Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Al-Ahzāb   Ayah:
تَحِيَّتُهُمۡ يَوۡمَ يَلۡقَوۡنَهُۥ سَلَٰمٞۚ وَأَعَدَّ لَهُمۡ أَجۡرٗا كَرِيمٗا
Ɛda a wͻbɛhyia no no, wͻn nkyea (a abͻfoͻ no de bεkyea wͻn) ne ‘Salaam’: Asomdwoeε; Wasiesie animuonyam akatua nso ama wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ شَٰهِدٗا وَمُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا
Nkͻmhyεni, nokorε Yɛasoma wo sε Ɔdanseni ne Anigyesɛm ne Kͻkͻbͻni ho bɔfoɔ,
Arabic explanations of the Qur’an:
وَدَاعِيًا إِلَى ٱللَّهِ بِإِذۡنِهِۦ وَسِرَاجٗا مُّنِيرٗا
Ne ͻfrεfrεni a ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ wͻ N’akwamma mu, ne Kanea a εhyerεn.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ بِأَنَّ لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَضۡلٗا كَبِيرٗا
Hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ sε, nokorε wͻn wͻ adom kεse a efri Nyankopͻn hͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَدَعۡ أَذَىٰهُمۡ وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلٗا
Na hwԑ na wantie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na εnfa wͻn haw no nyε asεm, na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
Arabic explanations of the Qur’an:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا نَكَحۡتُمُ ٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ ثُمَّ طَلَّقۡتُمُوهُنَّ مِن قَبۡلِ أَن تَمَسُّوهُنَّ فَمَا لَكُمۡ عَلَيۡهِنَّ مِنۡ عِدَّةٖ تَعۡتَدُّونَهَاۖ فَمَتِّعُوهُنَّ وَسَرِّحُوهُنَّ سَرَاحٗا جَمِيلٗا
Mo a moagye adie, sε moware agyidiefoͻ mmaa no na mogyae wͻn aberε a monya mfaa mo ho nkaa wͻn a, monni Idda biara wͻ wͻn ho a mobεsesee. Na mmom monsum wͻn na mo ma wͻnkͻ no kwan pa so.
Arabic explanations of the Qur’an:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِنَّآ أَحۡلَلۡنَا لَكَ أَزۡوَٰجَكَ ٱلَّٰتِيٓ ءَاتَيۡتَ أُجُورَهُنَّ وَمَا مَلَكَتۡ يَمِينُكَ مِمَّآ أَفَآءَ ٱللَّهُ عَلَيۡكَ وَبَنَاتِ عَمِّكَ وَبَنَاتِ عَمَّٰتِكَ وَبَنَاتِ خَالِكَ وَبَنَاتِ خَٰلَٰتِكَ ٱلَّٰتِي هَاجَرۡنَ مَعَكَ وَٱمۡرَأَةٗ مُّؤۡمِنَةً إِن وَهَبَتۡ نَفۡسَهَا لِلنَّبِيِّ إِنۡ أَرَادَ ٱلنَّبِيُّ أَن يَسۡتَنكِحَهَا خَالِصَةٗ لَّكَ مِن دُونِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَۗ قَدۡ عَلِمۡنَا مَا فَرَضۡنَا عَلَيۡهِمۡ فِيٓ أَزۡوَٰجِهِمۡ وَمَا مَلَكَتۡ أَيۡمَٰنُهُمۡ لِكَيۡلَا يَكُونَ عَلَيۡكَ حَرَجٞۗ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Nkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo w'ayerenom a watua wͻn tiri aseda no ho kwan, ne (mfenaa) a wͻyε wodea a Nyankopͻn de ama wo wͻ asadeε mu, εne wopapanom nua mma mmaa, ne wo nsewaanom mma mmaa, ne wo maame nua mmarima mma mmaa a wo ne wͻn tuu amantuo, ne gyedieni baa, sε ͻde ne ho ma Nkͻmhyεni, na sε Nkͻmhyεni pε sε ͻware no a, (woi) wͻ wo nko ara, agyidiefoͻ no nka ho. Ampa sε Yɛnim deε Yɛayε no nhyε ama (agyidiefoͻ no) wͻ wͻn ayerenom ho ne (wͻn mfenaa) wͻn a wͻyε wͻn dea no ho, sεdeε biribiara mmεda wo soͻ, efrisε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Al-Ahzāb
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close