Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আনআম   আয়াত:
ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖ فَٱعۡبُدُوهُۚ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ وَكِيلٞ
Mo Wura Nyankopͻn no ne no, awurade foforͻ biara nnihͻ, gyesε Ɔno (nko ara) Ɔne biribiara Bͻfo; enti monsom no. Ɔno na biribiara twere no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَّا تُدۡرِكُهُ ٱلۡأَبۡصَٰرُ وَهُوَ يُدۡرِكُ ٱلۡأَبۡصَٰرَۖ وَهُوَ ٱللَّطِيفُ ٱلۡخَبِيرُ
Ani ntumi nnhu no, na Ɔno deε Ohu (deε) ani hunu (koduru nyinaa) na Ɔne Onitefoͻ no, Ɔne Amanebͻ Wura no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَدۡ جَآءَكُم بَصَآئِرُ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَنۡ أَبۡصَرَ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ عَمِيَ فَعَلَيۡهَاۚ وَمَآ أَنَا۠ عَلَيۡكُم بِحَفِيظٖ
Ampa sε anibue (anaa nimdeε anaasε nyinasoͻ pefee) fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ, na obia (obenya) ani de ahwε no (εyε) ma nekraa, na obia ͻbεma n’ani afira (wͻ ho no nso) etia ͻno ara, na me (Nkͻmhyεni) deε menyε moso ͻwεnfoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَكَذَٰلِكَ نُصَرِّفُ ٱلۡأٓيَٰتِ وَلِيَقُولُواْ دَرَسۡتَ وَلِنُبَيِّنَهُۥ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu, sεdeε (boniayεfoͻ no) bεka sε: ‘’Wasua’’ ne sεdeε Yε’bεkyerεkyerε mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱتَّبِعۡ مَآ أُوحِيَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ وَأَعۡرِضۡ عَنِ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
(Nkͻmhyεni), di adeε a yasiane fri wo Wura Nyankopͻn hͻ ama woͻ no akyi. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno (nko ara), na twe wo ho fri abosomsomfoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَآ أَشۡرَكُواْۗ وَمَا جَعَلۡنَٰكَ عَلَيۡهِمۡ حَفِيظٗاۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٖ
Sε Nyankopͻn pε a, anka wͻ’nnfa biribi mmata ne ho (nsom no), na yεnyεε wo wͻn so ͻwεnfoͻ, na wonnyε wͻn kyitaafoͻ nso.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَا تَسُبُّواْ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ فَيَسُبُّواْ ٱللَّهَ عَدۡوَۢا بِغَيۡرِ عِلۡمٖۗ كَذَٰلِكَ زَيَّنَّا لِكُلِّ أُمَّةٍ عَمَلَهُمۡ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّهِم مَّرۡجِعُهُمۡ فَيُنَبِّئُهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Hwε na moanni wͻn a wɔ’fri Nyankopͻn akyi som wͻn no atεm, na anhwε a na wͻ’de ͻtan akodi Nyankopͻn atεm wͻ aberε a wͻ’nnim. Saa ara na Y’ama amanfoͻ no mu biara nyuma ayε wͻn ara (ani so) fε, na wͻn Wura Nyankopͻn hͻ ne wͻn nnkyi, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no (nyinaa) ho amaneε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَئِن جَآءَتۡهُمۡ ءَايَةٞ لَّيُؤۡمِنُنَّ بِهَاۚ قُلۡ إِنَّمَا ٱلۡأٓيَٰتُ عِندَ ٱللَّهِۖ وَمَا يُشۡعِرُكُمۡ أَنَّهَآ إِذَا جَآءَتۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε anka nsεnkyerεnee bi baa wͻn hͻ a anka wͻ’bεgye adi”. Ka sε: ‘’Nsεnkyerεnee deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na εdeεn na εbεma mo (Muslimifoͻ no) atenka sε, sε nsεnkyerεnee bi bae mpo a anka wͻ’nnye nnie?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَنُقَلِّبُ أَفۡـِٔدَتَهُمۡ وَأَبۡصَٰرَهُمۡ كَمَا لَمۡ يُؤۡمِنُواْ بِهِۦٓ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَنَذَرُهُمۡ فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ
Sεdeε wͻ’annye anni deε edikan no, Yε’bεdane wͻn akoma ne wͻn ani (afri ͻkwan tenenee no so) na Y’agyae wͻn wͻ wͻn yera no mu ama wͻn akeka akͻ (sε anifirafoͻ).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আনআম
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ