Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Ar-Rūm   Ayah:
وَإِذَا مَسَّ ٱلنَّاسَ ضُرّٞ دَعَوۡاْ رَبَّهُم مُّنِيبِينَ إِلَيۡهِ ثُمَّ إِذَآ أَذَاقَهُم مِّنۡهُ رَحۡمَةً إِذَا فَرِيقٞ مِّنۡهُم بِرَبِّهِمۡ يُشۡرِكُونَ
Sε ͻhaw bi to nnipa a, wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn, brε wͻn ho ase ma no; na sε Ɔma wͻka ahummͻborͻ bi firi Ne hͻ hwε a, wobɛhunu sε wͻn mu bi de biribi abata wͻn Wura Nyankopͻn ho,
Arabic explanations of the Qur’an:
لِيَكۡفُرُواْ بِمَآ ءَاتَيۡنَٰهُمۡۚ فَتَمَتَّعُواْ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ
Sεdeε wͻbεpo deε Yεde ama wͻn no. Enti modeε monye mo ani na εnkyεre koraa mobɛhunu.
Arabic explanations of the Qur’an:
أَمۡ أَنزَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ سُلۡطَٰنٗا فَهُوَ يَتَكَلَّمُ بِمَا كَانُواْ بِهِۦ يُشۡرِكُونَ
Anaasε Yɛasiane tumii anaasε nyinasoͻ (Nwoma) bi ama wͻn a wͻgyina so de kasa fa deε wͻde abata Nyankopͻn ho no ho?
Arabic explanations of the Qur’an:
وَإِذَآ أَذَقۡنَا ٱلنَّاسَ رَحۡمَةٗ فَرِحُواْ بِهَاۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةُۢ بِمَا قَدَّمَتۡ أَيۡدِيهِمۡ إِذَا هُمۡ يَقۡنَطُونَ
Sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε a, na wͻn ani agye wͻ ho; na sε bͻne bi to wͻn wͻ dwuma a wͻn nsa adi ato wͻ anim no ho nti a, wobɛhunu sε wͻn aba mu abuo.
Arabic explanations of the Qur’an:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Anaasε wͻnhunuu sε Nyankopͻn ma akyɛdeɛ no bu obi a Ɔpε so, εna obi nso Osusu de ma no? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻgye die.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَـَٔاتِ ذَا ٱلۡقُرۡبَىٰ حَقَّهُۥ وَٱلۡمِسۡكِينَ وَٱبۡنَ ٱلسَّبِيلِۚ ذَٰلِكَ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ يُرِيدُونَ وَجۡهَ ٱللَّهِۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Enti monfa abusuafoͻ asεdeε ma wͻn, (na monfa) ahiafoͻ ne akwantufoͻ (nso asεdeε ma wͻn). Saa na εyε paa ma wͻn a wͻrepε Nyankopͻn hͻ animuonyam no. Saa nkorᴐfoᴐ no ne nkonimdifoͻ no.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَآ ءَاتَيۡتُم مِّن رِّبٗا لِّيَرۡبُوَاْ فِيٓ أَمۡوَٰلِ ٱلنَّاسِ فَلَا يَرۡبُواْ عِندَ ٱللَّهِۖ وَمَآ ءَاتَيۡتُم مِّن زَكَوٰةٖ تُرِيدُونَ وَجۡهَ ٱللَّهِ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُضۡعِفُونَ
Deε mode ma sε nsiho sεdeε εbεbͻ ho (ama mo) wͻ amanfoͻ sika mu no deε, enya mmͻhoo wͻ Nyankopͻn hͻ; na deε moyi no wͻ Zaka mu de hwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, woi nom na wͻbɛnya no mmͻhoo-mmͻhoo.
Arabic explanations of the Qur’an:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ ثُمَّ رَزَقَكُمۡ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يُحۡيِيكُمۡۖ هَلۡ مِن شُرَكَآئِكُم مَّن يَفۡعَلُ مِن ذَٰلِكُم مِّن شَيۡءٖۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbͻ mo akͻnhoma, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na afei Wasan anyane mo aba nkwa mu (bio). Enti wͻn a mode wͻn bata (Nyame) ho no betumi ayε woi nom mu bi? Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
Arabic explanations of the Qur’an:
ظَهَرَ ٱلۡفَسَادُ فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِ بِمَا كَسَبَتۡ أَيۡدِي ٱلنَّاسِ لِيُذِيقَهُم بَعۡضَ ٱلَّذِي عَمِلُواْ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Bͻne rekᴐso wͻ asaase so ne ͻpo so εnam deε nnipa nsa ayε nti, sεdeε Ɔbεma wͻn aka deε wͻn ayε no mu bi ahwε, sεdeε εbεyε na wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn bͻne no ho).
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Ar-Rūm
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close