Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Az-Zumar   Ayah:
خَلَقَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ ثُمَّ جَعَلَ مِنۡهَا زَوۡجَهَا وَأَنزَلَ لَكُم مِّنَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ ثَمَٰنِيَةَ أَزۡوَٰجٖۚ يَخۡلُقُكُمۡ فِي بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ خَلۡقٗا مِّنۢ بَعۡدِ خَلۡقٖ فِي ظُلُمَٰتٖ ثَلَٰثٖۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ لَهُ ٱلۡمُلۡكُۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُصۡرَفُونَ
Ɔbͻͻ mo firi honam baako pε mu, εna Ɔyεε ͻhokafoͻ firii ne mu, εna Wasiane ayεmmoa nwͻtwe no (yoma, nantwie odwan ne abrekyie, onini ne ͻbedeε) mmienu mmienu ama mo. Ɔbͻͻ mo wͻ mo maame nom yafunu mu, mmͻeε akyi mmͻeε akyi wͻ esum (ahodoͻ} mmiεnsa mu. Nyankopͻn ne no, (Ɔne) mo Wura no. Ahennie yε Ne dea. Awurade biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Na afei adεn nti na moredane mo ho?
Arabic explanations of the Qur’an:
إِن تَكۡفُرُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَنِيٌّ عَنكُمۡۖ وَلَا يَرۡضَىٰ لِعِبَادِهِ ٱلۡكُفۡرَۖ وَإِن تَشۡكُرُواْ يَرۡضَهُ لَكُمۡۗ وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۚ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُم مَّرۡجِعُكُمۡ فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Sε moyi boniayε a, nokorε sε Nyankopͻn deε Wanya ne ho kyεn mo. N’ani nnye ho sε Ne nkoa bεyε boniayεfoͻ. Sε moyi ayε a Ɔbεgye atom ama mo. Obia ͻso adesoa nsoa obi adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ ne mo nkyi na Ɔbεbͻ mo deε moyͻeε (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
۞ وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ضُرّٞ دَعَا رَبَّهُۥ مُنِيبًا إِلَيۡهِ ثُمَّ إِذَا خَوَّلَهُۥ نِعۡمَةٗ مِّنۡهُ نَسِيَ مَا كَانَ يَدۡعُوٓاْ إِلَيۡهِ مِن قَبۡلُ وَجَعَلَ لِلَّهِ أَندَادٗا لِّيُضِلَّ عَن سَبِيلِهِۦۚ قُلۡ تَمَتَّعۡ بِكُفۡرِكَ قَلِيلًا إِنَّكَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِ
Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε ne Wura Nyankopͻn dane ne ho (nyinaa) ma no, na sε Ɔkyε no Ne hͻ adom bi a, ne werε firi Nea na ͻresu frε no kane no, na ͻde biribi resusu no sεdeε ͻde bεyera Ne kwan no. Ka sε: “Wodeε gye w’ani wͻ wo boniayε no mu kakra. Nokorε sε, woka egya no mu foͻ no ho “.
Arabic explanations of the Qur’an:
أَمَّنۡ هُوَ قَٰنِتٌ ءَانَآءَ ٱلَّيۡلِ سَاجِدٗا وَقَآئِمٗا يَحۡذَرُ ٱلۡأٓخِرَةَ وَيَرۡجُواْ رَحۡمَةَ رَبِّهِۦۗ قُلۡ هَلۡ يَسۡتَوِي ٱلَّذِينَ يَعۡلَمُونَ وَٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَۗ إِنَّمَا يَتَذَكَّرُ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Enti obia ͻbrε ne ho ase (ma Nyankopͻn) anadwo berε, de n’anim butu fͻm, na ogyina hͻ (som Nyame), yε ahwεyie wͻ Daakye no ho, na ͻhwehwε ne Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no, (ͻtesε obi a ͻnye nnie)? (Nkͻmhyεni), kasε: “Enti wͻn a wͻnim ne wͻn a wͻnnim yε pε?“ Wͻn a wͻde (saa Afutusεm yi) bεto wͻn adwene mu no ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no.
Arabic explanations of the Qur’an:
قُلۡ يَٰعِبَادِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ رَبَّكُمۡۚ لِلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٞۗ وَأَرۡضُ ٱللَّهِ وَٰسِعَةٌۗ إِنَّمَا يُوَفَّى ٱلصَّٰبِرُونَ أَجۡرَهُم بِغَيۡرِ حِسَابٖ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Me nkoa a moagye adie, monsuro mo Wura Nyankopͻn. Wͻn a wͻyε papa wͻ saa wiase yi mu no, wͻ papa (ho akatua); na Nyankopͻn asaase no terε. Nokorε sε, Ɔbɛtua akatua a enni ano pεpεεpε ama aboterεfoͻ no.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Az-Zumar
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close