আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আশ্বান্তি অনুবাদ * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: ছুৰা আল-মুল্ক   আয়াত:

Al-Mulk

تَبَٰرَكَ ٱلَّذِي بِيَدِهِ ٱلۡمُلۡكُ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Nhyira (Wura no) ne Nea Ahennie no wͻ Nensa mu no, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumii.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلۡمَوۡتَ وَٱلۡحَيَوٰةَ لِيَبۡلُوَكُمۡ أَيُّكُمۡ أَحۡسَنُ عَمَلٗاۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡغَفُورُ
Ɔno na Ɔbͻͻ owuo ne nkwa sε Ɔde bεsͻ mo ahwε (de akyerε) mo mu nea odi dwuma pa. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِي خَلَقَ سَبۡعَ سَمَٰوَٰتٖ طِبَاقٗاۖ مَّا تَرَىٰ فِي خَلۡقِ ٱلرَّحۡمَٰنِ مِن تَفَٰوُتٖۖ فَٱرۡجِعِ ٱلۡبَصَرَ هَلۡ تَرَىٰ مِن فُطُورٖ
Ɔno na W’abͻ soro nson a εtoatoa soͻ. Wonnhunu deε atͻ sin wͻ Ahummͻborͻ Hene no abͻdeε no mu; enti san hwε bio, woahunu baabi a apaepaeε?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ثُمَّ ٱرۡجِعِ ٱلۡبَصَرَ كَرَّتَيۡنِ يَنقَلِبۡ إِلَيۡكَ ٱلۡبَصَرُ خَاسِئٗا وَهُوَ حَسِيرٞ
Afei dane w’ani hwε, na san hwε bio, nhwεeε no bedane aba wͻ hͻ ama w’ani so ayε wo basaa abrε kwa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَقَدۡ زَيَّنَّا ٱلسَّمَآءَ ٱلدُّنۡيَا بِمَصَٰبِيحَ وَجَعَلۡنَٰهَا رُجُومٗا لِّلشَّيَٰطِينِۖ وَأَعۡتَدۡنَا لَهُمۡ عَذَابَ ٱلسَّعِيرِ
Nokorε sε, Yεde nkanea (nsoromma) asiesie ͻsoro a, εwͻ wiaseε no, εna Yayε (saa nkanea) no akodeε a yεto bͻ abonsamfoͻ no; Yasiesie Ogya tanaa asotwee ato wͻn hͻ nso.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلِلَّذِينَ كَفَرُواْ بِرَبِّهِمۡ عَذَابُ جَهَنَّمَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Wͻn a wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no (nso wͻ) Amanehunu gya asotwee, na nnkyi bͻne paa ne hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذَآ أُلۡقُواْ فِيهَا سَمِعُواْ لَهَا شَهِيقٗا وَهِيَ تَفُورُ
Sε yεto wͻn gu (egya no) mu a, wͻbεte sε εrepͻ soͻ na εrehuro.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
تَكَادُ تَمَيَّزُ مِنَ ٱلۡغَيۡظِۖ كُلَّمَآ أُلۡقِيَ فِيهَا فَوۡجٞ سَأَلَهُمۡ خَزَنَتُهَآ أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ نَذِيرٞ
Abufuo reyε ama (egya) no apae. Ԑberε biara a yεbεto (Kaafirfoͻ no mu) nnipa kuo bi agu mu no, (egya no) so Awεnfoͻ no bebisa wͻn sε: “Enti Kͻkͻbͻni biara amma mohͻ (amεbͻ mo kͻkͻ)?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ بَلَىٰ قَدۡ جَآءَنَا نَذِيرٞ فَكَذَّبۡنَا وَقُلۡنَا مَا نَزَّلَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٍ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا فِي ضَلَٰلٖ كَبِيرٖ
Wͻbεka sε: ”Aane, nokorε sε Kͻkͻbͻni baa yεn hͻ, nanso yԑfaa (asԑm no) atorosԑm, na yεkaa sε: ”Nyankopͻn nsianee hwee (maa obiara); na nokorε sε modeε mowͻ ͻyera kεseε paa mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَقَالُواْ لَوۡ كُنَّا نَسۡمَعُ أَوۡ نَعۡقِلُ مَا كُنَّا فِيٓ أَصۡحَٰبِ ٱلسَّعِيرِ
Wͻ’bεka sε: ”Sε yetiee (Asomafoͻ no asεm no), anaasε yε’dwenee ho a, anka y’ammεka Amane hunu gya no mu foͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱعۡتَرَفُواْ بِذَنۢبِهِمۡ فَسُحۡقٗا لِّأَصۡحَٰبِ ٱلسَّعِيرِ
Na wͻn bεgge wͻn bͻne atum, nanso Amanehunu gya no mu foͻ no (ne Nyame ahummͻborͻ) ntεm kwan ware.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يَخۡشَوۡنَ رَبَّهُم بِٱلۡغَيۡبِ لَهُم مَّغۡفِرَةٞ وَأَجۡرٞ كَبِيرٞ
Nokorε sε wͻn a wͻ’suro wͻn Wura (Nyankopͻn) wͻ kokoamu no benya bͻnefakyε ne akatua kεseε paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَسِرُّواْ قَوۡلَكُمۡ أَوِ ٱجۡهَرُواْ بِهِۦٓۖ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Mode moasεm sie o, anaa nso moda no adi o, nokorε sε, Ɔno Ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَلَا يَعۡلَمُ مَنۡ خَلَقَ وَهُوَ ٱللَّطِيفُ ٱلۡخَبِيرُ
Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no Onnim (N’abͻdeε)? Ɔne Onitefo a Onim biribiara mu yie, Amanebͻ Wura no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ ذَلُولٗا فَٱمۡشُواْ فِي مَنَاكِبِهَا وَكُلُواْ مِن رِّزۡقِهِۦۖ وَإِلَيۡهِ ٱلنُّشُورُ
Ɔno na W’ayε asaase aberε no ase ama mo, enti monfa emu akwan no so, na monidi wͻ N’akͻnhoma no mu, na Nehͻ na Owusͻreε no wͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ءَأَمِنتُم مَّن فِي ٱلسَّمَآءِ أَن يَخۡسِفَ بِكُمُ ٱلۡأَرۡضَ فَإِذَا هِيَ تَمُورُ
Anaasε moho atͻ mo sε, Nea Ɔwͻ soro no mma asaaase no mmene mo sε εwoso a?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَمۡ أَمِنتُم مَّن فِي ٱلسَّمَآءِ أَن يُرۡسِلَ عَلَيۡكُمۡ حَاصِبٗاۖ فَسَتَعۡلَمُونَ كَيۡفَ نَذِيرِ
Anaasε moho atͻ mo sε Nea Ɔwͻ soro no mma mframa den bi mmͻ mo (sεdeε εbͻͻ Aadfoͻ no)? (Ԑhͻ na) mobehunu sεdeε Me kͻkͻbͻ (akyiri asεm) siteε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَقَدۡ كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَكَيۡفَ كَانَ نَكِيرِ
Ampa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no buu (Asomafoͻ no) atorᴐfoᴐ; na sεdeε M’abufuhyeε (a εbaa wͻn so no) siteε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلطَّيۡرِ فَوۡقَهُمۡ صَٰٓفَّٰتٖ وَيَقۡبِضۡنَۚ مَا يُمۡسِكُهُنَّ إِلَّا ٱلرَّحۡمَٰنُۚ إِنَّهُۥ بِكُلِّ شَيۡءِۭ بَصِيرٌ
Anaasε wͻ’nhunuu nnomaa a wͻn wͻ wͻn apampamu a, wͻ’tu bae wͻn ntaban mu san ka to mu no? Obiara nkuta wͻn mu, na mmom Ahummͻborͻ Hene no ara. Nokorε sε, Ɔno na Ohunu biribiara.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَمَّنۡ هَٰذَا ٱلَّذِي هُوَ جُندٞ لَّكُمۡ يَنصُرُكُم مِّن دُونِ ٱلرَّحۡمَٰنِۚ إِنِ ٱلۡكَٰفِرُونَ إِلَّا فِي غُرُورٍ
Sε εnnyε Ahummͻborͻ Hene no a, hwan bio ne moasraafoͻ a, wͻ’bεboa mo? Nokorε sε, boniayεfoͻ no wͻ nnaadaa paa mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَمَّنۡ هَٰذَا ٱلَّذِي يَرۡزُقُكُمۡ إِنۡ أَمۡسَكَ رِزۡقَهُۥۚ بَل لَّجُّواْ فِي عُتُوّٖ وَنُفُورٍ
Sε osi N’akͻnhoma ho kwan a, hwan bio na ͻbεbͻ mo akͻnhoma? Nanso wͻ’kͻ so te atua dwane (Nokorε no).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَفَمَن يَمۡشِي مُكِبًّا عَلَىٰ وَجۡهِهِۦٓ أَهۡدَىٰٓ أَمَّن يَمۡشِي سَوِيًّا عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Enti obi a ͻnam a wasi neti ase ama n’anim wͻ fͻm no na atenee, anaasε obi a, ͻnam a w’atene ne ho nam kwan tenenee soͻ?.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنشَأَكُمۡ وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَۚ قَلِيلٗا مَّا تَشۡكُرُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɔno na Wabͻ mo, εna Wama mo aso ne ani ne akoma; (nanso) aseda kakraabi na mode da (no) aseε “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ هُوَ ٱلَّذِي ذَرَأَكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَإِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ
Ka sε: “Ɔno na Wama moase atrε wͻ asaase no soͻ, na Nehͻ na mobehyia“.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Wͻ’ka sε: “Ɛberε bεn na saa Bͻhyε yi besie, sε moyε nokwafoͻ ampa a “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ إِنَّمَا ٱلۡعِلۡمُ عِندَ ٱللَّهِ وَإِنَّمَآ أَنَا۠ نَذِيرٞ مُّبِينٞ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn hͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَمَّا رَأَوۡهُ زُلۡفَةٗ سِيٓـَٔتۡ وُجُوهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَقِيلَ هَٰذَا ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تَدَّعُونَ
Ɛberε a wͻbehunu sε ato (wͻn awie) no, boniayεfoͻ no anim bεyε awerεho (anaasε mͻbͻmͻbͻ), na yεbεka akyerε wͻn sε: “Woi na na morefrε (sε εmmra mosoͻ) no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِنۡ أَهۡلَكَنِيَ ٱللَّهُ وَمَن مَّعِيَ أَوۡ رَحِمَنَا فَمَن يُجِيرُ ٱلۡكَٰفِرِينَ مِنۡ عَذَابٍ أَلِيمٖ
Ka sε: “Mo hwε, sε εba sε Nyankopͻn mame ne wͻn a wͻ’ka meho no wu, anaasε Ohu yεn mmͻbͻ a, hwan na ͻbεgye boniayεfoͻ no afri asotwee yaaya no mu?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ءَامَنَّا بِهِۦ وَعَلَيۡهِ تَوَكَّلۡنَاۖ فَسَتَعۡلَمُونَ مَنۡ هُوَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ
Ka sε: Ɔne Ahummͻborͻ Hene no. Y’agye no adi, na Neso na yεde yεn ho toͻ, enti mobehunu obi a ͻwͻ ͻyera pefee mu paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ إِنۡ أَصۡبَحَ مَآؤُكُمۡ غَوۡرٗا فَمَن يَأۡتِيكُم بِمَآءٖ مَّعِينِۭ
Ka sε: “Mo nhwε, sε εba sε monsuo mmem kͻ fͻm a, hwan na (ͻbefri Nyankopͻn akyi) ama mo nsu korͻgyee a εretene?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: ছুৰা আল-মুল্ক
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আশ্বান্তি অনুবাদ - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

আশ্বান্তি ভাষাত কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ- অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল

বন্ধ