Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Muhammad   Ayah:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَوۡلَا نُزِّلَتۡ سُورَةٞۖ فَإِذَآ أُنزِلَتۡ سُورَةٞ مُّحۡكَمَةٞ وَذُكِرَ فِيهَا ٱلۡقِتَالُ رَأَيۡتَ ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ يَنظُرُونَ إِلَيۡكَ نَظَرَ ٱلۡمَغۡشِيِّ عَلَيۡهِ مِنَ ٱلۡمَوۡتِۖ فَأَوۡلَىٰ لَهُمۡ
Wͻn a wɔagye adie no ka sε: “Adεn nti na yɛnnyi Suura bi (a εma yεn ͻkoo ho kwan) mma? Sε Suura a εda adi pefee ba na yεbͻ ͻkoo so wͻ mu a, wobɛhunu sε wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no rehwε wo tesε obia owuo asi ne soͻ nhwε. Enti due nka wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
طَاعَةٞ وَقَوۡلٞ مَّعۡرُوفٞۚ فَإِذَا عَزَمَ ٱلۡأَمۡرُ فَلَوۡ صَدَقُواْ ٱللَّهَ لَكَانَ خَيۡرٗا لَّهُمۡ
Setie ne kasapa (na εyε ma wͻn). Na sε yεde dwuma no si y’ani so, εna nka wͻredi nokorε ama Onyankopͻn a, nka εyε ma wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَهَلۡ عَسَيۡتُمۡ إِن تَوَلَّيۡتُمۡ أَن تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَتُقَطِّعُوٓاْ أَرۡحَامَكُمۡ
Sε monsa ka tumi a, bͻne na ebia mobεyε no wͻ asaase no soͻ, na moatete moabusua ntam.
Arabic explanations of the Qur’an:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ لَعَنَهُمُ ٱللَّهُ فَأَصَمَّهُمۡ وَأَعۡمَىٰٓ أَبۡصَٰرَهُمۡ
Saa nkorͻfoͻ no (a wͻdi nsεmͻne, na wͻtete abusua ntam no) na Onyankopͻn abͻ wͻn dua no, Wafira wͻn ani, na Wama wͻn aso nso asi.
Arabic explanations of the Qur’an:
أَفَلَا يَتَدَبَّرُونَ ٱلۡقُرۡءَانَ أَمۡ عَلَىٰ قُلُوبٍ أَقۡفَالُهَآ
Enti wͻnnwen Qur’aan no ho nnkͻ akyiri anaa? Anaasε (yεde) krado ato wͻn akoma mu (a enti εmma nokorε no ntumi nwura mu anaa)?
Arabic explanations of the Qur’an:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ٱرۡتَدُّواْ عَلَىٰٓ أَدۡبَٰرِهِم مِّنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ ٱلۡهُدَى ٱلشَّيۡطَٰنُ سَوَّلَ لَهُمۡ وَأَمۡلَىٰ لَهُمۡ
Nokorε sε wͻn a wͻsan wͻn akyi firi (Islam som mu) wͻ akyire yi a yɛakyerεkyerε ͻkwan tenenee no mu pefee akyerε wͻn no, ͻbonsam ma (wͻn anidaasoͻ hunu no) yε wͻn fε, na ͻma (wͻn nkwa nna no) yε (wͻn aniso) tenten ma wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَالُواْ لِلَّذِينَ كَرِهُواْ مَا نَزَّلَ ٱللَّهُ سَنُطِيعُكُمۡ فِي بَعۡضِ ٱلۡأَمۡرِۖ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ إِسۡرَارَهُمۡ
Efirisε wͻka kyerε wͻn a wͻtan deε Onyankopͻn asane aba no sε: “Yεbεyε sotie ama mo wͻ nsεm bi mu”. Nanso Onyankopͻn nim wͻn nsumaeε mu nsεm (nyinaa).
Arabic explanations of the Qur’an:
فَكَيۡفَ إِذَا تَوَفَّتۡهُمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ يَضۡرِبُونَ وُجُوهَهُمۡ وَأَدۡبَٰرَهُمۡ
Na sεn na εbɛsi ayε, sε Soro abͻfoͻ (agyenkwa) regye wͻn nkwa a? Wɔpaepae wͻn ani so (bobͻ) wͻn akyi nso.
Arabic explanations of the Qur’an:
ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمُ ٱتَّبَعُواْ مَآ أَسۡخَطَ ٱللَّهَ وَكَرِهُواْ رِضۡوَٰنَهُۥ فَأَحۡبَطَ أَعۡمَٰلَهُمۡ
Efirisε wͻdi deε εhyε Onyankopͻn abufuo no akyi, na wͻtan deε Onyankopͻn pε. Enti Wama wͻn nnwuma ayε kwa.
Arabic explanations of the Qur’an:
أَمۡ حَسِبَ ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٌ أَن لَّن يُخۡرِجَ ٱللَّهُ أَضۡغَٰنَهُمۡ
Enti wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no dwene sε Nyankopͻn nyi wͻn adwen bͻne a asuma no adi anaa?
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Muhammad
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close