ترجمهٔ معانی قرآن کریم - ترجمهٔ آشانتیایی * - لیست ترجمه ها

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ترجمهٔ معانی سوره: سوره زمر   آیه:

Az-Zumar

تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ مِنَ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ
Nwoma yi mu Adiyisεm no fri Nyankopͻn, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ.
تفسیرهای عربی:
إِنَّآ أَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ فَٱعۡبُدِ ٱللَّهَ مُخۡلِصٗا لَّهُ ٱلدِّينَ
Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yεn na Yεde nokorε no asiane Nwoma no ama woͻ, enti som Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, (na) Ɔno na ͻsom wͻ no.
تفسیرهای عربی:
أَلَا لِلَّهِ ٱلدِّينُ ٱلۡخَالِصُۚ وَٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَ مَا نَعۡبُدُهُمۡ إِلَّا لِيُقَرِّبُونَآ إِلَى ٱللَّهِ زُلۡفَىٰٓ إِنَّ ٱللَّهَ يَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡ فِي مَا هُمۡ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي مَنۡ هُوَ كَٰذِبٞ كَفَّارٞ
Nokorε sε, Nyankopͻn na ͻsom kronkron wͻ no. Deε wͻn a wͻfiri N’akyi fa akyitaafoͻ no (ka ne sε): “Deε nti yεresom wͻn ne sε, sεdeε wͻde yεn bεbεn Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn bɛbu wͻn ntεm atεn wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn nkyerε obia ͻyε nkontompo, yε boniayεni no kwan.
تفسیرهای عربی:
لَّوۡ أَرَادَ ٱللَّهُ أَن يَتَّخِذَ وَلَدٗا لَّٱصۡطَفَىٰ مِمَّا يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ سُبۡحَٰنَهُۥۖ هُوَ ٱللَّهُ ٱلۡوَٰحِدُ ٱلۡقَهَّارُ
Sε Nyankopͻn pε sε Ɔnya ͻba a, anka Ɔbɛyi deε Wabͻ no mu deε Ɔpε. Kronkron Hene ne no. Ɔne Nyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no.
تفسیرهای عربی:
خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۖ يُكَوِّرُ ٱلَّيۡلَ عَلَى ٱلنَّهَارِ وَيُكَوِّرُ ٱلنَّهَارَ عَلَى ٱلَّيۡلِۖ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ كُلّٞ يَجۡرِي لِأَجَلٖ مُّسَمًّىۗ أَلَا هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡغَفَّٰرُ
Ɔde nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase; Ɔde adesaeε kata adekyeε so, εna Ɔde adekyeε nso kata adesaeε soͻ, εna Wama awia ne bosome abrε wͻn ho ase. Wͻn mu biara nam (ne kwan so) kͻsi εberε a yɛahyehyε. Ɛnyε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no?
تفسیرهای عربی:
خَلَقَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ ثُمَّ جَعَلَ مِنۡهَا زَوۡجَهَا وَأَنزَلَ لَكُم مِّنَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ ثَمَٰنِيَةَ أَزۡوَٰجٖۚ يَخۡلُقُكُمۡ فِي بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ خَلۡقٗا مِّنۢ بَعۡدِ خَلۡقٖ فِي ظُلُمَٰتٖ ثَلَٰثٖۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ لَهُ ٱلۡمُلۡكُۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُصۡرَفُونَ
Ɔbͻͻ mo firi honam baako pε mu, εna Ɔyεε ͻhokafoͻ firii ne mu, εna Wasiane ayεmmoa nwͻtwe no (yoma, nantwie odwan ne abrekyie, onini ne ͻbedeε) mmienu mmienu ama mo. Ɔbͻͻ mo wͻ mo maame nom yafunu mu, mmͻeε akyi mmͻeε akyi wͻ esum (ahodoͻ} mmiεnsa mu. Nyankopͻn ne no, (Ɔne) mo Wura no. Ahennie yε Ne dea. Awurade biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Na afei adεn nti na moredane mo ho?
تفسیرهای عربی:
إِن تَكۡفُرُواْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَنِيٌّ عَنكُمۡۖ وَلَا يَرۡضَىٰ لِعِبَادِهِ ٱلۡكُفۡرَۖ وَإِن تَشۡكُرُواْ يَرۡضَهُ لَكُمۡۗ وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۚ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُم مَّرۡجِعُكُمۡ فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Sε moyi boniayε a, nokorε sε Nyankopͻn deε Wanya ne ho kyεn mo. N’ani nnye ho sε Ne nkoa bεyε boniayεfoͻ. Sε moyi ayε a Ɔbεgye atom ama mo. Obia ͻso adesoa nsoa obi adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ ne mo nkyi na Ɔbεbͻ mo deε moyͻeε (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.
تفسیرهای عربی:
۞ وَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ضُرّٞ دَعَا رَبَّهُۥ مُنِيبًا إِلَيۡهِ ثُمَّ إِذَا خَوَّلَهُۥ نِعۡمَةٗ مِّنۡهُ نَسِيَ مَا كَانَ يَدۡعُوٓاْ إِلَيۡهِ مِن قَبۡلُ وَجَعَلَ لِلَّهِ أَندَادٗا لِّيُضِلَّ عَن سَبِيلِهِۦۚ قُلۡ تَمَتَّعۡ بِكُفۡرِكَ قَلِيلًا إِنَّكَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِ
Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε ne Wura Nyankopͻn dane ne ho (nyinaa) ma no, na sε Ɔkyε no Ne hͻ adom bi a, ne werε firi Nea na ͻresu frε no kane no, na ͻde biribi resusu no sεdeε ͻde bεyera Ne kwan no. Ka sε: “Wodeε gye w’ani wͻ wo boniayε no mu kakra. Nokorε sε, woka egya no mu foͻ no ho “.
تفسیرهای عربی:
أَمَّنۡ هُوَ قَٰنِتٌ ءَانَآءَ ٱلَّيۡلِ سَاجِدٗا وَقَآئِمٗا يَحۡذَرُ ٱلۡأٓخِرَةَ وَيَرۡجُواْ رَحۡمَةَ رَبِّهِۦۗ قُلۡ هَلۡ يَسۡتَوِي ٱلَّذِينَ يَعۡلَمُونَ وَٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَۗ إِنَّمَا يَتَذَكَّرُ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Enti obia ͻbrε ne ho ase (ma Nyankopͻn) anadwo berε, de n’anim butu fͻm, na ogyina hͻ (som Nyame), yε ahwεyie wͻ Daakye no ho, na ͻhwehwε ne Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no, (ͻtesε obi a ͻnye nnie)? (Nkͻmhyεni), kasε: “Enti wͻn a wͻnim ne wͻn a wͻnnim yε pε?“ Wͻn a wͻde (saa Afutusεm yi) bεto wͻn adwene mu no ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no.
تفسیرهای عربی:
قُلۡ يَٰعِبَادِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ رَبَّكُمۡۚ لِلَّذِينَ أَحۡسَنُواْ فِي هَٰذِهِ ٱلدُّنۡيَا حَسَنَةٞۗ وَأَرۡضُ ٱللَّهِ وَٰسِعَةٌۗ إِنَّمَا يُوَفَّى ٱلصَّٰبِرُونَ أَجۡرَهُم بِغَيۡرِ حِسَابٖ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Me nkoa a moagye adie, monsuro mo Wura Nyankopͻn. Wͻn a wͻyε papa wͻ saa wiase yi mu no, wͻ papa (ho akatua); na Nyankopͻn asaase no terε. Nokorε sε, Ɔbɛtua akatua a enni ano pεpεεpε ama aboterεfoͻ no.
تفسیرهای عربی:
قُلۡ إِنِّيٓ أُمِرۡتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱللَّهَ مُخۡلِصٗا لَّهُ ٱلدِّينَ
Ka sε: “Medeε yɛahyε me sε menfa nokorε nsom Nyankopͻn, na menfa ͻsom ho anidie ne ahobraseε ma no;
تفسیرهای عربی:
وَأُمِرۡتُ لِأَنۡ أَكُونَ أَوَّلَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Yɛahyε me nso sε, menyε obi a odikan a wabrε ne ho ase wͻ Muslimifoͻ no mu“.
تفسیرهای عربی:
قُلۡ إِنِّيٓ أَخَافُ إِنۡ عَصَيۡتُ رَبِّي عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Ka sε: “Medeε mesuro sε mεte me Wura Nyankopͻn (asɛm ho) atua, εnam Da Kεseε no asotwee no nti “.
تفسیرهای عربی:
قُلِ ٱللَّهَ أَعۡبُدُ مُخۡلِصٗا لَّهُۥ دِينِي
Ka sε: Medeε Nyankopͻn na mede nokorε som no, de m’anidie ne ahobraseε ma no.
تفسیرهای عربی:
فَٱعۡبُدُواْ مَا شِئۡتُم مِّن دُونِهِۦۗ قُلۡ إِنَّ ٱلۡخَٰسِرِينَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَأَهۡلِيهِمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ أَلَا ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡخُسۡرَانُ ٱلۡمُبِينُ
Enti modeε monfiri N’akyi nsom deε mopε (biara). Ka sε: “Nokorε sε berεguofoͻ no ne wͻn a wͻayera wͻn ho ne wͻn abusuafoͻ wͻ Atemmuda no. Aane! εno ne berεguo pefee paa no.“
تفسیرهای عربی:
لَهُم مِّن فَوۡقِهِمۡ ظُلَلٞ مِّنَ ٱلنَّارِ وَمِن تَحۡتِهِمۡ ظُلَلٞۚ ذَٰلِكَ يُخَوِّفُ ٱللَّهُ بِهِۦ عِبَادَهُۥۚ يَٰعِبَادِ فَٱتَّقُونِ
Wͻbɛnya akatasoͻ a efiri egya no mu (akata) wͻn so, asan (anya) akatasoͻ wͻ wͻn ase. Woi na Nyankopͻn de hunahuna Ne nkoa no; enti Me nkoa, monsuro Me.
تفسیرهای عربی:
وَٱلَّذِينَ ٱجۡتَنَبُواْ ٱلطَّٰغُوتَ أَن يَعۡبُدُوهَا وَأَنَابُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِ لَهُمُ ٱلۡبُشۡرَىٰۚ فَبَشِّرۡ عِبَادِ
Wͻn a wͻtwe wͻn ho fri abosom ho sε wͻnsom wͻn, na wͻdane wͻn ho ma Nyankopͻn no, wͻn wͻ anigyesεm. Enti bͻ Me nkoa no anohoba.
تفسیرهای عربی:
ٱلَّذِينَ يَسۡتَمِعُونَ ٱلۡقَوۡلَ فَيَتَّبِعُونَ أَحۡسَنَهُۥٓۚ أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ هَدَىٰهُمُ ٱللَّهُۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمۡ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Wͻn a wotie Asεm no na wͻdi emu papa no akyire no; woi nom na Nyankopͻn atene wͻn, na wͻn ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no.
تفسیرهای عربی:
أَفَمَنۡ حَقَّ عَلَيۡهِ كَلِمَةُ ٱلۡعَذَابِ أَفَأَنتَ تُنقِذُ مَن فِي ٱلنَّارِ
(Nkͻmhyεni), obi a asotwee no asεm no nokorε atia no no, wobetumi agye nea ͻwͻ Ogya no mu no nkwa?
تفسیرهای عربی:
لَٰكِنِ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ رَبَّهُمۡ لَهُمۡ غُرَفٞ مِّن فَوۡقِهَا غُرَفٞ مَّبۡنِيَّةٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَعۡدَ ٱللَّهِ لَا يُخۡلِفُ ٱللَّهُ ٱلۡمِيعَادَ
Mmom wͻn a wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn no bɛnya afie akεseε a yɛasi bi wͻ ne soro a nsubͻnten nenam aseε. (Woi yε) Nyankopͻn bͻhyε, (na) Nyankopͻn deε Ɔmmu bͻhyε no so.
تفسیرهای عربی:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَسَلَكَهُۥ يَنَٰبِيعَ فِي ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ يُخۡرِجُ بِهِۦ زَرۡعٗا مُّخۡتَلِفًا أَلۡوَٰنُهُۥ ثُمَّ يَهِيجُ فَتَرَىٰهُ مُصۡفَرّٗا ثُمَّ يَجۡعَلُهُۥ حُطَٰمًاۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَذِكۡرَىٰ لِأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Wonhunuu sε Nyankopͻn Siane nsuo firi soro, εna Ɔma no nam asaase no mu kͻ nsuo aniwa mu, εna Ɔsan de ma mfudeε sononko-sononko puepue, afei na ahoa, wobεhunu sε ayε sε akokͻ sradeε, afei na Wama no adwan? Nokorε sε afutusεm wͻ woi mu de ma nnipa mmadwemmafoͻ no.
تفسیرهای عربی:
أَفَمَن شَرَحَ ٱللَّهُ صَدۡرَهُۥ لِلۡإِسۡلَٰمِ فَهُوَ عَلَىٰ نُورٖ مِّن رَّبِّهِۦۚ فَوَيۡلٞ لِّلۡقَٰسِيَةِ قُلُوبُهُم مِّن ذِكۡرِ ٱللَّهِۚ أُوْلَٰٓئِكَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٍ
Enti obia Nyankopͻn abue n’akoma ama Islam, na enti ͻwͻ nhyerεnee a efiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no mu no, (saa nipa no tesε obi a ͻnam esum mu)? Enti due nka wͻn a wͻyε akoma den wͻ Nyankopͻn Afutusεm no ho no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee mu no.
تفسیرهای عربی:
ٱللَّهُ نَزَّلَ أَحۡسَنَ ٱلۡحَدِيثِ كِتَٰبٗا مُّتَشَٰبِهٗا مَّثَانِيَ تَقۡشَعِرُّ مِنۡهُ جُلُودُ ٱلَّذِينَ يَخۡشَوۡنَ رَبَّهُمۡ ثُمَّ تَلِينُ جُلُودُهُمۡ وَقُلُوبُهُمۡ إِلَىٰ ذِكۡرِ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ هُدَى ٱللَّهِ يَهۡدِي بِهِۦ مَن يَشَآءُۚ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٍ
Nyankopͻn asiane Nsεmpa paa (Qur’aan), Nwoma (a, emu nsεm no bi) sesε, (na) εfoa (emu nsεm no) soͻ; wͻn a wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn no wedeε woso (anaasε awͻse gu wͻn so) wͻ ho, ma wͻn honam ne wͻn akoma yε mmrε wͻ Nyankopͻn nkaekaeε no ho. Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔde kyerε obi a Ɔpε kwan, na obi a Ɔbεyera no no, ɔnnya ͻkwan kyerεfoͻ.
تفسیرهای عربی:
أَفَمَن يَتَّقِي بِوَجۡهِهِۦ سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَقِيلَ لِلظَّٰلِمِينَ ذُوقُواْ مَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ
Enti obia ͻde n’anim na εbehyia asotwe bͻne no wͻ Wusͻreε da no (saa nipa no tesε obia ͻbͻͻ ne ho ban frii egya no ho?) Yεbεka akyerε abͻneεfoͻ no sε: “Monka deε monyaeε no nhwε!”
تفسیرهای عربی:
كَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَأَتَىٰهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ
Wͻn a wͻdii wͻn anim kan no faa no atorᴐsԑm, enti asotwee no baa wͻn so wͻ εberε a na wͻnnim deε efire.
تفسیرهای عربی:
فَأَذَاقَهُمُ ٱللَّهُ ٱلۡخِزۡيَ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَكۡبَرُۚ لَوۡ كَانُواْ يَعۡلَمُونَ
Enti Nyankopͻn maa wͻkaa wiase asetena mu animguaseε no hwεe. Nokorԑ sԑ Daakye asotwee no deε εso paa, sε anka wͻnim a.
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ ضَرَبۡنَا لِلنَّاسِ فِي هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانِ مِن كُلِّ مَثَلٖ لَّعَلَّهُمۡ يَتَذَكَّرُونَ
Nokorε sε Yɛayε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma, sεdeε wͻbεfa adwen anaa wͻde bɛtu wͻn ho foͻ.
تفسیرهای عربی:
قُرۡءَانًا عَرَبِيًّا غَيۡرَ ذِي عِوَجٖ لَّعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ
Qur’aan yε Arab kasa, deε akyea biara nni mu, sεdeε wͻbεyε ahwεyie.
تفسیرهای عربی:
ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا رَّجُلٗا فِيهِ شُرَكَآءُ مُتَشَٰكِسُونَ وَرَجُلٗا سَلَمٗا لِّرَجُلٍ هَلۡ يَسۡتَوِيَانِ مَثَلًاۚ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Nyankopͻn reyε mfatoho bi: “Onipa a ͻwͻ ahokafoͻ pii na wͻn adwen nyε baako, ne onipa a otu ne ho ma ͻbarima fua pε, enti wͻn mfatoho yԑ pε? Aseda wͻ Nyankopͻn! Nanso nnipa pii nnim.
تفسیرهای عربی:
إِنَّكَ مَيِّتٞ وَإِنَّهُم مَّيِّتُونَ
Nokorε sε (Nkͻmhyεni) wobɛwu, na nokorε nso sε wͻnso bɛwu.
تفسیرهای عربی:
ثُمَّ إِنَّكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عِندَ رَبِّكُمۡ تَخۡتَصِمُونَ
Afei nokorε sε, Wusͻreε da no mobεgye akyinnye wͻ mo Wura Nyankopͻn anim.
تفسیرهای عربی:
۞ فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن كَذَبَ عَلَى ٱللَّهِ وَكَذَّبَ بِٱلصِّدۡقِ إِذۡ جَآءَهُۥٓۚ أَلَيۡسَ فِي جَهَنَّمَ مَثۡوٗى لِّلۡكَٰفِرِينَ
Enti hwan paa na ͻyε onipa bͻneni kyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ na ͻfa Nokorε no atorͻsεm wͻ εberε a (Nokorε no) aba ne hͻ? Enti Amanehunu gya nnyε fie mma boniayεfoͻ no?
تفسیرهای عربی:
وَٱلَّذِي جَآءَ بِٱلصِّدۡقِ وَصَدَّقَ بِهِۦٓ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُتَّقُونَ
Obi a ͻde Nokorε aba na wagye (Nokorε no) adie (anaasε ͻfoa soͻ) no, saa nkorͻfoͻ no ne Nyame-surofoͻ no.
تفسیرهای عربی:
لَهُم مَّا يَشَآءُونَ عِندَ رَبِّهِمۡۚ ذَٰلِكَ جَزَآءُ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Wͻbɛnya deε wͻpε biara wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne apapafoͻ no akatua.
تفسیرهای عربی:
لِيُكَفِّرَ ٱللَّهُ عَنۡهُمۡ أَسۡوَأَ ٱلَّذِي عَمِلُواْ وَيَجۡزِيَهُمۡ أَجۡرَهُم بِأَحۡسَنِ ٱلَّذِي كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Sεdeε Ɔbεpepa wͻn bͻne a wayε no afiri wͻn soͻ, na Ɔde wͻn dwumadi pa a wͻdiiε ho akatua bεma wͻn.
تفسیرهای عربی:
أَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِكَافٍ عَبۡدَهُۥۖ وَيُخَوِّفُونَكَ بِٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦۚ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٖ
Enti Nyankopͻn nnsom bo mma n’akoa anaa? Wͻde wͻn a wͻde abata Ne ho (na entumi nyε huu) no hunahuna wo. Obia Nyankopͻn bεyera no no, (saa nipa no) nni ͻkwankyerεfoͻ.
تفسیرهای عربی:
وَمَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن مُّضِلٍّۗ أَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِعَزِيزٖ ذِي ٱنتِقَامٖ
Obia Nyankopͻn atene no no, obiara ntumi nyera no. Enti εnyε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Bͻne so awerεtͻ Wura no?
تفسیرهای عربی:
وَلَئِن سَأَلۡتَهُم مَّنۡ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ لَيَقُولُنَّ ٱللَّهُۚ قُلۡ أَفَرَءَيۡتُم مَّا تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ إِنۡ أَرَادَنِيَ ٱللَّهُ بِضُرٍّ هَلۡ هُنَّ كَٰشِفَٰتُ ضُرِّهِۦٓ أَوۡ أَرَادَنِي بِرَحۡمَةٍ هَلۡ هُنَّ مُمۡسِكَٰتُ رَحۡمَتِهِۦۚ قُلۡ حَسۡبِيَ ٱللَّهُۖ عَلَيۡهِ يَتَوَكَّلُ ٱلۡمُتَوَكِّلُونَ
Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na ͻbͻͻ soro ne asasae a?“ Deε wͻbεka ne sε: “Onyankopͻn“. Ka sε: “Moahunu deε mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no, sε Nyankopͻn pε me bͻne a, wͻbɛtumi ayi Ne bͻne no (afri me so)? Anaa nso sε Ɔpε me ahummͻborͻ bi a wͻbɛtumi asi N’ahummͻborͻ no ho kwan anaa? Kasε: “Nyankopͻn som bo ma me. Nyankopͻn na wͻn a wͻrepε obi de wͻn ho atwere no no mfa wͻn ho ntwere no.
تفسیرهای عربی:
قُلۡ يَٰقَوۡمِ ٱعۡمَلُواْ عَلَىٰ مَكَانَتِكُمۡ إِنِّي عَٰمِلٞۖ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ
Ka sε: ”Me nkorͻfoͻ, modeε monyε mo adwuma sεdeε mo kwan kyerε (mo), nokorε sε me nso mereyε adwuma, na εnkyε biara mobɛhunu,
تفسیرهای عربی:
مَن يَأۡتِيهِ عَذَابٞ يُخۡزِيهِ وَيَحِلُّ عَلَيۡهِ عَذَابٞ مُّقِيمٌ
Obi a animguaseε asotwee bεba ne so, ne obi a daa asotwee bεba ne soͻ.
تفسیرهای عربی:
إِنَّآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ لِلنَّاسِ بِٱلۡحَقِّۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٍ
(Nkͻmhyεni) Yԑde nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ ama adasamma (yie die). Enti obi a ͻbεfa tenenee (kwan) no, εwͻ ͻno ara ne kraa, na obi a ͻbεfa ͻyera (kwan no nso) etia ͻno ara ne kraa; na wonyε wͻn so hwεfoͻ.
تفسیرهای عربی:
ٱللَّهُ يَتَوَفَّى ٱلۡأَنفُسَ حِينَ مَوۡتِهَا وَٱلَّتِي لَمۡ تَمُتۡ فِي مَنَامِهَاۖ فَيُمۡسِكُ ٱلَّتِي قَضَىٰ عَلَيۡهَا ٱلۡمَوۡتَ وَيُرۡسِلُ ٱلۡأُخۡرَىٰٓ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمًّىۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Nyankopͻn yi (onipa) nkwa wͻ berε a wͻn awuo, ԑna wͻn a wͻnya nnwuiε no nso εberε a wͻn ada. Afei na Wayi wͻn a yɛahyehyε owuo ama wͻn no (nkwa ama wͻn awu), na wͻn a aka no (a wͻn berε nsoeε a wͻn ada no) Ɔma wͻsan (ba nkwa mu bio) kͻpem εberε a yɛahyehyε (ama wͻn sε wͻbεwuo). Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻdwen.
تفسیرهای عربی:
أَمِ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُفَعَآءَۚ قُلۡ أَوَلَوۡ كَانُواْ لَا يَمۡلِكُونَ شَيۡـٔٗا وَلَا يَعۡقِلُونَ
Anaasε wͻn afri Nyankopͻn akyi afa ntwitwagyefoͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε (wͻn ntwitwagyefoͻ no) nni hwee ho tumi, na wͻnni adwene mpo a?”
تفسیرهای عربی:
قُل لِّلَّهِ ٱلشَّفَٰعَةُ جَمِيعٗاۖ لَّهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Kasε: Ntwitwagyeε nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie (nyinaa) yε Ne dea. Ne hͻ na mobεsan akͻ.
تفسیرهای عربی:
وَإِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَحۡدَهُ ٱشۡمَأَزَّتۡ قُلُوبُ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِۖ وَإِذَا ذُكِرَ ٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦٓ إِذَا هُمۡ يَسۡتَبۡشِرُونَ
Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no akoma kyiri koraa, na sε yεbͻ wͻn a (wͻde) bata Ne ho no din a wobɛhunu sε wͻn ani agyeε.
تفسیرهای عربی:
قُلِ ٱللَّهُمَّ فَاطِرَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ عَٰلِمَ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ أَنتَ تَحۡكُمُ بَيۡنَ عِبَادِكَ فِي مَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Kasε: “Otweduampͻn Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfoͻ, Ahuntasεm mu ne Badwa mu Nimdefoͻ, Wona Wobɛbu Wo nkoa ntεm atεn wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho“.
تفسیرهای عربی:
وَلَوۡ أَنَّ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا وَمِثۡلَهُۥ مَعَهُۥ لَٱفۡتَدَوۡاْ بِهِۦ مِن سُوٓءِ ٱلۡعَذَابِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَبَدَا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مَا لَمۡ يَكُونُواْ يَحۡتَسِبُونَ
Sε abͻneεfoͻ no wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne deε εte saa ka ho mpo a, anka wͻde bεyε mpata (anya wͻn ho) afiri Wusͻreε da no asotwee bͻne no mu. Deε wͻnsusuu ho no bεda adi afiri Nyankopͻn hͻ akyerε wͻn.
تفسیرهای عربی:
وَبَدَا لَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا كَسَبُواْ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Bͻne a wͻnyaeε no bεda adi akyerε wͻn, na deε wͻdii ho fεw no bɛtwa wͻn ho ahyia.
تفسیرهای عربی:
فَإِذَا مَسَّ ٱلۡإِنسَٰنَ ضُرّٞ دَعَانَا ثُمَّ إِذَا خَوَّلۡنَٰهُ نِعۡمَةٗ مِّنَّا قَالَ إِنَّمَآ أُوتِيتُهُۥ عَلَىٰ عِلۡمِۭۚ بَلۡ هِيَ فِتۡنَةٞ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε Yεn (wͻ ahobraseε mu), na sε Yεsesa (ͻhaw no) de ahummͻborͻ bi firi Yεn hͻ dom no a, deε ͻka ne sε: “Ɛnam me nimdeε so nti na yεde maa me“. Daabi, εyε nsͻhwε, nanso wͻn mu pii nnim.
تفسیرهای عربی:
قَدۡ قَالَهَا ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَمَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Nokorε sε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no kaa saa ara, na deε wͻnyaeε no ho amma mfasoᴐ amma wͻn.
تفسیرهای عربی:
فَأَصَابَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا كَسَبُواْۚ وَٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ مِنۡ هَٰٓؤُلَآءِ سَيُصِيبُهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا كَسَبُواْ وَمَا هُم بِمُعۡجِزِينَ
Enti deε wͻnyaeε no ho bͻne too wͻn. Abͻneεfoͻ a εwͻ saa nkorͻfoͻ yi (a yɛasoma wo wͻ wͻn hͻ no) mu no, bͻne bεto wͻn εnam deε wͻ nsa aka no ho nti, na wͻntumi nsi ano kwan.
تفسیرهای عربی:
أَوَلَمۡ يَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Enti wͻnnim sε Nyankopͻn bae akyεdeε no mu ma obi a Ɔpε, εna Osusu nso (de ma obi a Ɔpε?) Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻgye die.
تفسیرهای عربی:
۞ قُلۡ يَٰعِبَادِيَ ٱلَّذِينَ أَسۡرَفُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ لَا تَقۡنَطُواْ مِن رَّحۡمَةِ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَغۡفِرُ ٱلذُّنُوبَ جَمِيعًاۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Me nkoa a moayε bͻne atia mokraa, εmma mo mmpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho; nokorε sε Nyankopͻn de bͻne biara kyε. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
تفسیرهای عربی:
وَأَنِيبُوٓاْ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ وَأَسۡلِمُواْ لَهُۥ مِن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَكُمُ ٱلۡعَذَابُ ثُمَّ لَا تُنصَرُونَ
Na monane mo ho nkͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ, na momrε mo ho ase ma no ansa na asotwee no aba mo so, (efrisԑ, saa berε no deε) monya mmoa.
تفسیرهای عربی:
وَٱتَّبِعُوٓاْ أَحۡسَنَ مَآ أُنزِلَ إِلَيۡكُم مِّن رَّبِّكُم مِّن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَكُمُ ٱلۡعَذَابُ بَغۡتَةٗ وَأَنتُمۡ لَا تَشۡعُرُونَ
Moni adepa a yɛasiane firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo no akyi ansa na asotwee no aba mo so mpofirem wͻ aberε a monnim,
تفسیرهای عربی:
أَن تَقُولَ نَفۡسٞ يَٰحَسۡرَتَىٰ عَلَىٰ مَا فَرَّطتُ فِي جَنۢبِ ٱللَّهِ وَإِن كُنتُ لَمِنَ ٱلسَّٰخِرِينَ
Sεdeε ͻkra bi nkͻka sε: “O, maberε magu sε manyε m’asεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ; na ampa sε na me ka asereserefoͻ no ho”.
تفسیرهای عربی:
أَوۡ تَقُولَ لَوۡ أَنَّ ٱللَّهَ هَدَىٰنِي لَكُنتُ مِنَ ٱلۡمُتَّقِينَ
Anaasε woankͻka sε: “Sε Nyankopͻn kyerεε me kwan a, anka mεka Nyamesurofoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
أَوۡ تَقُولَ حِينَ تَرَى ٱلۡعَذَابَ لَوۡ أَنَّ لِي كَرَّةٗ فَأَكُونَ مِنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Anaasε εberε a wobεhunu asotwee no wannka sε: “Sε menya kwan (kᴐ wiase) bio a, anka mεka apapafoͻ no ho”.
تفسیرهای عربی:
بَلَىٰ قَدۡ جَآءَتۡكَ ءَايَٰتِي فَكَذَّبۡتَ بِهَا وَٱسۡتَكۡبَرۡتَ وَكُنتَ مِنَ ٱلۡكَٰفِرِينَ
Daabi, nokorε sε Mensεm no baa wo hͻ na wannye anni na woyεε ahomasoͻ, na woka boniayεfoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ تَرَى ٱلَّذِينَ كَذَبُواْ عَلَى ٱللَّهِ وُجُوهُهُم مُّسۡوَدَّةٌۚ أَلَيۡسَ فِي جَهَنَّمَ مَثۡوٗى لِّلۡمُتَكَبِّرِينَ
Wusͻreε da no, wobɛhunu wͻn a wͻtwaa nkontompo too Nyankopͻn soͻ no anim sε ayε tumm. Enti Amanehunu gya no nyε fie mma ahomasoͻfoͻ no?
تفسیرهای عربی:
وَيُنَجِّي ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ بِمَفَازَتِهِمۡ لَا يَمَسُّهُمُ ٱلسُّوٓءُ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ
Wͻn a wͻsuroo Nyankopͻn no, Nyankopͻn de wͻn nkunimdie bεgye wͻn nkwa, na bͻne (biara) nto wͻn na wͻn werε nso nho.
تفسیرهای عربی:
ٱللَّهُ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ وَكِيلٞ
Nyankopͻn ne biribiara Bͻfo, na Ɔne biribiara Kyitaafoᴐ.
تفسیرهای عربی:
لَّهُۥ مَقَالِيدُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ
Ɔsoro ne asaase so akoradeε (nyinaa) yε Ne dea; wͻn a wͻnnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, saa nkorᴐfoᴐ no ne berεguofoͻ no.
تفسیرهای عربی:
قُلۡ أَفَغَيۡرَ ٱللَّهِ تَأۡمُرُوٓنِّيٓ أَعۡبُدُ أَيُّهَا ٱلۡجَٰهِلُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Abagyimifoͻ, morehyε me sε menfri Nyankopͻn akyi nsom ade foforͻ?”
تفسیرهای عربی:
وَلَقَدۡ أُوحِيَ إِلَيۡكَ وَإِلَى ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكَ لَئِنۡ أَشۡرَكۡتَ لَيَحۡبَطَنَّ عَمَلُكَ وَلَتَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Nokorε sε (Nkͻmhyεni), yɛayi akyerε wo ne wͻn a wͻdii w’anim kan no sε: ”Nokorε sε, sε wode biribi bata (Nyankopͻn) ho a, wo dwumadie bεyε kwa na wakͻka berεguofoͻ no ho.
تفسیرهای عربی:
بَلِ ٱللَّهَ فَٱعۡبُدۡ وَكُن مِّنَ ٱلشَّٰكِرِينَ
Aane, Onyankopͻn (nko ara) na som no, na ka wͻn a wͻyi (no) ayε no ho.
تفسیرهای عربی:
وَمَا قَدَرُواْ ٱللَّهَ حَقَّ قَدۡرِهِۦ وَٱلۡأَرۡضُ جَمِيعٗا قَبۡضَتُهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَٱلسَّمَٰوَٰتُ مَطۡوِيَّٰتُۢ بِيَمِينِهِۦۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ
Wͻmfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εsεsε anka wͻde ma no. Asaase nyinaa hyε Ne nsam wͻ Wusͻreε da no, na yεbεbobͻ soro nso wͻ ne nsa nifa mu. Kronkron Hene ne no, Ɔso Korͻn kyεn deε wͻde bata (Ne ho no).
تفسیرهای عربی:
وَنُفِخَ فِي ٱلصُّورِ فَصَعِقَ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا مَن شَآءَ ٱللَّهُۖ ثُمَّ نُفِخَ فِيهِ أُخۡرَىٰ فَإِذَا هُمۡ قِيَامٞ يَنظُرُونَ
Yεbεbͻ Totorobεnto no mu, na wͻn a wͻn wͻ soro ne wͻn a wͻn wͻ asaase so nyinaa bɛtwitwa ahwe awu, gyesε nea Nyankopͻn pε. Afei yεbͻ mu bio a, wobɛhunu sε, wͻgyina hͻ rehwε (Wusͻreε da no).
تفسیرهای عربی:
وَأَشۡرَقَتِ ٱلۡأَرۡضُ بِنُورِ رَبِّهَا وَوُضِعَ ٱلۡكِتَٰبُ وَجِاْيٓءَ بِٱلنَّبِيِّـۧنَ وَٱلشُّهَدَآءِ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡحَقِّ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Asaase de ne Wura Nyankopͻn nhyerεnee bεhyerεn, na yεde Nwoma no bεto hͻ (abue mu); na yεde Akͻmhyεfoͻ no ne adansefoͻ no aba; na yεde nokorε no bɛbu wͻn ntεm atεn na yɛnni wͻn amim.
تفسیرهای عربی:
وَوُفِّيَتۡ كُلُّ نَفۡسٖ مَّا عَمِلَتۡ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِمَا يَفۡعَلُونَ
Yεbɛtua ͻkra biara dwuma a odiiε so ka pεpεεpε; Onim dwuma a wͻdie biara.
تفسیرهای عربی:
وَسِيقَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِلَىٰ جَهَنَّمَ زُمَرًاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُوهَا فُتِحَتۡ أَبۡوَٰبُهَا وَقَالَ لَهُمۡ خَزَنَتُهَآ أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ رُسُلٞ مِّنكُمۡ يَتۡلُونَ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِ رَبِّكُمۡ وَيُنذِرُونَكُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَاۚ قَالُواْ بَلَىٰ وَلَٰكِنۡ حَقَّتۡ كَلِمَةُ ٱلۡعَذَابِ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ
Yεbεka wͻn a wͻyii boniayε no so akuo-akuo akͻ Amanehunu gya no mu, akͻpem sε wͻbεba (egya no) ho (wͻ εberε) a yɛabuebue n’apono no. (Egya no) so awεnfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Enti Asomafoͻ anfiri mo mu amma mo hͻ a wͻbεkenkan mo Wura Nyankopͻn nsεm no kyerεε mo, εna wͻbͻͻ mo kͻkͻ fa mo nnεda yi nhyiamu ho?” Wͻbεka sε: “Aane! Nanso asotwee no asεm no ayε nokorε atia boniayεfoͻ no “.
تفسیرهای عربی:
قِيلَ ٱدۡخُلُوٓاْ أَبۡوَٰبَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۖ فَبِئۡسَ مَثۡوَى ٱلۡمُتَكَبِّرِينَ
Yεbεka akyerε wͻn sε: ”Monwura Amane-hunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ afe bͻͻ. Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne paa ma ahomasoͻfoͻ no.
تفسیرهای عربی:
وَسِيقَ ٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ رَبَّهُمۡ إِلَى ٱلۡجَنَّةِ زُمَرًاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءُوهَا وَفُتِحَتۡ أَبۡوَٰبُهَا وَقَالَ لَهُمۡ خَزَنَتُهَا سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمۡ طِبۡتُمۡ فَٱدۡخُلُوهَا خَٰلِدِينَ
Yεde wͻn a wͻsuroo wͻn Wura Nyankopͻn no nso bεkͻ Soro Aheman no mu akuo-akuo. Kͻpem sε wͻbεduru hͻ na yεbɛbue n’apono no; εhͻ awεmfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Asomdwoeε wͻ mo so, moadi mo ho nni anaasε mommo ne yͻ; monwura (Aheman no) mu na monkͻtena hͻ afe bͻͻ.
تفسیرهای عربی:
وَقَالُواْ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي صَدَقَنَا وَعۡدَهُۥ وَأَوۡرَثَنَا ٱلۡأَرۡضَ نَتَبَوَّأُ مِنَ ٱلۡجَنَّةِ حَيۡثُ نَشَآءُۖ فَنِعۡمَ أَجۡرُ ٱلۡعَٰمِلِينَ
(Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wadi Ne bͻhyε so ama yεn, na Wama yɛadi adeε wͻ asaase no soͻ, ama yɛtumi tena Aheman no mu babiara a yεpε”. Sεdeε adwumayεfoͻ no akatuapa siteε!
تفسیرهای عربی:
وَتَرَى ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ حَآفِّينَ مِنۡ حَوۡلِ ٱلۡعَرۡشِ يُسَبِّحُونَ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡۚ وَقُضِيَ بَيۡنَهُم بِٱلۡحَقِّۚ وَقِيلَ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Wobɛhunu Soro abͻfoͻ no sε wͻatwa Ahennwa no ho ahyia de wͻn Wura Nyankopͻn ayeyie abodin no rebͻ no mmranee. Yεde nokorε no abu wͻn ntεm atεn, na yεbεka sε: “Aseda wͻ Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no”.
تفسیرهای عربی:
 
ترجمهٔ معانی سوره: سوره زمر
فهرست سوره ها شماره صفحه
 
ترجمهٔ معانی قرآن کریم - ترجمهٔ آشانتیایی - لیست ترجمه ها

ترجمهٔ معانی قرآن کریم به زبان آشانتیایی ـ برگردان شیخ هارون اسماعیل.

بستن