Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Āl-‘Imrān   Ayah:
إِذۡ هَمَّت طَّآئِفَتَانِ مِنكُمۡ أَن تَفۡشَلَا وَٱللَّهُ وَلِيُّهُمَاۗ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ
Kae εberε a momu fekuo mmienu bi (Banu Salima ne Banu Haaris) yεε wͻn adwen sε anka wͻ’reyi ehuu adie no, na Nyankopͻn ne wͻn mmienu Kyitaafoͻ. Na Nyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلَقَدۡ نَصَرَكُمُ ٱللَّهُ بِبَدۡرٖ وَأَنتُمۡ أَذِلَّةٞۖ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Nokorε sε, Nyankopͻn boaa mo wͻ Badar (koo no mu) εberε a na monni ahoͻden. Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobeyi (no) ayε.
Arabic explanations of the Qur’an:
إِذۡ تَقُولُ لِلۡمُؤۡمِنِينَ أَلَن يَكۡفِيَكُمۡ أَن يُمِدَّكُمۡ رَبُّكُم بِثَلَٰثَةِ ءَالَٰفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ مُنزَلِينَ
Kae εberε a wo ka kyerεε agyidiefoͻ no sε: “Enti εnsom bo mma mo sε, mo Wura Nyankopͻn besiane Soro abͻfoͻ mpem mmiεnsa abεboa mo?”
Arabic explanations of the Qur’an:
بَلَىٰٓۚ إِن تَصۡبِرُواْ وَتَتَّقُواْ وَيَأۡتُوكُم مِّن فَوۡرِهِمۡ هَٰذَا يُمۡدِدۡكُمۡ رَبُّكُم بِخَمۡسَةِ ءَالَٰفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ مُسَوِّمِينَ
Aane, sε monya aboterε na mo suro Nyame, na sε atamfoᴐ no de wͻn abufuhyeε ba moso a, mo Wura Nyankopͻn de Soro abͻfoͻ mpem nnum a wɔ’ko wɔ anibere soɔ, (anaa) yahyε wɔn nso bεboa mo.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَا جَعَلَهُ ٱللَّهُ إِلَّا بُشۡرَىٰ لَكُمۡ وَلِتَطۡمَئِنَّ قُلُوبُكُم بِهِۦۗ وَمَا ٱلنَّصۡرُ إِلَّا مِنۡ عِندِ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ
Onyankopͻn yεε (saa bͻhyε yi) anigyesεm demaa mo, sεdeε moakoma bεtͻ moyεm wͻ ho. Na nkonimdie deε Nyankopͻn Tumfoͻ a Ɔso ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ nko ara na ɛwɔ.
Arabic explanations of the Qur’an:
لِيَقۡطَعَ طَرَفٗا مِّنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَوۡ يَكۡبِتَهُمۡ فَيَنقَلِبُواْ خَآئِبِينَ
Sεdeε Ɔbetwa boniayεfoͻ no bi atwene, anaasε Ɔbεma wͻn adi nkoguo na wͻ’asan akͻ na wͻn botaeε ayε kwa.
Arabic explanations of the Qur’an:
لَيۡسَ لَكَ مِنَ ٱلۡأَمۡرِ شَيۡءٌ أَوۡ يَتُوبَ عَلَيۡهِمۡ أَوۡ يُعَذِّبَهُمۡ فَإِنَّهُمۡ ظَٰلِمُونَ
Sε Nyankopͻn de wͻn bͻne bεkyε wͻn, anaasε Ɔbεtwe wͻn aso, εno deε εnyε w’asεm. Nokorε sε, wͻ’yε abͻneεfoͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ يَغۡفِرُ لِمَن يَشَآءُ وَيُعَذِّبُ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn; Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna ͻtwe obi a Ɔpε nso aso. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Arabic explanations of the Qur’an:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَأۡكُلُواْ ٱلرِّبَوٰٓاْ أَضۡعَٰفٗا مُّضَٰعَفَةٗۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ
Mo a moagye adie, monhwε na moani bosea nsihoo mmͻhoo-mmͻhoo; na monsuro Nyankopͻn sεdeε mobedi nkonim.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَٱتَّقُواْ ٱلنَّارَ ٱلَّتِيٓ أُعِدَّتۡ لِلۡكَٰفِرِينَ
Na monsuro Amanehunu gya no a yasiesie ama boniayεfoͻ no.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَٱلرَّسُولَ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ
Na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no sεdeε (Nyankopͻn) behu mo mmͻbͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Āl-‘Imrān
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close