Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আ'ৰাফ   আয়াত:
۞ وَإِذۡ نَتَقۡنَا ٱلۡجَبَلَ فَوۡقَهُمۡ كَأَنَّهُۥ ظُلَّةٞ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُۥ وَاقِعُۢ بِهِمۡ خُذُواْ مَآ ءَاتَيۡنَٰكُم بِقُوَّةٖ وَٱذۡكُرُواْ مَا فِيهِ لَعَلَّكُمۡ تَتَّقُونَ
Kae εberε a Yεpagyaa bepͻ no wͻ wͻn apampamu tesε deε εyε kyinnieε, na wͻn adwen yεε wͻn sε εrebεte ahwe wͻn soͻ: (Yεka kyerεε wͻn sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε yεde ama mo no mu yie, na monkae deε εwͻ mu no sεdeε mobɛsuro Nyame ayε ahwεyie”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذۡ أَخَذَ رَبُّكَ مِنۢ بَنِيٓ ءَادَمَ مِن ظُهُورِهِمۡ ذُرِّيَّتَهُمۡ وَأَشۡهَدَهُمۡ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ أَلَسۡتُ بِرَبِّكُمۡۖ قَالُواْ بَلَىٰ شَهِدۡنَآۚ أَن تَقُولُواْ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ إِنَّا كُنَّا عَنۡ هَٰذَا غَٰفِلِينَ
Na kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yii Adam mma asefoͻ firii wͻn sisi mu maa wͻdii adanseε faa wͻn ara ho. (Obisaa wͻn sε): “Ɛnyε Me ne mo Wura Nyankopͻn? Wͻkaa sε: “Aane! Yεgye adanseε“. “Anhwε a Wusͻreε da no moakͻka sε yεdeε yɛnnim wei ho hwee”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوۡ تَقُولُوٓاْ إِنَّمَآ أَشۡرَكَ ءَابَآؤُنَا مِن قَبۡلُ وَكُنَّا ذُرِّيَّةٗ مِّنۢ بَعۡدِهِمۡۖ أَفَتُهۡلِكُنَا بِمَا فَعَلَ ٱلۡمُبۡطِلُونَ
Anaasε anhwε a na moakͻka sε: “Yɛn agyanom na wͻdii kan yεε (Nyankopͻn ho) mmataho na yεn deε na yεyε (wͻn) asefoͻ wͻ wͻn akyi. Na (Awurade), Wobεsεe yεn wͻ deε nkontompofoͻ no yͻeε no ho nti?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَكَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ وَلَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Saa ara na Yεkyerεkyerε Nsεm no mu sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn agyanom kwan a wͻresua no soͻ).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ ٱلَّذِيٓ ءَاتَيۡنَٰهُ ءَايَٰتِنَا فَٱنسَلَخَ مِنۡهَا فَأَتۡبَعَهُ ٱلشَّيۡطَٰنُ فَكَانَ مِنَ ٱلۡغَاوِينَ
Ka obi a Yεde Yεn nsεm no maa no na ͻtwee ne ho firii ho no asεm no kyerε wͻn; εnam so maa ͻbonsam dii n’akyi na ͻkͻkaa ayerafoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَوۡ شِئۡنَا لَرَفَعۡنَٰهُ بِهَا وَلَٰكِنَّهُۥٓ أَخۡلَدَ إِلَى ٱلۡأَرۡضِ وَٱتَّبَعَ هَوَىٰهُۚ فَمَثَلُهُۥ كَمَثَلِ ٱلۡكَلۡبِ إِن تَحۡمِلۡ عَلَيۡهِ يَلۡهَثۡ أَوۡ تَتۡرُكۡهُ يَلۡهَثۚ ذَّٰلِكَ مَثَلُ ٱلۡقَوۡمِ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۚ فَٱقۡصُصِ ٱلۡقَصَصَ لَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ
Sε Yεpε a anka Yεde (Nyame Asεm no) bεma no so (de no agyina gyinabrε a εso paa), nanso ͻde ne ho bataa asaase (anaa ͻde ne ho too wiase so) dii n’apεdeε akyi. Ne mfatoho tesε ͻkraman, sε woka ne so a ͻtwe ne kεtrεma, sε wogyae no nso a ͻtwe ne kεtrεma. Saa na wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no mfatoho teε. Enti ka abakͻsεm no kyerε wͻn sεdeε wͻbεfa adwen.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
سَآءَ مَثَلًا ٱلۡقَوۡمُ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَأَنفُسَهُمۡ كَانُواْ يَظۡلِمُونَ
Mfatoho bͻne ne wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻn asisi wͻn ara wͻn kraa no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَهُوَ ٱلۡمُهۡتَدِيۖ وَمَن يُضۡلِلۡ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno na wanya kwankyerε, na obi a Wayera no no, saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আল-আ'ৰাফ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ