِلُواْۖ وَلِيُوَفِّيَهُمۡ أَعۡمَٰلَهُمۡ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Obiara wͻ abasobͻdeε sεdeε wͻn nwuma kyerε, sεdeε (Nyankopͻn) bɛtua wͻn nwuma so ka pεpεεpε, na yɛnni wͻn amim.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَوۡمَ يُعۡرَضُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ عَلَى ٱلنَّارِ أَذۡهَبۡتُمۡ طَيِّبَٰتِكُمۡ فِي حَيَاتِكُمُ ٱلدُّنۡيَا وَٱسۡتَمۡتَعۡتُم بِهَا فَٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ عَذَابَ ٱلۡهُونِ بِمَا كُنتُمۡ تَسۡتَكۡبِرُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَبِمَا كُنتُمۡ تَفۡسُقُونَ
Ɛda a yεde wͻn a wͻnnye nnie no bεba Ogya no anim no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monsa kaa mo wiase asetena no mu papa no, εna mode gyee moani. Enti εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na ɛbɛtua mo so ka wͻ moahomasoͻ a moyεε no wͻ asaase soͻ a na ɛnni ho kwan (sε moyε), εne mo nsεmmͻnee a modiiε no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আহক্বাফ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ